Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Rut 1:1-4:22
  • Rut

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Rut
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Rut

RUT

1 Atemmufoɔ no berɛ so no,*+ ɛkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima mmienu tu firii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ Moab+ asaase so. 2 Ɔbarima no din de Elimelek,* ne yere din de Naomi,* na ne mma mmienu no din de Malon* ne Kilion.* Ná wɔyɛ Efratafoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Berɛ a wɔkɔduruu Moab asaase so no, wɔtenaa hɔ.

3 Berɛ bi akyi no, Naomi kunu Elimelek wuiɛ, na ɛkaa ɔne ne mma mmienu no. 4 Akyire yi, ne mma no waree Moabfoɔ mmaa. Baako din de Orpa, ɛnna baako nso de Rut,+ na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du. 5 Afei ne mma mmienu no, Malon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti ɔbaa no kunu ne ne mma mmienu no nyinaa wu gyaa no. 6 Berɛ a ɔwɔ Moab asaase so no, ɔtee sɛ Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ ama wɔn aduane, enti ɔne ne nsenom siim sɛ wɔrefiri Moab asaase so asan akɔ.

7 Ɔtu firii baabi a na ɔne ne nsenom mmienu no te no. Berɛ a wɔnam kwan so resan akɔ Yuda asaase so no, 8 Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom mmienu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ mo,+ sɛdeɛ mo nso moada no adi akyerɛ mmarima a wɔawuo no na moada no adi akyerɛ me no. 9 Yehowa mma monnya ahotɔ* wɔ mo kununom fie.”+ Afei ɔfefee wɔn ano, na wɔn nyinaa suu dendeenden. 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛne wo bɛkɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.” 11 Naomi nso kaa sɛ: “Me mma, monsan. Adɛn nti na mopɛ sɛ mo ne me kɔ? Mɛtumi asan awo mma ama moaware wɔn anaa?+ 12 Me mma, monsan. Monkɔ, na manyini dodo sɛ mɛware bio. Sɛ meka sɛ mɛtumi anya kunu anadwo yi awo mma mpo a, 13 mobɛtumi atwɛn ama wɔanyinyini? Mobɛtumi atwɛn wɔn a morenware? Daabi, me mma. Mo asɛm yɛ me awerɛho paa, ɛfiri sɛ Yehowa ne me anni no yie.”+

14 Ɔkaa saa no, wɔsan suu dendeenden, na Orpa fee n’ase ano ne no dii nkra. Rut deɛ, wansan; ɔbataa ne ho. 15 Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Orpa asan kɔ ne nkurɔfoɔ ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne no nkɔ.”

16 Nanso Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ nsan nkɔ. Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ 17 Baabi a wobɛwu no, ɛhɔ ara na mɛwu, na ɛhɔ ara nso na wɔbɛsie me. Gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”

18 Berɛ a Naomi huu sɛ Rut asi ne bo sɛ ɔne no bɛkɔ no, wanhyɛ no bio. 19 Enti wɔn mmienu no toaa so kɔduruu Betlehem.+ Berɛ a wɔduruu Betlehem pɛ, kurom hɔfoɔ nyinaa pu bɛhwɛɛ wɔn, na mmaa no bisaa sɛ: “Naomi nie?” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ mmaa no sɛ: “Mommfrɛ me Naomi.* Momfrɛ me Mara,* ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ne me adi no nwonwoonwono.+ 21 Mekɔɔ no ma, nanso Yehowa ama maba no nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi, berɛ a Yehowa abrɛ me ase, na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama no awie me bɔne yi?”+

22 Saa na ɛyɛeɛ a Naomi ne n’ase Rut a ɔyɛ Moabni no san firii Moab asaase so baeɛ.+ Berɛ a wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri aseɛ retwa baali.*+

2 Ná Naomi kunu wɔ busuani bi a ɔwɔ sika paa. Ne din de Boas,+ na na ɔfiri Elimelek abusua mu.

2 Moabni Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ obiara a mɛnya n’anim adom afuo mu nkɔdi n’akyi nsesa baali* a wɔatwa awie no ase.”+ Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, kɔ.” 3 Ɛnna ɔkɔ kɔdii wɔn a wɔretwa baali no akyi kɔsesaa aseɛ. Baabi a ɔkɔpueeɛ no, na ɛhɔ yɛ Elimelek+ busuani Boas+ afuo mu. 4 Emu hɔ ara na Boas firi Betlehem baeɛ, na ɔkyeaa adwumayɛfoɔ no sɛ: “Yehowa nka mo ho,” na wɔn nso gyee so sɛ: “Yehowa nhyira wo.”

5 Ɛnna Boas bisaa aberanteɛ a ɔhwɛ adwumayɛfoɔ no so no sɛ: “Saa ababaawa yi firi he?” 6 Aberanteɛ no buaa sɛ: “Ababaawa no yɛ Moabni;+ ɔne Naomi na ɛfiri Moab asaase so baeɛ.+ 7 Ɔbɛkaa sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma menni adwumayɛfoɔ no akyi na mensesa baali a wɔatwa awie* no ase.’+ Enti ɔbaeɛ, na wagyina ne nan so firi anɔpa abɛsi sɛsɛɛ. Afei ara na wakɔtena apata no ase regye n’ahome kakra.”

8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Me ba, tie deɛ mereka yi. Mfiri ha nkɔ baabiara, nkɔ afuo foforɔ biara mu nkɔsesa nnɔbaeɛ ase; di me mmaawa yi akyi.+ 9 Hwɛ afuo no fã a wɔretwa no, na di wɔn akyi. Maka akyerɛ mmeranteɛ no sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnka wo.* Sɛ sukɔm de wo a, nsuo a mmeranteɛ no akɔ agu ahina mu no, nom bi.”

10 Ɛnna Rut bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam, na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na ɔhɔhoɔ te sɛ me, me ho asɛm ahia wo na manya w’anim adom saa yi?”+ 11 Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛ maa w’ase no, mate ne nyinaa; woagya wo papa ne wo maame ne w’abusuafoɔ hɔ abɛtena nnipa a wonnim wɔn da mu.+ 12 Deɛ woayɛ nti, Yehowa nhyira wo.+ Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne ntaban ase+ no mma wo akatua pa.”* 13 Ɔno nso kaa sɛ: “Me wura, ma mennya w’anim adom daa ɛfiri sɛ woakyekye me werɛ, na woaka asomdwoeɛ nsɛm* akyerɛ w’abaawa, nanso menyɛ wo mmaawa no mu bi mpo.”

14 Ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe bɛn ha bɛdi paanoo no bi; fa bɔ nsã a emu ka no mu.” Enti ɔkɔtenaa adwumayɛfoɔ no nkyɛn. Akyire yi, Boas maa no nkyeweɛ, na ɔdidi mee maa ebi kaeɛ. 15 Berɛ a ɔsɔree sɛ ɔrekɔsesa nnɔbaeɛ ase no,+ Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: “Baali a wɔatwa awie* no, momma no nsesa aseɛ no bi; monnteetee no.+ 16 Deɛ moaboaboa ano no nso, monyiyi bi ngu fam ma no nsesaw; monnteatea no.”

17 Enti Rut sesaa baali wɔ afuo no mu kɔsii anwummerɛ.+ Ɔboroo deɛ wasesa no, na ɔnyaa bɛyɛ efa* baako. 18 Ɛnna ɔde baa kuro no mu, na n’ase huu baali a ɔnyaeɛ no. Afei aduane a ɔdii no afuo mu no, ɔde deɛ ɛkaeɛ no+ maa no.

19 Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaa nnɔbaeɛ ase nnɛ? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom wo no.”+ Ɔkyerɛɛ n’ase no faako a ɔkɔyɛɛ adwuma, na ɔkaa sɛ: “Ɔbarima a mekɔɔ n’afuo mu nnɛ no din de Boas.” 20 Naomi ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Yehowa a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ no+ nhyira ɔbarima no.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ busuani a ɔbɛtumi agye yɛn.”+ 21 Na Moabni Rut kaa sɛ: “Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di m’adwumayɛfoɔ no akyi kɔsi sɛ wɔbɛtwa me nnɔbaeɛ no nyinaa awie.’”+ 22 Ɛnna Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: “Me ba, ɛyɛ sɛ wo ne ne mmaawa no bɛyɛ adwuma na obi ankɔdwoodwoo wo wɔ afuo foforɔ mu.”

23 Enti ɔdii Boas mmaawa no akyi sesaa nnɔbaeɛ ase kɔsii sɛ berɛ a wɔtwa baali+ ne berɛ a wɔtwa hwiit no baa awieeɛ. Na ɔkɔɔ so ne n’ase no tenaeɛ.+

3 N’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo+ na asi wo yie. 2 Boas nyɛ yɛn ho nipa anaa?+ Ne mmaawa na wo ne wɔn yɛɛ adwuma no. Hwɛ, anwummerɛ yi, ɔbɛhu baali* so wɔ ayuporobea hɔ. 3 Enti dware na sra ngo hwamhwam; hyɛ w’ataadeɛ na kɔ ayuporobea hɔ. Mma ɔbarima no nnhu wo kɔsi sɛ ɔbɛdidi na wanom awie. 4 Sɛ ɔkɔda a, hwɛ faako a ɔbɛda, na kɔyi ne nan ho ntoma na da hɔ bi. Ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”

5 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woaka biara mɛyɛ.” 6 Enti ɔsiim kɔɔ ayuporobea hɔ kɔyɛɛ deɛ n’ase ka kyerɛɛ no nyinaa. 7 Ɛbaa sɛ berɛ a Boas adidi na wanom ama n’ani agye n’akomam no, ɔkɔdaa baali a wɔaboa ano no akyi. Ɛnna Rut yɛɛ brɛoo kɔyii ne nan ho ntoma daa hɔ. 8 Ɛduruu anadwo dasuom no, ɔbarima no ho firii aseɛ popoeɛ, na ɔmaa ne mu so. Ɔnkɔhwɛ a, ɔbaa bi na ɔda ne nan ase yi! 9 Enti ɔkaa sɛ: “Hwan nie?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut. Trɛ wo ntoma mu kata w’afenaa so, ɛfiri sɛ woyɛ abusua mu ɔgyefoɔ.”+ 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a woada no adi nnɛ yi sene kane deɛ no koraa,+ ɛfiri sɛ woankɔdi mmeranteɛ akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafoɔ anaa asikafoɔ. 11 Na afei me ba, nsuro. Deɛ wobɛka biara mɛyɛ ama wo,+ ɛfiri sɛ kurom hafoɔ nyinaa* nim sɛ woyɛ ɔbaa pa. 12 Ɛwom sɛ meyɛ abusua mu ɔgyefoɔ deɛ,+ nanso ɔgyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.+ 13 Da ha anadwo yi, na adeɛ kye anɔpa na sɛ ɔbɛgye wo a, ɛyɛ, ma no nnye wo!+ Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye wo nso a, ɛnneɛ sɛ Yehowa te ase yi, me na mɛgye wo. Da ha ma adeɛ nkye.”

14 Enti ɔdaa ne nan ase kɔsii anɔpa, na ɔsɔreeɛ no, na animu nteteeɛ a obi bɛhu no. Afei ɔbarima no kaa sɛ: “Mma obiara nnhu sɛ ɔbaa bi baa ayuporobea ha.” 15 Ɛnna ɔsan kaa sɛ: “Fa wo nkatasoɔ no bra na trɛ mu.” Ɔtrɛɛ mu no, ɔsusuu baali susukuruwa nsia* guu mu de soaa no. Afei ɔbarima no siim kɔɔ kurom.

16 Ababaawa no sii kwan so kɔɔ n’ase hɔ, na n’ase kaa sɛ: “Me ba, wokɔeɛ ɛ?”* Ɛnna ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛ maa no nyinaa kyerɛɛ no. 17 Afei ɔkaa sɛ: “Baali susukuruwa nsia yi nyinaa, ɔbarima no na ɔde maa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mfa nsapan nkɔ w’ase hɔ.’” 18 Ɛnna Naomi kaa sɛ: “Me ba, tena ha twɛn kɔsi sɛ wobɛhunu deɛ ɛbɛsi, na ɔbarima no anni ho dwuma anwie nnɛ a, ne ho rentɔ no.”

4 Afei Boas kɔtenaa kuro no pono ano.+ Ɔnkɔhwɛ a, abusua mu ɔgyefoɔ a ɔkaa ne ho asɛm no+ na ɔretwam yi. Ɛnna Boas frɛɛ no sɛ: “Asomasi ee, bra ha bɛtena ase.” Enti ɔkɔtenaa ase. 2 Ɛnna Boas frɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ+ du baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Montena ase.” Na wɔtenatenaa ase.

3 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ ɔgyefoɔ no+ sɛ: “Ɛho abɛhia sɛ Naomi a ɔfiri Moab asaase so baeɛ no+ tɔn yɛn nua Elimelek+ asaase no. 4 Meyɛɛ sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ no kurom hafoɔ ne yɛn mpanimfoɔ yi anim.+ Enti sɛ wobɛgye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ wo na wowɔ tumi sɛ wogye. Wonni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛgye.”+ 5 Afei Boas kaa sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afiri Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afiri Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a owufoɔ no din bɛsan aba n’agyapadeɛ so.”+ 6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: “Merennye na mansɛe me ara m’agyapadeɛ. Mama wo kwan, kɔgye, ɛfiri sɛ merentumi nnye.”

7 Saa berɛ no, sɛ wɔregye biribi anaa wɔredane biribi ama obi wɔ Israel a, deɛ na wɔyɛ ma nhyehyɛeɛ no di mu nie: Ná onipa baako yi ne mpaboa+ de ma ne yɔnko. Ɛno na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel. 8 Enti berɛ a ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: “Tɔ” no, ɔyii ne nan ase mpaboa. 9 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no ne nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ, moyɛ m’adansefoɔ+ sɛ matɔ biribiara a ɛyɛ Elimelek ne Kilion ne Malon dea afiri Naomi nsam. 10 Moabni Rut a na ɔyɛ Malon yere no nso, merefa no aware no na owufoɔ no din asan aba n’agyapadeɛ so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a owufoɔ no din renyera mfiri ne nuanom mu ne ne kurom.* Mone adansefoɔ nnɛ.”+

11 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no pono ano ne mpanimfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ! Yehowa mma ɔbaa a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mmienu akyekyere Israel fie no.+ Ɛnsi wo yie wɔ Efrata+ na nya din pa* wɔ Betlehem.+ 12 Asefoɔ a Yehowa de bɛma wo afiri ababaawa yi mu no,+ wɔmma wo fie nyɛ sɛ Tamar ne Yuda ba Peres+ fie.”

13 Enti Boas waree Rut, na ɔne no daeɛ. Yehowa maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Ɛnna mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ayeyie nka Yehowa a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ no. Ma wɔmmɔ abɔfra no din wɔ Israel! 15 Ɔno* na wama wo ho asane wo,* na ɔno na ɔbɛhwɛ wo wɔ wo mmerewaberɛ mu, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ wo,+ na ɔsene mma mmarima nson no na wawo abɔfra yi.” 16 Ɛnna Naomi faa abɔfra no de no bɔɔ ne bo, na ɔno na na ɔhwɛ no. 17 Na mpɔtamu hɔfoɔ mmaa no too ne din kaa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” Na wɔfrɛɛ no Obed.+ Ɔno na ɔwoo Dawid papa Yese.+

18 Peres+ asefoɔ* nie: Peres woo Hesron;+ 19 Hesron woo Ram; Ram woo Aminadab;+ 20 Aminadab+ woo Naason; Naason woo Salmon; 21 Salmon woo Boas; Boas woo Obed; 22 Obed woo Yese;+ na Yese woo Dawid.+

Anaa “Berɛ a na atemmufoɔ no hwɛ ma atɛntenenee kɔ so no.”

Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn Ne Hene.”

Ɛkyerɛ, “Anika.”

Ɛfiri Hebri asɛmfua bi mu. Ɛbɛtumi akyerɛ, “nofoonofoo; ɔyareyare.”

Ɛkyerɛ, “Ne Nna Reba Awieeɛ.”

Nt., “homebea.”

Ɛkyerɛ, “Anika.”

Ɛkyerɛ, “Nwononwono.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baali a wɔakyekyere no atifi atifi.”

Anaa “wɔnnha wo.”

Anaa “akatua mu.”

Nt., “akomatɔyam nsɛm.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “baali a wɔakyekyere no atifi atifi.”

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Nt., “me nkurɔfoɔ apono nyinaa.”

Bɛyɛ seah susudeɛ nsia anaa lita 44 (olonka 14 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “woyɛ hwan?”

Nt., “ne kuro pono ano.”

Nt., “bɔ din.”

Kyerɛ sɛ, Naomi banana no.

Anaa “wo kra ho asane no.”

Nt., “awoɔ ntoatoasoɔ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane