Dwom 85:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 85 O Yehowa, woadom w’asaase;+Yakob mma a wɔkɔdii obi man so no, woasan de wɔn aba.+ Yeremia 24:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mede m’ani bɛdi wɔn akyi ama no asi wɔn yie, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn ngu; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ Yeremia 29:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+
6 Mede m’ani bɛdi wɔn akyi ama no asi wɔn yie, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn ngu; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+