8 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so nson, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ a ɔyɛ Babilon hene akoa no baa Yerusalem.+
12 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfoɔ no baa Yerusalem.+
15 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu no, na ɔtuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfoɔ a wɔaka a wɔnim adwuma yie no kaa ho.+