15 Ɔfasuo no, wɔto wiee Elul* da a ɛtɔ so 25. Ɛgyee nnafua 52.
16 Berɛ a yɛn atamfo nyinaa teeɛ na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hunuiɛ no, wɔn ani wuu paa,*+ na wɔhuu sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ama yɛatumi awie adwuma yi.
13 Berɛ a Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa no, n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ redi nkoguo wɔ n’anim yi yɛ Yudani* a, ɛnneɛ worentumi nni ne so nkonim; deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛdi nkoguo wɔ n’anim.”
3 Saa da no, mɛma Yerusalem ayɛ ɛboɔ a emu yɛ duru* ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa bɛpira paa,+ na asaase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba ne so.”+