Yosua
4 Berɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Yi mmarima 12 firi ɔman no mu, abusuakuo biara mu ɔbarima baako,+ 3 na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Momfa aboɔ 12 mfiri Yordan mfimfini, baabi a na asɔfoɔ no nan sisi no,+ na momfa ntwa nkɔgu baabi a mobɛsoɛ anadwo yi.’”+
4 Enti Yosua frɛɛ mmarima 12 a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu ɔbarima baako, 5 na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsene nkɔdi Yehowa mo Nyankopɔn Adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na obiara mfa boɔ baako nto n’abati, sɛdeɛ Israel mmusuakuo dodoɔ teɛ, 6 na ɛnyɛ adanseɛ mma mo. Na sɛ akyire yi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode aboɔ yi reyɛ dɛn?’ a,+ 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Yordan nsuo no twae wɔ Yehowa apam adaka no anim.+ Berɛ a adaka no twaa Yordan no, Yordan nsuo no twae. Na aboɔ yi bɛma Israelfoɔ akae saa asɛm yi daa.’”*+
8 Enti Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yosua kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔsesaa aboɔ 12 firii Yordan mfimfini, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no. Aboɔ no dodoɔ ne Israel mmusuakuo no dodoɔ yɛ pɛ. Wɔde twa kɔɔ baabi a wɔbɛsoɛ anadwo no, na wɔde kɔguu hɔ.
9 Afei nso, Yosua hyehyɛɛ aboɔ 12 wɔ Yordan mfimfini, baabi a asɔfoɔ a na wɔso apam adaka no de wɔn nan sisiiɛ no.+ Na aboɔ no wɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
10 Asɔfoɔ a wɔso Adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfimfini kɔsii sɛ wɔwiee deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ no nyinaa; wɔyɛɛ deɛ na Mose aka akyerɛ Yosua no nyinaa. Saa berɛ no nyinaa, na ɔman no retwa Yordan no ntɛmntɛm. 11 Berɛ a ɔman no nyinaa twa wiee pɛ, asɔfoɔ no nso de Yehowa Adaka no twae wɔ ɔman no anim.+ 12 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no de wɔn akodeɛ twa kɔdii Israelfoɔ a aka no anim,+ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no.+ 13 Asraafoɔ bɛyɛ 40,000 a wɔkurakura akodeɛ rekɔ ɛko na wɔtwae wɔ Yehowa anim kɔɔ Yeriko serɛ so.
14 Saa da no, Yehowa yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔbuu no paa* ne nkwa nna nyinaa sɛdeɛ na wɔbu Mose paa no.+
15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 16 “Ka kyerɛ asɔfoɔ a wɔso Adanseɛ Adaka+ no sɛ wɔmfiri Yordan mu.” 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfiri Yordan mu mmra.” 18 Berɛ a asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no+ firii Yordan mfimfini baeɛ a wɔn nan kaa asaase a ɛso awo no, Yordan nsuo no san bae, na ɛyiri bu faa ne kɔn so+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
19 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du na ɔman no firii Yordan mu, na wɔbɛsoɛɛ Gilgal+ wɔ Yeriko apueeɛ fam hyeɛ so.
20 Aboɔ 12 a wɔfa firii Yordan mu no, Yosua de bɛsisii Gilgal.+ 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn papanom sɛ, ‘Aboɔ yi nso kyerɛ sɛn?’ a,+ 22 monka nkyerɛ mo mma no sɛ, ‘Israelfoɔ faa asaase a ɛso awo so na ɛtwaa Yordan.+ 23 Yehowa mo Nyankopɔn maa Yordan nsuo no we kɔsii sɛ wɔn nyinaa twaeɛ, sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no.+ 24 Ɔyɛɛ saa na ama asaase so aman nyinaa ahunu sɛ Yehowa tumi sõ,+ na ama mo nso moasuro Yehowa mo Nyankopɔn daa.’”