13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ nnɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ Na Egyptfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+
28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm a wɔtii Israelfoɔ kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsuo no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+