Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Yosua Nwoma No Mu Nsɛntitire YOSUA EMU NSƐNTITIRE 1 Yehowa hyɛɛ Yosua nkuran (1-9) Kenkan Mmara no na dwendwene ho (8) Wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan (10-18) 2 Yosua somaa akwansrafoɔ mmienu kɔɔ Yeriko (1-3) Rahab de akwansrafoɔ no sieeɛ (4-7) Wɔhyɛɛ Rahab bɔ (8-21a) Wɔde ahoma kɔkɔɔ yɛɛ adanseɛ (18) Akwansrafoɔ no san kɔɔ Yosua nkyɛn (21b-24) 3 Israelfoɔ twaa Asubɔnten Yordan (1-17) 4 Aboɔ a wɔde bɛyɛ nkaeɛ (1-24) 5 Wɔtwaa twetia wɔ Gilgal (1-9) Wɔdii Twam; mana gyaee tɔ (10-12) Yehowa safohene (13-15) 6 Yeriko fasuo dwiri gui (1-21) Wɔanku Rahab ne n’abusua (22-27) 7 Israel dii nkoguo wɔ Ai (1-5) Yosua mpaebɔ (6-9) Bɔne na ɛmaa Israel dii nkoguo (10-15) Wɔkyee Akan na wɔsii no aboɔ (16-26) 8 Yosua maa wɔkɔtetɛɛ Ai kuro no akyi (1-13) Wɔko faa Ai (14-29) Wɔkenkan Mmara no wɔ Ebal Bepɔ ho (30-35) 9 Gibeonfoɔ yɛɛ wɔn adeɛ nyansam de hwehwɛɛ asomdwoeɛ (1-15) Gibeonfoɔ nnaadaa no ho daa hɔ (16-21) Gibeonfoɔ bɛkɔ anyina ne nsuo (22-27) 10 Israel ko maa Gibeon (1-7) Yehowa ko maa Israel (8-15) Ɔtɔɔ asukɔtweaa guu atamfo a wɔredwane so (11) Awia gyinaa dinn (12-14) Wɔkum ahemfo nnum a wɔkɔto hyɛɛ Gibeon so no (16-28) Wɔko faa nkuro a ɛwɔ anaafoɔ fam no (29-43) 11 Wɔko faa nkuro a ɛwɔ atifi fam no (1-15) Yosua nkonimdie a wɔabɔ no mua (16-23) 12 Ahemfo a wɔdii wɔn so nkonim wɔ Yordan apueeɛ fam (1-6) Ahemfo a wɔdii wɔn so nkonim wɔ Yordan atɔeɛ fam (7-24) 13 Asaase a wɔnnya nko mfaeɛ (1-7) Wɔkyekyɛɛ asaase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no (8-14) Ruben agyapadeɛ (15-23) Gad agyapadeɛ (24-28) Manase agyapadeɛ wɔ apueeɛ fam (29-32) Yehowa ne Lewifoɔ agyapadeɛ (33) 14 Wɔkyekyɛɛ asaase a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no (1-5) Kaleb nyaa Hebron sɛ n’agyapadeɛ (6-15) 15 Yuda agyapadeɛ (1-12) Kaleb babaa nyaa asaase (13-19) Yuda nkuro (20-63) 16 Yosef mma mmarima agyapadeɛ (1-4) Efraim agyapadeɛ (5-10) 17 Manase agyapadeɛ wɔ atɔeɛ fam (1-13) Wɔmaa Yosef asefoɔ asaase no bi kaa ho (14-18) 18 Wɔkyɛɛ asaase a aka no wɔ Silo (1-10) Benyamin agyapadeɛ (11-28) 19 Simeon agyapadeɛ (1-9) Sebulon agyapadeɛ (10-16) Isakar agyapadeɛ (17-23) Aser agyapadeɛ (24-31) Naftali agyapadeɛ (32-39) Dan agyapadeɛ (40-48) Yosua agyapadeɛ (49-51) 20 Dwankɔbea nkuro (1-9) 21 Lewifoɔ nkuro (1-42) Deɛ wɔde maa Aaron asefoɔ (9-19) Deɛ wɔde maa Kohatfoɔ a wɔaka (20-26) Deɛ wɔde maa Gersonfoɔ (27-33) Deɛ wɔde maa Merarifoɔ (34-40) Yehowa bɔhyɛ nyinaa baa mu (43-45) 22 Mmusuakuo a ɛwɔ apueeɛ fam san kɔɔ wɔn fie (1-8) Wɔsii afɔrebukyia wɔ Yordan ho (9-12) Wɔkyerɛɛ deɛ enti a wɔsii afɔrebukyia no (13-29) Wɔsiesiee asɛm no (30-34) 23 Yosua ne Israel mpanimfoɔ dii nkra (1-16) Yehowa asɛm baako mpo nni hɔ a amma mu (14) 24 Yosua kaa Israel abakɔsɛm (1-13) Wɔtuu wɔn fo sɛ wɔnsom Yehowa (14-24) “Me ne me fiefoɔ deɛ, yɛbɛsom Yehowa” (15) Apam a Yosua ne Israel yɛeɛ (25-28) Yosua wui, na wɔsiee no (29-31) Wɔsiee Yosef nnompe wɔ Sekem (32) Eleasar wui, na wɔsiee no (33)