Exodus
3 Mose bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no nnwan. Da bi a ɔde nnwan no rekɔ serɛ no atɔeɛ fam no, ɔkɔpuee nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ Horeb+ ho. 2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* bi a ɛredɛre mu.+ Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhuu sɛ nwura no redɛre nanso ɛnhye. 3 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi, na mahunu deɛ enti a nwura no nhyeɛ.” 4 Berɛ a Yehowa huu sɛ ɔrebɛn hɔ abɛhwɛ no, ɔfrɛ firii nwura no mu sɛ: “Mose! Mose!” na ɔbuaa sɛ: “Menie.” 5 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mmɛn ha. Yi wo nan ase mpaboa, ɛfiri sɛ baabi a wogyina no yɛ asaase kronkron.”
6 Ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn.”+ Ɛnna Mose de n’anim hintaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no. 7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amaneɛ a me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no rehunu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wɔsi ɛsiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Menim wɔn brɛ nyinaa.+ 8 Mɛsiane akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asaase no so akɔ asaase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ teɛ.+ 9 Afei hwɛ! Mate Israelfoɔ no sufrɛ, na sɛdeɛ Egyptfoɔ rehyɛ wɔn so+ no nso mahu. 10 Enti bra ma mensoma wo Farao nkyɛn na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Egypt.”+
11 Nanso Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mene hwan a merekɔ Farao anim sɛ merekɔyi Israelfoɔ afiri Egypt?” 12 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ na deɛ ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo nie: Sɛ wonya de ɔman no firi Egypt ba a, mobɛsom nokorɛ Nyankopɔn no wɔ bepɔ yi so.”+
13 Nanso Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na sɛ wɔbisa me sɛ, ‘Ne din de sɛn?’+ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?” 14 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.”*+ Na ɔtoaa so sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, deɛ wɔfrɛ no ‘Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara’ no, ɔno na wasoma me mo nkyɛn.”+ 15 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Mose sɛ:
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na wasoma me mo nkyɛn.’ Wei ne me din de kɔsi daa,+ na wei na wɔmfa nkae me wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 16 Afei kɔ na kɔboa Israel mpanimfoɔ ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me. Ɔkaa sɛ: “M’adwene wɔ mo so,+ na deɛ wɔde reyɛ mo wɔ Egypt nyinaa m’ani tua. 17 Enti deɛ mereka ne sɛ, mɛgye mo afiri amanehunu+ a Egyptfoɔ de aba mo so no mu de mo akɔ Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ,+ Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asaase so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so.”’+
18 “Sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛtie wo.+ Afei wo ne Israel mpanimfoɔ no bɛkɔ Egypt hene hɔ. Mokɔ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifoɔ+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Enti yɛsrɛ wo ma yɛntwa nnansa kwan nkɔ serɛ so nkɔbɔ afɔreɛ mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ 19 Nanso menim paa sɛ Egypt hene remma mo kwan, gye sɛ nsa a ɛyɛ den hyɛ no ansa.+ 20 Enti mɛtene me nsa abɔ Egypt na mayɛ anwanwadeɛ pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ 21 Na mɛma nkurɔfoɔ no anya Egyptfoɔ anim adom, na sɛ morefiri hɔ akɔ a, moremfa nsapan nkɔ da.+ 22 Israelni baa biara mmisa deɛ ɔte bɛn no, ne ɔbaa a ɔne no te fie baako mu, na ɔnnye nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntoma mfiri ne hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mma mmarima ne mo mma mmaa; monwerɛ Egyptfoɔ no ho.”*+