Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Kwadwom 1:1-5:22
  • Kwadwom

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwadwom
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Kwadwom

KWADWOM

(AWERƐHOƆ DWOM)

א [Aleph]*

1 Kuro* a anka nnipa ayɛ mu ma no,+ hwɛ sɛdeɛ aka ɔno nko ara te hɔ!

Ɔbaa a na ɔwɔ dɔm sene aman nyinaa no,+ hwɛ sɛdeɛ wayɛ sɛ kunafoɔ!

Deɛ na ɔyɛ amanaman mu hemmaa no, hwɛ sɛdeɛ wadane abaawa!+

ב [Beth]

 2 Ɛduru anadwo a, esu ara na ɔsu,+ na ne nisuo tene fa n’afono ho.

N’adɔfo nyinaa, baako mpo nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ.+

Ne nnamfo nyinaa ayi no ama;+ wɔadane n’atamfo.

ג [Gimel]

 3 Wɔatu Yuda ase kɔ obi man so,+ na amanehunu ne nhyɛsoɔ amene no wɔ nkoasom mu.+

Amanaman mu na ɔbɛtena;+ ɔrennya homebea biara.

Wɔn a wɔretan n’ani nyinaa akɔto no n’amanehunu mu.

ד [Daleth]

 4 Akwan a ɛkɔ Sion redi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara mma afahyɛ no ase.+

N’apono nyinaa asɛesɛe;+ n’asɔfoɔ regu ahome.

Ne mmaabunu* redi awerɛhoɔ, na ɔreteetee paa.

ה [He]

 5 N’atamfo abɛyɛ ne wura;* wɔn a wɔmpɛ n’asɛm ho adwo wɔn.+

Ɛfiri sɛ Yehowa de awerɛhoɔ aba ne so, ne mmarato bebrebe no nti.+

Atamfo akye ne mma de wɔn kɔ.+

ו [Waw]

 6 Sion babaa animuonyam nyinaa atu ayera.+

Ne mpanimfoɔ ayɛ sɛ awansane a wɔnnya adidibea;

Wɔayɛ hahaaha nenam deɛ ɔretan wɔn ani no anim.

ז [Zayin]

 7 Yerusalem amanehunu ne n’adedamfikyi nna mu no,

Wakae kane nna no mu nneɛma a ɛsom bo a na ɛyɛ ne dea no nyinaa.+

Berɛ a ne manfoɔ kɔdii atamfo nsam na wannya ɔboafoɔ no,+

Atamfo huu no, na wɔseree no wɔ n’ahweaseɛ no ho.+

ח [Heth]

 8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ paa.+

Ɛno nti na wadane biribi a ɛyɛ tan no.

Wɔn a na wɔde anidie ma no no, seesei wɔn nyinaa bu no akyiwadeɛ, ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya.+

Ɔno ara nso redi abooboo,+ na ɔde aniwuo adane ne ho kɔ.

ט [Teth]

 9 Efĩ a aba ne ho no akeka n’ataadeɛ mu.

Wannwene ne daakye.+

Wahwe ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni obiara a ɔbɛkyekye ne werɛ.

O Yehowa, hwɛ m’amanehunu, na ɔtamfo ama ne ho so.+

י [Yod]

10 Ɔtamfo no de ne nsa ato n’agyapadeɛ nyinaa so.+

Ɛfiri sɛ wahunu* sɛ amanaman awura ne tenabea kronkron hɔ,+

Aman a wokaa sɛ wɔmmma w’asafo mu no.

כ [Kaph]

11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa regu ahome; wɔrehwehwɛ aduane.+

Wɔde wɔn nneɛma a ɛsom bo asesa aduane sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtena nkwa mu kɛkɛ.*

O Yehowa, hwɛ na hunu; mayɛ sɛ ɔbaa* a mfasoɔ biara nni ne so.

ל [Lamed]

12 Mo a moretwam wɔ kwan no so nyinaa, enti ɛmfa mo ho?

Monhwɛ na monhunu!

Enti ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ ɛyea a aka me yi,

Ɛyea a Yehowa maa mefaa mu n’abufuhyeɛ da no?+

מ [Mem]

13 Ɔde gya firi soro abɛto me nnompe mu,+ na wadi ebiara so nkonim.

Ɔde atena asum me nan fidie; wama masan m’akyi.

Wama mayɛ ɔbaa a ɔyɛ ankonam.

Yareɛ abɔ me da mu nyinaa.

נ [Nun]

14 Wakyekyere me bɔne sɛ kɔndua; ɔde ne nsa akyekyere abom.

Ɔde ato me kɔn ho; m’ahoɔden asa.

Yehowa de me ahyɛ wɔn a mentumi wɔn no nsa.+

ס [Samekh]

15 Yehowa ato mmarima a wɔn ho yɛ den a wɔwɔ me mu no nyinaa agu.+

Wafrɛ ɛdɔm ahyia sɛ wɔmmɛyam me mmeranteɛ.+

Yuda babaa, ɔbaabunu no, Yehowa atiatia ne so wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu.+

ע [Ayin]

16 Weinom nti na merete nisuo yi;+ nisuo resene fa m’ani ase waawaa.

Deɛ ɔbɛkyekye me werɛ na wama manya* ahomeka no wɔ akyirikyiri; ɔmmɛn me.

Me mma anidasoɔ nyinaa asa, ɛfiri sɛ ɔtamfo no adi nkonim.

פ [Pe]

17 Sion atrɛ ne nsam;+ ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

Yehowa de ahyɛdeɛ bi a ɛtia Yakob ama n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+

Yerusalem adane adeɛ a ɛyɛ tan ama wɔn.+

צ [Tsade]

18 Yehowa tene,+ na n’ahyɛdeɛ* na mate so atua.+

Aman nyinaa montie, na monhunu yea a merefa mu.

Wɔakye me mmaabunu* ne me mmeranteɛ kɔ.+

ק [Qoph]

19 Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔayi me ama.+

M’asɔfoɔ ne me mpanimfoɔ awuwu wɔ kuro no mu

Berɛ a wɔrehwehwɛ biribi adi atena nkwa mu* no.+

ר [Resh]

20 O Yehowa, hwɛ, na m’amanehunu so.

Me nsono mu retwa me.

M’akoma yɛ me ya wɔ me mu,* ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ.+

Abɔnten a, sekan redi awu;+ efie nso a, owuo nko ara.

ש [Shin]

21 Nkurɔfoɔ ate m’ahomeguo; obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.

M’atamfo nyinaa ate m’amanehunu.

Wɔn ani agye, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.+

Nanso wobɛma ɛda a woahyɛ no aba,+ na wɔn nso bɛyɛ sɛ me ara.+

ת [Taw]

22 Ma wɔn bɔne nyinaa mmɛduru w’anim, na wo ne wɔn nni no yayaaya,+

Sɛdeɛ me bɔne nyinaa nti wo ne me dii no yayaaya no.

M’ahomeguo adɔɔso, na m’akoma yare.

א [Aleph]

2 O hwɛ sɛdeɛ Yehowa de n’abufuo akata Sion so sɛ mununkum!

Wato Israel ahoɔfɛ afiri soro ahwe fam.+

Wankae ne nan ntiasoɔ+ no n’abufuo da no.

ב [Beth]

 2 Yehowa amene Yakob tenabea nyinaa; wanhu mmɔbɔ.

Wadwiri Yuda babaa nkuro a ɛyɛ den no agu fam+ wɔ n’abufuo mu.

Wato n’ahennie+ ne ne mpanimfoɔ+ agu fam de agu wɔn anim ase.*

ג [Gimel]

 3 Watwa Israel ahoɔden nyinaa* agu wɔ n’abufuo mu.

Berɛ a atamfo baa yɛn so no, wammoa yɛn,*+

Na ɔdɛree wɔ Yakob mu te sɛ egya a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.+

ד [Daleth]

 4 Wakuntunu n’agyan mu* sɛ ɔtamfo; wayɛ ne nsa nifa krado sɛ ɔsɛefoɔ;+

Ɔkunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa.+

Na wahwie n’abufuo te sɛ egya+ agu Sion ntomadan mu.+

ה [He]

 5 Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo;+

Wamene Israel.

Wamemene n’aban atenten nyinaa;

Wasɛe ne nkuro a ɛyɛ den no nyinaa.

Wama awerɛhoɔ ne benabɔ adɔɔso wɔ Yuda babaa mu.

ו [Waw]

 6 Wabubu n’apata te sɛ sese+ a ɛsi mfikyifuo mu.

Wama n’afahyɛ to atwa.*+

Yehowa ama wɔn werɛ afi afahyɛ ne homeda wɔ Sion,

Na n’abufuo kɛseɛ mu, wamfa ɔhene ne ɔsɔfoɔ anyɛ hwee.+

ז [Zayin]

 7 Yehowa apo n’afɔrebukyia;

Wato ne tenabea kronkron no atwene.+

Ɔde n’abandenden no fasuo ama atamfo.+

Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fie+ sɛ afahyɛ da.

ח [Heth]

 8 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo.+

Watwe susuhoma mu.+

Ɔnyii ne nsa mfirii ɔsɛeɛ ho.*

Wama n’akoban* ne ɔfasuo redi awerɛhoɔ.

Ne nyinaa agyigya.

ט [Teth]

 9 N’apono amemem kɔ asaase mu.+

Wasɛe deɛ ɔde abrambram n’apono akyi no abubu mu.

Ne hene ne ne mpanimfoɔ wɔ amanaman no mu.+

Mmara* biara nni hɔ; n’adiyifoɔ mpo nnya anisoadehunu biara mfiri Yehowa hɔ.+

י [Yod]

10 Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm.+

Wɔto mfuturo gu wɔn tirim, na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma.*+

Yerusalem mmaabunu asisi wɔn tiri ase.

כ [Kaph]

11 Mate nisuo ama m’ani ayɛ kɔɔ.+

Me nsono mu retwa me.

Me man babaa ahweaseɛ nti, wɔahwie me mmerɛboɔ agu fam,*+

Mmɔfra ne nkɔkoa a wɔayɛ kagyaa wɔ kuro no mmɔnten so nti.+

ל [Lamed]

12 Berɛ a wɔayɛ kagyaa te sɛ obi a wɔapira no ama ɔda kuro no mmɔnten so,

Na wɔda wɔn maamenom nsa so a wɔn nkwa* refiri wɔn mu no,

Wɔbisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduane ne bobesa wɔ?”+

מ [Mem]

13 Ɛdeɛn na memfa nyɛ nhwɛsoɔ* mma wo?

Ɛdeɛn na memfa wo ntoto ho, O Yerusalem babaa?

O Sion babaa, ɔbaabunu, ɛdeɛn na memfa wo ntoto ho nyɛ awerɛkyekyerɛ mma wo?

Ɛfiri sɛ w’ahweaseɛ so sɛ ɛpo.+ Hwan na ɔbɛtumi asa wo yareɛ?+

נ [Nun]

14 Anisoadehunu a w’adiyifoɔ nya maa wo no, ɛyɛ atorɔ ne nnaadaa,+

Wɔamma woanhunu wo mfomsoɔ, anka wɔankye wo ankɔ.+

Mmom anisoadehunu a wɔka kyerɛɛ wo no nyinaa yɛ atorɔ ne nnaadaa.+

ס [Samekh]

15 Wɔn a wɔtwam wɔ kwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+

Wɔtɛɛ wɔn anom*+ woso wɔn ti gu Yerusalem babaa no so, na wɔka sɛ:

“Kuro a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asaase nyinaa anigyeɛ’ no, ɛno nie?”+

פ [Pe]

16 W’atamfo nyinaa sere wo.*

Wɔtɛɛ wɔn anom,* na wɔka wɔn se si so dendeenden. Na wɔka sɛ: “Yɛamene no.+

Ɛda yi na na yɛrehwɛ kwan!+ Aba, na yɛahunu!”+

ע [Ayin]

17 Yehowa ayɛ deɛ ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+ Wayɛ deɛ ɔkaeɛ no,+

Deɛ ɔhyɛ too hɔ teteete no.+

Wadwiri agu, na wanhu mmɔbɔ.+

Wama ɔtamfo adi wo ho ahurisie; wama w’atamfo ahoɔden* ayɛ kɛse.

צ [Tsade]

18 O Sion babaa fasuo, ɔman no de wɔn akoma nyinaa su frɛ Yehowa.

Ma nisuo ntene awia ne anadwo te sɛ asubɔnten.

Nnye w’ahome. Mma w’ani* nnhome.

ק [Qoph]

19 Sɔre! Su anadwo, berɛ a awɛmfoɔ dɔn afiri aseɛ.

Hwie w’akoma gu Yehowa anim sɛ nsuo.

Ma wo nsa so kyerɛ no, na ama wo mma anya nkwa,*

Wɔn a ɛkɔm nti wɔayɛ kagyaa wɔ mmɔnten ntwea* so baabiara no.+

ר [Resh]

20 O Yehowa, hwɛ; hwɛ deɛ wo ne no adi no yayaaya saa no.

Ɛsɛ sɛ mmaa kɔ so we wɔn mma,* wɔn mma a wɔte apɔ+ a wɔawo wɔn no anaa?

Anaa ɛsɛ sɛ wɔkum asɔfoɔ ne adiyifoɔ wɔ Yehowa kronkronbea hɔ?+

ש [Shin]

21 Mmarimaa ne nkɔkoraa awuwu gugu fam wɔ mmɔnten so.+

Me mmaabunu* ne me mmeranteɛ awuwu sekan ano.+

Wokunkum wɔn w’abufuo da no; wokunkum wɔn na woanhu wɔn mmɔbɔ.+

ת [Taw]

22 Woafrɛfrɛ ehu firi baabiara aba te sɛ afahyɛ da.+

Yehowa abufuo da no, obiara antumi annwane, na obiara anka;+

Wɔn a mewoo wɔn* tetee wɔn no, m’atamfo ama wɔn ase ahye.+

א [Aleph]

3 Mene barima a mede m’ani ahunu amanehunu a n’abufuo abaa no de aba no.

 2 Wapamo me; wama manante sum mu, na ɛnyɛ hann mu.+

 3 Ampa, ɔde ne nsa ko tia me da mu nyinaa.+

ב [Beth]

 4 Wama me honam ne me wedeɛ atwintwam;

Wabubu me nnompe mu.

 5 Wagye me ho ban; ɔde awuduro a ɛyɛ nwono+ ne amanehunu atwa me ho ahyia.

 6 Wahyɛ me ama matena sum mu te sɛ nnipa a wɔawuwu dadaada.

ג [Gimel]

 7 Wagye me ho ban sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merentumi nnwane;

Ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn a emu ayɛ duru agu me.+

 8 Sɛ mesu hwehwɛ mmoa dendeenden a, ɔntie me mpaebɔ.*+

 9 Ɔde aboɔ a wɔapae asisi m’akwan;

Wakyeakyea m’akwantempɔn.+

ד [Daleth]

10 Ɔtetɛ baabi twɛn me te sɛ sisire, te sɛ gyata a wahinta.+

11 Wayɛ ama mamane afiri akwan no so, na watete me mu nketenkete;*

Wayɛ me pasaa.*+

12 Wakuntunu n’agyan mu,* na ɔde agyan no akyerɛ me so.

ה [He]

13 Ɔde ne kotokuo mu agyan* awɔ m’asaabo mu.

14 Madane obi a aman nyinaa hwɛ no sere; wɔde me to dwom daa nyinaa.

15 Ɔde adeɛ a ɛyɛ nwono

ahyɛ me ma, na wama awɔnwono akɔ me mu+ aboro so.

ו [Waw]

16 Ɔde mmoseaa abubu me se;

Wama mabutu nsõ mu.+

17 Woama asomdwoeɛ abɔ me;* me werɛ afi adepa.

18 Enti meka sɛ: “M’animuonyam ayera, na m’anidasoɔ a ɛwɔ Yehowa mu nso asa.”

ז [Zayin]

19 Kae m’amanehunu ne sɛdeɛ mayɛ adedamfikyi no,+ na kae awɔnwono ne awuduro a ɛyɛ nwono no.+

20 Deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛkae* na woakoto aboa me.+

21 Mekae wei wɔ m’akomam. Ɛno nti na mede ntoboaseɛ bɛtwɛn no.+

ח [Heth]

22 Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ nti na yɛn ase nhyeeɛ,+

Ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+

23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;+ wo nokorɛdie dɔɔso.+

24 Maka* sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa,+ ɛno nti na mede ntoboaseɛ bɛtwɛn no no.”+

ט [Teth]

25 Yehowa yɛ ma deɛ ɔde no ayɛ n’anidasoɔ,+ onipa* a ɔhwehwɛ no daa no.+

26 Ɛyɛ sɛ onipa bɛyɛ komm atwɛn*+ Yehowa nkwagyeɛ.+

27 Ɛyɛ sɛ ɔbarima bɛsoa kɔndua wɔ ne mmeranteberɛm.+

י [Yod]

28 Sɛ Ɔde to ne so a, ma ɔno nko ara ntena hɔ na ɔnyɛ komm.+

29 Ma ɔmfa n’ano mmutu dɔteɛ mu;+ ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ.+

30 Ma ɔnnane n’asom mma deɛ ɔbɔ no; ma adapaatwa ntumi no.

כ [Kaph]

31 Ɛfiri sɛ Yehowa rento yɛn ntwene daa.+

32 Wama yɛadi awerɛhoɔ deɛ, nanso ɔbɛhu yɛn mmɔbɔ ɛsiane ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no nti.+

33 Ɛfiri sɛ ɛnni n’akomam sɛ ɔbɛma nnipa mma ahunu amane anaa ɔbɛhyɛ wɔn awerɛhoɔ.+

ל [Lamed]

34 Sɛ obi pɛkyɛ asaase so nneduafoɔ nyinaa wɔ ne nan ase,+

35 Sɛ obi bu ɔbarima atɛnkyea wɔ Ɔsorosoroni no anim,+

36 Sɛ obi sisi obi wɔ n’asɛnnie mu a,

Ne nyinaa Yehowa nsosɔ so.

מ [Mem]

37 Hwan paa na ɔbɛtumi aka biribi ama no aba mu berɛ a Yehowa nhyɛeɛ?

38 Nneɛma bɔne ne nneɛma pa;

Ne mmienu no rentumi mmom mfiri Ɔsorosoroni no anom mma.

39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa a ɔte ase nwiinwii wɔ ne bɔne+ ho nsunsuansoɔ ho?

נ [Nun]

40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛmpɛɛpɛɛ mu,+ na yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn.+

41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ soro+ na yɛnka sɛ:

42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua,+ na woamfa ankyɛ.+

ס [Samekh]

43 Wode abufuo asi yɛn kwan;+

Woadi yɛn akyi akunkum yɛn, na woanhu yɛn mmɔbɔ.+

44 Wode mununkum asi kwan a ɛba wo nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn mpaebɔ remfa mu.+

45 Woama yɛadane nwura dodoɔ ne sumina* wɔ amanaman no mu.”

פ [Pe]

46 Yɛn atamfo nyinaa sere yɛn.*+

47 Ehu ne amena na atwa yɛn ho ahyia,+ amamfo ne ɔsɛeɛ.+

48 Me man babaa a wɔasɛe no nti, nsuo nam m’ani ase waawaa.+

ע [Ayin]

49 M’ani te ara na ɛrete nisuo; ɛnnyae,+

50 Kɔsi sɛ Yehowa bɛsi ne tiri ase afiri soro ahwɛ.+

51 Deɛ m’ani ahunu ama me* werɛ aho, me kuro mma mmaa nyinaa nti.+

צ [Tsade]

52 M’atamfo ahwehwɛ me akye me sɛ anomaa, nanso menyɛɛ hwee.

53 Wɔatwa me nkwa so wɔ amena mu; wɔtotoo aboɔ boroo me.

54 Nsuo bu faa me tiri so, na mekaa sɛ: “Mawu awie!”

ק [Qoph]

55 O Yehowa, mebɔɔ wo din frɛɛ wo firii amena ase tɔnn.+

56 Tie me nne; mesu frɛ wo sɛ boa me na ma mennya ahotɔ a, nsisi w’aso.

57 Ɛda a mefrɛɛ wo no, wotwe bɛneeɛ. Wokaa sɛ: “Nsuro.”

ר [Resh]

58 O Yehowa, woadi m’asɛm* ama me. Woagye me nkwa.+

59 O Yehowa, woahunu bɔne a wɔde ayɛ me. Mepa wo kyɛw, bu atɛntenenee ma me.+

60 Woahunu wɔn awerɛdie nyinaa, ɛpɔ a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa.

ש [Sin] anaa [Shin]

61 O Yehowa, woate wɔn adapaatwa, ɛpɔ a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa;+

62 Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm ne huhuhuhu a wɔyɛ wɔ me ho daa nyinaa no.

63 Hwɛ wɔn. Sɛ wɔte hɔ oo, wɔgyina hɔ oo, wɔto dwom de bɔ me akutia!

ת [Taw]

64 O Yehowa, wobɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

65 Wobɛma wɔn akoma ayɛ den; ɛno ne nnome a wode bɛba wɔn so.

66 Yehowa, wobɛti wɔn wɔ w’abufuo mu, na woasɛe wɔn afiri wo soro ase.

א [Aleph]

4 Hwɛ sɛdeɛ sika kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, sika kɔkɔɔ amapa no,+ ayɛ tumm!

Hwɛ sɛdeɛ wɔato aboɔ kronkron+ no apete mmɔnten so baabiara!+

ב [Beth]

 2 Sion mma a na wɔsom bo te sɛ* sika kɔkɔɔ amapa no mpo,

Hwɛ sɛdeɛ wɔabu wɔn sɛ ahina a wɔde dɔteɛ ayɛ,

Ɔnwemfoɔ nsa ano adwuma!

ג [Gimel]

 3 Sakraman mpo ma wɔn mma nufoɔ nom.

Nanso me man babaa tirim ayɛ den;+ ɔte sɛ serɛ so sohori.+

ד [Daleth]

 4 Sukɔm nti, mmɔfra a wɔnom nufoɔ kɛtrɛma afemfam wɔn dodom.

Mmɔfra srɛsrɛ aduane,+ nanso obiara mma wɔn bi.+

ה [He]

 5 Wɔn a na wɔdi adehyeɛ aduane no, wɔdeda mmɔnten so a ɛkɔm reku wɔn.+

Wɔn a wɔfiraa ntoma kɔkɔɔ*+ firi wɔn mmɔfraase no, wɔayɛ sumina* atuu.

ו [Waw]

 6 Me man babaa asotwe* so sene Sodom+ bɔne ho asotwe,

Sodom a wɔbutuu no prɛko pɛ a nsa biara ammoa no no.+

ז [Zayin]

 7 Ná ne Nasirifoɔ+ ho te sene sukyerɛmma, na na wɔyɛ fitaa sene nufosuo.

Ná wɔn honam bere sene ɛpo mu abohene, na na wɔte sɛ hoaboɔ a wɔatwi ho.

ח [Heth]

 8 Afei deɛ, wɔayɛ tumm sene gyabidie.*

Sɛ nnipa hu wɔn mmɔnten so a, wɔnhu wɔn.

Wɔn honam afemfam wɔn nnompe ho;+ ayɛ bawee sɛ dua.

ט [Teth]

 9 Wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no yɛ sene wɔn a ɛkɔm kunkum wɔn,+

Wɔn a afuo mu aduane a wɔnnya nti wɔayɛ kagyaa te sɛ deɛ wɔde adeɛ awowɔ wɔn no.

י [Yod]

10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma.+

Wɔn mma no bɛyɛɛ wɔn aduane* berɛ a wɔsɛee me man babaa no.+

כ [Kaph]

11 Yehowa ada n’abufuo adi;

Wahwie n’abufuhyeɛ agu.+

Ɔde egya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+

ל [Lamed]

12 Asaase so ahemfo ne wiase nnipa nyinaa annye anni

Sɛ ɔsɛefoɔ ne ɔtamfo bɛba abɛwura Yerusalem apono mu.+

מ [Mem]

13 Ne nyinaa firi n’adiyifoɔ bɔne ne n’asɔfoɔ amumuyɛ,+

Wɔn a wɔhwiee ateneneefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no mogya guiɛ no.+

נ [Nun]

14 Wɔnenam mmɔnten so basabasa.+

Mogya agu wɔn ho fĩ,+

Enti obiara ntumi nsɔ wɔn ntaadeɛ mu.

ס [Samekh]

15 Wɔteam kyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho agu fĩ! Momfiri ha nkɔ! Momfiri ha nkɔ! Mommfa mo ho nnka yɛn!”

Ɛfiri sɛ wɔadane adedamfikyi, na wɔnenam basabasa.

Nkurɔfoɔ aka wɔ amanaman no mu sɛ: “Wɔrentumi ne yɛn ntena ha.*+

פ [Pe]

16 Yehowa ankasa* na wabɔ wɔn ahwete;+

Ɔrenyɛ wɔn adom bio.

Nnipa remfa asɔfoɔ no nyɛ hwee,+ na wɔremfa mpanimfoɔ no ho nkyɛ wɔn.”+

ע [Ayin]

17 Seesei mpo, yɛahwɛ ɔboafoɔ kwan ara ama yɛn ani abrɛ.+

Yɛhwɛɛ kwan hwɛe hwɛe ara sɛ yɛbɛnya mmoa afiri ɔman a ɛntumi nnye yɛn nkwa nkyɛn.+

צ [Tsade]

18 Anammɔn a yɛbɛtu biara, na wɔdi yɛn akyi;+ enti yɛantumi annante yɛn mmɔnten so.

Yɛn awieeɛ abɛn; yɛn nna asa, na yɛn awieeɛ aduru.

ק [Qoph]

19 Wɔn a wɔtaa yɛn no ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ wiem.+

Wɔtaataa yɛn wɔ mmepɔ so; wɔtetɛ yɛn wɔ serɛ so.

ר [Resh]

20 Yɛn hwene mu home no, deɛ Yehowa asra no no,+ wɔakye no wɔ wɔn amena kɛseɛ mu;+

Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwunu ase wɔ amanaman no mu.”

ש [Sin]

21 Di ahurisie na bɔ ose, O Edom babaa+ a wote Us asaase so.

Wo nso, wɔde kuruwa no bɛma wo,+ na wobɛboro na woayi w’adagya so.+

ת [Taw]

22 O Sion babaa, wo bɔne ho asotwe aba awieeɛ.

Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+

Na wo Edom babaa deɛ, ɔde n’ani bɛsi wo bɔne so.

Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+

5 O Yehowa, kae deɛ ato yɛn.

Hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.+

 2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ; wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.+

 3 Yɛayɛ nnyanka a yɛnni agya; yɛn maamenom te sɛ akunafoɔ.+

 4 Yɛn ara yɛn nsuo a yɛnom mpo, gye sɛ yɛtua ka,+ na yɛn ankasa yɛn anyina a yɛsɔ nso, gye sɛ yɛtɔ.

 5 Wɔn a wɔtaa yɛn no asɔ yɛn kɔn akyi ara ne sa;

Yɛabrɛ, nanso wɔmma yɛnnya ahomegyeɛ.+

 6 Yɛde yɛn ho ama Egypt+ ne Asiria,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn adi.

 7 Yɛn agyanom a wɔyɛɛ bɔne no nni hɔ bio, nanso yɛn na yɛso wɔn bɔne.

 8 Seesei nkoa na ɛdi yɛn so. Obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.

 9 Yɛde yɛn nkwa* to yɛn nsam hwehwɛ aduane,+ sekan a ɛwɔ serɛ so no nti.

10 Yɛn wedeɛ adɔ sɛ fononoo, ɛkɔm a ano yɛ hye no nti.+

11 Wɔabrɛ Sion mmaa ase,* Yuda nkuro mu mmaabunu no.+

12 Wɔkyekyeree adehyeɛ nsa sensɛn wɔn,+ na wɔamfa obuo amma mpanimfoɔ.+

13 Mmeranteɛ soa ɛboɔ a wɔyam so adeɛ,* na mmarimaa sunti, anyina a ɛsoso wɔn nti.

14 Mpanimfoɔ nni kuro apono ano bio;+ mmeranteɛ agyae wɔn nnwom bɔ.+

15 Anigyeɛ nni yɛn akoma mu bio; yɛn asa adane awerɛhoɔ.+

16 Ahenkyɛ ayi afiri yɛn ti atɔ fam. Asɛm ato yɛn, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne!

17 Wei nti, yɛn akoma yare,+

Wei nyinaa nti, yɛn ani so ayɛ kusuu,+

18 Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti.+ Seesei sakraman na ɛnenam so.

19 Na wo Yehowa deɛ, wobɛtena w’ahennwa so afebɔɔ.

W’ahennwa wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.+

20 Adɛn nti na wo werɛ afi yɛn afebɔɔ, na woagya yɛn hɔ berɛ tenteenten saa?+

21 O Yehowa, san fa yɛn bra wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo.+

Ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete no.+

22 Nanso woapo yɛn koraa.

Wo bo afu yɛn dendeenden.+

Ti 1 kɔsi 4 no yɛ awerɛhoɔ nnwom a wɔde Hebri ntwerɛdeɛ ahyehyɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ.

Anaa “Yerusalem.”

Anaa “mmabaawa.”

Nt., “abɛyɛ ne ti.”

Anaa “Yerusalem ahunu.”

Anaa “wɔn kra bɛnya ahomeka.”

Ɛyɛ Yerusalem na wɔreka ne ho asɛm sɛ onipa.

Anaa “me kra anya.”

Nt., “n’ano.”

Anaa “mmabaawa.”

Anaa “ama wɔn kra anya ahomeka.”

Anaa “M’akoma adane abutu wɔ me mu.”

Anaa “de agu wɔn ho fĩ.”

Nt., “abɛn biara.”

Anaa “ɔtwee ne nsa nifa kɔe.”

Nt., “Watia n’agyan so.”

Anaa “Wasɛe n’afahyɛ.”

Nt., “mfirii amemeneamemene ho.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “Akwankyerɛ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka biribi ho asɛm te sɛ deɛ ɛyɛ onipa. Ebia wɔde kyerɛ ayamhyehyeɛ anaa tema.

Anaa “wɔn kra.”

Anaa “adanseɛ.”

Anaa “Wɔbɔ hwerɛma.”

Anaa “bue wɔn anom wɔ wo so.”

Anaa “Wɔbɔ hwerɛma.”

Nt., “mmɛn.”

Nt., “w’ani babaa.”

Anaa “anya wɔn akra.”

Nt., “mmɔnten nyinaa ti.”

Anaa “aba.”

Anaa “mmabaawa.”

Anaa “Ahoɔdenfoɔ a mewoo wɔn.”

Anaa “ɔsi me mpaebɔ kwan.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wama mayɛ sɛ asaase a ada mpan.”

Anaa “Wama mayɛ sɛ kuro a abɔ.”

Nt., “Watia n’agyan so.”

Nt., “mma.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wo kra bɛkae.”

Anaa “Me kra aka.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “Ɛyɛ sɛ onipa de ntoboaseɛ twɛn.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “bue wɔn anom wɔ yɛn so.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra asɛm.”

Anaa “na wɔn boɔ yɛ den.”

Anaa “ntoma a ne boɔ yɛ den.”

Anaa “bɔɔla.”

Nt., “bɔne.”

Anaa “pupuawisie.”

Anaa “wɔn awerɛhoɔ aduane.”

Anaa “Wɔrentumi ntena ha sɛ ahɔhoɔ.”

Nt., “Yehowa anim.”

Anaa “kra.”

Anaa “Wɔato Sion mmaa mmonnaa.”

Anaa “owiyammoɔ.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane