Ɔde Kɔmaa Filipifoɔ
2 Enti sɛ mowɔ Kristo mu nkuranhyɛ bi a, sɛ mobɛtumi de ɔdɔ akyekye nkurɔfoɔ werɛ a, sɛ Kristo mu fekubɔ bi wɔ hɔ a, sɛ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ a, 2 ɛnneɛ monnya adwenkorɔ na monnodɔ mo ho, na monka mmom dendeenden nyɛ baako,* na monkura adwene baako,+ na ama m’anigyeɛ adi mũ. 3 Mommfa mansotwe+ anaa ahomasoɔ+ nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase* na mommu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo.+ 4 Monnnwene mo nko ara mo ho,+ na mmom monnwene afoforɔ nso ho bi.+
5 Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu.+ 6 Ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ+ no, wannya adwene mpo sɛ ɔbɛpere na ɔne Onyankopɔn ayɛ pɛ.+ 7 Daabi. Mmom ɔpenee so maa biribiara firii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea+ bɛyɛɛ onipa.*+ 8 Deɛ ɛsene saa koraa ne sɛ, berɛ a ɔbɛyɛɛ onipa* no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie kɔsii owuo mu,+ asɛndua* so wuo+ mu mpo. 9 Wei nso nti na Onyankopɔn pagyaa no maa no diberɛ kɛseɛ,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.+ 10 Enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa koto, wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asaase so ne wɔn a wɔwɔ asaase ase nyinaa,+ 11 na ɛsɛ sɛ kɛtrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade+ de hyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
12 Enti m’adɔfo, sɛdeɛ mewɔ hɔ a moyɛ ɔsetie berɛ nyinaa, na sɛ menni hɔ mpo a moyɛ ma no sene saa no, monkɔ so mfa osuro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma. 13 Na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo sɛdeɛ ɛsɔ n’ani, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛdeɛ. 14 Biribiara a mobɛyɛ no, mommma anwiinwii+ ne akyinnyegyeɛ mmma mu,+ 15 na moayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma+ a dɛm biara nni wɔn ho wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a akontono na akyea+ mu a morehyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nkanea wɔ wiase+ no. 16 Monsɔ nkwa asɛm+ no mu dendeenden na ama manya biribi agyina so adi ahurisie Kristo da no; ɛno bɛma mahu sɛ mantu mmirika hunu anaa mammrɛ angu. 17 Nanso sɛ wɔrehwie me sɛ nsã afɔreɛ+ agu mo afɔreɛ+ ne adwuma kronkron* a gyidie nti moreyɛ no so mpo a, ɛyɛ anigyesɛm ma me, na me ne mo nyinaa di ahurisie. 18 Mo nso momma mo ani nnye na mo ne me nni ahurisie.
19 M’ani da so sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade Yesu pɛ a, mɛsoma Timoteo+ aba mo nkyɛn ntɛm, na sɛ mete mo nka a, ahyɛ me nkuran. 20 Na menni obiara a ne suban te sɛ ɔno a ɔbɛyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. 21 Wɔn a aka nyinaa dwene wɔn ara wɔn ho; wɔnnwene Yesu Kristo ho. 22 Nanso monim sɛdeɛ na ɔbɔ ne ho mmɔden. Ɔne me somee te sɛ abɔfra+ ne ne papa maa yɛtrɛɛ asɛmpa no mu. 23 Enti m’ani da so sɛ, menya hu me ho ano pɛ a, ɔno na mɛsoma no. 24 Me ara nso, sɛ Awurade ma kwan a, ɛrenkyɛ mɛba mo nkyɛn.+
25 Nanso, seesei deɛ, mehu sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito ba mo nkyɛn. Ɔyɛ me nua a me ne no yɛ adwuma ne me yɔnko sraani a motuu no sɛ ɔmmɛsom me.+ 26 N’ani agyina mo nyinaa, na waboto, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ moate sɛ ɔyareeɛ. 27 Ampa, ɔyare maa anka ɔreyɛ awu, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ; ɛnyɛ ɔno nko, na mmom me nso, na awerɛhoɔ ammene me. 28 Ne saa nti, meresoma no ntɛm aba mo nkyɛn, na sɛ mohu no a, moadi ahurisie bio na ama me nso m’adwendwene so ate. 29 Enti momfa anigyeɛ kɛseɛ nnye no sɛdeɛ motaa yɛ ma Awurade akyidifoɔ no; na monkɔ so mmu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔsom bo,+ 30 ɛfiri sɛ Kristo* adwuma nti, ɛkaa ketekete anka ɔrewu; ɔde ne nkwa* too ne nsam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsi mo ananmu asom me, ɛfiri sɛ monni ha na moayɛ saa.+