10 “Afei nso, berɛ a moregye mo ani,+ te sɛ berɛ a morehyɛ fã,+ anaa berɛ a morefiri bosome foforɔ ase no, monhyɛn ntotorobɛnto no ngu mo hyeɛ afɔreɛ+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
28 Ná Israelfoɔ nyinaa nam kwan so de Yehowa apam adaka no reba; wɔbɔɔ ose,+ na wɔhyɛn mmɛn ne ntotorobɛnto,+ bɔɔ nnawuro ne asankuo ahodoɔ nyinaa bi dendeenden.+
27 Afei Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Berɛ a wɔfirii aseɛ sɛ wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, Yehowa dwom ne ntotorobɛnto no firii aseɛ, na wɔhyɛn maa ɛne Israel hene Dawid nnwontoɔ nneɛma no nnyegyeeɛ hyiaeɛ.