Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
8 Saa berɛ no, Solomon boaboaa Israel mpanimfoɔ ano,+ mmusuakuo mu atitire, ne Israelfoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa.+ Wɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afiri Dawid Kuro mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+ 2 Bosome Etanim* mu, kyerɛ sɛ, bosome a ɛtɔ so nson mu no, Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Ɔhene Solomon anim wɔ afahyɛ* no ase.+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no maa Adaka no so.+ 4 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ no de Yehowa Adaka no, ahyiaeɛ ntomadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa baeɛ. 5 Saa berɛ no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ dwa wɔ Adaka no anim. Wɔde nnwan ne anantwie bɔɔ afɔreɛ,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodoɔ.
6 Afei asɔfoɔ no de Yehowa apam adaka no baa ne siberɛ,+ pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+
7 Ná kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+ 8 Ná ɛho nnua no+ woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ɔhu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, ɔnhunu; ɛhɔ na ɛwɔ de bɛsi nnɛ. 9 Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopono mmienu+ a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; ɔde guu mu berɛ a Israelfoɔ firi Egypt asaase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+
10 Berɛ a asɔfoɔ no pue firii kronkronbea hɔ no, mununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fie no ma.+ 11 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom, ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam hyɛɛ Yehowa fie hɔ ma.+ 12 Saa berɛ no, Solomon kaa sɛ: “Yehowa se mununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 13 Matumi asi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+
14 Afei, berɛ a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene danee n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 15 Ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa a ɔbuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama no aba mu no; asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, 16 ‘Ɛfiri da a meyii me man Israel firii Egypt de bɛsi nnɛ da yi, menyii Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie mma me din ntena hɔ,+ nanso mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.’ 17 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 18 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoma so adeɛ sɛ wobɛsi fie de me din ato so; woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma so. 19 Mmom ɛnyɛ wo na wobɛsi fie no; wo ba a wobɛwo no* na ɔbɛsi fie no de me din ato so.’+ 20 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, ɛfiri sɛ madi me papa Dawid adeɛ, na matena Israel ahennwa so sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no. Afei nso, masi fie de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so,+ 21 na mapɛ baabi de Adaka no asi; emu na apam a Yehowa ne yɛn agyanom yɛeɛ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so no wɔ.”+
22 Afei Solomon kɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 23 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo;+ wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa som wo no.+ 24 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama no aba mu. Wo ara na wobuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔsom me sɛdeɛ woasom me yi a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so wɔ m’anim.’+ 26 O Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma ɛbɔ a wohyɛɛ me papa, w’akoa Dawid no mmra mu.
27 “Enti Onyankopɔn bɛtumi atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ efie a masi yi!+ 28 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpaeɛ a merebɔ wɔ w’anim nnɛ yi. 29 Bue w’ani hwɛ fie yi anadwo ne awia, faako a wokaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no, na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.+ 30 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotosrɛ; sɛ ɛduru w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+
31 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma no ka ntam* na ntam* no de asodie to ne so, na sɛ ɔba w’afɔrebukyia no anim wɔ fie yi mu berɛ a waka ntam* no a,+ 32 ɛnneɛ firi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; bu ɔbɔnefoɔ no fɔ* ma deɛ ɔyɛeɛ no mmɛgu ne tiri so, na bu ɔteneneeni no bem* na dom no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+
33 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wɔdi nkoguo wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba wo nkyɛn bɛhyɛ wo din animuonyam,+ na wɔbɔ mpaeɛ de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ fie yi mu a,+ 34 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔn agyanom no so.+
35 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ na wɔkamfo wo din a,+ 36 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn+ kwampa a wɔmfa so. Ma nsuo ntɔ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+
37 “Sɛ ɛkɔm na ɛbɛba asaase no so oo,+ sɛ nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛba oo, sɛ ɛhyew na ɛbɛma nnɔbaeɛ awuwu oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn mfuo so oo,+ sɛ ntutummɛ anaa mmɛbɛ na ɛbɛba oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro* no biara so oo, ɔhaw anaa yareɛ biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 38 mpaebɔ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (ɛfiri sɛ obiara nim n’akomam haw)+ sɛ wɔtrɛ wɔn nsam kyerɛ fie yi a, 39 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛdeɛ n’akwan teɛ,+ ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam (wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ ɔdasani biara akomam);+ 40 ɛno bɛma wɔasuro wo, nna dodoɔ a wɔbɛdi wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom no so.
41 “Afei ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu mpo, sɛ wo din nti ɔfiri akyirikyiri asaase so ba,+ 42 (ɛfiri sɛ wo din kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woatene mu no, nkurɔfoɔ bɛte ho asɛm)+ na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ a, 43 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo+ sɛdeɛ wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da efie a masi yi so.
44 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayi no,+ ne efie a masi ama wo din no bɔ wo a wo din de Yehowa no mpaeɛ a,+ 45 ɛnneɛ, firi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.
46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso deɛ, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kye wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 47 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so,+ na wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkoto srɛ wo wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so+ na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumuyɛsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyee wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a,+ 49 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn; 50 wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔn asɛm nyɛ mmɔbɔ wɔ atamfo a wɔakye wɔn no anim, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ+ 51 (ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ,+ na wo na woyii wɔn firii Egypt;+ woyii wɔn firii fononoo a wɔde nane dadeɛ no mu).+ 52 Ma w’ani mmra w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ so,+ na tie wɔn sufrɛ berɛ nyinaa.*+ 53 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, asaase so aman nyinaa mu no, woyii wɔn de wɔn yɛɛ w’agyapadeɛ,+ sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ berɛ a wode yɛn agyanom firi Egypt reba no.”
54 Berɛ a Solomon wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ Yehowa ne nkotosrɛ a ɔde kɔɔ n’anim yi nyinaa pɛ, ɔsɔre firii Yehowa afɔrebukyia no anim; ɛhɔ na na wabu nkotodwe atrɛ ne nsam akyerɛ ɔsoro.+ 55 Afei ɔsɔre gyinaa hɔ, na ɔde nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ: 56 “Ayeyie nka Yehowa a wama ne man Israel homebea sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no.+ Nneɛma pa a ɔnam n’akoa Mose so hyɛɛ ho bɔ no, ne nyinaa aba mu.+ 57 Yehowa yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyi no.+ Mma no mmpo yɛn na mma no nnnya yɛn.+ 58 Ma no nnane yɛn akoma mmra ne nkyɛn+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante n’akwan nyinaa so na yɛadi ne mmara nsɛm, n’ahyɛdeɛ, ne n’atemmusɛm so sɛdeɛ ɔkaa sɛ yɛn agyanom nyɛ no. 59 Na m’adesrɛ a mede ato Yehowa anim yi, ma Yehowa yɛn Nyankopɔn nkae awia ne anadwo, na da biara, ma no nni n’akoa asɛm mma no na ɔnni ne man Israel nso asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛsɛ; 60 ɛno bɛma asaase so aman nyinaa ahu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.+ N’akyi no, obiara nni hɔ bio!+ 61 Enti momfa akoma a ɛdi mu+ nsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na monnante n’ahyɛdeɛ mu na monni ne mmara nsɛm so sɛdeɛ moreyɛ nnɛ da yi.”
62 Afei ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ afɔre kɛseɛ wɔ Yehowa anim.+ 63 Solomon de anantwie 22,000 ne nnwan 120,000 na ɛbɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ no maa Yehowa. Enti ɔhene ne Israel nyinaa buee Yehowa fie no ano.+ 64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ no, na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ+ a wɔrebɛhye no nyinaa renkɔ so. 65 Saa berɛ no, Solomon ne Israel nyinaa dii afahyɛ no;+ ná wɔyɛ badwa kɛseɛ a wɔfiri Lebo-Hamat* hyeɛ so kɔsi Egypt Subɔn+ ano. Wɔdii no nnafua 7 wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim, na wɔdii nnafua 7 bio kaa ho maa no yɛɛ nnafua 14. 66 Da a ɛdi hɔ* no, ɔgyaa ɔman no kwan, na wɔhyiraa ɔhene, na obiara kɔɔ ne fie, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nti, wɔde anigyeɛ ne akomatɔyam na ɛkɔeɛ.+