Yosua
6 Yeriko deɛ, Israelfoɔ no nti, na wɔato kuro no mu abram akyire; obi nkɔ, na obi mma.+
2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne ne mmarima a wɔnim ko yie no ahyɛ wo nsa.+ 3 Enti mmarima a mokɔ ɛko no nyinaa, monnante* ntwa kuro no ho nhyia; montwa kuro no ho nhyia pɛnkoro. Monyɛ saa ara nnansia. 4 Ma asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Adaka no anim. Na da a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛ nson, na asɔfoɔ no nhyɛn mmɛn no.+ 5 Sɛ wɔbɔ abɛn* no na mote abɛn no nnyegyeeɛ* pɛ, ɔman no nyinaa nteam dendeenden, na kuro no fasuo nyinaa bɛdwiri agu.+ Ɛba saa a, ɔman no mmɔ nwura kuro no mu; obiara nkɔ n’anim tee.”
6 Enti Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no bɛhyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa apam adaka no, na asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Yehowa Adaka no anim.”+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monkɔ nkɔnante* ntwa kuro no ho nhyia, na asraafoɔ+ a wɔkurakura akodeɛ no nni Yehowa Adaka no anim.” 8 Sɛdeɛ Yosua ka kyerɛɛ ɔman no, asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson wɔ Yehowa anim no bɛdii animu hyɛn mmɛn no, na Yehowa apam adaka no dii wɔn akyi. 9 Asraafoɔ a wɔkurakura akodeɛ no dii asɔfoɔ a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm* no nso dii Adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no.
10 Ná Yosua aka akyerɛ ɔman no sɛ: “Monnteam na mommma obi nnte mo nne. Mommmue mo ano nnka biribiara kɔsi da a mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteam!’ ansa na moateam.” 11 Na ɔmaa wɔde Yehowa Adaka no twaa kuro no ho hyiae. Wɔtwaa ho hyiaa pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ kɔdae.
12 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpatutuutu, na asɔfoɔ no faa Yehowa Adaka no.+ 13 Ɛnna asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson no hyɛn mmɛn no dii Yehowa Adaka no anim; berɛ a wɔrekɔ nyinaa na wɔrehyɛn. Asraafoɔ a wɔkurakura akodeɛ no nso dii wɔn anim. Afei asraafoɔ a wɔdi akyire no dii Yehowa Adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. 14 Da a ɛtɔ so mmienu no, wɔnante* twaa kuro no ho hyiaa pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ. Wɔyɛɛ saa ara nnansia.+
15 Da a ɛtɔ so nson no, anɔpatutuutu a animu retete no ara na wɔsɔreeɛ, na wɔnante* twaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛ nson. Saa da no nko ara na wɔnante twaa kuro no ho hyiaa mprɛ nson.+ 16 Ɛduruu deɛ ɛtɔ so nson so no, asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no, na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monteam,+ ɛfiri sɛ Yehowa de kuro no ama mo! 17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kuro no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ efie hɔ nyinaa, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+ 18 Montwe mo ho mfiri biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no ho,+ na mo kɔn annɔ, na moamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ mosɛe no no bi,+ na Israel asoɛeɛ no ammɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe no, na ankɔfa ɔhaw* biara amma so.+ 19 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ nyinaa deɛ, ɛyɛ kronkron ma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekoradan mu.”+
20 Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teaam.+ Berɛ a ɔman no tee abɛn no a wɔteaam dendeenden pɛ, ɔfasuo no nyinaa dwiri guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kuro no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kuro no. 21 Wɔde sekan sɛee biribiara a ɛwɔ kuro no mu, mmaa ne mmarima, mpanin ne mmɔfra, anantwie ne nnwan ne mfunumu.+
22 Na Yosua ka kyerɛɛ mmarima mmienu a wɔkɔhwɛɛ asaase no sɛ: “Monkɔ tuutuuni baa no fie nkɔfa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.”+ 23 Enti mmeranteɛ a wɔkɔhwɛɛ kuro no kɔfaa Rahab ne ne papa ne ne maame ne ne nua mmarima ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa firii hɔ, kyerɛ sɛ, wɔde n’abusuafoɔ nyinaa firii hɔ.+ Wɔde wɔn baa Israelfoɔ asoɛeɛ no akyi dwoodwoo.
24 Afei wɔde egya hyee kuro no ne emu nneɛma nyinaa. Nanso dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ no deɛ, wɔde kɔɔ Yehowa fie adekoradan mu.+ 25 Tuutuuni Rahab ne ne papa fiefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no nko ara na Yosua anku wɔn,+ na ɔte Israelfoɔ mu bɛsi nnɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nnipa a Yosua somaa wɔn maa wɔkɔhwɛɛ Yeriko no sieeɛ.+
26 Saa berɛ no, Yosua kaa ntam sɛ:* “Obiara a ɔbɛkyekyere Yeriko kuro yi, nnome nka no wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kuro no fapem a, ne ba panin bɛwu, na ɔsisi n’apono a, ne ba kumaa bɛwu.”+
27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na Yosua din* trɛɛ wɔ asaase nyinaa so.+