-
Daniel 7:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 “Mekɔɔ so hwɛe kɔsii sɛ wɔde nhennwa sisii hɔ. Na Deɛ Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwan nwi fitafita. N’ahennwa yɛ egyaframa; na ahennwa no ntwahonan yɛ egya a ɛredɛre buruburuburu.+ 10 Ná egya a ɛte sɛ asubɔnten retene firi n’anim ba.+ Ná mpempem som no, na na mpem du ahodoɔ mpem du gyinagyina n’anim.+ Na Abadwafoɔ*+ tenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma mu.
-