Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Samuel Mu Nsɛntitire 2 SAMUEL EMU NSƐNTITIRE 1 Dawid tee sɛ Saul awu (1-16) Dawid twaa Saul ne Yonatan ho awerɛhoɔ dwom (17-27) 2 Dawid bɛyɛɛ ɔhene wɔ Yuda so (1-7) Is-Boset bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel so (8-11) Ntɔkwa bɛdaa Saul fie ne Dawid fie ntam (12-32) 3 Dawid fie kɔɔ so nyaa ahoɔden (1) Dawid mma mmarima (2-5) Abner kɔɔ Dawid afã (6-21) Yoab kum Abner (22-30) Dawid suu Abner (31-39) 4 Wɔkum Is-Boset (1-8) Dawid maa wɔkum awudifoɔ no (9-12) 5 Wɔsii Dawid hene wɔ Israel nyinaa so (1-5) Ɔko faa Yerusalem (6-16) Sion bɛyɛɛ Dawid Kuro (7) Dawid dii Filistifoɔ so nkonim (17-25) 6 Wɔde Adaka no baa Yerusalem (1-23) Ussa sɔɔ Adaka no mu na wɔkum no (6-8) Mikal buu Dawid animtia (16, 20-23) 7 Ɛnyɛ Dawid na ɔbɛsi asɔrefie no (1-7) Ɔne Dawid yɛɛ apam sɛ ɔbɛma n’ahennie atim (8-17) Dawid aseda mpaebɔ (18-29) 8 Dawid nkonimdie (1-14) Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Dawid ahennie mu (15-18) 9 Dawid daa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ Mefiboset (1-13) 10 Wɔdii Ammonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonim (1-19) 11 Dawid ne Bat-Seba sɛee awareɛ (1-13) Dawid maa wɔkum Uria (14-25) Dawid waree Bat-Seba (26, 27) 12 Natan daa Dawid mfomsoɔ adi kyerɛɛ no (1-15a) Bat-Seba ba no wuiɛ (15b-23) Bat-Seba woo Solomon (24, 25) Wɔko faa Ammonfoɔ kuro Raba (26-31) 13 Amnon too Tamar mmonnaa (1-22) Absalom kum Amnon (23-33) Absalom dwane kɔɔ Gesur (34-39) 14 Yoab ne Tekoani baa bi faa adwene (1-17) Adwene a Yoab faeɛ no, Dawid hunuu akyire (18-20) Ɔmaa Absalom san baeɛ (21-33) 15 Absalom atirisopam ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ (1-12) Dawid dwane firii Yerusalem (13-30) Ahitofel kɔkaa Absalom ho (31) Ɔsomaa Husai sɛ ɔnkɔsɛe Ahitofel afotuo (32-37) 16 Siba kɔsɛee Mefiboset din (1-4) Simei domee Dawid (5-14) Absalom gyee Husai toom (15-19) Ahitofel afotuo (20-23) 17 Husai sɛee Ahitofel afotuo (1-14) Ɔbɔɔ Dawid kɔkɔ; Absalom nti ɔdwaneeɛ (15-29) Basilai ne ebinom brɛɛ no nneɛma (27-29) 18 Absalom nkogudie ne ne wuo (1-18) Wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ Absalom awu (19-33) 19 Dawid suu Absalom (1-4) Yoab kaa Dawid anim (5-8a) Dawid san baa Yerusalem (8b-15) Simei srɛɛ bɔne fakyɛ (16-23) Ɛbɛdaa adi sɛ Mefiboset nyɛɛ bɔne (24-30) Ɔhyɛɛ Basilai animuonyam (31-40) Akasakasa baa mmusuakuo no ntam (41-43) 20 Saba tee atua; Yoab kum Amasa (1-13) Wɔtii Saba kɔtwaa ne ti (14-22) Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Dawid ahennie mu (23-26) 21 Wɔmaa Saul fiefoɔ tuaa bɔne a ɔde yɛɛ Gibeonfoɔ no so ka (1-14) Wɔne Filistifoɔ no koo mpɛn pii (15-22) 22 Onyankopɔn nkwagyeɛ nnwuma nti, Dawid yii no ayɛ (1-51) “Yehowa ne me botan” (2) Anokwafoɔ na Yehowa di wɔn nokorɛ (26) 23 Dawid nsɛm a ɛtwa toɔ (1-7) Nneɛma a Dawid akatakyie no tumi yɛeɛ (8-39) 24 Dawid yɛɛ bɔne sɛ ɔkan ɔman no (1-14) Nsanyareɛ a ɛdi awu kunkum nnipa 70,000 (15-17) Dawid sii afɔrebukyia (18-25) Ɔremmɔ afɔreɛ a ɔrentua hwee (24)