8 Berɛ a Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔde ne mma sisii Israel so maa wɔyɛɛ atemmufoɔ. 2 N’abakan din de Yoel, na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Abia,+ na wɔbuu atɛn wɔ Beer-Seba. 3 Nanso ne mma no amfa n’akwan so; wɔdii mfaso bɔne+ akyi, wɔgyee adanmudeɛ,+ na wɔkyeaa atemmuo.+