Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 15:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 O Yehowa, anyame no mu hwan na ɔte sɛ wo?+

      Hwan na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+

      Wo na ɛsɛ sɛ wɔsuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwanwadeɛ.+

  • 2 Ahemfo 19:22-24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Hwan na woabu no animtia aka abususɛm atia no yi?+

      Hwan na woateateam agu ne so+

      Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi?

      Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+

      23 Wonam w’abɔfoɔ so+ abu Yehowa animtia+ aka sɛ,

      ‘Ɛko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,

      Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,

      Lebanon akyirikyiri.

      Mɛtwitwa sida nnua atenten ne papao nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu.

      Mɛkɔ mmeaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne ne kwaeɛbirentuo mu.

      24 Mɛtutu mmura na manom amannɔne nsuo;

      Mede me nan* bɛma Egypt nsubɔnten* nyinaa awe.’

  • Yesaia 10:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Saa da no, Israel nkaefoɔ

      Ne Yakob fiefoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu

      Remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio;+

      Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa,

      Israel Kronkronni no, wɔ nokorɛdie mu.

  • Hesekiel 39:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Mɛma wɔahu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fĩ bio, na amanaman no bɛhu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane