-
Yeremia 33:20, 21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mobɛtumi asɛe m’apam a ɛfa adekyeeɛ ho, ne m’apam a ɛfa adesaeɛ ho, na adekyeeɛ ne adesaeɛ amma berɛ a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21 ɛnneɛ me nso mɛbu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene;+ saa ara na anka mɛbu me ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔsom me no apam no so.+
-