Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 1:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Ɛfiri sɛ ‘merefrɛ mmusua a ɛwɔ atifi fam ahennie mu no nyinaa,’ Yehowa na aka,+

      ‘Na wɔbɛba; obiara de n’ahennwa bɛba

      Abɛsi Yerusalem kuro apono ano,+

      Ne n’afasuo nyinaa ho,

      Ne Yuda nkuro nyinaa ho.+

  • Yeremia 4:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Monka ho asɛm, aane, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;

      Mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem.”

      “Atɛfoɔ* firi akyirikyiri asaase bi so reba,

      Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkuro.

  • Yeremia 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadnesar,* m’akoa no nso aba.+ Mɛma wɔaba asaase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so.+ Mɛsɛe wɔn na mama wɔadane biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,* na ɛbɛyɛ amamfo afebɔɔ.

  • Hesekiel 7:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Mede aman no mu abɔnefoɔ bɛba+ ama wɔabɛfa wɔn afie;+ mɛma ahoɔdenfoɔ ahantan atu ayera na wɔn kronkronbea ho agu fĩ.+

  • Habakuk 1:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Hwɛ, mɛma Kaldeafoɔ aba;+

      Wɔyɛ ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ani so yɛ hye.

      Wotwi fa asaase tɛtrɛɛ so

      Kɔgye afie a ɛnyɛ wɔn dea fa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane