Dawid dwom.
103 Ma menyi Yehowa ayɛ;
Ma memfa m’akoma nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ.
2 Ma menyi Yehowa ayɛ;
Mma no mma da sɛ me werɛ bɛfi deɛ wayɛ nyinaa.+
3 Ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ wo,+
Na wo nyarewa nyinaa, ɔtu aseɛ.+
4 Ɔgye wo nkwa na woankɔ amena mu,+
Na ɔde ne dɔ a ɛnni hwammɔ ne ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.+
5 Ɔma wo nneɛma pa ma wo ho tɔ wo+ wɔ w’asetena nyinaa mu,
Na ama woakɔ so ayɛ aberanteɛ na woanya ahoɔden sɛ ɔkɔdeɛ.+
6 Yehowa de tenenee+ ne atɛntenenee
Di ma mmɔborɔwafoɔ nyinaa.+
7 Ɔmaa Mose huu n’akwan,+
Na ɔmaa Israel mma huu ne nnwuma.+
8 Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ;+
Ne bo mfu ntɛm, na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano.+
9 Ɔrenhwehwɛ yɛn ho mfomsoɔ berɛ nyinaa,+
Na ɔremfa yɛn ho asɛm nhyɛ ne mu afebɔɔ.+
10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni,+
Na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ ho ntua yɛn ka.+
11 Sɛdeɛ ɔsoro ware sene asaase no,
Saa ara na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nso yɛ kɛseɛ boro so ma wɔn a wɔsuro no.+
12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,
Saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.+
13 Sɛdeɛ agya hu ne mma mmɔbɔ no,
Saa ara na Yehowa nso hu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+
14 Ɔnim sɛdeɛ ɔbɔɔ yɛn;+
Ɔkae sɛ yɛyɛ dɔteɛ.+
15 Onipa dasani wɔ hɔ yi, ne nna te sɛ serɛ;+
Ɔte sɛ wuram nhwiren a ayɛ frɔmfrɔm,+
16 Nanso mframa bɔeɛ ara na ayera,
Obi nkae mpo sɛ na ɛwɔ hɔ.
17 Yehowa dɔ nni hwammɔ, na ɛwɔ hɔ daa
Ma wɔn a wɔsuro no,+
Na ne tenenee nso wɔ hɔ ma wɔn mma asefoɔ.+
18 Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi n’apam so,+
Ne wɔn a wɔhwɛ di n’ahyɛdeɛ so.
19 Yehowa de n’ahennwa atim hɔ pintinn wɔ soro;+
N’ahennie di biribiara so.+
20 Mo, Yehowa abɔfoɔ+ ahoɔdenfoɔ, monyi no ayɛ;
Mo a motie n’asɛm na modi n’ahyɛdeɛ so.+
21 Yehowa asafodɔm nyinaa, monyi no ayɛ;+
Mo a mosom no na moyɛ n’apɛdeɛ.+
22 Yehowa abɔdeɛ nyinaa, monyi no ayɛ
Wɔ baabiara a ɔdi tumi.
Ma memfa m’akoma nyinaa nyi Yehowa ayɛ.