-
Numeri 21:33-35Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
33 Ɛno akyi no, wɔdanee wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfoɔ nyinaa kɔhyiaa Israelfoɔ no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+ 34 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ ɛfiri sɛ mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa,+ na sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.”+ 35 Enti wɔkunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na anka ne nkurɔfoɔ no baako mpo;+ na wɔfaa n’asaase no.+
-