Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 “Ɛno ara ne sɛ momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho* yie, na mo werɛ amfi deɛ moahu no, na amfiri mo akomam mo nkwa nna nyinaa. Afei nso, momfa nkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+

  • Deuteronomium 6:6, 7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so, 7 na fa dua wo mma akomam,*+ na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan so, berɛ a woda hɔ, ne berɛ a woasɔre.+

  • Deuteronomium 6:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Ná yɛyɛ Farao nkoa wɔ Egypt, ɛnna Yehowa de nsa a ɛyɛ den bɛyii yɛn firii Egypt.

  • Deuteronomium 11:18, 19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra* mu, na momfa nkyekyere mo nsa na akae mo, na momfa nyɛ adeɛ a mode bɔ mo moma so.*+ 19 Momfa nkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm berɛ a mote fie, berɛ a monam kwan so, berɛ a moda hɔ, ne berɛ a moasɔre.+

  • Yosua 4:6, 7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 na ɛnyɛ adanseɛ mma mo. Na sɛ akyire yi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode aboɔ yi reyɛ dɛn?’ a,+ 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Yordan nsuo no twae wɔ Yehowa apam adaka no anim.+ Berɛ a adaka no twaa Yordan no, Yordan nsuo no twae. Na aboɔ yi bɛma Israelfoɔ akae saa asɛm yi daa.’”*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane