7 ɛnneɛ me nso asaase a mede ama Israel no, mɛtu wɔn afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+
14 Enti sɛdeɛ meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ efie a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no.
18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie! Bue w’ani na hwɛ sɛdeɛ yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, na hwɛ kuro a wo din da so no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na yɛde yɛn adesrɛ aba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebrebe no ntira.+