-
Deuteronomium 13:6-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛboɔ bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforɔ’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7 anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɛfiri asaase ano kɔsi asaase ano. 8 Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata deɛ wayɛ no so; 9 mmom ɛsɛ sɛ woku no.+ Di kan si no aboɔ, na ɔman no nyinaa nni akyire nsi no aboɔ nkum no.+
-