Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 18:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro ba bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+

  • 2 Berɛsosɛm 32:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 Nsɛm yi ne Hesekia nokorɛdie akyi no,+ Asiria hene Senaherib baa Yuda so, na ɔtwaa nkuro a wɔabɔ ho ban no ho hyiaeɛ; ná wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛbubu afasuo no akɔ mu na wagye afa.+

  • Yesaia 8:7, 8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Hwɛ! Yehowa bɛma

      Asubɔnten no* mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no aba wɔn so,

      Asiria hene+ ne n’animuonyam nyinaa.

      Na ɔbɛbu afa ne nsuka nyinaa so,

      Na wayiri afa ne kɔn so nyinaa.

       8 Ɔbɛsene akɔfa Yuda.

      Na wayiri afa mu akɔduru ne kɔn mu pɛɛ;+

      Ne ntaban a watrɛ mu no bɛduru w’asaase ano nyinaa,

      O Imanuel!”*+

  • Yesaia 10:28-32
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Waba Aiyat+ so;

      Watwam afa Migron;

      Mikmas+ na ɔde ne nneɛma abɛguo.

      29 Wɔafa baabi a wɔfa twa nsuo no;

      Wɔakɔda Geba;+

      Rama abɔ hu, na Saul kuro Gibea+ nso adwane.+

      30 O Galim babaa, su na teateam!

      Laisa, yɛ aso tie!

      O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!

      31 Madmena adwane.

      Gebimfoɔ akɔpɛ baabi atɛ.

      32 Ɛnnɛ da yi ara, ɔbɛgyina Nob.+

      Ɔwoso ne nsa kyerɛ Sion babaa bepɔ,

      Yerusalem kokoɔ no.

  • Yesaia 33:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Akwantempɔn ada mpan;

      Obiara nni hɔ a ɔfa akwan no so.

      Wabu apam no so;*

      Wapo nkuro no;

      Ɔmmu onipa dasani biara.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane