-
Yeremia 25:15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka akyerɛ me nie: “Gye abufuo nsã kuruwa a ɛwɔ me nsam yi, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.
-
-
Yeremia 25:28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
28 Na sɛ wɔka sɛ wɔrennye kuruwa no wɔ wo nsam nnom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Mobɛnom!
-
-
Adiyisɛm 14:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi no na ɔnya ahyɛnsodeɛ wɔ ne moma so anaa ne nsa ho+ a, 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã* a wɔmfraa mu a wɔahwie agu N’abufuo kuruwa+ mu no nso bi, na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ wɔ gya ne sɔfe*+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Adwammaa no anim.
-