Exodus
29 “Wei na fa te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ ama me: Fa nantwinini kumaa baako ne adwennini mmienu a wɔte apɔ,+ 2 na fa hwiit siam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔka* nnim, na fa ngo fra esiam no bi yɛ paanoo a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa.+ Afei yɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim, na fa ngo sra so. 3 Fa gu kɛntɛn mu+ na fa ka nantwinini ne adwennini mmienu no ho bra m’anim.
4 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ na ma wɔmfa nsuo nnware.+ 5 Fa ataade tenten no,+ nsasini no, efɔd* no, ne nkataboɔ no hyɛ Aaron, na fa abɔsoɔ* no bɔ ne mu wɔ ngugusoɔ no so.+ 6 Fa abotire no bɔ ne ti na fa ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron* no bɔ abotire no anim.+ 7 Wowie a, fa ɔsrango no,+ na hwie gu n’apampam fa sra no.+
8 “Afei fa ne mma no nso bra, na fa ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.+ 9 Aaron ne ne mma no nyinaa, fa deɛ wɔde bɔ wɔn mu no bobɔ wɔn mu, na fa abotire no nso bobɔ wɔn. Ma no nyɛ mmara a ɛda hɔ sɛ wɔn fiefoɔ na wɔbɛdi asɔfoɔ daa.+ Wei ne ɛkwan a wɔbɛfa so ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.*+
10 “Afei fa nantwinini no bra ahyiaeɛ ntomadan no anim na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu aboa no apampam.+ 11 Kum nantwie no wɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.+ 12 Fa wo nsateaa bɔ nantwie no mogya mu, na fa sosɔ afɔrebukyia no mmɛn+ no ho, na hwie mogya a aka no nyinaa gu afɔrebukyia no ase.+ 13 Afei sradeɛ+ a ɛwowɔ aboa no nsono ne ne mmerɛboɔ ho, ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ no, yiyi na hye wɔ afɔrebukyia no so.+ 14 Nantwie no nam, ne nwoma, ne ne bini deɛ, fa egya hye wɔ asoɛeɛ no akyi. Wei yɛ bɔne ho afɔreɛ.
15 “Afei fa adwennini no baako, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasini na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esini biara to ne sini foforɔ ho kɔsi ne ti. 18 Hye odwennini mu no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.
19 “Afei fa odwennini a aka no nso bra na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 20 Kum odwennini no na fa ne mogya no bi yɛ Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa, na fa bi nso yɛ wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho, na fa mogya no bi pete afɔrebukyia no ho hyia. 21 Afei fa mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so ne ɔsrango+ no bi pete Aaron ho ne ne ntaadeɛ mu, na fa bi nso pete ne mma ho ne wɔn ntaadeɛ mu, na ama ɔne ne ntaadeɛ ne ne mma ne wɔn ntaadeɛ ayɛ kronkron.+
22 “Odwennini no sradeɛ, ne dua a adɔre sradeɛ no, sradeɛ a ɛwowɔ ne nsono ne ne mmerɛboɔ ho, n’asaabo mmienu ne sradeɛ a ɛwowɔ ho,+ ne ne nan nifa no, yiyi ne nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwan.+ 23 Afei yi paanoo kurukuruwa, paanoo a ɛte sɛ kawa a ngo wom, paanoo tratra a mmɔka nnim firi kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. 24 Fa ne nyinaa hyɛ Aaron ne ne mma nsam, na ma wɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim. 25 Wɔwie a, na woagye afiri wɔn nsam de aka ɔhyeɛ afɔreɛ a ɛdi kan no ho ahye wɔ afɔrebukyia no so; ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* wɔ Yehowa anim, afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.
26 “Afei odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ Aaron sɔfoɔ no,+ fa ne koko na him wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔreɛ. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. 27 Odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ no,+ fa ne koko a wɔde bɛbɔ ohim afɔreɛ no ne ne nan a ɛka afɔrebɔdeɛ kronkron no ho no, na dwira ho. 28 Wei bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛma wɔn.+ Sɛ wɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, wɔde afɔrebɔdeɛ+ kronkron yi bɛma Yehowa.
29 “Aaron ntaade kronkron no,+ sɛ wɔsra ne mma+ a wɔbɛdi n’akyi aba no hyɛ wɔn asɔfoɔ a, wɔbɛhyɛ. 30 Ne mma no mu deɛ ɔbɛdi n’adeɛ sɛ ɔsɔfoɔ no, sɛ ɔba ahyiaeɛ ntomadan no mu bɛsom wɔ kronkronbea hɔ a, ɔbɛhyɛ no nnanson.+
31 “Odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ ama asɔfoɔ no, fa ne nam a aka no, na noa wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 32 Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wɔnni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 33 Deɛ wɔde bɛpata ama wɔn de adwira wɔn ho a ɛno na wɔde bɛhyɛ wɔn asɔfoɔ* no, ma wɔnni. Nanso obiara a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ* rentumi nni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.+ 34 Sɛ asɔfohyɛ dwan no nam anaa paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, deɛ ɛbɛka biara fa gya hye.+ Ɛnsɛ sɛ obiara di, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.
35 “Deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa, yɛ Aaron ne ne mma saa pɛpɛɛpɛ. Nnanson na wode bɛhyɛ wɔn asɔfoɔ.*+ 36 Da biara, wode nantwinini bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na wode adwira afɔrebukyia no ho afiri bɔne ho de ate ho. Afei fa ngo sra afɔrebukyia no ma no nyɛ kronkron.+ 37 Fa nnanson pata ma afɔrebukyia no na dwira ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afɔrebukyia no bɛyɛ kronkron paa.+ Ansa na obi de ne nsa bɛka afɔrebukyia no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.
38 “Deɛ wode bɛbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so nie: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔreɛ anɔpa na fa baako nso bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a ɔdi kan no rebɔ afɔreɛ a, fa ngo pa a ɛfiri ngodua mu hin* nkyɛmu nnan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susudeɛ* nkyɛm du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyɛmu nnan mu baako nso bɔ nsã afɔreɛ. 41 Odwennini kumaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.* Fa aduane afɔreɛ ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Fa bɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 42 Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ yi wɔ Yehowa anim daa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɛhɔ na mɛyi me ho adi ne mo akasa.+
43 “Mɛyi me ho adi akyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ, na m’animuonyam+ ama hɔ ayɛ kronkron. 44 Mɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no kronkron, na mɛyɛ Aaron ne ne mma nso kronkron+ ama wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 45 Mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 46 Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na me na meyii wɔn firii Egypt asaase so sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.