Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Monhwɛ nni so+ ɛfiri sɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne nteaseɛ,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi wɔ nyansa ne nteaseɛ+ ampa.’

  • Yosua 1:7, 8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛnya akokoɔduro na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho* awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+

  • 1 Ahemfo 2:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Yɛ wei fa di w’asɛdeɛ so wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim: Nante n’akwan so na di n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne ne nkaesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara no mu no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara a wobɛyɛ ne baabiara a wobɛkɔ no, ɛbɛsi wo yie.*

  • Dwom 119:100
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 100 Sɛdeɛ meyɛ m’adeɛ no kyerɛ sɛ mewɔ nteaseɛ kyɛn mpanimfoɔ,

      Ɛfiri sɛ medi w’ahyɛdeɛ so.

  • 2 Timoteo 3:14, 15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Na wo deɛ, deɛ woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokorɛ no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ ɛfiri sɛ wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, 15 na wo mmɔfraase+ na wosuaa ntwerɛeɛ kronkron no,+ na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie so akɔ nkwagyeɛ mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane