-
Yesaia 5:25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.
-
-
Yeremia 16:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɛfiri sɛ mma mmarima ne mma mmaa a wɔwo wɔn wɔ ha, ne wɔn maamenom a wɔwo wɔn, ne wɔn papanom a wɔma wɔwo wɔn wɔ asaase yi so no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie: 4 ‘Owuyareɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.’
-