Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
11 Ɔhene Solomon dɔɔ aman foforɔ so mmaa+ bebree kaa Farao babaa+ no ho. Ná mmaa no firi Moab,+ Ammon,+ Edom, Sidon,+ ne Hitifoɔ+ mu. 2 Aman a wɔfiri mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛdane mo akoma ama moakɔdi anyame foforɔ akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn. 3 Ɔnyaa yerenom 700 a wɔyɛ adehyeɛ, ne mpenafoɔ* 300, na ne yerenom de nkakrankakra danee n’akoma.* 4 Solomon nkɔkoraaberɛ mu+ no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi;+ wamfa akoma a ɛdi mu ansom Yehowa ne Nyankopɔn te sɛ ne papa Dawid. 5 Solomon kɔdii Sidonfoɔ nyamebaa Astoret,+ ne Ammonfoɔ bosom fĩ Milkom+ akyi. 6 Na Solomon yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na wanni Yehowa akyi ankɔsi aseɛ sɛdeɛ ne papa Dawid yɛeɛ no.+
7 Saa berɛ no, Solomon sii sorɔnsorɔmmea*+ maa Moabfoɔ bosom fĩ Kemos wɔ bepɔ a ɛwɔ Yerusalem anim no so, na ɔsii bi nso maa Ammonfoɔ bosom+ fĩ Molek.+ 8 Saa ara na ɔyɛ maa ne yerenom a wɔfiri aman foforɔ so a wɔhyee afɔrebɔdeɛ na wɔbɔɔ afɔreɛ maa wɔn anyame no nyinaa.
9 Yehowa bo fuu Solomon, ɛfiri sɛ n’akoma dane firii Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho. 10 Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ wei ho sɛ mma no nnkɔdi anyame foforɔ akyi,+ nanso wanni Yehowa asɛm so. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ woayɛ wei na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ so nti, deɛ ɛteɛ biara mɛhwim ahennie no afiri wo nsam, na w’akoa na mede bɛma no.+ 12 Nanso wo papa Dawid nti, merenyɛ wei wɔ wo berɛ so. Wo ba nsam na mɛhwim afiri.+ 13 Mmom ɛnyɛ ahennie no nyinaa na mɛhwim.+ M’akoa Dawid ne Yerusalem a mayi+ nti, mede abusuakuo baako bɛma wo ba.”+
14 Ɛnna Yehowa maa obi a wɔfrɛ no Hadad sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Edomni a ɔfiri Edom+ adehyeɛ abusua mu. 15 Berɛ bi a Dawid dii Edomfoɔ so nkonim+ a ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrɛkɔsie wɔn a wɔawuwuo no, ɔfirii aseɛ kunkum Edom mmarima nyinaa. 16 (Abosome nsia na Yoab ne Israel nyinaa dii wɔ hɔ kɔsii sɛ ɔkunkum Edom mmarima nyinaa.) 17 Nanso Hadad ne Edom mmarima bi a wɔyɛ ne papa nkoa dwane kɔɔ Egypt; saa berɛ no, na Hadad yɛ abarimaa. 18 Ɔne wɔn firii Midian* kɔɔ Paran, na wɔfaa mmarima firii Paran+ ne wɔn kɔɔ Egypt hene Farao nkyɛn wɔ Egypt, na ɔno nso maa no fie. Bio nso, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ a wɔde bɛma no aduane, na ɔmaa no asaase nso. 19 Farao bɛpɛɛ Hadad asɛm paa, enti ɔmaa no yere; ɔde ne yere ɔhemmaa* Tapenes nuabaa maa no. 20 Akyire yi, ɔne Tapenes nuabaa no woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Genubat; Farao fie na Tapenes tetee abɔfra no,* na Genubat ne Farao mma tenaa Farao fie hɔ.
21 Berɛ a Hadad wɔ Egypt no, ɔtee sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda,+ na ɔsahene Yoab nso awu.+ Enti Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom.” 22 Nanso Farao bisaa no sɛ: “Wote me nkyɛn yi, ɛdeɛn na ɛhia wo a enti afei deɛ wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Hwee nhia me, nanso mesrɛ wo, gya me kwan ma menkɔ.”
23 Onyankopɔn maa Eliada ba Reson nso sɔre tiaa Solomon.+ Ná ɔyɛ Soba hene Hadadeser+ akoa a wadwane. 24 Berɛ bi a Dawid dii Sobafoɔ so nkonim* no,+ Reson boaboaa mmarima bi ano baa ne nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ nnipabɔnefoɔ dɔm no so panin. Enti wɔkɔɔ Damasko+ kɔtenaa hɔ, na wɔdii adeɛ wɔ Damasko. 25 Sɛdeɛ Hadad teetee Israel no, Solomon nna nyinaa mu no, Reson nso sɔre tiaa wɔn; berɛ a ɔdi adeɛ wɔ Siria no, na ɔkyiri Israel kɔkɔkɔkɔ.
26 Efraimni Nebat a ɔfiri Sereda no ba Yeroboam+ nso tee atua tiaa* Solomon.+ Ná ɔyɛ Solomon akoa,+ na na ne maame yɛ okunafoɔ a ne din de Serua. 27 Deɛ enti a ɔtee atua tiaa ɔhene nie: Ná Solomon akyekyere Esie no,*+ na na wahyɛ ne papa Dawid Kuro no+ den. 28 Ná Yeroboam yɛ ɔbarima a ɔbɔ ne ho mmɔden. Solomon huu sɛ aberanteɛ no yɛ obi a ɔpɛ adwuma, enti ɔyɛɛ no Yosef fie apaafoɔ nyinaa sohwɛfoɔ.+ 29 Saa berɛ no ara mu na Yeroboam pue firii Yerusalem, na Siloni Ahiya+ a ɔyɛ odiyifoɔ no hyiaa no wɔ kwan so; ná Ahiya hyɛ ataade foforɔ, na na obiara nka wɔn mmienu ho wɔ wuram hɔ. 30 Ɛnna Ahiya sɔɔ ataade foforɔ a ɛhyɛ no no mu, na ɔsunsuan mu asinasini 12. 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ:
“Yi asinasini du na fa, na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mɛhwim ahennie no afiri Solomon nsam, na mede mmusuakuo du bɛma wo.+ 32 Nanso m’akoa Dawid+ ne Yerusalem kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu+ nti, mɛgya abusuakuo baako ama no.+ 33 Deɛ enti a mereyɛ saa ne sɛ, me nkurɔfoɔ agya me+ akɔkoto Sidonfoɔ nyamebaa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Ammonfoɔ nyame Milkom; wɔannante m’akwan so anyɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, na wɔanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so te sɛ ne papa Dawid. 34 Mmom merennye ahennie no nyinaa mfiri ne nsam; m’akoa Dawid a mayi no nti,+ mɛma no akɔ so ayɛ otitire ne nkwa nna nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so. 35 Nanso mɛgye ahennie no afiri ne ba nsam ama wo; mmusuakuo du na mede bɛma wo.+ 36 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daa m’akoa Dawid bɛnya kanea* wɔ m’anim wɔ Yerusalem,+ kuro a mayi de me din ato so no mu nti, mede abusuakuo baako bɛma ne ba. 37 Mayi wo, na wobɛdi deɛ wopɛ* biara so; wobɛdi Israel so hene. 38 Sɛ wodi me nsɛm nyinaa so, na wonante m’akwan so yɛ deɛ ɛtene m’ani so, na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm nyinaa so sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no+ a, ɛnneɛ me nso mɛdi w’akyi, na mɛkyekyere efie ama wo daa, sɛdeɛ makyekyere bi ama Dawid no,+ na mede Israel bɛma wo. 39 Wei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase,+ nanso ɛrenyɛ saa daa.’”+
40 Ɛno nti Solomon pɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam. Ɛnna Yeroboam dwane kɔɔ Egypt hene Sisak+ nkyɛn, na ɔtenaa Egypt+ kɔsii sɛ Solomon wuiɛ.
41 Solomon ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Solomon ho abakɔsɛm nwoma no mu.+ 42 Mfeɛ* dodoɔ a Solomon dii Israel nyinaa so hene wɔ Yerusalem no yɛ mfeɛ 40. 43 Afei Solomon ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne papa Dawid Kuro mu, na ne ba Rehoboam+ bɛdii n’adeɛ.