Marko Twerɛtohɔ
6 Na ɔfirii hɔ baa ne kurom,+ na n’asuafoɔ no dii n’akyi. 2 Berɛ a ɛduruu Homeda no, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu. Wɔn a na wɔretie no no mu dodoɔ no ara ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi suaa nneɛma yi firiiɛ?+ Adɛn nti na wɔama no nyansa a ɛte sei, na wɔnam ne nsa so reyɛ anwanwadeɛ saa?+ 3 Ɛnyɛ wei ne kapenta no?+ Ɛnyɛ ɔno ne Maria ba+ a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon no?+ Na ɛnyɛ ne nua mmaa na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn. 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔdi odiyifoɔ ni baabiara, gye ne kurom ne n’abusuafoɔ mu ne ɔno ara ne fie.”+ 5 Enti wantumi anyɛ anwanwadeɛ biara wɔ hɔ. Deɛ ɔyɛeɛ ara ne sɛ ɔde ne nsa guu ayarefoɔ kakraa bi so saa wɔn yareɛ. 6 Nokorɛm no, ɛyɛɛ no nwanwa sɛ wɔnni gyidie. Na ɔkyinii nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.+
7 Afei ɔfrɛɛ Dumienu no, na ɔfirii aseɛ somaa wɔn mmienu mmienu,+ na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi.+ 8 Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no, gye poma nko ara; wɔmmfa paanoo, wɔmmfa aduane kotokuo, na wɔmmfa sika* nnhyɛ wɔn abɔsoɔ mu;+ 9 na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔnnhyɛ ntaadeɛ mmienu.* 10 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ efie bi mu a, montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akɔ.+ 11 Na baabiara a ɛhɔfo annye mo anaa wɔantie mo no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nyɛ adanseɛ mma wɔn.”+ 12 Enti wɔsiim kɔeɛ, na wɔkɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene.+ 13 Na wɔtuu ahonhommɔne bebree,+ na wɔde ngo sraa ayarefoɔ pii, na wɔsaa wɔn yareɛ.
14 Na Ɔhene Herode tee, ɛfiri sɛ Yesu din trɛe, na na nkurɔfoɔ rekeka sɛ: “Wɔanyane Osuboni Yohane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no.”+ 15 Ná afoforɔ nso rekeka sɛ: “Ɛyɛ Elia.” Ɛnna ebinom nso rekeka sɛ: “Ɔyɛ odiyifoɔ te sɛ tete adiyifoɔ no mu baako.”+ 16 Berɛ a Herode teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Yohane a metwaa ne ti no, ɔno na wɔanyane no yi.” 17 Ná Herode aware ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbaa no nti, na Herode asoma ama wɔakɔkye Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase.+ 18 Ɛfiri sɛ na Yohane ka kyerɛ Herode daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+ 19 Ɛno nti, Herodia nyaa ne ho menasepɔ, na na ɔpɛ sɛ ɔku no, nanso wantumi. 20 Ná Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ onipa kronkron,+ na na ɔrebɔ Yohane ho ban. Berɛ biara a ɔbɛtie Yohane nsɛm no, ɛyɛ a ɔnhunu deɛ ɔnyɛ koraa;* nso ɔkɔɔ so de anigyeɛ tiee no.
21 Da bi, ɛkwan bi bue maa Herodia. Saa berɛ no, na Herode redi n’awoda,+ enti ɔtoo pono anwummerɛ maa n’atitire ne n’asahene ne Galilea mpanimfoɔ.+ 22 Na Herodia babaa bɛsaeɛ, na ɛyɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no redidi no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abaayewa no sɛ: “Bisa me deɛ wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23 Aane, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wobɛbisa me no, mede bɛma wo. Sɛ ɛyɛ m’ahennie fã mpo a, mede bɛma wo.” 24 Enti ɔkɔ kɔbisaa ne maame sɛ: “Ɛdeɛn na memmisa?” Ɔkaa sɛ: “Osuboni Yohane ti.” 25 Ɛhɔ ara na ɔde mmirika kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔde n’adesrɛ too n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.”+ 26 Asɛm no haa ɔhene no paa, nanso ɛsiane ntam a waka ne n’ahɔhoɔ* no nti, wampɛ sɛ ɔbu n’ani gu abaayewa no adesrɛ no so. 27 Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfoɔ,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔ kɔtwaa ne ti wɔ afiase hɔ, 28 na ɔde ne ti no too apampaa so bae. Na ɔde maa abaayewa no, na abaayewa no nso de kɔmaa ne maame. 29 Berɛ a Yohane asuafoɔ no teeɛ no, wɔba bɛfaa ne funu no kɔsiee wɔ ɛda mu.
30 Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa kyerɛɛ no.+ 31 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, mommɛsen nkɔhyɛ baabi a ate ne ho, na monhome kakra.”+ Ɛfiri sɛ na nnipa pii redi hɔ akɔneaba, enti wɔannya berɛ mpo annidi. 32 Enti wɔfaa kodoɔ, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ baabi a ate ne ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔhyɛ hɔ komm.+ 33 Nanso nkurɔfoɔ huu sɛ wɔrekɔ, na nnipa bebree nso tee, na wɔde mmirika firii nkuro no nyinaa mu faa fam kɔduruu hɔ gyaa wɔn. 34 Na berɛ a ɔsii fam no, ɔhuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.+ Na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+
35 Saa berɛ yi, na adeɛ resa, na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha ate ne ho, na adeɛ nso resa.+ 36 Gya wɔn kwan ma wɔnkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa ne mfuo a atwa ahyia yi mu akɔtɔ biribi adi.”+ 37 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Yɛnkɔtɔ paanoo denare* 200 mfa mmrɛ nnipa no nni anaa?”+ 38 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ!” Na berɛ a wɔkɔhwɛeɛ no, wɔkaa sɛ: “Nnum ne mpataa mmienu.”+ 39 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔntenatena ɛserɛ mono no so akuakuo.+ 40 Na wɔtenatenaa ase akuakuo; ná ebi yɛ 100, ɛnna ebi yɛ 50. 41 Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei ɔbubuu paanoo no mu, na ɔfirii aseɛ de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nkurɔfoɔ no; na ɔbubuu mpataa mmienu no mu maa wɔn nyinaa. 42 Enti wɔn nyinaa didi mee. 43 Na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama; ná mpataa no nka ho.+ 44 Wɔn a wɔdii paanoo no dodoɔ yɛ mmarima 5,000.
45 Afei ntɛm ara, ɔmaa n’asuafoɔ no tenaa kodoɔ no mu sɛ wɔnni kan ntwa nkɔ Betsaida mpoano wɔ asuogya, na ɔno deɛ, ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔeɛ.+ 46 Berɛ a ɔne wɔn dii nkra wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 47 Na ɛduruu anwummerɛ no, na kodoɔ no wɔ ɛpo no mfimfini, na na aka ɔno nko ara wɔ asaase so.+ 48 Na ɔhuu sɛ mframa a ɛrebɔ hyia n’asuafoɔ no nti, ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛhare kodoɔ no. Enti ɔnantee po no so baa wɔn nkyɛn bɛyɛ ahomakye* mu hɔ; na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔresian wɔn ho no. 49 Berɛ a wɔhuu no sɛ ɔnam po no so no, adwene a ɛbaa wɔn tirim ne sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?” Na wɔteateaam. 50 Na wɔn nyinaa huu no no, wɔn akoma tui. Na ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me a; monnsuro.”+ 51 Na ɔforo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu, na mframa no gyaee, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn pii, 52 ɛfiri sɛ na wɔntee paanoo ho asɛm no ase, na na wɔn akoma nnyaa nteaseɛ.
53 Berɛ a wɔbɛduruu asaase so no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo kodoɔ no sɛkyɛ* wɔ hɔ baabi.+ 54 Na berɛ a wɔsi firii kodoɔ no mu ara pɛ na nkurɔfoɔ huu no. 55 Na wɔde mmirika kyinkyinii nkuro no nyinaa mu, na wɔfirii aseɛ de wɔn a wɔyare guu kɛtɛ so de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56 Na nkuro anaa nkuraa biara a ɔbɛkɔ aseɛ no, nkurɔfoɔ de wɔn a wɔyare no bɛgu dwa so, na wɔsrɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataadeɛ ngugusoɔ ano kɛkɛ.+ Na wɔn a wɔde wɔn nsa kaeɛ no nyinaa ho tɔɔ wɔn.