27 Ɔmaa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ wɔn mu,
Na ɔmaa wɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ Ham asaase so.+
28 Ɔsomaa esum, na esum bɛkataa asaase no so;+
Wɔante atua antia n’asɛm.
29 Ɔdanee wɔn nsuo mogya,
Na ɔkunkum wɔn mpataa.+
30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ wɔn asaase so ma;+
Wɔbaa ahemfie mpia mu mpo.
31 Ɔkaa sɛ ahuriiɛ mmɛhyɛ asaase no so ma,
Na ntummoa mmra wɔn asaase no so nyinaa.+
32 Ɔde asukɔtweaa yɛɛ nsuo tɔ guu wɔn so,
Na ɔmaa anyinam pae guu wɔn asaase so.+
33 Ɔsɛee wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma nnua,
Na ɔbubuu wɔn asaase so nnua nyinaa.
34 Ɔkaa sɛ ntutummɛ mmɛhyɛ asaase no so ma,
Ntutummɛ mma a wɔn dodoɔ nni ano.+
35 Wɔwee asaase no so nhaban nyinaa;
Na wɔn mfuo mu nnɔbaeɛ nso, wɔweeɛ.
36 Ɛnna ɔkunkum wɔn asaase so mmakan nyinaa,+
Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no.