Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt kr. 12-kr. 13
  • Asɛmmisa 5: Asɛm bɛn paa na ɛwɔ Bible mu?

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa 5: Asɛm bɛn paa na ɛwɔ Bible mu?
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asɛmmisa 5: Asɛm bɛn paa na ɛwɔ Bible mu?

ASƐMMISA 5

Asɛm bɛn paa na ɛwɔ Bible mu?

“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛkyɛ wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.”

Genesis 3:15

“Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ woatie me nne.”

Genesis 22:18

“W’Ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.”

Mateo 6:10

“Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Satan wɔ mo nan ase.”

Romafoɔ 16:20

“Sɛ ɔnya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.”

1 Korintofoɔ 15:28

“Abraham ne n’aseni [kyerɛ sɛ, Kristo] na wɔhyɛɛ wɔn bɔ. . . . Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ ampa.”

Galatifoɔ 3:16, 29

“Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahennie, na ɔbɛdi hene daa daa.”

Adiyisɛm 11:15

“Enti wɔtoo ɔwɔ kɛseɛ a ne ho yɛ hu no twenee fam, ɔwɔ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, a ɔredaadaa asaase sofoɔ nyinaa no; wɔtoo no twenee asaase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ.”

Adiyisɛm 12:9

“Ɔkyee ɔwɔ a ne ho yɛ hu no, ɔwɔ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfeɛ 1,000.”

Adiyisɛm 20:2

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane