Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Nehemia 9:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wo nkurɔfoɔ so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abɛsi nnɛ.+

  • Dwom 78:43-51
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 43 Saa berɛ no na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+

      N’anwanwadeɛ wɔ Soan asaase so;

      44 Ɔmaa Nil nsuka nyinaa danee mogya,+

      Na wɔantumi annom wɔn nsubɔnten no mu nsuo.

      45 Ɔsomaa ahuriiɛ* bebree sɛ wɔnkɔwe wɔn,+

      Ne mpɔtorɔ sɛ wɔnkɔsɛe wɔn.+

      46 Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa ntutummɛ a wɔdidi fuu,

      Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa ntutummɛ a wɔtu yuu.+

      47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe,+

      Na wɔn sikamɔɔ nnua nso, ɔde asukɔtweaa sɛee no.

      48 Ɔde wɔn mmoa hyɛɛ asukɔtweaa nsa,+

      Na ɔde wɔn nyɛmmoa nso maa anyinam.*

      49 Ne bo fuu wɔn dendeenden,

      Na ɔhwiee n’aniberɛ, abufuo, ne ahohia guu wɔn so;

      Ɔsomaa abɔfoɔ dɔm sɛ wɔmfa ɔhaw mmra wɔn so.

      50 Ɔhwiee n’abufuo guu wɔn so.

      Wamfa owuo ankame wɔn;*

      Na ɔmaa nsanyareɛ a ɛdi awuo baa wɔn* so.

      51 Ɛwiee aseɛ no, ɔbobɔɔ Egypt mmakan nyinaa kunkum wɔn,+

      Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no, ɔkunkum wɔn wɔ Ham ntomadan mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane