KWADWOM EMU NSƐNTITIRE 1 Wɔkaa Yerusalem ho asɛm sɛ okunafoɔ Wɔagya ne hɔ; aka ɔno nko ara te hɔ (1) Bɔne akɛseɛ a Sion ayɛ (8, 9) Onyankopɔn apo Sion (12-15) Obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye Sion werɛ (17) 2 Yehowa abufuo a ɛbaa Yerusalem so Wanhu no mmɔbɔ (2) Yehowa ayɛ sɛ ne tamfo (5) Sion nti, ɔte nisuo (11-13) Wɔn a wɔtwam no di kuro a na ɛyɛ fɛ no ho fɛ (15) Sion atamfo di n’ahweaseɛ ho ahurisie (17) 3 Yeremia kaa sɛdeɛ ɔte nka ne anidasoɔ a ɔwɔ “Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn” (21) Onyankopɔn mmɔborɔhunu yɛ foforɔ anɔpa biara (22, 23) Onyankopɔn yɛ ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn anidasoɔ (25) Ɛyɛ sɛ mmabunu bɛsoa kɔndua (27) Onyankopɔn de mununkum sii ɛkwan a ɛkɔ ne nkyɛn (43, 44) 4 Yerusalemfoɔ a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu no, ɔhaw a ɛde baeɛ Ɛkɔm (4, 5, 9) Mmaa noaa wɔn ankasa mma (10) Yehowa hwiee n’abufuo gui (11) 5 Nkurɔfo no bɔɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn nsan nnye wɔn ‘Kae deɛ ato yɛn’ (1) ‘Asɛm ato yɛn; yɛayɛ bɔne’ (16) ‘San fa yɛn bra, O Yehowa (21) “Ma yɛn nna nyɛ foforɔ” (21)