YEREMIA
1 Hilkia a ɔka asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot+ ho wɔ Benyamin asaase so no, ne ba Yeremia* nsɛm nie. 2 Yehowa ka kyerɛɛ no wɔ Amon+ ba Yosia+ a na ɔyɛ Yuda hene no berɛ so, wɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so 13 mu. 3 Nsɛm no bi nso baa ne nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no berɛ so bɛsii Yuda hene Sedekia+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so 11 awieeɛ, de bɛsii berɛ a wɔsoaa Yerusalemfoɔ kɔeɛ wɔ bosome a ɛtɔ so nnum+ no mu.
4 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”
6 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa!
Mennim kasa,+ ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.”*+
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
“Nka sɛ, ‘Meyɛ abɔfra.’
Mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ,
Na asɛm biara a mɛhyɛ wo no, ka.+
9 Ɛnna Yehowa tenee ne nsa kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+ 10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi, mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so sɛ tutu na bubu, sɛe na dwiri gu, si na dua.”+
11 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: “Yeremia, deɛn na wohunu yi?” Na mekaa sɛ: “Mehunu aborɔfo nkateɛ dua* nkorabata bi.”
12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Woahu no yie, na me nso, m’ani wɔ m’asɛm ho,* na mɛhwɛ ama no ayɛ hɔ.”
13 Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: “Deɛn na wohunu yi?” Na mekaa sɛ: “Mehunu dadesɛn* a biribi rehuru wom* a ano akyea hwɛ anaafoɔ fam.” 14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
“Atifi fam na wɔbɛhwie amanehunu no afire,
Na ɛbɛgu asaase no so nnipa nyinaa so.+
15 Ɛfiri sɛ ‘merefrɛ mmusua a ɛwɔ atifi fam ahennie mu no nyinaa,’ Yehowa na aka,+
‘Na wɔbɛba; obiara de n’ahennwa bɛba
Abɛsi Yerusalem kuro apono ano,+
Ne n’afasuo nyinaa ho,
Ne Yuda nkuro nyinaa ho.+
16 Na mɛka m’atemmuo wɔ bɔne a wɔayɛ nyinaa ho akyerɛ wɔn,
Ɛfiri sɛ wɔagya me hɔ,+
Na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma anyame foforɔ,+
Na wɔkoto wɔn ankasa nsa ano adwuma.’+
Nsuro wɔn,+
Anyɛ saa a, mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
18 Na ɛnnɛ mayɛ wo kuro a wɔabɔ ho ban,
Ne dadeɛ dum, ne kɔbere afasuo, na woatumi agyina asaase no sofoɔ nyinaa anim,+
Ne Yuda ahemfo ne ne mpanimfoɔ anim,
Ne n’asɔfoɔ ne asaase no so nnipa anim.+
2 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Kɔ, na kɔka gu Yerusalem asom sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:
“Mekae ɔdɔ a na wodɔ me* wɔ wo mmabaaberɛ mu,+
Ɔdɔ a wonya maa me berɛ a mede m’ano too wo so sɛ mɛware wo no,+
Mekae sɛdeɛ wodii m’akyi wɔ serɛ no so,
Asaase a wɔnnuaa aba wɔ so no.+
3 Ná Israel yɛ kronkron ma Yehowa,+ ɔyɛ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan a ɔtwaeɛ.”’
‘Obiara a ɔbɛmene no no bɛdi fɔ.
Mmusuo na ɛbɛba wɔn so,’ Yehowa na aka.”+
4 Montie Yehowa asɛm, O Yakob fie,
Ne Israel fie mmusua nyinaa.
5 Deɛ Yehowa aka nie:
“Bɔne bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho,+
A enti wɔtwee wɔn ho firii me ho koraa saa,
6 Wɔammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he,
Deɛ ɔyii yɛn firii Egypt asaase so+
A ɔdii yɛn anim faa serɛ so no,
Deɛ ɔde yɛn faa asaasetraa so+ ne amena mu,
Deɛ ɔde yɛn faa asaase a nsuo nni so+ na ɛso yɛ sum kabii so,
Deɛ ɔde yɛn faa asaase a onipa biara mfaa so da,
A ɔdasani biara ntenaa so da so no?’
Nanso mobaeɛ no, mobɛguu m’asaase no ho fĩ;
M’agyapadeɛ no, modanee no akyiwadeɛ.+
8 Asɔfoɔ no ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+
Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no nso, na wɔnnim me,
Nnwanhwɛfoɔ no tee me so atua,+
Adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+
Na wɔn* a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn no, wɔn na wɔdii wɔn akyi.
10 ‘Mo deɛ, montwam nkɔ Kitimfoɔ mpoano nsaase*+ so nkɔhwɛ.
Aane, monsoma nkɔ Kedar+ nkɔhwehwɛ mu yie;
Monkɔhwɛ sɛ biribi saa asi pɛn a.
11 Ɔman bi asesã n’anyame akɔfa deɛ ɛnyɛ anyame pɛn anaa?
Nanso me man asesã m’animuonyam akɔfa deɛ mfasoɔ biara nni so.+
13 ‘Ɛfiri sɛ me man ayɛ bɔne mmienu:
Me a meyɛ nkwa nsutire no, wɔagya me hɔ,+
Na wɔakɔtutu wɔn ankasa mmura,*
Mmura a apaapae a nsuo ntumi nnyina mu.’
14 ‘Adɛn, Israel yɛ akoa? Anaa ɔyɛ akoa a wɔwoo no wɔ ne wura fie?
Ɛnneɛ adɛn nti na nkurɔfoɔ de no rekɔyɛ akoa yi?*
Wɔama n’asaase adane biribi a ɛyɛ hu.
Wɔahye ne nkuro, na obiara nte mu.
16 Nnipa a wɔwɔ Nof*+ ne Tapanes+ adidi wo tiri ho ama wo tiri so apa.
17 Ɛnyɛ wo ara na woakɔfa wei abɛto wo ho so?
Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn a wogyaa ne hɔ+
Berɛ a ɔne wo nam kwan so no nti na aba saa.
19 W’amumuyɛ bɛtene wo so,
Na wo ara wo nkontompo akasa akyerɛ wo.
Hwɛ na hunu sɛ ɛyɛ bɔne, na ɛyɛ nwono paa+
Sɛ wobɛgya Yehowa wo Nyankopɔn hɔ;
Me ho suro biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa na aka.
Nanso wokaa sɛ: “Merensom wo.”
21 Meduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a ɛyɛ;+ deɛ meduaeɛ nyinaa yɛ aba pa.
Enti ɛyɛɛ dɛn na woafifi abɛyɛ bobe bɔne a menhunuu bi da wɔ m’anim yi?’+
22 ‘Na sɛ wode soda* ne samina adeɛ ma dware mpo a,
Wo bɔne rentumi mpepa mfiri m’anim,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa na aka.
23 Wosɔre a wose, ‘Menguu me ho fĩ.
Baal anyame nso, menkɔdii wɔn akyi.’
Hwɛ ɔbra a wobɔɔ* wɔ ɛbɔn no mu.
Dwene deɛ woayɛ no ho.
Wote sɛ yoma bedeɛ a ne ho yɛ hare,
A ɔtu mmirikahunu di akɔneaba wɔ n’akwan so.
24 Woayɛ sɛ ɛserɛ so afunumu* a ɔnim serɛ so yie,
N’akɔnnɔ sɔre a,* ɔhuahua pɛ ɔbarima.
Sɛ ne berɛ so sɛ wɔforo no a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
Wɔn a wɔrehwehwɛ no no, ɛnhia sɛ wɔn mu biara ha ne ho.
Ne berɛ* so a, wɔbɛhu no.
25 Hwɛ na ankɔba sɛ wo nan bɛsisi fam,
Na hwɛ wo menem yie na sukɔm anne wo.
Nanso wokaa sɛ, ‘Mfasoɔ biara nni so!+
26 Sɛdeɛ wɔkye korɔmfoɔ a n’ani wuo no,
Saa ara na Israel fie ani awuo;
Wɔn, wɔn ahemfo, ne wɔn mpanimfoɔ,
Ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ nyinaa ani awu.+
27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+
Na wɔka kyerɛ ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’
Na me deɛ, wɔn akyi na wɔdane kyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+
Wɔkɔ amanehunu mu deɛ a, wɔbɛka sɛ,
‘Sɔre na gye yɛn!’+
28 W’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ he?+
Sɛ wɔbɛtumi agye wo wɔ w’amanehunu berɛ mu a, ma wɔnsɔre.
O Yuda, sɛdeɛ wo nkuro dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso.+
29 ‘Adɛn nti na mokɔ so bɔ me soboɔ?
Adɛn nti na mo nyinaa moate me so atua?’+ Yehowa asɛm nie.
30 Matwe mo mma aso, nanso ɛyɛ kwa.+
31 O awoɔ ntoatoasoɔ, monnwene Yehowa asɛm ho.
Adɛn, mayɛ sɛ serɛ so ama Israel anaa?
Anaa madane asaase a aduru sum ama Israel ho yera no?
Adɛn nti na me man yi aka sɛ, ‘Yɛtumi kyinkyini sɛdeɛ yɛpɛ.
Yɛremma wo nkyɛn bio’?+
32 Ɔbaabunu werɛ bɛtumi afi n’agudeɛ anaa?
Na ayeforɔ werɛ betumi afi n’abɔsoɔ* a ɔde siesie ne ho n’ayeforɔ da anaa?
Nanso me ara me man deɛ, wɔn werɛ afi me nna pii.+
33 O ɔbaa, ɛkwan a wobɛfa so anya ɔdɔfoɔ deɛ, wonim yɛ oo!
34 Wo ntaadeɛ mpo, ahiafoɔ* a wɔdi bem mogya akekã mu,+
Ɛwom sɛ manhunu sɛ wɔrebubu akɔ mu;
Wɔn mogya akekã w’ataadeɛ mu nyinaa.+
35 Na woka sɛ, ‘Medi bem.
Megye di sɛ n’abufuo adane afiri me so.’
Afei deɛ, mede atemmuo reba wo so,
Ɛfiri sɛ woka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne.’
36 Ɛkwan a wonam so no nyɛ. Enti adɛn na wobu no ade ketewaa bi?
37 Wei nso nti, wode wo nsa bɛgu wo ti na woapue,+
Ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn a wode wo ho ato wɔn so no;
Wɔrentumi mma ɛnsi wo yie.”
3 Nkurɔfoɔ bisa sɛ: “Sɛ ɔbarima gyaa ne yere, na ɔbaa no firi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ yere a, ɔbarima no bɛtumi akɔ ne nkyɛn bio anaa?”
Wɔde efĩ pɔtɔɔ aka asaase no, ɛnte saa?+
“Wo ne adɔfoɔ pii asi tuutuu;+
Afei na woresan aba me nkyɛn?” Yehowa asɛm nie.
2 “Ma w’ani so, na hwɛ nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo no.
Ɛhe na wɔntoo wo mmonnaa?
Wotenaa kwankyɛn twɛn wɔn,
Te sɛ obi a ɔdi atutena* wɔ serɛ so.
Wokɔ so de wo tuutuusie ne w’amumuyɛ
Gu asaase no ho fĩ.+
5 Sɛ obi de asɛm hyɛ ne mu afebɔɔ,
Anaa ɔnya obi ho menasepɔ daa a, ɛyɛ anaa?’
Asɛm a woka nie,
Nanso bɔne biara a ɛde bɔne no, woyɛ bi.”+
6 Ɔhene Yosia+ berɛ so no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “‘Israel a ɔnni nokorɛ no, woahunu deɛ wayɛ? Waforo kɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so, na wakɔ dua kusuu biara ase akɔsi tuutuu.+ 7 Deɛ ɔyɛeɛ yi nyinaa akyi, daa na meka kyerɛ no sɛ ɔnsan mmra me nkyɛn,+ nanso wansan amma; na Yuda kɔɔ so de n’ani hwɛɛ ne nuabaa nkontomponi no.+ 8 Berɛ a mehuu saa no, megyaa Israel a wanni nokorɛ no awareɛ+ ɛsiane n’awaresɛeɛ nti,+ na memaa no awaregyaeɛ krataa.* Nanso ne nuabaa nkontomponi Yuda ansuro; ɔno nso kɔ kɔsii tuutuu.+ 9 Ɔbuu ne tuutuusie no sɛ ɛnyɛ hwee, na ɔguu asaase no ho fĩ daa, na ɔne aboɔ ne nnua sɛee awareɛ.+ 10 Wei nyinaa akyi no, ne nuabaa nkontomponi Yuda amfa n’akoma nyinaa ansan amma me nkyɛn, na mmom ɔbɛdaadaa me,’ Yehowa asɛm nie.”
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Israel a wanni nokorɛ no akyerɛ sɛ ɔtene* koraa sene nkontomponi Yuda.+ 12 Kɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ atifi famfoɔ sɛ:+
“‘“San bra, O ɔkobɔfoɔ Israel,” Yehowa asɛm nie.’+ ‘“Meremmuna nkyerɛ mo,+ ɛfiri sɛ meyɛ ɔnokwafoɔ,” Yehowa na aka.’ ‘“Meremfa nhyɛ me mu afebɔɔ. 13 Ɛno ara ne sɛ, gye wo bɔne tom, ɛfiri sɛ woate Yehowa wo Nyankopɔn so atua. Wode wo ho* maa ahɔhoɔ* wɔ nnua kusuu nyinaa ase, nanso me deɛ, moantie m’asɛm,” Yehowa asɛm nie.’”
14 “Mma akobɔfoɔ ee, monsan mmra,” Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mabɛyɛ mo wura ankasa,* na kuro biara mu, mɛfa onipa baako, na abusua biara mu, mɛfa nnipa mmienu, na mede mo bɛba Sion.+ 15 Na mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛyɛ deɛ m’akoma pɛ,+ na wɔde nimdeɛ ne nhunumu bɛyɛn mo. 16 Mobɛdɔɔso na moaso aba wɔ asaase no so saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie.+ “Wɔrenka bio sɛ, ‘Yehowa apam adaka!’ Ɛremma akomam, wɔrenkae, wɔn ani rennyina, na wɔrenyɛ adaka no bio. 17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa;+ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenyɛ asoɔden nni wɔn akoma bɔne no akyi bio.”
18 “Saa berɛ no, Yuda fie ne Israel fie bɛbɔ anan anante,+ na wɔn mmienu bɛfiri atifi asaase so akɔ asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+ 19 Mekaa no me tirim sɛ, ‘Hwɛ sɛdeɛ mede wo kaa mma ho na memaa wo asaase pa, agyapadeɛ a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ amanaman* mu no!+ Ná m’adwene nso yɛ me sɛ mobɛfrɛ me, ‘Me Papa!’ na morensan mfiri m’akyi. 20 ‘Ampa ara, sɛdeɛ ɔyere twa nkontompo gya ne kunu* hɔ no, saa ara na mo nso, moatwa me nkontompo, O Israel fie,’+ Yehowa asɛm nie.”
21 Wɔte nnyegyeeɛ bi wɔ nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo no so,
Ɛyɛ Israelfoɔ sũ ne wɔn adesrɛ,
Ɛfiri sɛ wɔakyea wɔn akwan;
Wɔn werɛ afi Yehowa wɔn Nyankopɔn.+
22 “Mma akobɔfoɔ ee, monsan mmra.
Mɛsa mo yareɛ, na moammɔ ko bio.”+
“Yɛn nie! Yɛaba wo nkyɛn,
Ɛfiri sɛ wo, O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+
23 Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so gyegyeegye yɛ nnaadaa.+
Ampa ara, Yehowa yɛn Nyankopɔn ne Israel nkwagyeɛ.+
24 Nanso aniwudeɛ* no amene deɛ yɛn agyanom brɛ hwehwɛ firii yɛn mmɔfraase no,+
Wɔn nnwan ne wɔn anantwie
Ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nyinaa.
25 Momma yɛnna yɛn aniwuo mu,
Na yɛn animguaseɛ nkata yɛn ho,
Ɛfiri sɛ yɛayɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɔne,+
Yɛne yɛn agyanom nyinaa, ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi nnɛ,+
Na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”
4 “O Israel, sɛ wobɛsan w’akyi a,” Yehowa asɛm nie,
“Sɛ wobɛsan aba me nkyɛn
Na woayiyi w’abosom fĩ no afiri m’anim a,
Ɛnneɛ worenyɛ kobɔfoɔ bio.+
2 Na sɛ woka ntam
Wɔ nokorɛ, atɛntenenee, ne tenenee mu sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ a,
Ɛnneɛ amanaman no nam ne so bɛnya nhyira,
Na wɔbɛhoahoa wɔn ho wɔ ne mu.”+
3 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nie:
“Momfuntum asaase pa mfa,
Na ɛnsɛ sɛ mokɔ so dua adeɛ wɔ nkasɛɛ mu bio.+
4 Montwa twetia mma Yehowa,
Na montwa mo akoma twetia,+
Mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,
Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,
M’abufuo bɛdɛre sɛ egya,
Na ɛbɛhye a obiara rentumi nnum no.”+
5 Monka wɔ Yuda, na mommɔ no dawuro wɔ Yerusalem.
Monteam na mommɔ abɛn wɔ asaase no so baabiara.+
Monteam dendeenden, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano,
Na momma yɛnnwane nkɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no mu.+
6 Momma ahyɛnsodeɛ* so na momfa ani nkyerɛ Sion.
Mompɛ baabi nhinta, na monnnyina hɔ.”
Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,+ ɔsɛeɛ kɛseɛ bi.
Watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛma w’asaase ayɛ tantaantan.
Ɔbɛsɛe wo nkuro pasaa, na obiara rentena mu.+
8 Wei nti momfira awerɛhoɔ ntoma,*+
Monni awerɛhoɔ* na monsu nteateam,
Ɛfiri sɛ Yehowa abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so.
9 “Saa da no,” Yehowa asɛm nie, “ɔhene akoma bɛtu,+
Na atitire nso akoma bɛtu;
Asɔfoɔ bɛbɔ hu, na adiyifoɔ ho bɛdwiri wɔn.”+
10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”*
11 Saa berɛ no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ:
“Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛfiri serɛ so nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo so,
Na ɛbɛbɔ afa me man babaa* so;
Ɛremma mmɛhu hwiit so, na ɛremmɛyiyi mu fĩ.
12 Mɛma mframa a ano yɛ den paa afiri saa mmeaeɛ hɔ aba.
Afei mɛka atemmusɛm agu wɔn so.
N’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ.+
Asɛm ato yɛn, ɛfiri sɛ wɔasɛe yɛn awie!
14 O Yerusalem, hohoro w’akoma ho firi bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wo.+
Wobɛkɔ so adwene adwemmɔne akɔsi da bɛn?
16 Monka ho asɛm, aane, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;
Mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem.”
“Atɛfoɔ* firi akyirikyiri asaase bi so reba,
Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkuro.
17 Wɔfiri afã ne afã nyinaa ba ne so te sɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn afuo,+
Ɛfiri sɛ wate me so atua,”+ Yehowa asɛm nie.
18 “Wɔde wo ara w’abrabɔ ne wo nneyɛɛ bɛba wo so.+
Mmusuo a ɛbɛba wo so no yɛ nwono sɛ!
Ɛfiri sɛ awura w’akoma mu tɔnn!”
19 Me nsono mu oo! Me nsono mu oo!*
Mete yea kɛse wɔ m’akomam.*
M’akoma rebɔ paripari wɔ me mu.
20 Amanehunu rekɔ, na amanehunu reba; ɛno ara na yɛteɛ,
Ɛfiri sɛ wɔasɛe asaase no nyinaa.
Mpofirim ara na wɔsɛee me ntomadan,
Prɛko pɛ na wɔsɛee ntoma a wɔde ayɛ me ntomadan no.+
Wɔyɛ mma agyimifoɔ a wɔnni nteaseɛ.
Ɛba bɔne a, wɔn ani ate,*
Na papa deɛ, wɔnnim ho hwee.”
23 Mehwɛɛ asaase no, na hwɛ! na hwee nni so, na na asɛe pasaa.+
Mehwɛɛ ɔsoro, na na ne hann nni hɔ bio.+
Yehowa na ɔyɛeɛ,
N’abufuhyeɛ nti na ɔyɛeɛ.
Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu,
Na wɔaforo abotan.+
Kuro biara ada mpan,
Na onipa biara nte mu bio.”
30 Afei a wɔayɛ wo pasaa yi, deɛn na wobɛyɛ?
Kane no, wofiraa ntoma kɔkɔɔ,
Wode sika kɔkɔɔ agudeɛ hyehyɛɛ wo ho,
Wokekaa w’ani ase* tumm sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’ani mma bɛpuepue yie.
Nanso w’ahosiesie no nyinaa ankɔsi hwee,+
Ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ wo no mpo apo wo.
31 Mete nne bi te sɛ ɔbaa yarefoɔ nne,
Me ho yera me te sɛ ɔbaa a ɔrewo n’abakan,
Ɛyɛ Sion babaa nne; ɔhome a ɛnsi so.
Watrɛ ne nsam, na ɔka sɛ:+
“Asɛm ato me, ɛfiri sɛ awudifoɔ nti mabrɛ!”*
5 Monkyini Yerusalem mmorɔno so.
Montoto mo ani, na monhwɛ.
Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛ
Mobɛhunu onipa bi a ɔbu atɛntenenee,+
A ɔyere ne ho sɛ ɔbɛdi nokorɛ anaa.
Anka mede kuro no ho bɛkyɛ no.
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokorɛdie na wode w’ani rehwehwɛ anaa?+
Wobɔɔ wɔn, nanso antumi wɔn.*
Wotɔree wɔn ase, nanso wɔpoo ntenesoɔ.+
4 Na meka kyerɛɛ me ho sɛ: “Weinom yɛ nnipa a wɔnnim hwee.
Wɔdi nkwaseasɛm, ɛfiri sɛ wɔnnim Yehowa kwan,
Na wɔnnim wɔn Nyankopɔn atemmuo.
5 Mɛsim akɔ atitire no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa,
Ɛfiri sɛ wɔn deɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔnim Yehowa kwan,
Na wɔnim wɔn Nyankopɔn atemmuo.+
Nanso sɛɛ na wɔn nyinaa abubu kɔndua no;
Na wɔatete nhoma no mu.”
Obiara a ɔpue firi nkuro no mu no, ɔtete no pasaa.
Ɛfiri sɛ wɔn bɔne dɔɔso;
Wɔn mmarato nni ano.+
7 Ɛbɛyɛ dɛn na mede wei akyɛ wo?
Wo mma agya me hɔ,
Na deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wɔde ka ntam.+
Deɛ wɔhia biara mede maa wɔn,
Nanso wɔkɔɔ so sɛee awareɛ,
Na wɔboom yuu kɔɔ tuutuuni fie.
9 “Deɛ wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ metua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm nie.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”+
Montwitwa ne mman a ɛrefefɛ na ɛretrɛtrɛ no,
Ɛfiri sɛ ɛnyɛ Yehowa dea.
Mmusuo biara remma yɛn so;
Sekan remma yɛn so, na yɛrenhunu kɔm.’+
Ma wei mmra wɔn so!”
14 Enti deɛ asafo Yehowa Nyankopɔn aka nie:
“Ɛsiane deɛ nnipa yi reka nti,
Hwɛ, mɛma m’asɛm ayɛ egya wɔ w’anom,+
Na ɔman yi ayɛ anyina,
Na ɛbɛhye wɔn.”+
15 “O Israel fie,+ hwɛ, mede ɔman bi firi akyirikyiri reba mo so,” Yehowa asɛm nie.
“Ɛyɛ ɔman a akyɛ,
16 Wɔn agyan kotokuo te sɛ adamena a wɔnkataa so;
Wɔn nyinaa nim akodie yie.
17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+
Wɔbɛkunkum wo mma mmarima ne wo mma mmaa.
Wɔbɛwe wo nnwan ne w’anantwie.
Wɔbɛsɛe wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.
Wɔde sekan bɛsɛe wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato so no.”
18 “Nanso saa berɛ no mpo,” Yehowa asɛm nie, “merensɛe mo pasaa.+ 19 Na sɛ wɔbisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn ama wei nyinaa ato yɛn?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ mogyaa me hɔ kɔsom ananafoɔ nyame wɔ mo asaase so no, saa ara na mobɛsom ananafoɔ wɔ asaase a ɛnyɛ mo deɛ so.’”+
20 Monka wei wɔ Yakob fie,
Na mommɔ no dawuro wɔ Yuda sɛ:
21 “Ɔman nkwaseafoɔ a monnim nyansa,* montie wei:+
22 ‘Enti monsuro me?’ Yehowa asɛm nie,
‘Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ m’anim anaa?
Me na mede anwea twaa ɛpo ano hyeɛ,
Na mede yɛɛ daa ahyɛdeɛ a ɛrentumi ntra.
Sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛrentumi ntwi mfa so;
Na sɛ ɛhuru sɛ deɛn mpo a, ɛrentumi ntra.+
24 Wɔnka wɔ wɔn akomam sɛ:
“Afei deɛ, momma yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,
Deɛ ɔma nsuo tɔ wɔ ne berɛ mu,
Sutɔberɛ mu nsuo* ne fefɛ berɛ mu nsuo,*
Deɛ ɔhwɛ ma yɛnya nnawɔtwe a yɛtwa nnɔbaeɛ wom no.”+
26 Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ wɔ me nkurɔfoɔ mu.
Wɔtetɛ daa sɛdeɛ nnomaayifoɔ kotokoto no.
Wɔsum fidie a ɛdi awuo.
Nnipa na wɔde yi wɔn.
Ɛno nti na wɔanya tumi na wɔanya wɔn ho no.
28 Wɔadodɔre sradeɛ, na wɔayeyɛ nomenome.
Bɔne adondɔn wɔn.
29 “Deɛ wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ metua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm nie.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”
30 Biribi a ɛyɛ asefem na ani yɛ nyan asi wɔ asaase no so:
Me man nso pɛ no saa.+
Nanso sɛ awieeɛ no ba a, deɛn na mobɛyɛ?”
6 O Benyamin mma, mompɛ baabi nhinta, monnwane mfiri Yerusalem.
Ɛfiri sɛ mmusuo bi firi atifi fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi.+
2 Sion babaa te sɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ a wɔgyegye ne so.+
3 Nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwankuo bɛba.
4 “Monsiesie mo ho* ne no nkɔko!
Monsɔre mma yɛnkɔto nhyɛ ne so awia ketee!”
“Asɛm ato yɛn! Ɛfiri sɛ adeɛ resa,
Na anwummerɛ sunsum reyɛ tenten!”
6 Na deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Montwitwa nnua na monto Yerusalem ho akoban.*+
Ɛyɛ kuro a ɛsɛ sɛ ɛtua ne bɔne so ka;
Nhyɛsoɔ nko ara na ɛwɔ ne mu.+
7 Sɛdeɛ abura ma nsuo a ɛwom yɛ nwunu no,
Saa ara na ɔma ne bɔne yɛ nwunu.
Wɔte sɛ basabasayɛ ne ɔsɛeɛ rekɔ so wɔ ne mu;+
Yareɛ ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa.
8 O Yerusalem, hwɛ yie, anyɛ saa a, wo ho bɛyɛ me abofono ama matwe me ho* afiri wo ho;+
Mɛma woayɛ amamfo, asaase a obiara nte so.”+
9 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Wɔbɛsesa Israelfoɔ a aka no akɔ korakora, sɛdeɛ wɔtete bobe a aka ne dua so no.
Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔretete bobe afiri bobe dua so.”
10 “Hwannom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ?
Hwannom na wɔbɛtie?
Hwɛ! Wɔasisi wɔn aso* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrente asɛm.+
Hwɛ! Yehowa asɛm yɛ wɔn ahĩ;+
Wɔnni ho anigyeɛ biara.
“Hwie gu abɔfra a ɔnam abɔnten so,+
Ne mmeranteɛ a wɔaboa wɔn ano so.
Na mɛtene me nsa wɔ asaase no sofoɔ so,” Yehowa asɛm nie.
13 “Ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+
Ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa bu nkurɔfoɔ fa so.+
Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+
15 Akyiwadeɛ a wɔayɛ no, ɛyɛ wɔn aniwu anaa?
Ɛnyɛ wɔn aniwu koraa!
Wɔn ani mmu wɔn dwɛ!*
Ɛno nti, wɔbɛhwehwe ase wɔ wɔn a wɔahwehwe ase mu.+
Na ɛda a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛsuntisunti,” Yehowa na aka.
16 Deɛ Yehowa aka nie:
“Monkɔgyina nkwanta so na monhwɛ.
Mommisa tete akwantempɔn no ho asɛm,
Mommisa baabi a ɛkwan pa no wɔ, na momfa so,+
Na mo ho nnwo mo.”*
Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+
Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛrentie.”+
18 “Ɛno nti, O amanaman, montie!
O asafo, monhunu
Deɛ ɛbɛto wɔn.
19 O asaase, yɛ aso!
Mede amanehunu reba ɔman yi so;+
Ɛyɛ wɔn adwemmɔne so aba na wɔretwa,
Ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm,
Na wɔpoo me mmara.”*
20 “Sɛ mode ɛhyɛ* firi Saba ba a, ɛfa me ho bɛn?
Na mode sibire hwamhwam* firi akyirikyiri asaase so ba a, deɛn na ɛbɛyɛ ama me?
Mempɛ mo hyeɛ afɔreɛ,
Na mo afɔreɛ nso nsɔ m’ani.”+
21 Enti deɛ Yehowa aka nie:
“Mede suntidua bɛto ɔman yi anim,
Na ɛbɛma wɔasunti,
Agyanom ne mma nyinaa,
Ofipamfoɔ ne ne yɔnko,
Na wɔn nyinaa bɛsɛe.”+
22 Deɛ Yehowa aka nie:
“Hwɛ! Ɔman bi firi atifi asaase so reba,
Wɔbɛkanyan ɔman kɛseɛ bi afiri asaase ano akyirikyiri aba.+
23 Wɔde agyan ne pea na ɛbɛba.
Wɔn tirim yɛ den, na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.
Wɔn nne bɛgyegye te sɛ ɛpo,
Na wɔtete apɔnkɔ so.+
Wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba wo so te sɛ ɔsabarima, O Sion babaa.”
24 Yɛate ho asɛm.
Di awerɛhoɔ te sɛ obi a ɔresu teateam di ne ba baako pɛ wuo ho awerɛhoɔ,+
Ɛfiri sɛ prɛko pɛ na ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn so.+
27 “Mede wo* asi hɔ sɛ obi a ɔsɔ dadeɛ hwɛ wɔ me man mu,
Obi a ɔhwehwɛ nneɛma mu yie;
Fa w’ani to fam hwɛ wɔn yie, na hwehwɛ wɔn akwan mu.
Wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ;
Wɔn nyinaa asɛe.
Sumpii* na wɔnya firi wɔn gya mu.
7 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Kɔgyina Yehowa fie pono no ano, na bɔ asɛm yi dawuro wɔ hɔ sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yudafoɔ a mofa apono yi mu bɛkoto Yehowa nyinaa. 3 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monsesa mo akwan ne mo nneyɛɛ, na mɛma moakɔ so atena ha.+ 4 Monnnye nkontomposɛm nnni na monnka sɛ, ‘Wei* ne Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie!’+ 5 Na sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛɛ ampa, na mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,+ 6 na sɛ moanhyɛ hɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na sɛ moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnneɛ mɛma moakɔ so atena ha, asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so afebɔɔ* no.”’”
8 “Nanso mode mo ho ato nkontomposɛm so;+ ɛremmoa mo kwan biara so. 9 Mogye di sɛ mobɛtumi abɔ korɔno,+ adi awu, asɛe awareɛ, akeka ntam hunu,+ abɔ afɔreɛ* ama Baal,+ akɔdi anyame a monnim wɔn akyi, 10 na moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa wie a, moasan abɛgyina m’anim wɔ efie a me din da so yi mu aka sɛ, ‘Wɔbɛgye yɛn nkwa’? 11 Enti efie a me din da so yi na moafa no sɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ yi?+ Hwɛ, me ankasa mahunu,” Yehowa asɛm nie.
12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo,+ baabi a medii kan maa me din tenaa hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti meyɛɛ hɔ.+ 13 Nanso mokɔɔ so yɛɛ weinom nyinaa,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mekasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie.+ Mekɔɔ so frɛɛ mo, nanso moannye so.+ 14 Enti sɛdeɛ meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ efie a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15 Mɛto mo afiri m’anim agu, sɛdeɛ metoo mo nuanom nyinaa, Efraim asefoɔ nyinaa guiɛ no.’+
16 “Na wo deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpaeɛ mma wɔn,+ na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.+ 17 Deɛ wɔreyɛ wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so no, wonhunui anaa? 18 Mma boaboa anyina ano, na agyanom sɔ egya no, ɔyerenom fete esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ keeki ma Ɔsoro Hemmaa,*+ na wɔhwie afɔrebɔ nsã ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo.+ 19 ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuo* anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim ase?’+ 20 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha,+ na wɔbɛhwie agu nnipa ne mmoa ne wuram nnua ne asaase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+
21 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔ so, momfa mo hyeɛ afɔreɛ nka mo afɔreɛ a aka no ho, na mo ara monwe nam no.+ 22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Egypt asaase so no, manka ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ ahodoɔ ho asɛm ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛdeɛ biara amma wɔn.+ 23 Na mmom ahyɛdeɛ yi na mede maa wɔn: “Montie me nne, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me man.+ Monnante akwan a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so, na asi mo yie.”’+ 24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wɔdii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn akoma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa firi da a mo agyanom firii Egypt asaase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!
27 “Wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo; wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so. 28 Na wobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Wei ne ɔman a emufoɔ ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn asɛm na wɔnnye ntenesoɔ no. Nokorɛdie ayera, na wɔnka ho asɛm mpo wɔ wɔn mu.’*+
29 “Yi wo tiri nwi a woagya* no, na to gu, na ma awerɛhoɔ dwom* so wɔ nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo so, ɛfiri sɛ Yehowa apo saa awoɔ ntoatoasoɔ a wɔahyɛ no abufuo yi, na ɔbɛgya wɔn hɔ. 30 ‘Ɛfiri sɛ Yudafoɔ ayɛ bɔne wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔde wɔn abosom fĩ no akɔsisi efie a me din da so no mu de agu ho fĩ.+ 31 Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bɔn*+ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ egya mu.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam mpo da.’*+
32 “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom Ba Bɔn* bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bɔn. Wɔbɛsie nnipa wɔ Tofet akɔsi sɛ wɔrennya baabi nsie obiara bio.+ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wiem nnomaa ne asaase so mmoa aduane, na obiara nni hɔ a ɔbɛpamo wɔn.+ 34 Na mɛma ahurisie nnyegyeeɛ ne osebɔ nnyegyeeɛ, ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne agyae+ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, ɛfiri sɛ asaase no bɛdane amamfo.’”+
8 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “wɔbɛyiyi Yuda ahemfo nnompe ne ne mpanimfoɔ nnompe ne asɔfoɔ nnompe ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu. 2 Na wɔbɛbaabaa mu akyerɛ awia ne bosome ne ɔsoro asafo a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsom wɔn, na wɔdii wɔn akyi, na wɔhwehwɛɛ wɔn akyiri akwan, na wɔkotoo wɔn no nyinaa.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina* wɔ asaase ani.”+
3 “Abusua bɔne yi nkaefoɔ a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no, wɔbɛpɛ owuo asene nkwa wɔ baabi a mɛbɔ wɔn ahwete no nyinaa,” asafo Yehowa na aka.
4 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:
“Wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio anaa?
Sɛ baako san n’akyi a, obi foforɔ nso rensan n’akyi anaa?
5 Adɛn nti na saa nkurɔfoɔ yi, Yerusalemfoɔ, nni nokorɛ na wɔkɔ so ara twa nkontompo yi?
Wɔkura nnaadaa mu dendeenden;
Wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+
6 Mewɛn m’aso, na mekɔɔ so tieeɛ, nanso wɔanka nokorɛ.
Wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔsakra firii ne bɔne ho, anaa ɔbisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na mayɛ yi?’+
Wɔn mu biara san n’akyi kɔyɛ deɛ obiara yɛ no bi; wɔte sɛ pɔnkɔ a ɔde mmirika rekɔ ɛko.
7 Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ;*
Aburuburo ne asomfena ne apatuprɛ* mpo, sɛ berɛ so sɛ wɔbɛsan akɔ baabi a wɔfiri baeɛ a, wɔsan kɔ.
Nanso me ara me man deɛ, wɔnte Yehowa atemmuo ase.”’+
8 ‘Adɛn nti na moka sɛ: “Yɛnim nyansa, na yɛwɔ Yehowa mmara”?*
Deɛ ɛwom ne sɛ, atwerɛfoɔ twerɛdua a ɛnka nokorɛ no,+ atorɔ nko ara na wɔde twerɛ.
Wɔabɔ hu, na wɔbɛkye wɔn.
Hwɛ! Yehowa asɛm na wɔapo yi,
Na nyansa bɛn na wɔwɔ?
10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforɔ,
Na mede wɔn nsaase bɛma nkurɔfoɔ;+
Ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+
Ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa bu nkurɔfoɔ fa so.+
Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ.+
12 Akyiwadeɛ a wɔayɛ no, ɛyɛ wɔn aniwu anaa?
Ɛnyɛ wɔn aniwu koraa!
Ɛno nti, wɔbɛhwehwe ase wɔ wɔn a wɔahwehwe ase mu.
Na ɛda a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛsuntisunti,”+ Yehowa na aka.
13 ‘Sɛ meboaboa wɔn ano a, mɛma wɔn awieeɛ aba,’ Yehowa na aka.
‘Bobe aba biara renka wɔ bobe dua so, borɔdɔma biara renka wɔ borɔdɔma dua so, na ɛso nhaban bɛhye.*
Na deɛ mede maa wɔn no bɛfiri wɔn nsa.’”
14 “Yɛtete ha reyɛ dɛn?
Momma yɛmmoaboa yɛn ano na yɛnkɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no mu+ na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ.
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛkunkum yɛn;
Wama yɛn nsuo a awuduro wom sɛ yɛnnom,+
Ɛfiri sɛ yɛayɛ Yehowa bɔne.
16 Wote sɛ atamfo no apɔnkɔ reporo wɔn hwene mu wɔ Dan.
N’apɔnkɔnini sũ
Ma asaase no nyinaa woso.
Wɔba bɛsɛe asaase no ne deɛ ɛwɔ so nyinaa,
Nkuro no ne emu nnipa.”
17 “Na hwɛ, meresoma awɔ aba mo mu,
Awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a nkonyaayifoɔ rentumi nnwodwo wɔn,
Na wɔbɛkeka mo,” Yehowa na aka.
18 M’awerɛhoɔ nni aduro;
M’akoma yare.
19 Wɔte me man babaa sufrɛ
Wɔ akyirikyiri asaase bi so sɛ:
“Yehowa nni Sion anaa?
Anaasɛ ne hene nni hɔ?”
“Adɛn nti na wɔde wɔn ahoni a wɔasene hyɛ me abufuo,
Na wɔde ananafoɔ anyamehunu huru me bo?”
20 “Twaberɛ atwam, ahuhuro berɛ aba n’awieeɛ,
Nanso wɔnnyee yɛn!”
Ehu akyekyere me.
22 Balsam ngo* nni Gilead anaa?+
Ɛnneɛ, adɛn nti na wɔnsaa me man babaa yareɛ?+
Anka mɛsu awia ne anadwo,
Me manfoɔ a wɔakunkum wɔn no nti.
2 Sɛ mewɔ akwantufoɔ tenabea wɔ serɛ so a,
Anka mɛgya me man hɔ na mafiri wɔn nkyɛn akɔ,
Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,+
Nkontompofoɔ fekuo.
“Wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,
Na wɔmfa me nyɛ hwee,”+ Yehowa asɛm nie.
4 “Obiara nhwɛ ne ho yie wɔ ne yɔnko ho,
Na wo nua mpo, mfa wo ho nto ne so.
5 Obiara sisi ne yɔnko,
Na obiara nka nokorɛ.
Wɔakyerɛ wɔn kɛtrɛma atorɔdie.+
Wɔyɛ bɔne de hyɛ wɔn ho brɛ.
6 Nnaadaa mu na wote.
Nnaadaa nti, wɔmpɛ sɛ wɔhu me,” Yehowa asɛm nie.
7 Ɛno nti, deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Mɛnane wɔn, na mahwehwɛ wɔn mu.+
Sɛ manyɛ me man babaa saa a, deɛn bio na mɛyɛ no?
8 Wɔn kɛtrɛma yɛ agyan a ɛdi awuo; nnaadaasɛm na ɛka.
Onipa de n’ano ka asomdwoeɛ asɛm kyerɛ ne yɔnko,
Nanso ne mu deɛ, ɔtetɛ no.”
9 “Deɛ wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ metua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm nie.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?+
10 Mɛsu mmepɔ no na mabɔ bena,
Na mmoa adidibea a ɛbɛdane serɛ so nti, mɛto awerɛhoɔ dwom,*
Ɛfiri sɛ wɔahye ne nyinaa, na onipa biara ntwam wɔ hɔ,
Na wɔnte nyɛmmoa nne wɔ hɔ.
Ewiem nnomaa ne mmoa adwane; wɔn nyinaa kɔ.+
11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ asum hɔ,+ baabi a sakraman bɛtena,+
Na mɛma Yuda nkuro adane amamfo a obiara nte mu.+
12 Hwan na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔbɛte wei ase?
Hwan na Yehowa akasa akyerɛ no a ɔno nso de bɛto dwa?
Adɛn nti na asaase no asɛe?
Adɛn nti na ahye sɛ serɛ,
A enti obiara mfa so bio yi?”
13 Yehowa yii ano sɛ: “Ɛfiri sɛ me mmara* a mede maa wɔn no,* wɔto twenee baabi; wɔanni so, na wɔantie m’asɛm. 14 Mmom wɔyɛɛ asoɔden dii wɔn ankasa akoma akyi,+ na wɔkɔdii Baal abosom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.+ 15 Ɛno nti, deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mɛma ɔman yi adi awɔnwono, na mama wɔanom nsuo a awuduro wom.+ 16 Mɛbɔ wɔn ahwete aman a wɔne wɔn agyanom nyinaa nnim so no so,+ na mɛma sekan adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛkunkum wɔn nyinaa.’+
17 Deɛ asafo Yehowa aka nie,
‘Monnwene deɛ ɛrekɔ so no ho.
Momfrɛfrɛ mmaa a wɔtumi to awerɛhoɔ nnwom* mmra,+
Na monsoma nkɔfrɛ mmaa a wɔnim su yie mmra,
18 Na wɔnyɛ ntɛm mmɛsu mmɔ bena mma yɛn,
Na nisuo ntene mfa yɛn ani ase waawaa,
Na nsuo nsɔne mfiri yɛn anisoatɛtɛ so.+
19 Na wɔte benabɔ wɔ Sion sɛ:+
“Hwɛ sɛdeɛ wɔayɛ yɛn pasaa!
Hwɛ sɛdeɛ yɛn anim agu ase pɔtɔɔ!
Ɛfiri sɛ yɛagya asaase no hɔ, na wɔadwiri yɛn afie agu.”+
20 Mmaa, montie Yehowa asɛm.
Momma n’anom asɛm nkɔ mo asom.
21 Ɛfiri sɛ owuo aforo afa yɛn mpomma mu aba;
Abɔ awura yɛn abankɛseɛ mu
Sɛ ɛrebɛsesa yɛn mma afiri mmorɔno so akɔ,
Na afa yɛn mmeranteɛ afiri mmɔnten so akɔ.’+
22 Ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:
“Nnipa afunu bɛgugu hɔ sɛ sumina* wɔ asaase ani,
Ɛbɛyɛ sɛ hwiit* a atwafoɔ atwa agu hɔ foforɔ
A obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa ano.”’”+
23 Deɛ Yehowa aka nie:
“Mma onyansafoɔ mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho;+
Mma ɔhoɔdenfoɔ mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho;
Na mma sikani mmfa n’ahonyadeɛ nnhoahoa ne ho.”+
24 “Mmom deɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔmfa wei nhoahoa ne ho:
Sɛ ɔwɔ me ho nhunumu ne nimdeɛ,+
Sɛ mene Yehowa, Deɛ ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asaase so no,+
Ɛfiri sɛ weinom na m’ani gye ho,”+ Yehowa asɛm nie.
25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na obiara a watwa twetia* nanso ɔntwaa twetia no, mɛbu no atɛn;+ 26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so+ a watwitwa n’asontorɔm nwi no, mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman no nyinaa ntwaa twetia, na Israel fie nyinaa nso ntwaa wɔn akoma twetia.”+
10 O Israel fie, montie asɛm a Yehowa aka atia mo. 2 Deɛ Yehowa aka nie:
3 Ɛfiri sɛ amanaman no amanneɛ yɛ adehunu.*
4 Wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ no fɛfɛɛfɛ,+
Na wɔde nnadewa ne hamma* bobom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremmuni ntɔ fam.+
Monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ wɔrentumi nyɛ mo bɔne biara,
Na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso mma mo.”+
6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+
Woyɛ kɛseɛ; wo din so, na ɛkorɔn.
7 O amanaman Hene, hwan na ɔrensuro wo,+ ɛfiri sɛ wo na ɛfata wo;
Amanaman no anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu no,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+
8 Wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ.+
Akwankyerɛ a ɛfiri dua hɔ yɛ adehunu.*+
9 Wɔkra dwetɛ ntraantraa firi Tarsis,+ na wɔkra sika kɔkɔɔ firi Ufas;
Ɛyɛ odwumfoɔ ne ɔtomfoɔ nsa ano adwuma.
Ntoma bruu ne ntoma afasebire na ɛfirafira wɔn.
Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.
10 Nanso Yehowa deɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ampa.
Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne Ɔhene a ɔwɔ hɔ daa.+
N’abufuhyeɛ nti, asaase bɛwoso,+
Na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛtumi agyina n’abufuo ano.
11 * Deɛ monka nkyerɛ wɔn nie:
“Anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asaase no,
Wɔbɛyera afiri asaase so ne ɔsoro a ɛwɔ hɔ yi ase.”+
12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,
Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+
Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+
14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn adeɛ te sɛ deɛ wɔnni adwene ne nimdeɛ.
15 Wɔyɛ adehunu,* biribi a nkurɔfoɔ hwɛ sere.+
Sɛ wɔn akontabuo da ba a, wɔbɛsɛe.
16 Yakob Kyɛfa deɛ, ɔnte sɛ weinom,
Ɛfiri sɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,
Na Israel yɛ n’agyapadeɛ poma.+
Asafo Yehowa ne ne din.+
17 O ɔbaa a wɔaka wo ahyɛ wo kurom,
Boaboa wo nneɛma ano na sɔre firi fam.
18 Na deɛ Yehowa aka nie:
19 Pira a mapira nti, mawu awie!+
Me kuro nni aduro.
Mekaa sɛ: “Yareɛ a abɛtena me so nie, enti masɔ mu.
20 Me ntomadan asɛe, na me ntomadan ho nhoma* nyinaa atete.+
Me mma mmarima agya me hɔ kɔ, na wɔnni hɔ bio.+
Obiara nni hɔ a ɔbɛtrɛ me ntomadan mu na wama me ntomadan ntoma so.
Ɛno nti na wɔadi nkwaseasɛm no.
Na wɔn mmoa nyinaa ahwete.”+
22 Montie! Amanneɛbɔ bi reba!
Wɔte kim-kim-kim bi sɛ ɛfiri atifi fam asaase so reba;+
Ɛreba abɛsɛe Yuda nkuro pasaa ama adane baabi a sakraman bɛtena.+
23 O Yehowa, menim sɛ onipa kwan nni ne nsam.
Sɛdeɛ onipa nam a ɔbɛtutu ne nan mpo, ɛnni ne nsam.+
11 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Ɔmanfoɔ, montie apam yi mu nsɛm!
“Ka* nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ 3 na ma wɔnte sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Nnome nka obiara a ɔntie apam yi mu nsɛm.+ 4 Saa nsɛm no na meka kyerɛɛ mo agyanom ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so+ na meyii wɔn firii fononoo a wɔde nane dadeɛ mu no.+ Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Montie me nne na monyɛ deɛ mahyɛ mo nyinaa, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+ 5 na mɛdi ntam a mekaa mo agyanom no so, ntam a mekaa sɛ, mede asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no bɛma wɔn no;+ na saa ara na ɛteɛ nnɛ da yi.’”’”
Na megyee so sɛ: “Amen,* O Yehowa.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Bɔ nsɛm yi nyinaa dawuro wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ: ‘Montie apam yi mu nsɛm na monni so. 7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom dendeenden, ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no, na ɛde bɛsi nnɛ nso matu wɔn fo mprɛ pii* sɛ: “Montie me nne.”+ 8 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso; mmom obiara yɛɛ asoɔden dii n’akoma bɔne akyi.+ Ɛno nti, apam yi mu nsɛm a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni so no, mede ne nyinaa baa wɔn so.’”
9 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ abɔ me ho pɔ. 10 Wɔasan wɔn akyi akɔyɛ bɔne a wɔn agyanom a wɔtenaa ase tete no yɛeɛ no bi, wɔn agyanom a wɔanni m’asɛm so no.+ Wɔn nso akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔasom wɔn.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so.+ 11 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo bi reba wɔn so+ a wɔrentumi nnwane. Na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.+ 12 Na Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ anyame a wɔbɔ afɔreɛ* ma wɔn no hɔ sɛ wɔmmoa wɔn,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn da wɔ wɔn amanehunu berɛ no mu. 13 O Yuda, sɛdeɛ wo nkuro dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛdeɛ Yerusalem mmorɔno dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔrebukyia bebree ama aniwudeɛ* no, afɔrebukyia a mobɔ afɔreɛ* wɔ so ma Baal no.’+
14 “Na wo* deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpaeɛ mma wɔn,+ ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu berɛ no mu a, merentie.
15 Deɛn na me dɔfo repɛ wɔ me fie
Berɛ a nnipa pii adi bɔne yi?
Sɛ amanehunu ba wo so a, wɔbɛtumi de nam kronkron* ayi afiri hɔ anaa?
Saa berɛ no, wobɛdi ahurisie anaa?
16 Berɛ bi, Yehowa frɛɛ wo ngodua frɔmfrɔm,
Ngodua fɛfɛɛfɛ a ɛso aba pa.
Ɔde nnyegyeeɛ kɛseɛ bi atwa gya ato ne mu,
Na wɔabubu ne nkorabata.
17 “Asafo Yehowa, Deɛ ɔduaa wo+ no aka sɛ, mmusuo bi bɛba wo so ɛsiane bɔne a Israel fie ne Yuda fie yɛeɛ nti. Wɔn na wɔbɔɔ afɔreɛ maa Baal de hyɛɛ me abufuo.”+
18 Yehowa kyerɛɛ me maa mehunui;
Saa berɛ no, womaa mehunuu deɛ na wɔreyɛ.
19 Me deɛ, na mete sɛ odwan ba a ɔdwo a wɔrekɔkum no;
Ná mennim sɛ wɔrebɔ me ho pɔ sɛ:+
“Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,
Na yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asaase so,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae ne din bio.”
Ma menhunu sɛdeɛ wobɛtua wɔn ka,
Ɛfiri sɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.
21 Ɛno nti, wei na Yehowa aka atia Anatot mmarima+ a wɔpɛ sɛ wɔyi wo nkwa* firi hɔ na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din mu,+ anyɛ saa a wobɛwu wɔ yɛn nsam” no; 22 enti deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, merebɛma wɔabu wɔn bɔne ho akonta. Sekan na wɔde bɛkunkum mmeranteɛ no,+ na wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn.+ 23 Nkaefoɔ biara mpo renka mma wɔn, ɛfiri sɛ mede mmusuo bɛba Anatot mmarima so,+ afe a wɔbɛbu akonta no.”
12 Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+
Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me.
Ɛnneɛ adɛn nti na ɛsi abɔnefoɔ yie?+
Na adɛn nti na nkontompofoɔ ho adwo wɔn?
2 Woadua wɔn ama wɔagye nhini.
Wɔanyini aso aba.
Wɔde wɔn ano bɔ wo din daa, nanso wɔn adwene* deɛ, atwe afiri wo ho koraa.+
Yiyi wɔn gyina nkyɛn mmaako mmaako te sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,
Na hyira wɔn so ma ɛda a wɔbɛku wɔn no.*
Wɔn a wɔte so no bɔne nti,
Mmoa ne nnomaa nyinaa ayera.
Na wɔka sɛ: “Ɔrenhunu deɛ ɛbɛto yɛn.”
5 Wɔn a wɔnam fam mpo na wo ne wɔn retu mmirika a woabrɛ yi,
Ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne apɔnkɔ atu mmirika?+
Asomdwoeɛ asaase so mpo na ɛyɛ wo sɛ wowɔ akokoɔduro yi,
Ɛnneɛ wokɔfa Yordan kwaebirentuo mu a, deɛn na wobɛyɛ?
Wɔteam dendeenden gu wo so.
Sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wo mpo a,
Nnye wɔn nni.
7 “Magya me fie hɔ;+ mapo m’agyapadeɛ.+
Mede deɛ medɔ no paa no* ahyɛ n’atamfo nsa.+
8 M’agyapadeɛ abɛyɛ sɛ kwaeɛ mu gyata wɔ me so.
Wabobom agu me so.
Ɛno nti metan no.
Wuram mmoa nyinaa, mommra, mommɛhyia;
Mommra mmɛdidi.+
Wɔama m’asaase, me kyɛfa no, adane serɛ pradadaa.
11 Me kyɛfa no adane amamfo.
Wɔama asaase no nyinaa adane amamfo,
Nanso ɛmfa obiara ho.+
12 Asɛefoɔ aba serɛ so akwan* no nyinaa so,
Ɛfiri sɛ Yehowa sekan resɛe adeɛ afiri asaase no ano akɔsi ano nohoa.+
Asomdwoeɛ biara nni hɔ mma obiara.*
13 Wɔduaa hwiit, nanso wɔatwa nkasɛɛ.+
Wɔabrɛ wɔn ho ayɛ adwuma, nanso wɔannya so mfasoɔ biara.
Wɔn ani bɛwu wɔn nnɔbaeɛ ho,
Yehowa abufuhyeɛ nti.”
14 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnipa abɔnefoɔ a wɔte bɛn me a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede ama me man Israel sɛ wɔmfa no nyinaa,+ meretutu wɔn ase afiri wɔn asaase so,+ na Yuda fie nso, mɛtu wɔn ase afiri wɔn mu. 15 Nanso sɛ metu wɔn ase wie a, mɛsan ahu wɔn mmɔbɔ, na masan de obiara aba n’agyapadeɛ ne n’asaase so.”
16 “Na sɛ wɔsua me man akwan yie, na wɔde me din ka ntam sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man maa wɔkaa Baal ntam no a, ɛnneɛ wɔbɛnya tenabea wɔ me man mu. 17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ me nso mɛtutu saa ɔman no ase; mɛtutu aseɛ na masɛe no,” Yehowa na aka.+
13 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nie: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ,* na fa bɔ w’asene, nanso mfa mmɔ nsuo mu.” 2 Ɛnna mekɔtɔɔ abɔsoɔ* no sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na mede bɔɔ m’asene. 3 Na Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: 4 “Fa abɔsoɔ* a wotɔeɛ a ɛbɔ wo no, na sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔpɛ tokuro bi wɔ ɔbotan mu fa sie mu.” 5 Enti mekɔe, na mede kɔsiee Eufrate ho sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ me no.
6 Na nna pii akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔfa abɔsoɔ* a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra.” 7 Ɛnna mekɔɔ Eufrate ho, na mekɔtuu abɔsoɔ* no firii baabi a mede kɔsieeɛ no, na mehuu sɛ abɔsoɔ* no asɛe a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yie.
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.+ 10 Ɔman bɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie m’asɛm,+ ɔman a wɔyɛ asoɔden di wɔn akoma akyi,+ na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔsom wɔn, na wɔkoto wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ abɔsoɔ* a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yie yi.’ 11 ‘Sɛdeɛ onipa bɔ abɔsoɔ* ma ɛfam ne sisi no, saa ara na mede Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa fam me ho,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ me man,+ ne me din*+ ne m’ayeyie ne m’ahoɔfɛ; nanso wɔantie.’+
12 “Na ka asɛm yi nso kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Ahina biara, nsã na wɔde hyɛ no ma.”’ Na wɔn nso bɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn deɛ yɛnnim sɛ nsã na wɔde hyɛ ahina biara ma anaa?’ 13 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, asaase yi sofoɔ nyinaa ne ahemfo a wɔte Dawid adwa so ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, mɛma wɔabobo sram.+ 14 Na mede agyanom ne mma nyinaa tiri bɛhwehwe mu,” Yehowa na aka.+ “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛho, na merenhu mmɔbɔ; biribiara nni hɔ a ɛbɛsi me kwan a ɛremma mensɛe wɔn.”’+
15 Montie na monyɛ aso.
Monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ Yehowa akasa.
16 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn animuonyam
Ansa na wama esum aba,
Ansa na moasunti wɔ mmepɔ so berɛ a adeɛ reyɛ asã.
18 Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa* sɛ,+ ‘Montena fam,
Ɛfiri sɛ mo ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ no bɛfiri mo tiri atɔ fam.’
19 Wɔatoto anaafoɔ nkuro no mu,* na obiara nni hɔ a ɔbɛbue.
Wɔasoa Yudafoɔ nyinaa kɔ. Wɔatu wɔn nyinaa ase kɔ.+
20 Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.+
Nnwankuo a wɔde maa wo no, wo nnwan fɛfɛɛfɛ no, ɛhe na wɔwɔ?+
Anka awoɔ mu yea* remma wo so te sɛ ɔbaa a ɔrewo anaa?+
22 Na sɛ wobisa wɔ w’akomam sɛ, ‘Adɛn nti na wei nyinaa aba me so?’+ a,
Hunu sɛ, wo bɔne so; ɛno nti na wɔapa wo ho ntoma+
Na wo nantin yɛ wo ya paa no.
23 Kusni* bɛtumi asesa ne honam anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsensaneeɛ anaa?+
Ɛnneɛ anka mo nso mobɛtumi ayɛ papa,
Mo a wɔde bɔne atete mo.
25 Wo kyɛfa nie, wo kyɛfa a masusu ama wo,” Yehowa na aka,
“Ɛfiri sɛ wo werɛ afi me,+ na nkontompo na wode wo ho ato so.+
26 Enti mɛpagya wo ntoma akata w’anim,
Na nkurɔfoɔ ahunu w’animguaseɛ,+
27 W’awaresɛeɛ,+ w’akɔnnɔ bɔne a ɛte sɛ pɔnkɔ a ɔresu apɛ barima ama no aforo no,
Ne wo tuutuusie tantan* no.
Nkokoɔ so, ne wuram nyinaa,+
Mahunu wo suban tantan no.
O Yerusalem, asɛm ato wo!
Wobɛtena ɔbra fĩ* yi mu akɔsi da bɛn?”+
14 Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn nie. Ɛfa nsuo a antɔ no ho:+
2 Yuda redi awerɛhoɔ,+ na n’apono agogo.
Apono no ayɛ basaa, na atutu agu fam,
Na wɔte nteamu firi Yerusalem.
3 Wɔn mu atitire somaa wɔn nkoa* sɛ wɔnkɔ nsuo mmra.
Wɔkɔɔ nsubɔn* mu, nanso wɔannya nsuo.
Wɔde wɔn nhina san baa kwa.
Wɔn ani awu, wɔn nsa asi fam,
Na wɔakatakata wɔn ti.
5 Wansane a ɔwɔ wuram mpo agya ne mma a wawo wɔn foforɔ hɔ,
Ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
6 Ɛserɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo no so.
Wɔtwe mframa sɛ sakraman;
Nwura a wɔnnya nti, wɔn ani nhunu adeɛ yie.+
Ɛfiri sɛ yɛn mmarato adɔɔso,+
Na wo na yɛayɛ wo bɔne.
8 O Israel anidasoɔ ne n’amanehunu berɛ mu Ɔgyefoɔ,+
Adɛn nti na woayɛ sɛ hɔhoɔ wɔ asaase yi so,
Na woayɛ sɛ kwantuni a ɔsoɛ baabi anadwo?
9 Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔbarima a ne ho adwiri no,
Na woayɛ sɛ ɔsabarima a ɔntumi nnye ne man yi?
Nto yɛn ntwene.
10 Deɛ Yehowa aka afa ɔman yi ho nie: “Wɔpɛ akyinkyinakyinkyini;+ wɔn nan ntumi nnyina faako.+ Ɛno nti Yehowa ani nnye wɔn ho bio.+ Afei deɛ, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, na wama wɔabu wɔn bɔne ho akonta.”+
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmɔ mpaeɛ nsrɛ adepa mma ɔman yi.+ 12 Sɛ wɔyɛ akɔnkyene* a, merentie wɔn sufrɛ;+ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ a, m’ani rennye ho,+ na sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* na mede bɛyi wɔn afiri hɔ.”+
13 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, adiyifoɔ no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhunu sekan, na ɛkɔm renka mo; na mɛma moanya asomdwoeɛ paa wɔ ha.’”+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na adiyifoɔ no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+ 15 Ɛno nti, adiyifoɔ a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ sekan anaa ɛkɔm biara remma asaase yi so no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie: ‘Sekan ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum saa adiyifoɔ no.+ 16 Na nkurɔfoɔ a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛto wɔn agu Yerusalem mmɔnten so ɛsiane ɛkɔm ne sekan no nti. Na obiara rensie wɔn,+ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nyinaa. Na mɛhwie mmusuo a ɛfata wɔn agu wɔn so.’+
17 “Asɛm a ka kyerɛ wɔn nie,
‘Ma nisuo ntene mfa m’ani ase waawaa awia ne anadwo, na mma no nnnyae,+
Ɛfiri sɛ me man babaa, ɔbaabunu no, ahwe ase birim ama wabubu pasaa,+
Na wapira pira bɔne.
Meba kuro mu nso a,
Mehu nyarewa a ɛkɔm no akɔfa aba!+
Ɛfiri sɛ adiyifoɔ ne asɔfoɔ nyinaa akɔkyinkyini asaase a wɔnnim soɔ so.’”+
19 Enti woapo Yuda koraa? Anaa wokyiri* Sion?+
Adɛn nti na woabɔ yɛn apira yɛn na yɛnnya ayaresa yi?+
Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nanso adepa biara amma;
Yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso adeɛ a ɛyɛ hu na aba!+
20 O Yehowa, yɛagye yɛn bɔne atom,
Mfomsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ no nso, yɛagye atom,
Ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne.+
Kae, na mmu apam a wo ne yɛn ayɛ no so.+
22 Amanaman no abosonhunu no bi bɛtumi ama nsuo atɔ anaa?
Ɔsoro mpo, ɛno ankasa bɛtumi ama nsuo atɔ anaa?
O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo nko ara na wobɛtumi ayɛ weinom?+
Wo na yɛde yɛn ani ato wo so,
Ɛfiri sɛ wo nko ara na woayɛ weinom nyinaa.
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a,+ merenhu ɔman yi mmɔbɔ.* Pamo wɔn firi m’anim. Ma wɔnkɔ. 2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkɔ?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:
“Deɛ ɔfata owuyareɛ no, ɔnkɔ mma owuyareɛ nku no!
Deɛ ɔfata sekan no, ɔnkɔ mma sekan nku no!+
Deɛ ɔfata ɛkɔm no, ɔnkɔ mma ɛkɔm nku no!
Na deɛ ɔfata sɛ wɔkye no kɔ no, wɔnkye no nkɔ!”’+
3 “‘Mmusuo nnan* na mede bɛba wɔn so,’+ Yehowa asɛm nie, ‘sekan a ɛbɛkunkum wɔn, nkraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, ne ewiem nnomaa ne asaase so mmoa a wɔbɛdi wɔn nam na wɔasɛe wɔn.+ 4 Na deɛ Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛɛ wɔ Yerusalem nti,+ mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahennie nyinaa.+
5 Hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, O Yerusalem?
Hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?
Na hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?’
6 ‘Woafiri m’akyi,’ Yehowa asɛm nie.+
‘Wokɔ so ara dane w’akyi kyerɛ me.*+
Enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.+
Mahu wo mmɔbɔ ara, afei deɛ mabrɛ.
7 Mɛhu* wɔn so wɔ asaase no apono ano sɛdeɛ wɔhu ayuo* so no.
Mɛkunkum wɔn mma.+
Mɛsɛe me man,
Ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn akwan.+
8 Wɔn akunafoɔ bɛdɔɔso wɔ m’anim asene mpoano anwea.
Mɛma ɔsɛefoɔ aba wɔn so awia ketee, na ɔbɛba abaatan ne mmeranteɛ so.
Mede ahoyera ne ehu bɛba wɔn so mpofirim.
Adeɛ nnya nsae, nanso n’awia akɔtɔ;
Ɛde animguaseɛ ne fɛreɛ aba.’*
‘Na wɔn mu kakra a aka no,
Mede wɔn bɛma sekan wɔ wɔn atamfo anim,’ Yehowa na aka.”+
10 O me maame, adɛn koraa na wowoo me?+
Mayɛ onipa a asaase no nyinaa ne me reham na wɔne me retwe manso.
Obiara mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso menkɔgyee obiara hɔ bosea;
Nanso obiara redome me.
11 Yehowa kaa sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛdi aboa wo;
Sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛtwitwa agye wo wɔ ɔhaw berɛ mu,
Na mɛgye wo afiri atamfo nsam wɔ amanehunu berɛ mu.
12 Obi bɛtumi abubu dadeɛ mu asinasini anaa?
Ɔbɛtumi abubu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, ne kɔbere mu asinasini anaa?
13 Mɛma nkurɔfoɔ afom wo ho nneɛma ne w’agyapadeɛ;+
Mede bɛma wɔn kwa, wo bɔne nyinaa a woayɛ wɔ wo nsaase nyinaa so nti.
Ɛfiri sɛ m’abufuo asɔ gya,
Na ɛredɛre gu mo so.”+
15 O Yehowa, wo ara wonim.
Kae me, na twa w’ani bɛhwɛ me.
Tua wɔn a wɔretan m’ani no ka ma me.+
Mma mennyera* ɛsiane sɛ wo bo mfu ntɛm nti.
Hunu sɛ wo nti na animguaseɛ yi aba me so.+
Na w’asɛm maa medii ahurisie nyaa anigyeɛ wɔ m’akoma mu,
Ɛfiri sɛ wo din da me so, O Yehowa, asafo Nyankopɔn.
17 Wɔn a wɔregye wɔn ani no, ɛnyɛ adeɛ a metena wɔn mu di ahurisie.+
18 Adɛn nti na yea a medie no nkɔ da, na m’akuro nni aduro yi?
Wɔsa a ɛnsa.
Wobɛyɛ sɛ nsutene daadaafoɔ
A ɛdi hwammɔ ama me anaa?
19 Enti deɛ Yehowa aka nie:
“Sɛ wosan ba a, ɛnneɛ mɛgye wo bio,
Na wobɛgyina m’anim.
Sɛ woyiyi nneɛma a ɛsom bo firi nneɛma hunu mu a,
Wobɛyɛ te sɛ me ara m’ano.*
Wɔn na wɔbɛsan aba wo nkyɛn,
Na ɛnyɛ wo na wobɛsan akɔ wɔn nkyɛn.”
20 “Mɛma woadane kɔbere afasuo a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi.+
Ko deɛ, wɔne wo bɛko,
Ɛfiri sɛ medi w’akyi, mɛgye wo, na mayi wo,” Yehowa na aka.
21 “Mɛgye wo afiri abɔnefoɔ nsam,
Na mɛyi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”
16 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 2 “Nware,* na nnwo mma mmarima ne mma mmaa wɔ ha. 3 Ɛfiri sɛ mma mmarima ne mma mmaa a wɔwo wɔn wɔ ha, ne wɔn maamenom a wɔwo wɔn, ne wɔn papanom a wɔma wɔwo wɔn wɔ asaase yi so no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie: 4 ‘Owuyareɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.’
‘Ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so,’ Yehowa asɛm nie,
‘Na me dɔ a ɛnni hwammɔ ne me mmɔborɔhunu nso,+ mayi afiri wɔn so.
6 Nnipa atitire ne wɔn a wɔba fam nyinaa bɛwuwu asaase yi so.
Wɔrensie wɔn,
Obiara rensu wɔn,
Obiara remfa adeɛ ntwitwa ne ho mma wɔn, na obiara nso renyi ne tiri ho kwabokwabo mma wɔn.*
7 Obiara remma wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no aduane sɛ
Wɔde rekyekye wɔn werɛ wɔ wɔn nkurɔfoɔ a wɔawuwuo no ho;
Na obiara remma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa sɛ
Wɔnnom wɔ wɔn papa anaa wɔn maame wuo ho.
8 Nkɔ apontoɔ fie ne wɔn
Nkɔtena ase nnnidi nnnom.’
9 “Ɛfiri sɛ deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mɛma ahurisie ne ahosɛpɛ nne, ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne agyae+ wɔ ha, wɔ mo ani so, wɔ mo berɛ so.’
10 “Sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi a, wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa aka mmusuo akɛseɛ yi nyinaa agu yɛn so? Mfomsoɔ bɛn na yɛadi, na bɔne bɛn na yɛayɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn?’+ 11 Wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Ɛfiri sɛ mo agyanom gyaa me hɔ,”+ Yehowa asɛm nie, “na wɔkɔɔ so dii anyame foforɔ akyi som wɔn, na wɔkotoo wɔn.+ Nanso me deɛ, wɔgyaa me hɔ, na wɔanni me mmara so.+ 12 Mo deɛ, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom deɛ koraa,+ na mo mu biara yɛ asoɔden di n’akoma bɔne akyi, na ɔntie me.+ 13 Enti mɛto mo afiri asaase yi so akɔ asaase a mo ne mo agyanom nnim soɔ so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo,+ ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’
14 “‘Nanso nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔrenka bio sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so baeɛ no te ase yi!”+ 15 Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel firii atifi fam asaase so, ne nsaase a ɔbɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so baeɛ no te ase yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asaase so, asaase a mede maa wɔn agyanom no.’+
Ɛno akyi no, mɛsoma ama wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba,
Wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so akye wɔn,
Na wɔbɛhwehwɛ wɔn wɔ ntokuro a ɛwɔ abotan mu no mu akye wɔn.
17 Ɛfiri sɛ m’ani hunu deɛ wɔyɛ nyinaa.*
Ɛnhinta me,
Na wɔn bɔne nso, ɛso nkataa wɔ m’anim.
18 Mɛdi kan atua wɔn bɔne ne wɔn amumuyɛ nyinaa so ka,+
Ɛfiri sɛ wɔde wɔn ahoni tantan a nkwa biara nnim* no agu m’asaase ho fĩ.
Na wɔde wɔn akyiwadeɛ no ahyɛ m’agyapadeɛ ma.’”+
19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛseɛ,
M’amanehunu berɛ mu dwankɔbea,+
Wo nkyɛn na amanaman no bɛfiri asaase ano aba,
Na wɔbɛka sɛ: “Atorɔ nko ara na yɛn agyanom bɛtoeɛ,
Adehunu ne nneɛma a mfasoɔ biara nni so+ na wɔbɛtoeɛ.”
17 “Wɔde dadeɛ twerɛdua atwerɛ Yuda bɔne no ato hɔ.
Wɔde dɛnkyɛmmoɔ twerɛdua atwerɛ* agu wɔn akoma pono so
Ne wɔn afɔrebukyia mmɛn ho.
2 Wɔn mma mpo kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosonnua*+
A ɛwɔ dua kusuu ase ne nkokoɔ atenten so,+
3 Ne mmepɔ a ɛwɔ wuram so no.
Mɛma nkurɔfoɔ afom w’ahodeɛ ne w’agyapadeɛ nyinaa.+
Aane, wo sorɔnsorɔmmea* nso wɔbɛfom, ɛsiane bɔne a akɔ so wɔ wo nsaase nyinaa so nti.+
4 W’agyapadeɛ a mede maa wo no, wo ara wobɛma afiri wo nsa.+
Ɛbɛdɛre afebɔɔ.”
5 Deɛ Yehowa aka nie:
“Nnome nka ɔbarima* a ɔde ne ho to onipa dasani so,+
Deɛ ɔde ne ho to nnipa ahoɔden so,*+
Na n’akoma amane afiri Yehowa ho.
6 Ɔbɛyɛ sɛ dua korɔ a ɛsi serɛ so.
Sɛ berɛ pa ba a, ɔrenhunu,
Mmom ɔbɛtena serɛ so asaase wesee so,
Ne nkyene asaase a obiara ntumi ntena soɔ so.
8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuo nkyɛn,
A ne nhini tenetene kɔ nsuo no ho.
Sɛ ɛhyew ba a, ɔrenhunu,
Na n’ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm daa.+
Afe a ɛpɛ bɛsi nso, ɔrensuro,
Na ɔrennyae abasoɔ da.
9 Akoma yɛ daadaafoɔ* sene biribiara, na ne ho yɛ ahomete.*+
Hwan na ɔbɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ mu?
10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ akoma mu,+
Na mepɛɛpɛɛ onipa tirim adwene* mu,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan
Ne ne nnwuma teɛ.+
Ɛbɛfiri ne nsa wɔ ne nkwa nna mfimfini,
Na awieeɛ no, obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ kwasea.”
13 O Yehowa, Israel anidasoɔ,
Wɔn a wɔgya wo hɔ nyinaa ani bɛwu.
Wɔn a wɔwae firi wo ho* no, wɔbɛyɛ sɛ biribi a wɔatwerɛ wɔ mfuturo mu,+
Ɛfiri sɛ Yehowa a ɔyɛ nkwa nsutire no, wɔagya no hɔ.+
14 O Yehowa, sa me yareɛ, na me ho bɛtɔ me.
Gye me, na mɛnya nkwa,+
Ɛfiri sɛ wo na meyi wo ayɛ.
15 Hwɛ! Ebinom ka kyerɛ me sɛ:
“Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+
Ma ɛmmra ɛ!”
16 Nanso me deɛ, mansan amfiri w’akyi; mekɔɔ so dii w’akyi sɛ odwanhwɛfoɔ,
Na manhwɛ amanehunu da nso kwan.
Deɛ m’ano aka nyinaa wonim no yie;
Mekaa ne nyinaa wɔ w’anim!
17 Mma ehu nnka me.
Wone me dwankɔbea wɔ amanehunu da mu.
Ma ehu nka wɔn,
Na me deɛ, mma ehu nnka me.
19 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nie: “Kɔ na kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo fa mu kɔ ba no mu, ne Yerusalem kuro apono nyinaa mu.+ 20 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo a mofa apono yi mu nyinaa: Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa. 21 Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ mo ho* yie, na monnsoa nneɛma biara Homeda, na mommfa mmfa Yerusalem kuro apono mu mmma mu.+ 22 Mommfa nneɛma biara mmpue mmfiri mo fie Homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Monte Homeda no ho sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo agyanom sɛ wɔnyɛ no.+ 23 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso. Wɔyɛɛ asoɔden;* wɔantie na wɔannye ntenesoɔ.”’+
24 “‘“Sɛ motie me wɔ biribiara mu,” Yehowa asɛm nie, “na sɛ moamfa nneɛma biara amfa kuro yi apono mu Homeda, na mote Homeda no ho, na moanyɛ adwuma biara saa da no a,+ 25 ɛnneɛ ahemfo ne adehyeɛ a wɔte Dawid ahennwa so+ nso bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so afa kuro yi apono mu, wɔne wɔn adehyeɛ, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ;+ na nnipa bɛtena kuro yi mu afebɔɔ. 26 Na nkurɔfoɔ bɛfiri Yuda nkuro ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem ne Benyamin asaase so+ ne mmepɔ ase+ ne mmepɔ so ne Negeb* aba. Wɔde ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne afɔreɛ ahodoɔ+ ne aduane afɔreɛ+ ne ɛhyɛ* ne aseda afɔreɛ bɛba Yehowa fie.+
27 “‘“Na sɛ moantie me ante Homeda no ho, na mosoa nneɛma na mode bɛfa Yerusalem kuro apono mu Homeda a, ɛnneɛ me nso mede gya bɛto n’apono mu, na ɛbɛhye Yerusalem aban a ɛyɛ den no,+ na ɛrennum.”’”+
18 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Sɔre na siane kɔ ɔnwemfoɔ+ fie, na ɛhɔ na mɛma woate me nsɛm.”
3 Enti mesiane kɔɔ ɔnwemfoɔ fie, na na ɔreyɛ adwuma wɔ ɔnwemfoɔ afidie so. 4 Nanso kukuo* a na ɔnwemfoɔ no de dɔteɛ reyɛ no sɛee wɔ ne nsam. Enti ɔnwemfoɔ no san de dɔteɛ no yɛɛ kukuo* foforɔ sɛdeɛ ɔpɛ.*
5 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 6 “‘O Israel fie, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwemfoɔ yi ayɛ yi anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Hwɛ! sɛdeɛ dɔteɛ te wɔ ɔnwemfoɔ nsam no, saa ara na mo nso moteɛ wɔ me nsam, O Israel fie.+ 7 Berɛ biara a mɛka sɛ mɛtutu ɔman anaa ahennie bi ase na madwiri agu asɛe no no,+ 8 sɛ saa ɔman no gyae ne bɔne a mekasa tiaeɛ no a, me nso, mmusuo a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 9 Na berɛ biara nso a mɛka sɛ mɛkyekyere ɔman bi anaa mɛhyehyɛ ahennie bi no, 10 sɛ wɔyɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔantie m’asɛm a, adepa a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no, mɛsesa m’adwene.’*
11 “Enti mepa wo kyɛw, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa mmusuo bi ano* aba mo so, na mabɔ pɔ bi atia mo. Mesrɛ mo, montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho, na monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie.”’”+
12 Nanso wɔkaa sɛ: “Ɛho nhia!+ Ɛfiri sɛ deɛ yɛn adwene yɛ yɛn na yɛbɛyɛ,* na obiara bɛyɛ asoɔden ayɛ deɛ n’akoma pɛ.”+
13 Enti deɛ Yehowa aka nie:
“Mesrɛ mo, mo ara monkɔbisa wɔ amanaman no mu.
Hwan na ate saa adeɛ yi bi pɛn?
Israel ɔbaabunu no abɔ mmusuo.+
14 Sukyerɛmma bɛtumi asã wɔ Lebanon mmepɔ so abotan so anaa?
Na nsuo a ɛyɛ nwunu a ɛretene firi akyirikyiri bɛtumi awe anaa?
Ɛfiri sɛ wɔbɔ afɔreɛ* ma adeɛ a mfasoɔ nni so,+
Na wɔma nnipa sunti wɔ wɔn akwan mu, tete akwan no so,+
Na wɔma wɔfa mfikyikwan a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka so,*
Obi biara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wawoso ne ti.+
17 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa, na mabɔ wɔn ahwete atamfo anim.
Wɔn amanehunu da no, mede m’akyi na ɛbɛkyerɛ wɔn, na ɛnyɛ m’anim.”+
18 Na wɔkaa sɛ: “Mommra, momma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔ,+ ɛfiri sɛ mmara* renyera mfiri yɛn asɔfoɔ nkyɛn, na afotuo remfiri anyansafoɔ nsam, na asɛm rempa adiyifoɔ anom. Mommra, momma yɛnkasa ntia no,* na mommma yɛnntie deɛ ɔreka no.”
19 O Yehowa, yɛ aso ma me,
Na tie deɛ m’atamfo rekeka no.
20 Bɔne na yɛde tua papa ka anaa?
Nanso wɔatu amena ama me nkwa.*+
Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim kaa asɛmpa faa wɔn ho
Sɛ dane w’abufuo firi wɔn so no.
Ma wɔn yerenom mma nwuwu, na wɔnyɛ akunafoɔ nso.+
Ma owuyareɛ nkunkum wɔn mmarima,
Na wɔmfa sekan nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɛko mu.+
22 Ma akorɔmfo-werɛmfoɔ mmra wɔn so mpofirim
Na wɔnte esu wɔ wɔn afie mu.
Ɛfiri sɛ wɔatu amena de repɛ me ayi me,
Na wɔasunsum mfidie ama me nan.+
Nkata wɔn bɔne so,
Na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim.
19 Deɛ Yehowa kaeɛ nie: “Kɔ na kɔtɔ ahina firi ɔnwemfoɔ+ hɔ. Fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na pue kɔ Hinom Ba Bɔn+ a ɛwɔ Kyɛmferɛ* Pono ano no mu. Ɛhɔ na ka nsɛm a mɛka akyerɛ wo no. 3 Ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie:
“‘“Mede mmusuo reba ha, na obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn. 4 Ɛfiri sɛ wɔagya me hɔ,+ na wɔasesa ha yi koraa.+ Wɔbɔ afɔreɛ wɔ ha ma anyame foforɔ, anyame a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nnim wɔn, na wɔde wɔn a wɔdi bem mogya ahyɛ ha ma.+ 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma wɔ gya mu de wɔn abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Baal.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, menkaa biribiara saa nkyerɛɛ wɔn, na ɛmmaa m’akomam mpo da.”’*+
6 “‘“Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔremfrɛ ha yi Tofet anaa Hinom Ba Bɔn bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bɔn.+ 7 Na mɛma pɔ a Yuda ne Yerusalem abɔ ayɛ kwa wɔ ha, na mɛma wɔatotɔ sekan ano wɔ wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no anim. Na mede wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.+ 8 Na mɛma kuro yi ayɛ biribi a ɛyɛ hu, biribi a nkurɔfoɔ bɛdi ho fɛ.* Obi biara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wadi ne ho fɛ,* mmusuo a ɛbɛba ne so no nyinaa nti.+ 9 Na mɛma wɔawe wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nam, na obiara bɛwe ne yɔnko nam, ɛfiri sɛ wɔbɛka wɔn ahyɛ kuro no mu, na wɔn atamfo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no bɛhyɛ wɔn so ama wɔn ho ayera wɔn.”’+
10 “Afei bɔ ahina no wɔ mmarima a wo ne wɔn kɔeɛ no anim, 11 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Sei na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Mɛbɔ wɔn te sɛ deɛ obi bɔ ɔnwemfoɔ ahina a wɔntumi nyɛ no yie bio no; na wɔbɛsie wɔn a wɔawuwuo no wɔ Tofet akɔsi sɛ ɛhɔ bɛyɛ ma a wɔrennya baabi nsie obiara bio.”’+
12 “‘Saa na mɛyɛ ha yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘ne wɔn a wɔtete ha no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a kuro yi bɛyɛ sɛ Tofet. 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie ho bɛgu fĩ te sɛ ɛha yi, Tofet,+ aane, ɛdan biara a wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa ɔsoro asafo nyinaa+ na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ no.’”+
14 Berɛ a Yeremia firii Tofet, baabi a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm no baeɛ no, ɔkɔgyinaa Yehowa fie adihɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: 15 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo a maka atia kuro yi nyinaa reba kuro yi ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ asoɔden* na wɔantie m’asɛm.’”+
20 Berɛ a Yeremia rehyɛ nkɔm yi nyinaa no, na Imer ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Yehowa fie so otitire no retie. 2 Ɛnna Pasur bɔɔ odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Pono a Ɛwɔ Soro wɔ Yehowa fie no mu. 3 Na berɛ a adeɛ kyeeɛ a Pasur yii Yeremia firii dua no mu no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ:
“Yehowa remfrɛ wo Pasur bio, na mmom wato wo din Ehu Wɔ Baabiara.+ 4 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛma wo ne wo nnamfo nyinaa abɔ hu ɛsiane deɛ ɛbɛto wo no nti, na wɔbɛwuwu wɔ wɔn atamfo sekan ano ama wode w’ani ahunu;+ na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛtu wɔn ase akɔ Babilon, na ɔde sekan akunkum wɔn.+ 5 Na mede kuro yi mu ahonyadeɛ nyinaa, ne emu nneɛma a wɔabrɛ anya nyinaa, ne emu nneɛma a ɛsom bo nyinaa, ne Yuda ahemfo agyapadeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfo.+ Wɔbɛgye afiri wɔn nsam na wɔafom de akɔ Babilon.+ 6 Na wo Pasur, wɔbɛkye wo ne wo fiefoɔ nyinaa akɔ. Wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wobɛwuo, na ɛhɔ na wɔbɛsie wo ne wo nnamfo nyinaa, ɛfiri sɛ woahyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ akyerɛ wɔn.’”+
7 O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me.
Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+
Daa nkurɔfoɔ sere me;
Obiara di me ho fɛ.+
8 Sɛ mekasa biara a, mede to dwa, na meteam ka sɛ,
“Awudisɛm ne ɔsɛeɛ!”
Yehowa asɛm nti, daa nkurɔfoɔ didii me atɛm na wɔseree me.+
Nanso n’asɛm yɛɛ sɛ egya wɔ m’akoma mu. Ɛyɛɛ sɛ egya a ɛredɛre a wɔato mu wɔ me nnompe mu;
Ɛhyehyee me boroo so,
Na mantumi anka m’ano antom.+
Wɔkaa sɛ: “Montwa no adapaa; momma yɛntwa no adapaa!”
Wɔn a ɛyɛ me sɛ wɔne me te asomdwoeɛ mu mpo pɛ sɛ asɛm to me.+
Wɔkaa sɛ: “Ebia ɔbɛdi nkwaseasɛm,
Na yɛbɛnya no ayɛ no bi atua ka.”
11 Nanso Yehowa gyinaa m’akyi sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu.+
Ɛno nti wɔn a wɔtan m’ani no bɛsunti, na wɔrennyina.+
Wɔn ani bɛwu pɔtɔɔ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie.
Wɔn aniwuo no rentwam da, na obiara werɛ remfi.+
12 Na wo, asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔteneneeni mu;
13 Monto dwom mma Yehowa! Monyi Yehowa ayɛ!
Na wagye mmɔborɔwa* afiri abɔnefoɔ nsam.
14 Nnome nka da a wɔwoo me!
Mma ɛda a me maame woo me no nnnya nhyira!+
15 Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ:
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
A ɛno nti ɔdii ahurisie no.
16 Ma saa ɔbarima no nyɛ sɛ nkuro a Yehowa sɛee no a anyɛ No ya no.
Ma ɔnte nkekamu anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte dede a ɛyɛ hu.
17 Adɛn nti na wanku me prɛko wɔ yafunu mu,
Na me maame yam anyɛ m’asieeɛ,
Na ne nyinsɛn anka ne yam?+
18 Adɛn nti koraa na mefiri yafunu mu baeɛ
Sɛ merebɛhunu amane na madi awerɛhoɔ,
Na me nna aba awieeɛ animguaseɛ mu?+
21 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfoɔ Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yɛnhunu deɛ ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwanwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafiri yɛn so akɔ.”+
3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4 ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meredane akodeɛ a ɛwɔ mo ara mo nsam no aba mo so, akodeɛ a mode reko atia Babilon hene+ ne Kaldeafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi a wɔaka mo ahyɛ kuro no mu no. Na mɛboaboa akodeɛ no* ano aba kuro yi mfimfini. 5 Na me ara mede nsa a emu atene, ne basa a ɛyɛ den, ne abufuo, ne abufuhyeɛ, ne aniberɛ kɛseɛ bɛko atia mo.+ 6 Mɛkunkum kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede nsanyareɛ a ɛdi awuo* paa na ɛbɛkunkum wɔn.”’+
7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfoɔ no, ne kuro yi mu nnipa a nsanyareɛ a ɛdi awuo ne sekan ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+
8 “Na nkurɔfoɔ yi deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan resi mo anim. 9 Wɔn a wɔbɛtena kuro yi mu no, sekan ne ɛkɔm ne owuyareɛ na ɛbɛkunkum wɔn. Na obiara a ɔbɛpue de ne ho akɔma Kaldeafoɔ a wɔaka mo ahyɛ mo kuro no mu no renwu, na ɔbɛnya ne nkwa* sɛ asadeɛ.”’*+
10 “‘“Mede m’ani asi kuro yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusuo,”+ Yehowa asɛm nie. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde gya ahye.”+
11 “‘Yuda hene fiefoɔ nso, montie Yehowa asɛm. 12 O Dawid fie, deɛ Yehowa aka nie:
“Anɔpa biara mommu atɛntenenee,
Na deɛ wɔresisi no no, monnye no mfiri osisifoɔ nsam,+
Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,+
M’abufuo bɛdɛre sɛ egya,+
Na ɛbɛhye a obiara rentumi nnum no.”’
‘Na mo a moka sɛ: “Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn so?
Na hwan na ɔbɛba yɛn atenaeɛ abɛto ahyɛ yɛn so?” no deɛ,
‘Na mede egya bɛto ne kwaeɛ mu,
Na ɛbɛhye nneɛma a atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+
22 Deɛ Yehowa aka nie: “Siane kɔ Yuda hene fie,* na kɔka asɛm yi. 2 Ka sɛ, ‘O Yuda hene a wote Dawid ahennwa so, tie Yehowa asɛm, wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ a wɔfa apono yi mu no. 3 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee, na monyɛ adetenenee. Monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam. Monnteetee ɔhɔhoɔ biara, na monnyɛ agyanka anaa okunafoɔ biara bɔne.+ Na monnhwie mogya a ɛdi bem biara nngu wɔ ha.+ 4 Sɛ mohwɛ di asɛm yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔbɛtena Dawid ahennwa so,+ ne wɔn nkoa, ne wɔn manfoɔ bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, na wɔbɛfa efie yi apono mu.”’+
5 “‘Na sɛ moantie asɛm yi a,’ Yehowa asɛm nie, ‘meka me ho ntam sɛ efie yi bɛsɛe pasaa.’+
Nanso mɛma woadane ɛserɛ so;
Wo nkuro no baako mpo nni hɔ a obi bɛtena mu.+
Na wo sida nnua papa paa no, wɔbɛtwitwa agu,
Na wɔato agu gya mu.+
8 “‘Na aman pii bɛtwam wɔ kuro yi ho, na obiara bɛbisa ne yɔnko sɛ: “Adɛn nti na Yehowa ayɛ kuro kɛseɛ yi sei?”+ 9 Na wɔbɛka sɛ: “Ɛfiri sɛ wɔgyaa Yehowa, wɔn Nyankopɔn apam no too baabi, na wɔkɔkotoo anyame foforɔ, na wɔsom wɔn.”’+
10 Monnsu deɛ wawuo no,
Na mommma no nnyɛ mo mmɔbɔ.
Deɛ ɔrekɔ no mmom na monsu no paa,
Ɛfiri sɛ ɔrensan mma bio mmɛhunu asaase a wɔwoo no wɔ so no.
11 “Deɛ Yehowa aka afa Yosia ba Salum,*+ Yuda hene a ɔdii ne papa Yosia+ adeɛ a wafiri ha kɔ no ho nie: ‘Ɔrensan mma ha bio. 12 Ɛfiri sɛ baabi a wɔasoa no kɔ no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asaase yi bio.’+
13 Deɛ ɔsi ne fie, nanso ɛnyɛ tenenee so,
Na ɔsi n’aborosan nanso ɛnyɛ atɛntenenee so,
Na ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa
A ɔmfa n’akatua mma no no, nnome nka no.+
14 Ɔno na ɔka sɛ, ‘Mɛsi fie a emu so
A ɛwɔ aborosan adan akɛseɛ.
Mɛsisi mpomma wɔ mu,
Na mede sida nnua bɛsam mu, na mede adukɔkɔɔ aka mu.’
15 Wode sida nnua pii yɛ adwuma sene obiara, enti ɛyɛ wo sɛ wobɛkɔ so adi hene anaa?
16 Ɔdii mmɔborɔwa ne ohiani asɛm maa wɔn.
Ɛno nti biribiara kɔɔ yie.
‘Ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?’ Yehowa asɛm nie.
17 ‘Na wo deɛ, adeɛ a w’ani ne w’akoma di akyire ara ne sɛ wobɛnya mfaso bɔne,
Na woahwie nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya agu,
Na woasisi nkurɔfoɔ abɔ wɔn apoo.’
“O me nuabarima! O me nuabaa!”
Wɔrensu no nka sɛ:
“O yɛn wura! O otumfoɔ!”
19 Wɔbɛsie no sɛdeɛ wɔsie afunumu,+
Wɔbɛtwe no ase, na wɔato no atwene,
Wɔbɛto no atwene Yerusalem kuro apono akyi.’+
20 Foro kɔ Lebanon na kɔsu.
Ma wo nne so wɔ Basan,
Na team firi Abarim,+
Ɛfiri sɛ wɔabubu w’adɔfoɔ a wɔnte wo ho gyae no nyinaa pasapasa.+
21 Berɛ a na wowɔ asomdwoeɛ no, mekasa kyerɛɛ wo.
Nanso wokaa sɛ, ‘Merentie.’+
Saa ara na woayɛ firi wo mmabunberɛ mu,
Na wontie me nne.+
Ɛhɔ na w’ani bɛwu ama animguaseɛ aka wo, w’amanehunu no nyinaa nti.
A woayɛ wo pirebuo wɔ sida nnua mu.+
Sɛ awoɔ mu yea* ba wo so a, wobɛpenepene paa!
Na sɛ ɛyea* ba wo so te sɛ ɔbaa a ɔrewo a, wobɛhunu amane sɛ!”+
24 “‘Berɛ a mete ase yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia,*+ yɛ ahyɛnsodeɛ kawa a ɛhyɛ me nsa nifa mpo a, anka mɛworɔ wo afiri me nsa! 25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔku wo* no nsa, ne wɔn a wosuro wɔn no, ne Babilon hene Nebukadnesar,* ne Kaldeafoɔ no nsa.+ 26 Mɛto wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔ asaase foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo wo, na ɛhɔ na mobɛwuo. 27 Na asaase a wɔn ani agyina sɛ wɔbɛsan akɔ so no,* wɔrensan mma so bio da.+
28 Saa ɔbarima Konia yi, ɔyɛ kukuo a obiara mfa nyɛ hwee a abubu pasaa anaa?
Ɔyɛ kukuo a obiara mpɛ anaa?
Adɛn nti na wɔato ɔne n’asefoɔ agu fam,
Na wɔato wɔn agu asaase a wɔnnim soɔ so yi?’+
29 O asaase, asaase, asaase, tie Yehowa asɛm.
30 Deɛ Yehowa aka nie:
‘Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm sɛ ɔnni ba,
Montwerɛ ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nkwa nna nyinaa mu,
Ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie
Ama no atena Dawid ahennwa so adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”+
23 “Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe nnwan a wɔdidi wɔ m’adidibea, na wɔbɔ wɔn hwete no nnue!” Yehowa asɛm nie.+
2 Enti deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no nie: “Moabɔ me nnwan ahwete; moabɔ wɔn apansam, na moante mo ani anhwɛ wɔn.”+
“Enti mo nneyɛɛ bɔne nti, mɛdane m’ani aba mo so,” Yehowa asɛm nie.
3 “Na mɛboaboa me nnwan a aka no ano afiri nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so+ no nyinaa so, na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔadɔɔso.+ 4 Na mede ahwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn yie bɛsisi wɔn so.+ Wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn, na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm nie.
5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bɛdi hene+ na ɔde nhunumu bɛyɛ adeɛ; ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+ 6 Ne nna mu no,* wɔbɛgye Yuda,+ na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Tenenee.”+
7 “Nanso nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔrenka bio sɛ: ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so baeɛ no te ase yi!’+ 8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔde Israel fie asefoɔ kɔɔ atifi fam asaase so ne nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so na ɔsan de wɔn baeɛ no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asaase so.”+
9 Deɛ mewɔ ka kyerɛ adiyifoɔ no nie:
M’akoma abubu wɔ me mu.
Me nnompe nyinaa rewoso.
Mayɛ sɛ obi a waboro
Ne ɔbarima a nsã aba n’ani so,
Ɛsiane Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti.
Wɔn akwan yɛ bɔne, na wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfoɔ.
11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa ho agu fĩ.*+
Mahunu wɔn amumuyɛ no bi wɔ me fie mpo,”+ Yehowa asɛm nie.
Ɛfiri sɛ mede mmusuo bɛba wɔn so
Afe a wɔbɛbu akonta no,” Yehowa na aka.
13 “Mahunu adeɛ tantaantan bi wɔ Samaria adiyifoɔ mu.+
Baal na ɔkanyan wɔn ma wɔhyɛ nkɔm,
Na wɔma me man Israel fom kwan.
14 Na mahunu biribi a ɛyɛ asefem wɔ Yerusalem adiyifoɔ mu.
Wɔsɛe awareɛ,+ na wɔnante nkontompo mu;+
Wɔhyɛ abɔnefoɔ nkuran,*
Na wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn amumuyɛ ho.
15 Enti deɛ asafo Yehowa aka atia adiyifoɔ no nie:
“Mɛma wɔadi awɔnwono,
Na mama wɔanom nsuo a awuduro wom.+
Ɛfiri sɛ ɔwaeɛ firi Yerusalem adiyifoɔ mu atrɛ kɔ asaase no nyinaa so.”
16 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+
Wɔredaadaa mo.*
Na obiara a ɔyɛ asoɔden di n’akoma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,
‘Mmusuo biara remma wo so.’+
18 Na hwan na watena Yehowa nnamfo paa nkyɛn
Ahunu n’asɛm na wate n’asɛm?
Hwan na wawɛn n’aso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛte n’asɛm?
19 Hwɛ! Yehowa ahum de abufuo bɛtu;
Ɛbɛyɛ sɛ mframa denden a ɛdi kyinhyia, na ɛbɛtwa ne ho wɔ abɔnefoɔ apampam.+
20 Yehowa abufuo rensan,
Gye sɛ wayɛ deɛ wasusu wɔ n’akomam no awie.
Awieeɛ nna no mu na mobɛte wei ase yie.
21 Mansoma adiyifoɔ no, nanso wɔtuu mmirika.
Manka hwee ankyerɛ wɔn, nanso wɔhyɛɛ nkɔm.+
22 Sɛ wɔtenaa me nnamfo paa nkyɛn a,
Anka wɔbɛma me man ate me nsɛm,
Na anka wɔbɛma wɔasan afiri wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.”+
23 “Menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn anaa?” Yehowa asɛm nie, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri nso?”
24 “Obi bɛtumi de ne ho asie hintabea bi a merenhu no anaa?”+ Yehowa asɛm nie.
“Biribi bɛtumi ahinta wɔ ɔsoro anaa asaase so a merenhu anaa?”*+ Yehowa asɛm nie.
25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu rekeka no sɛ, ‘Maso daeɛ! Maso daeɛ!’+ 26 Adwene a adiyifoɔ no wɔ sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ no, ɛbɛkɔ so wɔ wɔn akomam akɔsi da bɛn? Wɔyɛ adiyifoɔ a wɔka wɔn akomam nnaadaasɛm.+ 27 Wɔpɛ sɛ wɔde adaeɛ a wɔkeka kyerɛ wɔn ho no ma me man werɛ fi me din, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.+ 28 Odiyifoɔ a waso daeɛ no, ma no nka daeɛ no, na deɛ m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma no nka m’asɛm no nokorɛm.”
“Wohwɛ a ntɛtɛ yɔnko ne hwiit* anaa?” Yehowa asɛm nie.
29 “M’asɛm nte sɛ gya anaa,”+ Yehowa asɛm nie, “ɛnte sɛ hamma* a ɛbubu ɔbotan pasaa anaa?”+
30 “Enti hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya,” Yehowa asɛm nie, “adiyifoɔ a wɔwia me nsɛm firi wɔn yɔnko hɔ no.”+
31 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya,” Yehowa asɛm nie, “adiyifoɔ a wɔde wɔn kɛtrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm nie!’ no.”+
32 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya,” Yehowa asɛm nie, “adiyifoɔ a wɔkeka adaeɛ, na wɔn atosɛm ne wɔn ahohoahoa nti, wɔma me man fom kwan no.”+
“Nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfasoɔ biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm nie.
33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Yehowa adesoa?’* a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo saa nkurɔfoɔ yi, mo na moyɛ adesoa no! Na mɛto mo atwene,”+ Yehowa na aka.’ 34 Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Wei ne Yehowa adesoa!’* no, mede m’ani bɛsi saa onipa no ne ne fiefoɔ so. 35 Deɛ mo mu biara bisa ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Mmuaeɛ bɛn na Yehowa de ama? Na deɛn na Yehowa aka?’ 36 Na Yehowa adesoa* no deɛ, ɛnsɛ sɛ moka ho asɛm bio, ɛfiri sɛ adesoa* no ne mo ara mo anom asɛm, na Onyankopɔn teasefoɔ no, asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no.
37 “Wei na ka kyerɛ odiyifoɔ no, ‘Mmuaeɛ bɛn na Yehowa de ama wo? Na deɛn na Yehowa aka? 38 Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa adesoa!”* a, ɛnneɛ deɛ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ moka sɛ, ‘Asɛm yi ne Yehowa adesoa,’* berɛ a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa adesoa!”* nti,’ 39 hwɛ! Merebɛma mo so na mato mo afiri m’anim atwene, mo ne kuro a mede maa mo ne mo agyanom no. 40 Na mɛma w’ani awu daa na animguaseɛ aka wo afebɔɔ, na obiara werɛ remfi da.”’”+
24 Ɛnna Yehowa de nkɛntɛn mmienu a borɔdɔma wom a ɛwɔ Yehowa asɔrefie no anim kyerɛɛ me. Saa berɛ no, na Babilon hene Nebukadnesar* asoa Yehoiakim ba+ Yekonia,*+ Yuda hene no ne Yuda mpanimfoɔ ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* nyinaa kɔ. Ɔde wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babilon.+ 2 Ná kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ paa te sɛ borɔdɔma aba a ɛdi kan. Kɛntɛn baako no mu borɔdɔma no deɛ, na ɛnyɛ koraa; ɛnyɛ koraa ma enti wodi a ɛnyɛ yie.
3 Na Yehowa bisaa me sɛ: “Yeremia, deɛn na wohunu?” Ɛnna mekaa sɛ: “Borɔdɔma; borɔdɔma a ɛyɛ no yɛ paa, na deɛ ɛnyɛ no deɛ, ɛnyɛ koraa; ɛnyɛ koraa ma enti wodi a ɛnyɛ yie.”+
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 5 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛdeɛ borɔdɔma a ɛyɛ yi teɛ no, saa ara na Yudafoɔ a metuu wɔn firii ha kɔɔ Kaldeafoɔ asaase so no, mɛbu wɔn sɛ wɔyɛ. 6 Mede m’ani bɛdi wɔn akyi ama no asi wɔn yie, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn ngu; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ 7 Na mɛma wɔanya akoma a wɔde bɛhunu sɛ mene Yehowa.+ Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+
8 “‘Na borɔdɔma a ɛnyɛ koraa ma enti wodi a ɛnyɛ yie no,+ deɛ Yehowa aka afa ho nie: “Saa ara na Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalemfoɔ a wɔaka asaase yi so ne wɔn a wɔtete Egypt asaase so no, mɛbu wɔn sɛ wɔnyɛ.+ 9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ne abusudeɛ ama asaase so ahennie nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bɛbu bɛ, na wɔahwɛ wɔn asere, na wɔayɛ nnome.+ 10 Na mede sekan+ ne kɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛba wɔn so+ akɔsi sɛ wɔbɛsa afiri asaase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.”’”
25 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda man nyinaa ho nie. Ɛbaa wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan a na ɛyɛ Babilon hene Nebukadnesar* afe a ɛdi kan no mu. 2 Asɛm a odiyifoɔ Yeremia ka faa Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ho nie:*
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no ahennie afe a ɛtɔ so 13 so de bɛsi nnɛ da yi, mfeɛ 23 yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mekɔɔ so kasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie.+ 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn. Ɔsomaa wɔn mprɛ pii,* nanso moantie, na moanyɛ aso antie.+ 5 Wɔkaa sɛ, ‘Yɛpa mo kyɛw, obiara ntwe ne ho mfiri ne kwammɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho,+ na ama moakɔ so atena asaase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom firi tete no so akyɛ. 6 Monnni anyame foforɔ akyi nnkɔsom wɔn; monnkoto wɔn, na mommfa mo nsa ano adwuma no nnhyɛ me abufuo. Anyɛ saa a, mede mmusuo bɛba mo so.’
7 “‘Nanso moantie me,’ Yehowa asɛm nie. ‘Na mmom mode mo nsa ano adwuma no hyɛɛ me abufuo de mmusuo baa mo ara mo so.’+
8 “Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Ɛsiane sɛ moantie m’asɛm nti, 9 meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadnesar,* m’akoa no nso aba.+ Mɛma wɔaba asaase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so.+ Mɛsɛe wɔn na mama wɔadane biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,* na ɛbɛyɛ amamfo afebɔɔ. 10 Na mɛma ahurisie nnyegyeeɛ ne osebɔ nnyegyeeɛ,+ ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne,+ ne ɛboɔ a wɔyam so adeɛ* nnyegyeeɛ agyae wɔ wɔn mu, na kanea hann nso ayera afiri wɔn mu. 11 Na asaase yi nyinaa bɛdane amamfo ne biribi a ɛyɛ hu, na aman yi bɛsom Babilon hene mfeɛ 70.”’+
12 “‘Na sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ a,+ mɛma Babilon hene ne saa ɔman no abu wɔn bɔne ho akonta,’*+ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛma Kaldeafoɔ asaase no ada mpan na ayɛ amamfo afebɔɔ.+ 13 Mɛma me nsɛm a maka atia saa asaase no nyinaa aba asaase no so, nsɛm a wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu nyinaa, deɛ Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia amanaman no nyinaa no. 14 Na aman pii ne ahemfo akɛseɛ+ de me nkurɔfoɔ bɛyɛ nkoa,+ na mɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma teɛ.’”+
15 Na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka akyerɛ me nie: “Gye abufuo nsã kuruwa a ɛwɔ me nsam yi, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16 Na wɔbɛnom na wɔaboro sram na wɔayɛ sɛ abɔdamfoɔ, sekan a mede reba wɔn so no nti.”+
17 Enti megyee kuruwa no firii Yehowa nsam, na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nom bi.+ 18 Mede Yerusalem ne Yuda nkuro+ ne n’ahemfo ne ne mpanimfoɔ bɛfiri aseɛ. Mɛma wɔadane amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ* ne abusudeɛ,+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 19 Wɔn a wɔdi hɔ ne Egypt hene Farao ne n’asomfoɔ ne ne mpanimfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa,+ 20 ne firamanfiramanfoɔ a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa; afei Us asaase so ahemfo nyinaa; Filistifoɔ+ asaase so ahemfo nyinaa, Askelon+ hene ne Gasa hene ne Ekron hene ne Asdodfoɔ a aka no hene; 21 afei Edom+ ne Moab+ ne Ammonfoɔ;+ 22 Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa+ ne supɔ a ɛwɔ ɛpo so no ahemfo; 23 afei Dedan+ ne Tema ne Bus ne nnipa a wɔatwitwa wɔn asontorɔm nwi no nyinaa;+ 24 afei Arabiafoɔ ahemfo nyinaa+ ne firamanfiramanfoɔ a wɔtete serɛ so no ahemfo nyinaa; 25 afei Simri ahemfo nyinaa ne Elam+ ahemfo nyinaa ne Mediafoɔ ahemfo nyinaa;+ 26 afei atifi fam ahemfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri no nyinaa, obiara bɛnom bi, wɔne wiase ahennie a ɛwɔ asaase so nyinaa; sɛ obiara nom wie a, Sesak*+ hene nso bɛnom bi.
27 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase a montumi nsɔre bio,+ sekan a mede reba mo so no nti.”’ 28 Na sɛ wɔka sɛ wɔrennye kuruwa no wɔ wo nsam nnom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Mobɛnom! 29 Na hwɛ! kuro a me din da so no mpo na merema mmusuo no afiri aseɛ wɔ hɔ yi,+ na mo na mobɛfa mo ho adi?”’+
“‘Moremfa mo ho nni, ɛfiri sɛ merefrɛ sekan aba asaase sofoɔ nyinaa so,’ asafo Yehowa na aka.
30 “Na wo deɛ, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
‘Yehowa bɛfiri soro abobom,
Na ɔbɛma wɔate ne nne afiri ne tenabea kronkron hɔ.
Ɔbɛbobom dendeenden agu n’atenaeɛ no so.
Ɔbɛteateam te sɛ wɔn a wɔtiatia amena a wɔkyĩ nsã wom so no,
Na ɔbɛto nkonimdie dwom agu asaase sofoɔ nyinaa so.’
31 ‘Dede bi bɛgyegye akɔduru asaase ano nohoa,
Ɛfiri sɛ Yehowa ne amanaman no anya asɛm.
Ɔno ankasa bɛbu nnipa* nyinaa atɛn.+
Na ɔde abɔnefoɔ bɛma sekan,’ Yehowa asɛm nie.
32 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
33 “‘Na wɔn a Yehowa bɛkunkum wɔn saa da no bɛgugu hɔ afiri asaase ano akɔpem asaase ano. Wɔrensu wɔn, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.’
34 Mo, nnwanhwɛfoɔ, monsu na monteateam!
Mo, nnwankuo mu atitire nso, mommunimuni,
Ɛfiri sɛ berɛ a wɔbɛkunkum mo na wɔabɔ mo ahwete no aduru,
Mobɛhwehwe fam abobɔ sɛ annweneɛ a ɛsom bo!
35 Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ,
Na nnwankuo mu atitire no rennya baabiara nnwane mfa.
36 Montie! Nnwanhwɛfoɔ no resu,
Na nnwankuo mu atitire no resu teateam,
Ɛfiri sɛ Yehowa resɛe wɔn adidibea no.
37 Asomdwoeɛ tenabea no nyinaa ayɛ komm,
Yehowa abufuhyeɛ no nti.
38 Wapue afiri ne hintabea te sɛ gyata a ne ho yɛ den,*+
Ɛfiri sɛ wɔn asaase adane biribi a ɛyɛ hu
Ɛsiane atirimuɔden sekan no
Ne n’abufuhyeɛ no nti.”
26 Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie mfitiaseɛ no, asɛm yi firi Yehowa hɔ baa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Kɔgyina Yehowa fie adihɔ, na Yuda nkuro mufoɔ a wɔba Yehowa fie bɛsom* wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo no nyinaa fa wɔn ho.* Deɛ mɛka akyerɛ wo biara, ka kyerɛ wɔn; nyi asɛm baako mpo mfiri mu. 3 Ebia wɔbɛtie ama obiara atwe ne ho afiri ne kwammɔne ho, na mmusuo a wɔn nneyɛɛ bɔne nti mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 4 Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ moantie me, na moanni me mmara* a mede ama mo no so, 5 na moantie me nkoa adiyifoɔ a mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii* nanso montie wɔn no a,+ 6 ɛnneɛ me nso, mɛyɛ efie yi sɛ Silo,+ na mɛma kuro yi ayɛ nnome ama asaase so aman nyinaa.’”’”+
7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fie hɔ.+ 8 Enti berɛ a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wieeɛ, sɛdeɛ Yehowa kaa sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa bɛkyee no, na wɔkaa sɛ: “Owuo na wobɛwuo. 9 Adɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe pasaa a obiara rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Yehowa fie hɔ.
10 Berɛ a Yuda mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔfiri ɔhene no fie* baa Yehowa fie hɔ, na wɔbɛtenatenaa ase wɔ Yehowa pono foforɔ no ano.+ 11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔbu ɔbarima yi fɔ na wɔku no,+ ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuro yi sɛdeɛ mo ara moate no wɔ mo asom no.”+
12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ nkɔm ntia fie yi ne kuro yi, na menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.+ 13 Enti afei, monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie, na montie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na mmusuo a Yehowa aka sɛ ɔde bɛba mo so no, ɔbɛsesa n’adwene.*+ 14 Na me deɛ, mewɔ mo nsam. Deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so biara no, momfa nyɛ me. 15 Nanso monkae nhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mode bɛgu mo so, ne kuro yi so, ne emufoɔ so, ɛfiri sɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me baa mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”
16 Ɛnna mpanimfoɔ no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔbu ɔbarima yi fɔ na wɔku no, ɛfiri sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”
17 Bio nso, asaase no so mpanimfoɔ no bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ dwa no nyinaa sɛ: 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda hene Hesekia berɛ so,+ na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Wɔbɛfuntum Sion sɛ afusaase,
Yerusalem bɛyɛ aboɔ akuakuo,+
19 “Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kum no anaa? Wansuro Yehowa, na wampa Yehowa kyɛw sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ,* na mmusuo a Yehowa kaa sɛ ɔde bɛba wɔn so no, wansesa n’adwene anaa?*+ Enti anhwɛ a, yɛde mmusuo kɛseɛ bɛba yɛn* so.
20 “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yehowa din mu. Ɔno ne Semaia ba Uriya a ɔfiri Kiriat-Yearim.+ Ɔno nso kaa nsɛm te sɛ Yeremia nsɛm no de hyɛɛ nkɔm tiaa kuro yi ne asaase yi. 21 Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne mmarima a wɔnim ko yie nyinaa ne mpanimfoɔ no nyinaa tee ne nsɛm no, na na ɔhene no repɛ no aku no.+ Berɛ a Uriya teeɛ no, ɛhɔ ara na ehu kaa no, na ɔdwane kɔɔ Egypt. 22 Ɛnna Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor ba Elnatan+ ne mmarima foforɔ kaa ne ho kɔɔ Egypt. 23 Na wɔkɔfaa Uriya firii Egypt, na wɔde no kɔmaa Ɔhene Yehoiakim. Ɛnna ɔde sekan kum no,+ na ɔtoo ne funu twenee ɔmanfoɔ asieeɛ.”
24 Na Safan+ ba Ahikam+ di boaa Yeremia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa no mma nkurɔfoɔ no mma wɔnku no.+
27 Yosia ba Yehoiakim a ɔyɛ Yuda hene no ahennie mfitiaseɛ no, asɛm yi firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie, ‘Yeyɛ kɔndua ne nhoma a wɔde sosɔ mu, na fa gu wo kɔn ho. 3 Afei fa ma asomafoɔ a wɔaba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no na wɔmfa nkɔma Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfoɔ+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene. 4 Fa ahyɛdeɛ yi ma wɔn na wɔmfa nkɔma wɔn wuranom sɛ:
“‘“Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie; deɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie, 5 ‘Me na mede m’ahoɔden kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asaase ne nnipa ne mmoa a ɛwɔ asaase so, na mede ma obiara a mepɛ.*+ 6 Na mede nsaase yi nyinaa ahyɛ m’akoa Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ mede wuram mmoa mpo ama no sɛ wɔnsom no. 7 Aman nyinaa bɛsom no, ɔne ne ba, ne ne banana, akɔsi sɛ ɔno ara nso n’asaase berɛ bɛso+ ama aman ne ahemfo akɛseɛ pii de no ayɛ wɔn akoa.’+
8 “‘“‘Sɛ ɔman ne ahennie bi ansom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔamfa wɔn kɔn anhyɛ Babilon hene kɔndua ase a, mede sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛtwe saa ɔman no aso,’ Yehowa asɛm nie, ‘akɔsi sɛ mɛfa ne nsa so ama wɔn nyinaa asã.’
9 “‘“‘Ɛno nti, mo adiyifoɔ, ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa, ne mo adaeɛsofoɔ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene” no, monntie wɔn. 10 Ɛfiri sɛ wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ kyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa mo afiri mo asaase so akɔ akyirikyiri na wɔabɔ mo ahwete, na moayera.
11 “‘“‘Na ɔman a wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ Babilon hene kɔndua ase na wɔasom no no deɛ, mɛma wɔakɔ so atena* wɔn asaase so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔbɛdɔ so na wɔatena so.’”’”
12 Yuda hene Sedekia+ nso, saa ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Momfa mo kɔn nkɔhyɛ Babilon hene kɔndua ase na monsom ɔne ne man, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ 13 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde sekan+ ne ɛkɔm+ ne nsanyareɛ a ɛdi awuo+ kunkum wo ne wo manfoɔ, sɛdeɛ Yehowa kaa sɛ ɛbɛto ɔman a wɔrensom Babilon hene no? 14 Adiyifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’ no, monntie wɔn,+ ɛfiri sɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokorɛ.+
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm nie, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+
16 Asɔfoɔ ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ! Ɛrenkyɛ koraa, wɔde Yehowa fie nneɛma no bɛfiri Babilon aba!” no, monntie wɔn nsɛm no,+ ɛfiri sɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokorɛ.+ 17 Monntie wɔn. Monsom Babilon hene, na mobɛkɔ so atena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kuro yi dane amamfo? 18 Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ ampa, na sɛ Yehowa asɛm na wɔka a, ɛnneɛ momma wɔnsrɛ asafo Yehowa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɛfa nneɛma a aka wɔ Yehowa fie, ne Yuda hene fie,* ne Yerusalem no nkɔ Babilon.’
19 “Ɛfiri sɛ wei ne deɛ Yehowa aka wɔ adum+ ne Ɛpo no*+ ne trɔk a wɔde twe nsuo+ ne nneɛma a aka wɔ kuro yi mu no ho, 20 nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar gyaeɛ berɛ a ɔfaa Yehoiakim ba Yekonia a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem adehyeɛ nyinaa firii Yerusalem kɔeɛ no;+ 21 aane, deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa nneɛma a aka wɔ Yehowa fie ne Yuda hene fie* ne Yerusalem nyinaa ho nie: 22 ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛwɔ de akɔsi da a mɛdane m’ani aba so,” Yehowa asɛm nie. “Afei mɛsan akɔfa na mede aba ha.”’”+
28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahennie no mfitiaseɛ, afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnum no, Asor ba odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfoɔ no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Akyɛ ara ne mfeɛ* mmienu, mɛsan de Yehowa fie nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar de firi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”+ 4 “‘Na mɛsan de Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene ne Yudafoɔ a wɔtuu wɔn ase kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.’”
5 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ no ne ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina Yehowa fie hɔ no nyinaa anim. 6 Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ: “Amen!* Yehowa nyɛ saa! Nsɛm a wode ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fie nneɛma no ne wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no nyinaa afiri Babilon aba ha no, Yehowa mma no mmra mu! 7 Nanso mepa wo kyɛw, tie asɛm a mereka wɔ w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi. 8 Tete no, adiyifoɔ a wɔdii me ne wo nyinaa kan no hyɛɛ nsaase pii ne ahennie akɛseɛ ho nkɔm sɛ ɛko ne mmusuo ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛba wɔn so. 9 Sɛ odiyifoɔ bi hyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm, na sɛ saa odiyifoɔ no nsɛm ba mu a, ɛnneɛ obiara bɛhunu sɛ Yehowa na ɔsomaa saa odiyifoɔ no ampa.”
10 Ɛnna odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho, na ɔbubuu mu.+ 11 Na Hanania kaa no wɔ ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa na mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho; akyɛ ara ne mfeɛ mmienu.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.
12 Berɛ a odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho bubuu mu wieeɛ no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Dua kɔndua na woabubu mu;+ dadeɛ kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.” 14 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mede dadeɛ kɔndua bɛto aman yi nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so.+ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asaase so. Afe yi, wobɛwu, ɛfiri sɛ woahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”+
17 Enti odiyifoɔ Hanania wuu saa afe no ara mu, bosome a ɛtɔ so nson no mu.
29 Odiyifoɔ Yeremia krataa no mu nsɛm nie. Ɔsoma maa wɔde firii Yerusalem kɔmaa wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no mpanimfoɔ a aka, ne asɔfoɔ, ne adiyifoɔ, ne ɔmanfoɔ a na Nebukadnesar atu wɔn afiri Yerusalem kɔ Babilon no nyinaa. 2 Ɔde krataa no kɔe berɛ a Ɔhene Yekonia,+ ne ɔhemmaa,*+ ne ahemfie mpanimfoɔ, ne Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* no firi Yerusalem kɔeɛ no.+ 3 Ɔde krataa no somaa Safan+ ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia+ somaa wɔn Babilon sɛ wɔnkɔ Babilon hene Nebukadnesar nkyɛn no. Emu nsɛm nie:
4 “Wei na asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no reka akyerɛ wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no nyinaa, wɔn a memaa wɔde wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babilon no, 5 ‘Monsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na monni mu aba. 6 Monwareware yerenom na monwo mma mmarima ne mma mmaa. Monwareware yerenom mma mo mma mmarima na momfa mo mma mmaa mma aware, na wɔn nso wɔnwo mma mmarima ne mma mmaa. Monnɔɔso wɔ hɔ, na mommma mo dodoɔ so nnte. 7 Na monhwehwɛ asomdwoeɛ mma kuro a mama wɔatu mo ase kɔ mu no, na mommɔ Yehowa mpaeɛ mma kuro no, ɛfiri sɛ sɛ ɛnya asomdwoeɛ a na mo nso mobɛnya asomdwoeɛ.+ 8 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mommma mo adiyifoɔ ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa a wɔwɔ mo mu no nnnaadaa mo,+ na monntie wɔn adaeɛ a wɔsoso no. 9 Ɛfiri sɛ ‘nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na wɔhyɛ kyerɛ mo wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm nie.”’”
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+
11 “‘Na me ara menim adwene a madwene no wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛyɛ asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ mmusuo;+ ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidasoɔ.+ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.’+
13 “‘Mobɛhwehwɛ me na moahu me,+ ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+ 14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, na mɛyi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa na maboa mo ano,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba baabi a metuu mo ase firiiɛ no.’+
15 “Nanso moka sɛ, ‘Yehowa ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilon.’
16 “Wei ne deɛ Yehowa aka akyerɛ ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so+ ne nnipa a wɔtete kuro yi mu nyinaa, mo nuanom a wɔantu wɔn ase anka mo ho ankɔ no. 17 ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* reba wɔn so,+ na mɛma wɔayɛ sɛ borɔdɔma a aporɔ,* borɔdɔma a ɛnyɛ koraa a wodi a ɛnyɛ yie.”’+
18 “‘Na mede sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛtaa wɔn so, na mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahennie nyinaa,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne adeɛ a ɛyɛ ahodwire ne adeɛ a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ*+ ne adeɛ a ɛyɛ animguaseɛ wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no nyinaa mu,+ 19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm a mede somaa me nkoa adiyifoɔ no kɔmaa wɔn no,’ Yehowa asɛm nie. ‘Na mesomaa wɔn mprɛ pii.’*+
“‘Nanso moantie,’+ Yehowa asɛm nie.
20 “Ɛno nti, mo a wɔatu mo ase kɔ nyinaa, mo a mede mo firii Yerusalem kɔɔ Babilon no, montie Yehowa asɛm. 21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu no ho nie,+ ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛkunkum wɔn wɔ mo anim. 22 Na deɛ ɛbɛto wɔn no, Yudafoɔ a wɔatu wɔn kɔ Babilon no de bɛdome, na wɔaka sɛ: “Yehowa nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babilon hene tõtõõ wɔn wɔ gya mu no!” 23 Ɛfiri sɛ wɔayɛ aniwudeɛ wɔ Israel;+ wɔne wɔn yɔnko yerenom sɛee awareɛ, na wɔkaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu berɛ a menhyɛɛ wɔn saa.+
“‘“Me na menim, na mene ɛho danseni,”+ Yehowa asɛm nie.’”
24 “Semaia+ a ɔfiri Nehelam nso, ka kyerɛ no sɛ, 25 ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Wode nkrataa akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ne Maaseia ba ɔsɔfoɔ Sefania,+ ne asɔfoɔ no nyinaa wɔ wo din mu sɛ, 26 ‘Yehowa ayɛ wo ɔsɔfoɔ de wo asi ɔsɔfoɔ Yehoiada anan sɛ hwɛ Yehowa fie so, na hwɛ kye bɔdamni biara a ɔbɛyɛ n’adeɛ sɛ odiyifoɔ, na fa ne nan ne ne nsa bɔ dua mu, na fa adeɛ bram ne kɔn akyi;*+ 27 enti Yeremia a ɔfiri Anatot a wayɛ ne ho sɛ mo diyifoɔ no, adɛn nti na montwii n’anim?+ 28 Ɛno nti na wasoma aba yɛn nkyɛn wɔ Babilon ha abɛka sɛ: “Ɛbɛkyɛ! Monsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na monni mu aba,+—”’”’”
29 Berɛ a ɔsɔfoɔ Sefania+ kenkan krataa yi kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia no, 30 Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 31 “Soma kɔka kyerɛ wɔn a wɔatu wɔn ase de wɔn kɔ no nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka wɔ Semaia a ɔfiri Nehelam ho nie: “Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm berɛ a mensomaa no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛma mode mo ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so nti,+ 32 deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, meredane m’ani aba Semaia a ɔfiri Nehelam ne n’asefoɔ so. Ne busuani baako mpo renka ɔman yi mu, na ɔremfa n’ani nhunu papa a mɛyɛ me man no,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ wahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”’”
30 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Twerɛ nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nwoma mu. 3 Na “hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “mɛboaboa me nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, Israel ne Yuda,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛsan de wɔn aba asaase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so bio.”’”+
4 Wei ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda.
5 Deɛ Yehowa aka nie:
“Yɛate nnipa a wɔn ho repopo nne;
Ehu nko ara, asomdwoeɛ biara nni hɔ.
6 Mepa mo kyɛw, mommisa nhwɛ sɛ ɔbarima bɛtumi akyem awo anaa.
Ɛnneɛ, adɛn nti na mehunu sɛ ɔbarima hoɔdenfoɔ biara de ne nsa ato n’afuru so*
Te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no yi?+
Adɛn nti na obiara anim ayɛ hoyaa yi?
Ɛso bi mmaa da;
Ɛyɛ amanehunu berɛ ma Yakob.
Nanso wɔbɛgye no afiri mu.”
8 “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛbubu kɔndua no mu afiri wo kɔn ho, na wo nhoma nso, mɛte mu mmienu; na ahɔhoɔ* remfa no* nyɛ wɔn akoa bio. 9 Wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid a mɛyi no ama wɔn no.”+
Ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri,
Na magye wo mma afiri asaase a wɔakye wɔn kɔ so no so.+
Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛtena hɔ dwoodwoo, na obiara renteetee no,
Na obiara renhunahuna wɔn.”+
11 “Ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” Yehowa asɛm nie,
Mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata,
Na meremma womfa wo ho nni da.”+
12 Na deɛ Yehowa aka nie:
“Pira a woapira no, wɔsa a ɛrenyɛ yie.+
Wo kuro nni aduro.
13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
Wɔrentumi nsa wo kuro no.
Ayaresa biara nni hɔ mma wo.
14 W’adɔfoɔ a wɔnte wo ho gyae no nyinaa werɛ afi wo.+
Wɔnhwehwɛ w’akyiri akwan bio.
Ɛfiri sɛ ɔtamfo abaa na mede abɔ wo,+
Na otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe w’aso,
Ɛsiane sɛ wo bɔne so, na w’amumuyɛ dɔɔso nti.+
15 Adɛn nti na pira a woapira nti, woresu?
Wo yea no renkɔ da!
Ɛsiane sɛ wo bɔne so, na w’amumuyɛ dɔɔso nti+
Na mayɛ wo saa no.
Wɔn a wɔfom wo nneɛma no, wɔbɛfom wɔn nneɛma,
Na wɔn a wɔsesa wo nneɛma no, wɔn nso mɛma nkurɔfoɔ asesa wɔn nyinaa nneɛma.”+
Nanso mɛma wo ho atɔ wo na masa w’akuro no,”+ Yehowa asɛm nie.
18 Deɛ Yehowa aka nie:
“Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mufoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+
Na mɛhu ne ntomadan no mmɔbɔ.
Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no so,+
Na abantenten no bɛsan asi baabi a na ɛsi no bio.
19 Na wɔbɛte aseda ne sereɛ wɔ wɔn mu.+
Me ne wɔn a wɔhyɛ ne so no nyinaa bɛdi.+
21 Ne tumfoɔ bɛfiri ɔno ara nkurɔfoɔ mu,
Na ne mu na ne hene bɛfiri aba.
Mɛma no abɛn na waba me nkyɛn.”
“Anyɛ saa a, hwan na ɔbɛsi ne bo* aba me nkyɛn?” Yehowa asɛm nie.
22 “Na mobɛyɛ me man,+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+
23 Hwɛ! Yehowa ahum de abufuo bɛtu.+
Ɛbɛyɛ sɛ mframa denden a ɛpra nneɛma; ɛbɛtwa ne ho wɔ abɔnefoɔ apampam.
Awieeɛ nna no mu na mobɛte wei ase.+
31 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+
2 Deɛ Yehowa aka nie:
“Nnipa a sekan ankunkum wɔn no nyaa adom wɔ serɛ so
Berɛ a Israel nam kwan so rekɔ ne homebea no.”
3 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ akyirikyiri, na ɔkaa sɛ:
“Ɔdɔ a ɛnni awieeɛ na mede adɔ wo.
Ɛno nti na mede ɔdɔ a ɛnni hwammɔ atwe wo aba me nkyɛn no.*+
4 Mɛsan ama wo so asi hɔ ama woagyina bio.+
6 Na ɛda bi reba a awɛmfoɔ a ɛwɔ Efraim mmepɔ so bɛteam sɛ:
‘Monsɔre, momma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+
7 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka nie:
“Momfa anigyeɛ nni ahurisie wɔ Yakob ho.
Mommɔ ose ɛfiri sɛ moadi kan wɔ amanaman no mu.+
Mommɔ no dawuro; monyi Onyankopɔn ayɛ, na monka sɛ,
‘O Yehowa, gye wo man, Israelfoɔ a aka no.’+
8 Mede wɔn bɛfiri atifi fam asaase so asan aba.+
Mɛboaboa wɔn ano afiri asaase ano akyirikyiri.+
Wɔn a wɔbɛka ho bi ne anifirafoɔ ne mmubuafoɔ,+
Apemfoɔ ne wɔn a awoɔ aka wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano.
Na wɔbɛsan aba ha sɛ asafo kɛseɛ.+
Mɛdi wɔn anim berɛ a wɔresrɛ hwehwɛ adom.
Ɛfiri sɛ meyɛ Israel Agya, na Efraim yɛ m’abakan.”+
“Deɛ ɔbɔɔ Israel hweteeɛ no, ɔbɛboaboa wɔn ano.
Na ɔbɛhwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.+
12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔ so,+
Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurisie,
Hwiit* ne bobesa foforɔ+ ne ngo ho,
Ɛne nnwan mma ne anantwie ho.+
Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ.+
Mɛkyekye wɔn werɛ, na mɛma wɔadi ahurisie; wɔbɛfiri wɔn awerɛhoɔ no mu.+
15 “Deɛ Yehowa aka nie:
‘Wɔte nne bi wɔ Rama,+ awerɛhoɔ su ne esu yayaaya:
Ɛyɛ Rahel na ɔresu ne mma mmarima.*+
Wɔkyekye ne werɛ wɔ ne mma mmarima no ho a, ɔmpene,
Ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.’”+
16 Deɛ Yehowa aka nie:
“‘Gyae su na pepa w’ani ase nisuo,
Ɛfiri sɛ w’adwuma so akatua wɔ hɔ,’ Yehowa asɛm nie.
‘Wɔbɛsan afiri ɔtamfo no asaase so aba.’+
17 ‘Anidasoɔ wɔ hɔ ma wo,’+ Yehowa asɛm nie.
‘Wo mma mmarima bɛsan aba wɔn asaase so bio.’”+
18 “Mate paa sɛ Efraim redi abooboo sɛ,
‘Woatene me so, na magye ntenesoɔ no atom
Te sɛ nantwie ba a wɔntetee no.
San fa me bra, na mɛsan aba dodo,
Ɛfiri sɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.
19 Na berɛ a mesan baeɛ no, menyaa adwensakra;+
Na berɛ a wɔmaa metee aseɛ no, mede awerɛhoɔ bɔɔ me srɛ ho.
Mefɛree, na m’ani wui,+
Ɛfiri sɛ mesoaa me mmeranteberɛm animguaseɛ.’”
20 “Efraim nyɛ me ba a ɔsom bo ma me anaa? Ɔnyɛ me dɔba anaa?+
Mekasa tia no mprɛ pii mpo a, meda so kae no.
Ɛno nti na me yam* hyehye me wɔ ne ho no.+
Deɛ ɛteɛ biara, mɛhu no mmɔbɔ,” Yehowa asɛm nie.+
Hwɛ kwantempɔn no yie, ɛkwan a wobɛfa so no.+
San bra, O Israel ɔbaabunu, san bra wo nkuro yi mu.
22 Ɔbabaa nkontomponi, wobɛkɔ ha akɔ ha akɔsi da bɛn?
Ɛfiri sɛ Yehowa abɔ ade foforɔ wɔ asaase so. Ɛne sɛ:
Ɔbaa bɛyere ne ho ahwehwɛ ɔbarima.”
23 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Sɛ meboaboa wɔn a wɔakye wɔn kɔ no ano a, wɔbɛsan aka asɛm yi bio wɔ Yuda asaase ne ne nkuro mu sɛ: ‘O tenenee tenabea,+ bepɔ kronkron,+ Yehowa nhyira wo.’ 24 Na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena mu, akuafoɔ ne wɔn a wɔhwɛ nnwan nyinaa.+ 25 Na mɛma deɛ wabrɛ* ahome, na mahyɛ obiara* a wayɛ hahaaha ma.”+
26 Ɛnna menyaneeɛ, na mebuee m’ani, na mehuu sɛ mada ama me ho abae me.
27 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma nnipa ne nyɛmmoa adɔɔso wɔ Israel fie ne Yuda fie.”*+
28 “Na sɛdeɛ mede m’ani sii wɔn so sɛ mɛtu wɔn ase, na madwiri wɔn agu, na mabubu wɔn, na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne no,+ saa ara na mɛma m’ani aba wɔn so na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm nie. 29 “Saa berɛ no, wɔrenka bio sɛ, ‘Agyanom adi bobebunu,* na mma na wɔn se afem.’+ 30 Mmom obiara bɔne nti na ɔbɛwu, na obiara a ɔbɛdi bobebunu no, ɔno ara na ne se bɛfem.”
31 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na me ne Israel fie ne Yuda fie bɛyɛ apam foforɔ.+ 32 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no da a mesosɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Egypt asaase so no;+ ‘ɛwom sɛ na meyɛ wɔn wura* ankasa deɛ, nanso wɔbuu m’apam so,’+ Yehowa asɛm nie.”
33 “Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,” Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu,+ na matwerɛ no wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+
34 “Na obiara renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Monhunu Yehowa!’+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mede wɔn mfomsoɔ bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
35 Yehowa a ɔma awia hyerɛn awia,
Deɛ wahyehyɛ mmara ama bosome ne nsoromma sɛ ɛnhyerɛn anadwo,
Deɛ ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so,
A ne din de asafo Yehowa no,+
Deɛ waka nie:
36 “‘Ɛsiane sɛ saa ahyɛdeɛ yi bɛyɛ adwuma daa nti,’ Yehowa asɛm nie,
‘Israel asefoɔ nso bɛkɔ so ayɛ ɔman wɔ m’anim daa.’”+
37 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sɛ obi bɛtumi asusu ɔsoro, na wahwehwɛ asaase fapem a, ɛnneɛ me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ nyinaa nti,’ Yehowa asɛm nie.”+
38 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔbɛkyekyere kuro no+ ama Yehowa afiri Hananel Abantenten ho+ akɔsi Ntwea So Pono no ho.+ 39 Na susuhoma+ no bɛpue akɔ tẽẽ akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa. 40 Na ɛbɔn a wɔto afunu ne nsõ* gu mu,* ne mfuo a ɛgu mmepɔ so no nyinaa, de kɔsi Kidron Bɔn mu+ kɔsi Apɔnkɔ Pono ntwea so+ wɔ apueeɛ fam no bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa.+ Wɔrentutu aseɛ, na wɔrennwiri ngu bio da.”
32 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 10, a ɛyɛ Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 18 no mu.+ 2 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔ abɛtwa Yerusalem ho ahyia, na odiyifoɔ Yeremia nso, na wɔakye no atom wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu+ wɔ Yuda hene fie.* 3 Ɛfiri sɛ na Yuda hene Sedekia akye no atom+ abisa no sɛ, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm sei? Woka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛfa,+ 4 na Yuda hene Sedekia rentumi nnwane mfiri Kaldeafoɔ no nsam, na deɛ ɛteɛ biara wɔde no bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde n’ani bɛhu no, na ɔne no akasa.”’+ 5 ‘Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛdane m’ani abɛhwɛ no,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mo ne Kaldeafoɔ no bɛko deɛ, nanso morenni nkonim.’”+
6 Na Yeremia kaa sɛ: “Yehowa asɛm aba me nkyɛn sɛ, 7 ‘Hwɛ, wo papa nuabarima Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn abɛka sɛ: “Tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot no na fa,+ ɛfiri sɛ wo na wodi kan a mmara ma kwan sɛ wosan gye.”’”+
8 Na me papa nuabarima ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, tɔ m’asaase a ɛwɔ Anatot, Benyamin asaase so no, ɛfiri sɛ wo na mmara ma kwan sɛ ɛbɛdi wo nsam na wosan gye. Enti tɔ na fa.” Ɛhɔ na mehuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.
9 Enti metɔɔ asaase a ɛwɔ Anatot no firii me papa nuabarima ba Hanamel nsam. Na mekarii sika no+ maa no, nnwetɛbena nson* ne dwetɛ du. 10 Afei meyɛɛ ɛho nkrataa,+ na mede ahyɛnsodeɛ taree ano, na mefrɛɛ adansefoɔ,+ na mekarii sika no wɔ nsenia* so. 11 Ɛnna mefaa asaase no ho nkrataa no, deɛ mmara ne ahyɛdeɛ no hwehwɛ sɛ wɔde ahyɛnsodeɛ tare ano ne deɛ ɛhwehwɛ sɛ ano da hɔ no nyinaa, 12 na mede asaase no ho nkrataa no maa Maseia ba Neria ba+ Baruk+ wɔ me papa nuabarima ba Hanamel, ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ asaase no ho nkrataa no ase no anim, ne Yudafoɔ a wɔwɔ Awɛmfoɔ Aban mu hɔ+ no nyinaa anim.
13 Afei meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: 14 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Gye nkrataa yi, asaase no ho nkrataa yi, deɛ wɔde ahyɛnsodeɛ atare ano ne deɛ ano da hɔ yi, na fa kɔhyɛ kukuo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkyɛ paa.’ 15 Ɛfiri sɛ deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Nkurɔfoɔ bɛtotɔ adan ne nsaase ne bobe mfuo wɔ ɔman yi mu bio.’”+
16 Berɛ a mede asaase no ho nkrataa no maa Neria ba Baruk no, mebɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ! Wo na wode wo tumi kɛseɛ no+ ne wo basa a woatene mu yɛɛ ɔsoro ne asaase. Biribiara nni hɔ a wontumi nyɛ. 18 Wo na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na wode agyanom bɔne tua wɔn mma a wɔdi wɔn akyi no ka;*+ wone nokorɛ Nyankopɔn no, Otumfoɔ ne Opumpuni no, na wo din ne asafo Yehowa. 19 W’afotuo kyɛn afotuo biara,* na wo nnwuma yɛ akɛseɛ,+ wo na w’ani hwɛ nnipa akwan nyinaa+ sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nnwuma teɛ.+ 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ wɔ Egypt asaase so, na obiara nim de bɛsi nnɛ da yi. Na wode gyee din wɔ Israel ne nnipa nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 21 Na wode nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a woatene mu ne nneɛma a ɛyɛ hu na ɛyii wo man Israel firii Egypt asaase so.+
22 “Akyire yi, wode asaase yi maa wɔn, asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 23 Na wɔba bɛfaa asaase no, nanso wɔantie wo nne, na wɔanni wo mmara so. Nneɛma a wokaa sɛ wɔnyɛ nyinaa, wɔanyɛ baako mpo; ɛno nti na woama mmusuo yi nyinaa aba wɔn so no.+ 24 Hwɛ! Mmarima de nneɛma abɛto kuro no ho akoban* sɛ wɔrebɛko afa.+ Na sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo*+ no nti, sɛdeɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ a wɔne kuro no reko no bɛfa kuro no. Deɛ wokaeɛ no nyinaa aba mu, sɛdeɛ wohu no nnɛ yi. 25 Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa, deɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ bɛfa kuro no, nanso woaka akyerɛ me sɛ, ‘Fa sika kɔtɔ asaase fa, na pɛ ho adansefoɔ.’”
26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 27 “Me Yehowa, mene nnipa* nyinaa Nyankopɔn. Biribi wɔ hɔ a ɛboro m’ahoɔden so anaa? 28 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ ne Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛfa.+ 29 Na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛbɔ awura mu, na wɔde gya bɛto kuro yi mu, na wɔbɛhye kuro no+ ne adan a nkurɔfoɔ no bɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo no.’+
30 “‘Ɛfiri sɛ bɔne nko ara na Israelfoɔ ne Yudafoɔ ayɛ wɔ m’ani so firi wɔn mmabunberɛ mu;+ Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me abufuo daa,’ Yehowa asɛm nie. 31 ‘Na saa kuro yi, ɛfiri da a wɔkyekyereeɛ de bɛsi nnɛ, abufuo nko ara na ahyɛ me,+ na ahuru me bo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛyi afiri m’anim.+ 32 Mɛyi afiri m’anim ɛsiane bɔne a Israelfoɔ ne Yudafoɔ ayɛ de ahyɛ me abufuo nyinaa nti, wɔne wɔn ahemfo+ ne wɔn mpanimfoɔ+ ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ+ ne Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 33 Wɔn akyi na wɔdane kyerɛɛ me berɛ nyinaa, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Meyɛɛ deɛ mɛtumi biara kyerɛkyerɛɛ wɔn mprɛ pii,* nanso wɔn mu biara antie mpo na ayɛ ne mu adwuma.*+ 34 Na wɔde wɔn abosom fĩ no kɔsisii efie a me din da so no mu de guu ho fĩ.+ 35 Afei nso, wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bɔn* no mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ gya mu* ama Molek.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa m’akomam da* sɛ mɛma wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa, de ama Yuda ayɛ bɔne.’
36 “Ɛno nti, wei ne deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa kuro yi ho, kuro a moka sɛ wɔnam sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo so de bɛhyɛ Babilon hene nsa no: 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so wɔ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne aniberɛ kɛseɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+ 38 Na wɔbɛyɛ me man, na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 39 Na mɛma wɔn akoma korɔ+ ne ɛkwan korɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsuro me daa, na asi wɔn yie na asi wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no nso yie.+ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam.+ Ɛne sɛ, mɛyɛ wɔn yie, na merennyae da.+ Mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho.+ 41 M’ani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie.+ Na mede m’akoma nyinaa ne me kra* nyinaa bɛdua wɔn ama wɔn ase atim wɔ asaase yi so.’”+
42 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛdeɛ mede mmusuo kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi so no, saa ara na mede adepa* a mede ahyɛ wɔn bɔ no nyinaa bɛma wɔn.+ 43 Na ɔman yi a moka sɛ: “Ayɛ amamfo, na onipa ne aboa biara nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa” no, wɔbɛsan atotɔ nsaase wɔ so bio.’+
44 “‘Wɔde sika bɛtotɔ nsaase, na wɔayeyɛ ɛho nkrataa de ahyɛnsodeɛ atetare ano, na wɔafa ho adansefoɔ afiri Benyamin asaase so,+ ne Yerusalem ho nkuro mu, ne Yuda nkuro mu,+ ne mmepɔ so nkuro mu, ne nkuro a ɛdeda fam mu,+ ne anaafoɔ nkuro mu, ɛfiri sɛ mɛsan de wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba bio,’+ Yehowa asɛm nie.”
33 Yehowa ne Yeremia kasaa ne mprenu so. Saa berɛ no, na ɔda so da Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Yehowa a ɔyɛɛ asaase, Yehowa a ɔnwenee asaase na ɔde tim hɔ pintinn a ne din ne Yehowa no, deɛ waka nie, 3 ‘Frɛ me, na mɛgye wo so, na mayɛ krado sɛ mɛka nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a wonte aseɛ na wonnim akyerɛ wo.’”+
4 “Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afie a ɛwɔ kuro yi mu ne Yuda ahemfo afie a akoban* ne sekan nti, wɔadwiri aguo no ho asɛm.+ 5 Wasan aka wɔn a wɔreba ne Kaldeafoɔ abɛko no nso ho asɛm, na waka sɛ ɔde nnipa a ɔbɛkunkum wɔn wɔ n’abufuo ne n’abufuhyeɛ mu no afunu bɛhyɛ kuro no ma. Bɔne a kuro yi mu nnipa ayɛ nti, wayi n’ani afiri kuro yi so. Deɛ waka nie: 6 ‘Hwɛ, mɛma ne ho atɔ no, na wanya apɔmuden.+ Mɛsa wɔn yareɛ, na mɛma asomdwoeɛ ne nokorɛ abu so ama wɔn.+ 7 Na mɛsan de Yudafoɔ a wɔakye wɔn kɔ ne Israelfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba bio,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛdeɛ meyɛɛ no kane no.+ 8 Mɛdwira wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me, ne wɔn mmarato a ɛtia me nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ 9 Na kuro yi din bɛma madi ahurisie, na ama wɔayi me ayɛ, na wɔahyɛ me animuonyam* wɔ aman a wɔbɛte papa a mayɛ wɔn no nyinaa anim.+ Na papa a mɛyɛ kuro no ne asomdwoeɛ a mɛma anya nti,+ aman no bɛsuro na wɔn ho apopo.’”+
10 “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Kuro yi a mobɛka sɛ asɛe a onipa ne nyɛmmoa nni hɔ bio, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno a adeda mpan a nnipa nni hɔ na obi nte hɔ na nyɛmmoa nni hɔ no, 11 wɔbɛsan ate ahurisie nnyegyeeɛ ne osebɔ nnyegyeeɛ,+ ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ne nkurɔfoɔ nne a ɛbɛka sɛ: “Monna asafo Yehowa ase, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ,+ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa!”’+
“‘Wɔde aseda afɔreɛ bɛba Yehowa fie,+ ɛfiri sɛ mɛsan de asaase no sofoɔ a wɔakye wɔn kɔ no aba sɛ kane no,’ Yehowa asɛm nie.”
12 “Deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Asaase a asɛe a nnipa ne nyɛmmoa nni so yi ne ne nkuro nyinaa mu no, nnwanhwɛfoɔ bɛsan anya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+
13 “‘Mmepɔ so nkuro ne nkuro a ɛdeda fam ne anaafoɔ nkuro ne Benyamin asaase ne Yerusalem ho nkuro+ ne Yuda nkuro mu no,+ nnwan bɛsan afa deɛ ɔkan wɔn no nsa ase bio,’ Yehowa na aka.”
14 “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na ɛbɔ a mahyɛ Israel fie ne Yuda fie sɛ mɛyɛ adepa ama wɔn no, mɛma no aba mu.+ 15 Saa nna no mu ne saa berɛ no, mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid,+ na ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+ 16 Saa nna no mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Tenenee.’”+
17 “Na deɛ Yehowa aka nie, ‘Daa Dawid aseni na ɔbɛtena Israel fie ahennwa so.+ 18 Na Lewifoɔ asɔfoɔ no nso, daa wɔbɛnya onipa a ɔbɛgyina m’anim abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na wahye aduane afɔreɛ, na wabɔ afɔreɛ.’”
19 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mobɛtumi asɛe m’apam a ɛfa adekyeeɛ ho, ne m’apam a ɛfa adesaeɛ ho, na adekyeeɛ ne adesaeɛ amma berɛ a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21 ɛnneɛ me nso mɛbu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene;+ saa ara na anka mɛbu me ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔsom me no apam no so.+ 22 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo, na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ* ne Lewifoɔ a wɔsom me no ayɛ bebree.’”
23 Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 “Wontee sɛ nkurɔfoɔ yi reka sɛ, ‘Mmusua mmienu a Yehowa ayi wɔn no, ɔbɛpo wɔn’ anaa? Nkurɔfoɔ no abu me ara me man animtia, na wɔmmu wɔn sɛ ɔman bio.
25 “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Sɛdeɛ m’apam a ɛfa adekyeeɛ ne adesaeɛ ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26 saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefoɔ* da. Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛfa n’asefoɔ* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ* so. Ɛfiri sɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+ na mɛhu wɔn mmɔbɔ.’”+
34 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbaa berɛ a Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa, ne asaase so ahennie a ɛhyɛ n’ase nyinaa, ne aman nyinaa, bɛto hyɛɛ Yerusalem ne ne nkuro nyinaa so ne wɔn bɛkoeɛ no.+ Asɛm no nie:
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde egya ahye.+ 3 Na worentumi nnwane mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ deɛ ɛteɛ biara wɔbɛkye wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsa.+ Wode w’ani bɛhunu Babilon hene, na ɔne wo akasa, na wobɛkɔ Babilon.’+ 4 Nanso tie Yehowa asɛm, O Yuda hene Sedekia, ‘Deɛ Yehowa aka afa wo ho nie: “Ɛnyɛ sekan na ɛbɛku wo. 5 Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo,+ na wɔbɛhye aduhwam ama wo sɛdeɛ wɔhyee bi maa w’agyanom, ahemfo a wɔdii wo kan no. Na wɔbɛsu wo sɛ, ‘Ao yɛn wura!’ ɛfiri sɛ ‘me na maka asɛm yi,’ Yehowa asɛm nie.”’”’”
6 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem. 7 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔ ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka nyinaa,+ kyerɛ sɛ, Lakis+ ne Aseka+ reko; ɛfiri sɛ nkuro yi nko ara ne Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban a na aka.
8 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbaa berɛ a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+ 9 na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifoɔ, mmarima ne mmaa nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio. 10 Enti mpanimfoɔ no ne ɔman no nyinaa tieeɛ. Ná wɔayɛ apam sɛ obiara mma ne nkoa ne ne mfenaa mfa wɔn ho nni, na wɔmmfa wɔn nnyɛ nkoa bio. Wɔtieeɛ, na wɔgyaa wɔn maa wɔkɔe. 11 Nanso akyire yi, wɔsan kɔfaa nkoa ne mfenaa a na wɔagyaa wɔn no bae, na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12 Ɛno nti Yehowa asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Me ne mo agyanom yɛɛ apam+ ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so, firii nkoafie hɔ no.+ Mekaa sɛ: 14 “Obiara a wɔbɛtɔn ne nua Hebrini ama no no, sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, ma ɔmfa ne ho nni; gyaa no ma no nkɔ.”+ Nanso mo agyanom antie, na wɔanyɛ aso amma me. 15 Mo deɛ, nnansa yi ara,* mosesaa mo adwene, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so. Momaa mo nkoa faa wɔn ho dii, na moyɛɛ apam wɔ m’anim wɔ efie a me din da so no mu. 16 Nanso mosan sesaa mo adwene, na moguu me din ho fĩ,+ ɛfiri sɛ motwaa mo ho kɔfaa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nni sɛdeɛ wɔpɛ* no, na mosan hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa.’
17 “Ne saa nti, deɛ Yehowa aka nie: ‘Moantie me amma mo nkoa amfa wɔn ho anni, na mo mu biara annyaa ne nua anaa ne yɔnko.+ Ɛno nti,’ Yehowa asɛm nie, ‘me ara mɛrebɛma mo ahofadie. Mede mo rebɛma sekan ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* ne ɛkɔm,+ na mɛma moadane biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahennie nyinaa.+ 18 Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛeɛ no mu nsɛm so, apam a wɔyɛɛ wɔ m’anim berɛ a wɔpaee nantwie ba mu mmienu na wɔfaa ɛfã ne fã no ntam no,+ 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanimfoɔ ne Yerusalem mpanimfoɔ ne ahemfie mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne asaase no sofoɔ nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwie ba a wɔapae mu no ntam no: 20 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.+ 21 Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafoɔ a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+
22 “‘Hwɛ, mede ahyɛdeɛ bi bɛma,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wɔn bɛsan aba kuro yi so bio, na wɔne kuro yi bɛko, na wɔbɛfa na wɔde gya atom;+ na mɛma Yuda nkuro asɛe a obiara rentena mu.’”+
35 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu nie: 2 “Kɔ Rekabfoɔ no fie,+ na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra Yehowa fie, na fa wɔn kɔ adidibea no baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
3 Enti mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mma mmarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa, 4 na mede wɔn baa Yehowa fie hɔ. Na mede wɔn kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no nipa, Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea hɔ, deɛ ɛwɔ mpanimfoɔ no adidibea a ɛwɔ ɛpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia adidibea atifi no nkyɛn hɔ no. 5 Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no ma ne bobesa nkuruwa sisii Rekabfoɔ fiefoɔ no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”
6 Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛrennom nsã, ɛfiri sɛ yɛn agya Rekab ba Yehonadab*+ hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ne mo mma nyinaa, monnnom nsã da. 7 Monnsi dan, monnnua aba, monnyɛ bobefuo,* na ɛnsɛ sɛ monya bobefuo nso. Mmom, montena ntomadan mu daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtena ase akyɛ wɔ asaase a moyɛ ahɔhoɔ wɔ so no so.’ 8 Ɛno nti, deɛ yɛn agya Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa, yɛda so ara di so. Enti yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa nyinaa, yɛmfaa nsã biara nkaa yɛn ano da. 9 Na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobe mfuo anaa nsaase anaa aba. 10 Yɛakɔ so atena ntomadan mu, na yɛatie deɛ yɛn agya Yehonadab* ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa. 11 Nanso berɛ a Babilon hene Nebukadnesar* foro bɛto hyɛɛ asaase no so no,+ yɛkaa sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, na yɛnnwane Kaldeafoɔ asraafoɔ ne Siriafoɔ asraafoɔ no,’ enti seesei yɛte Yerusalem.”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 13 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ na kɔbisa Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ montie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm nie. 14 “Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ n’asefoɔ sɛ wɔnnnom nsã, na wɔadi n’asɛm so, na ɛde bɛsi nnɛ nyinaa wɔnnom nsã; wɔayɛ saa de adi wɔn agya ahyɛdeɛ so.+ Nanso, me deɛ, mekasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie me.+ 15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Monnkɔdi anyame foforɔ akyi, na monnsom wɔn. Sɛ motie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me. 16 Rekab ba Yehonadab asefoɔ no adi wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no so,+ nanso ɔman yi deɛ, wɔantie me.”’”
17 “Enti deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Hwɛ, mmusuo a meka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sɛ wɔantie me a, mede bɛba wɔn so no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ ɛfiri sɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+
18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekab fiefoɔ no sɛ: “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yehonadab ahyɛdeɛ, na moakɔ so adi n’ahyɛdeɛ nyinaa so, na moyɛ deɛ ɔkaa sɛ monyɛ nyinaa nti, 19 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Daa wɔbɛnya Rekab ba Yehonadab* aseni a ɔbɛgyina m’anim asom me.”’”
36 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm yi nyinaa wom, nsɛm a meka kyerɛɛ wo a ɛtia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa,+ ɛfiri da a ɛdi kan a me ne wo kasaa wɔ Yosia berɛ so bɛsi nnɛ no.+ 3 Sɛ Yuda fie te mmusuo a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no nyinaa a, ebia wɔbɛsan afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+
4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ na Yeremia kaa nsɛm a Yehowa aka akyerɛ no no nyinaa, na Baruk twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu.+ 5 Na Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Me deɛ, wɔaka me ahyɛ dan mu. Mentumi nkɔ Yehowa fie hɔ. 6 Enti wo na wobɛkɔ hɔ akɔkenkan Yehowa nsɛm a meka maa wotwerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ mu no; wobɛkenkan no den. Kenkan no wɔ Yehowa fie hɔ ma nkurɔfoɔ no nte, ɛda a wɔbɛyɛ akɔnkyene* no. Ɛbɛma woakenkan akyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro mu ba hɔ no nyinaa. 7 Ebia Yehowa bɛtie wɔn nkotosrɛ, na wɔasan afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ Yehowa abufuo ne n’abufuhyeɛ a waka sɛ ɔde bɛba ɔman yi so no sõ.”
8 Enti Neria ba Baruk yɛɛ deɛ odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ no no nyinaa; ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no den wɔ Yehowa fie hɔ.+
9 Na Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron mu no, Yerusalemfoɔ nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu baa Yerusalem no nyinaa yɛɛ akɔnkyene wɔ Yehowa anim.+ 10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no den wɔ Yehowa fie hɔ maa nkurɔfoɔ no nyinaa teeɛ. Ɔkenkanee wɔ ɔtwerɛfoɔ Safan ba+ Gemaria+ adidibea a ɛwɔ atifi fam no adihɔ hɔ, wɔ Yehowa fie pono foforɔ no ano.+
11 Berɛ a Safan ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no nyinaa no, 12 ɔsiane kɔɔ ɔhene no fie,* na ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no adidibea hɔ. Ná mpanimfoɔ* no nyinaa tete hɔ: Ɔtwerɛfoɔ Elisama+ ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba+ Elnatan+ ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa. 13 Na nsɛm a Mikaia tee sɛ Baruk rekenkan no den afiri nwoma mmobɔeɛ no mu ama nkurɔfoɔ no ate no, ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn.
14 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkan emu nsɛm maa ɔman no teeɛ no, na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nwoma mmobɔeɛ no kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tena ase na kenkan no den kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
16 Berɛ a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, obiara de akomatuo hwɛɛ ne yɔnko anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Ɛnna wɔbisaa Baruk sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ka deɛ ɛyɛeɛ a wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa kyerɛ yɛn. Ɔno na ɔka maa wotwerɛeɛ anaa?” 18 Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, ɛnna me nso mede adubire twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu.” 19 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na fa wo ho kɔsie, wo ne Yeremia nyinaa, na mommma obiara nnhunu baabi a mowɔ.”+
20 Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ adihɔ hɔ, na wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔtoo ɔtwerɛfoɔ Elisama adidibea hɔ, na wɔkaa nsɛm a wɔate no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
21 Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Enti ɔkɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama adidibea hɔ bae. Na Yehudi kenkan maa ɔhene ne mpanimfoɔ a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa tee. 22 Ná ɔhene te awɔ berɛ dan mu, bosome a ɛtɔ so nkron* no mu, na na adeɛ a wɔasɔ gya wɔ mu si n’anim. 23 Sɛ Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan biara a, na ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan atwitwa baabi a wɔakenkan no agu adeɛ a wɔasɔ gya wɔ mu no mu. Ɔyɛɛ saa ara kɔsii sɛ ɔhyee nwoma mmobɔeɛ no nyinaa wɔ egya no mu. 24 Wɔansuro, na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a wɔtee nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuan n’ataadeɛ mu. 25 Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. 26 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra; nanso Yehowa de wɔn sieeɛ.+
27 Na berɛ a ɔhene hyee nsɛm a Yeremia ka maa Baruk twerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ so wieeɛ no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio+ sɛ: 28 “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nwoma mmobɔeɛ a ɛdi kan no mu nsɛm nyinaa wɔ so, deɛ Yuda hene Yehoiakim hyee no no.+ 29 Na ka asɛm yi tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Woahye nwoma mmobɔeɛ yi, na woaka sɛ, ‘Adɛn nti na woatwerɛ wɔ so sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, Babilon hene bɛba abɛsɛe asaase yi na wasɛe nnipa ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa”?’+ 30 Ɛno nti, deɛ Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim nie, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahennwa so,+ na ne funu nso, wɔbɛgya ato abɔnten, na ɛhyew aka no awia, na awɔ afa so anadwo.+ 31 Na ɔno ne n’asefoɔ* ne ne nkoa nso, wɔn bɔne a wɔayɛ no, mɛtua wɔn ka, na mmusuo biara a maka sɛ mede bɛba wɔn so ne Yerusalemfoɔ so ne Yuda mmarima so no, mede bɛba,+ nanso wɔantie.’”’”+
32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔde maa Neria ba ɔtwerɛfoɔ Baruk.+ Na Yeremia kaa nsɛm a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ a Yuda hene Yehoiakim de gya hyee no mu no.+ Na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.
37 Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ bɛsii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ɔfirii aseɛ dii adeɛ, ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+ 2 Nanso ɔno ne ne nkoa ne asaase no so nnipa antie Yehowa asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia+ ba Yehukal ne ɔsɔfoɔ Maaseia ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.” 4 Saa berɛ no, na Yeremia tumi kɔ baabiara a ɔpɛ wɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya mfaa no ntoo afiase.+ 5 Ná Farao asraafoɔ asim firi Egypt reba,+ na Kaldeafoɔ a na wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wɔfirii Yerusalem kɔe.+ 6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: 7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔ a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+ 8 Na Kaldeafoɔ no bɛsan aba, na wɔne kuro yi bɛko, na wɔbɛfa, na wɔde gya ahye.”+ 9 Deɛ Yehowa aka nie, “Monnnaadaa mo ho* nnka sɛ, ‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ,’ ɛfiri sɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔ a wɔne mo reko no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”+
11 Berɛ a Farao asraafoɔ nti, Kaldeafoɔ asraafoɔ twee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ no,+ 12 Yeremia siim wɔ Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asaase so+ na wakɔgye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 13 Nanso berɛ a ɔduruu Benyamin Pono no ano no, awɛmfoɔ so panin a ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no sɔɔ odiyifoɔ Yeremia mu, na ɔkaa sɛ: “Woredwane akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn!” 14 Na Yeremia kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ! Ɛnyɛ Kaldeafoɔ nkyɛn na meredwane akɔ.” Nanso Yiria antie no. Ɛnna ɔkyee Yeremia, na ɔde no kɔmaa mpanimfoɔ no. 15 Mpanimfoɔ no bo fuu Yeremia,+ na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo afiase*+ wɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie, ɛfiri sɛ na wɔde hɔ ayɛ afiase. 16 Wɔde Yeremia kɔtoo afiase,* amena mu hɔ, na ɔdaa hɔ nna pii.
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fie* hɔ.+ Ɔbisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afiri Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Ɛnna Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi a enti mode me ato afiase yi? 19 Mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo so, na wɔremma asaase yi so’ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 20 Enti afei me wura ɔhene, mepa wo kyɛw tie. Mesrɛ wo, yɛ m’abisadeɛ yi ma me. Nsan mfa me nkɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie+ hɔ, anyɛ saa a, mɛwu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a ɛfiri paanootofoɔ borɔno so daa+ kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.
38 Na Matan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya ba Pasur+ tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa no. Ná ɔreka sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onipa a ɔbɛtena kuro yi mu no, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* bɛku no.+ Na deɛ ɔde ne ho bɛkɔ akɔma Kaldeafoɔ no deɛ, ɔbɛnya nkwa; ɔbɛnya ne nkwa* sɛ asadeɛ* na ɔbɛtena ase.’+ 3 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Deɛ ɛteɛ biara, wɔde kuro yi bɛhyɛ Babilon hene asraafoɔ nsa, na ɔbɛfa.’”+
4 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafoɔ a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ, na mmom mmusuo na ɔrepɛ ama ɔman yi.” 5 Ɔhene Sedekia kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara nsi mo kwan.”
6 Enti wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban mu no mu.+ Wɔde nhoma sosɔɔ Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsuo nni abura no mu; atɛkyɛ nko ara na na ɛwɔ mu, na Yeremia firii aseɛ sɛ ɔremem wɔ atɛkyɛ no mu.
7 Etiopiani Ebed-Melek+ a na ɔyɛ ahemfie panin* a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa berɛ no, na ɔhene no te Benyamin Pono no ano.+ 8 Enti Ebed-Melek pue firii ɔhene fie* hɔ, na ɔne ɔhene kɔkasaa sɛ: 9 “O me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ odiyifoɔ Yeremia no yɛ bɔne kɛseɛ paa! Wɔato no atwene abura mu, na ɛkɔm no nti ɔbɛwu wɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro yi mu.”+
10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima 30 wɔ ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu na wanwu.” 11 Enti Ebed-Melek faa mmarima a wɔka ne ho no, na wɔkɔɔ ɔhene fie* hɔ, na wɔkɔɔ adekoradan no ase+ kɔsesaa ntomago ne ntoma dada firii hɔ, na ɔde nhoma sosɔɔ mu gyaagyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12 Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepa wo kyɛw, fa ntomago ne ntoma a wɔatete mu yi hyehyɛ wo mmɔtoam na nhoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa. 13 Ɛnna wɔde nhoma no twetwee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu.+
14 Na ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn wɔ aboboano kwan a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano wɔ Yehowa fie hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepɛ sɛ mebisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.” 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, deɛ ɛteɛ biara wobɛku me. Na sɛ metu wo fo nso a, worentie.” 16 Enti Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam wɔ kokoam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a wama yɛn nkwa* yi te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo aku wo* no nsa.”
17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛ wode wo ho kɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, worenwu,* na wɔremfa gya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde gya bɛhye,+ na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
19 Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mesuro Yudafoɔ a wɔadane kɔ Kaldeafoɔ no afã no. Sɛ wɔde me hyɛ wɔn nsa a, anhwɛ a wɔne me bɛdi no nwonwoonwono.” 20 Na Yeremia kaa sɛ: “Wɔremfa wo nhyɛ wɔn nsa. Mepa wo kyɛw, tie Yehowa asɛm a mereka akyerɛ wo yi, na ɛbɛsi wo yie ama woakɔ so* atena nkwa mu. 21 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma wɔn a, deɛ Yehowa ayi akyerɛ me nie: 22 Hwɛ! mmaa a wɔaka wɔ Yuda hene fie* nyinaa, wɔde wɔn bɛpue akɔma Babilon hene mpanimfoɔ,+ na wɔbɛka sɛ,
‘Nnipa a wode wo ho too wɔn so no* adaadaa wo, na wɔadi wo so.+
Wɔama wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu.
Na wɔadane wɔn ho kɔ.’
23 Na wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛpue akɔma Kaldeafoɔ no, na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam. Babilon hene bɛkye wo,+ na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+
24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee, na woanwu. 25 Na sɛ mpanimfoɔ no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenku wo,’+ na sɛ wɔbisa wo sɛ ‘ɛdeɛn na ɔhene ka kyerɛɛ wo?’ a, 26 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Adesrɛ na mede kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔnnsan mmfa me nnkɔ Yehonatan fie hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’”+
27 Akyire yi, mpanimfoɔ no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm. Na ɔkaa asɛm a ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Enti wɔne no anka hwee bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔ no. 28 Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ kɔsii da a wɔko faa Yerusalem.+ Berɛ a wɔko faa Yerusalem no, na ɔda so wɔ hɔ.+
39 Yuda hene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem, na wɔbɛtwaa ho hyiae.+
2 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu, bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbuu kuro no afasuo guu mu.+ 3 Na Babilon hene mpanimfoɔ nyinaa wuraa mu, na wɔkɔtenatenaa Mfimfini Pono no mu.+ Wɔn ne: Nergal-Sareser a ɔyɛ Samgar no, Nebo-Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris* no, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* no, ne Babilon hene mpanimfoɔ a aka nyinaa.
4 Berɛ a Yuda hene Sedekia ne asraafoɔ no nyinaa huu wɔn no, wɔdwanee.+ Wɔfirii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔfaa ɔhene turo no mu, ɛnna wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ 5 Nanso Kaldeafoɔ asraafoɔ no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko serɛ so.+ Wɔkyee no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Na Babilon hene maa wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene maa wɔkunkum Yuda adehyeɛ nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani firae. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+
8 Na Kaldeafoɔ no hyee ɔhene fie* no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no gui.+ 9 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no, ne wɔn a wɔkaeɛ nyinaa, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.
10 Nanso awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi wɔ Yuda asaase no so. Saa da no, ɔmaa wɔn bobe mfuo ne nsaase a wɔbɛyɛ so adwuma.*+
11 Na Babilon hene Nebukadnesar* kaa deɛ wɔnyɛ Yeremia kyerɛɛ awɛmfoɔ so panin Nebusaradan. Ɔkaa sɛ: 12 “Momfa no na monhwɛ no; monnyɛ no bɔne biara. Deɛ ɔbɛbisa mo biara, momfa mma no.”+
13 Enti awɛmfoɔ so panin Nebusaradan ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris,* ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* ne Babilon hene atitire nyinaa soma 14 maa wɔkɔfaa Yeremia firii Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ+ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fie. Enti ɔtenaa nkurɔfoɔ no mu.
15 Berɛ a Yeremia da so da Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ no,+ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 16 “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, mmusuo a mekaa sɛ mede bɛba kuro yi so no, merema no aba mu, na ɛrensi wɔn yie; na saa da no, wobɛhunu sɛ asi.”’
17 “‘Nanso saa da no, mɛgye wo,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfa wo mma nnipa a wosuro wɔn no.’
18 “‘Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛyi wo afiri mu, na worenwu wɔ sekan ano. Wobɛnya wo nkwa* sɛ asadeɛ,*+ ɛfiri sɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm nie.”
40 Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa no wɔ Rama+ sɛ ɔmfa ne ho nni no. Berɛ a ɔkɔfaa Yeremia baa hɔ no, na wɔde abankaba agu no, na na ɔka Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ a na wɔatu wɔn ase de wɔn rekɔ Babilon no nyinaa ho. 2 Afei awɛmfoɔ so panin no de Yeremia gyinaa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn no na ɔkaa sɛ mmusuo bɛba ɔman yi so, 3 na Yehowa ama no aba mu sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moayɛ Yehowa bɔne, na moantie n’asɛm. Ɛno nti na asɛm yi ato mo no.+ 4 Ɛnnɛ, mereyi abankaba a ɛgu wo nsa no. Sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ma yɛnkɔ, na mɛhwɛ wo. Na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ɛnneɛ san. Hwɛ! Asaase no nyinaa da w’anim. Baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”+
5 Berɛ a Yeremia da so gyina hɔ a ɔnnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kaa sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkuro so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfoɔ no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”
Na awɛmfoɔ so panin no maa no aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔe. 6 Enti Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa,+ na ɔne no tenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn wɔ asaase no so no mu.
7 Akyire yi, asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asaase no so panin, na wayɛ no panin wɔ ahiafoɔ a wɔwɔ asaase no so no so, mmarima ne mmaa ne mmɔfra nkumaa a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon no nyinaa.+ 8 Enti wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Wɔn a wɔbaeɛ nie: Netania ba Ismael,+ Karea mma Yohanan ne Yonatan,+ Tanhumet ba Seraia, Netofani Efai mma no, ne Maakatni no ba Yesania,+ wɔne wɔn mmarima. 9 Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa ntam kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asaase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.+ 10 Me deɛ, mɛtena Mispa, na Kaldeafoɔ a wɔbɛba yɛn nkyɛn no, mɛsi mo anan wɔ wɔn anim.* Na mo deɛ, mommoaboa bobesa ne ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano, na momfa ngu nneɛma a mokora adeɛ wom no mu, na montena nkuro a moafa no mu.”+
11 Na Yudafoɔ a na wɔwɔ Moab ne Ammon ne Edom nyinaa ne nsaase a aka no so no nyinaa tee sɛ Babilon hene agya nnipa bi sɛ wɔntena Yuda, na ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so. 12 Enti Yudafoɔ no nyinaa firii mmeaeɛ a wɔbɔɔ wɔn hweteeɛ no nyinaa san baa Yuda asaase so, na wɔkɔɔ Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Na wɔboaboaa bobesa ne ahuhuro berɛ mu nnuaba bebree ano.
13 Karea ba Yohanan ne asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. 14 Na wɔbisaa no sɛ: “Wonnim sɛ Ammonfoɔ+ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmɛku wo?”*+ Nanso Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.
15 Ɛnna Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoam wɔ Mispa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ na mekɔkum Netania ba Ismael, na obiara renhunu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔku wo,* na adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa hwete na Yudafoɔ a aka no ase hye?” 16 Nanso Ahikam ba Gedalia+ ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ deɛ woreka afa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.”
41 Bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael a ɔfiri adehyeɛ abusua* mu a ɔka ɔhene mpanimfoɔ ho no ne mmarima du baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Berɛ a na wɔabom redidi wɔ Mispa no, 2 Netania ba Ismael ne mmarima du a na wɔka ne ho no sɔree, na wɔde sekan kum Safan ba Ahikam ba Gedalia. Enti ɔkum deɛ na Babilon hene de no asi asaase no so no. 3 Ismael san kunkum Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa no nyinaa, na ɔkunkum Kaldeafoɔ asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso.
4 Berɛ a wɔkum Gedalia no akyi nnanu a na obiara nnim ho hwee no, 5 mmarima 80 firi Sekem+ ne Silo+ ne Samaria+ bae. Ná wɔayi wɔn abɔdwesɛ, asunsuan wɔn ntaadeɛ mu, de adeɛ atwitwa wɔn ho,+ na na wɔkurakura aduane afɔreɛ ne ɛhyɛ*+ a wɔde reba Yehowa fie. 6 Enti Netania ba Ismael firii Mispa kɔhyiaa wɔn, na ɔrekɔ nyinaa na ɔresu. Berɛ a ɔhyiaa wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.” 7 Nanso berɛ a wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn, na wɔtoo wɔn guu abura no mu.
8 Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: “Nku yɛn, na yɛde hwiit ne baali* ne ngo ne ɛwoɔ pii asie afuo mu.” Enti wanku wɔn anka wɔn nuanom no ho. 9 Na Ismael too mmarima a ɔkunkum wɔn no nyinaa afunu guu abura kɛseɛ bi mu, deɛ Israel hene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no.+ Saa abura no na Netania ba Ismael de mmarima a ɔkunkum wɔn no afunu hyɛɛ no ma.
10 Na Ismael kyee nnipa a aka wɔ Mispa no nyinaa.+ Wɔn mu bi ne ɔhene mma mmaa, ne nnipa a wɔkaa Mispa a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no.+ Netania ba Ismael kyee wɔn, na ɔde wɔn kɔɔ sɛ ɔrekɔtwa akɔ Ammonfoɔ nkyɛn.+
11 Berɛ a Karea ba Yohanan+ ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa tee awurukasɛm* a Netania ba Ismael adi nyinaa no, 12 wɔfaa mmarima no nyinaa, na wɔkɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko. Na wɔkɔtoo no wɔ Gibeon asukɛseɛ* no ho.
13 Berɛ a nnipa a wɔwɔ Ismael nkyɛn no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔbɔɔ ose. 14 Na nnipa a na Ismael akye wɔn afiri Mispa no nyinaa+ san wɔn akyi, na wɔne Karea ba Yohanan san kɔe. 15 Na Netania ba Ismael deɛ, ɔne mmarima nwɔtwe dwane firii Yohanan anim, na ɔkɔɔ Ammonfoɔ no nkyɛn.
16 Na Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa a aka a wɔfiri Mispa no kaa wɔn ho, wɔn a wɔgyee wɔn firii Netania ba Ismael nsam berɛ a ɔkum Ahikam ba Gedalia+ no. Na wɔde mmarima, ne asraafoɔ, ne mmaa, ne mmɔfra, ne ahemfie mpanimfoɔ no firii Gibeon san bae. 17 Enti wɔkɔe, na wɔkɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛbɛn Betlehem+ no sɛ wɔrefa so akɔ Egypt+ 18 ɛsiane Kaldeafoɔ no nti. Ná wɔsuro wɔn, ɛfiri sɛ na Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babilon hene de no sii asaase no so no.+
42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia ba Yesania* ne nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so baeɛ, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, tie yɛn adesrɛ yi, na bɔ Yehowa wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, yɛn a yɛaka yi nyinaa. Ɛfiri sɛ nnipa bebree no, kakraa bi na aka,+ sɛdeɛ wohunu yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so ne deɛ yɛnyɛ.”
4 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate deɛ moaka no, na mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ moaka no. Na mmuaeɛ biara a Yehowa de bɛma mo no, mɛka akyerɛ mo. Meremfa asɛm baako mpo nsie mo.”
5 Na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Akwankyerɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma ama woabɛka akyerɛ yɛn no, sɛ yɛanni so pɛpɛɛpɛ a, Yehowa ne yɛn danseni nokwafoɔ a ɔnni hwammɔ. 6 Papa oo, bɔne oo, yɛbɛtie Yehowa yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no, na asi yɛn yie, ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛtie n’asɛm.”
7 Nnafua du akyi no, Yehowa ne Yeremia kasae. 8 Enti ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa bae, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.+ 9 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim no aka nie: 10 ‘Sɛ mokɔ so tena asaase yi so a, me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiri mo ngu; mɛdua mo, na merentu mo ase, ɛfiri sɛ mɛnu me ho* sɛ mede mmusuo aba mo so.+ 11 Monnsuro Babilon hene a ne nti moabɔ hu no.’+
“‘Monnsuro no,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka mo ho, na mɛgye mo na mayi mo afiri ne nsam. 12 Na mɛhu mo mmɔbɔ,+ na ɔno nso bɛhu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asaase so.
13 “‘Na sɛ moka sɛ: “Daabi, yɛrentena asaase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, 14 na moka sɛ: “Daabi, Egypt asaase so na yɛbɛkɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na ɛkɔm renne yɛn; ɛhɔ ara na yɛbɛtena” a, 15 ɛnneɛ montie Yehowa asɛm, O Yudafoɔ a moaka. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Sɛ moasi mo bo sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ* ampa a, 16 ɛnneɛ sekan a mosuro no, ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asaase so hɔ, na ɛkɔm a mosuro no, ɛbɛdi mo akyi akɔ Egypt, na ɛhɔ na mobɛwuwuo.+ 17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no nyinaa, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* na ɛbɛkunkum wɔn. Mmusuo a mede reba wɔn so no, obiara remfiri mu nka, na obiara rennya ne tiri nnidi mu.”’
18 “Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Sɛdeɛ mehwiee m’abufuo ne m’abufuhyeɛ guu Yerusalemfoɔ so no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mɛhwie m’abufuhyeɛ agu mo so, na mobɛyɛ nnome, na moadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na mo anim bɛgu ase,+ na morenhunu ɛha yi bio.’
19 “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yudafoɔ a moaka. Monntu mo nan nnsi Egypt. Monhunu paa sɛ mabɔ mo kɔkɔ nnɛ sɛ 20 mo bɔne nti, mode mo nkwa* bɛtwa so. Ɛfiri sɛ mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21 Maka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na deɛ wasoma ama mabɛka akyerɛ mo nso, morenyɛ mu biara.+ 22 Enti monhunu pefee sɛ, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛkunkum mo wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔ na mokɔtena hɔ no.”+
43 Na Yeremia kaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa. Deɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn no, wannya baako mpo. Berɛ a ɔwieeɛ no, 2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ! Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ.’ 3 Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wode yɛn bɛma Kaldeafoɔ no, na wɔakunkum yɛn anaa wɔatu yɛn ase akɔ Babilon.”+
4 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm, na wɔantena Yuda asaase so. 5 Mmom, Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yudafoɔ a aka no nyinaa kaa wɔn ho, Yudafoɔ a wɔbɔɔ wɔn hwetee aman nyinaa so a na wɔasan aba sɛ wɔrebɛtena Yuda asaase no so no.+ 6 Wɔfaa mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mma mmaa ne wɔn* a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa wɔn maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ no nyinaa, na wɔfaa odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk nso kaa ho. 7 Na wɔkɔɔ Egypt asaase so, ɛfiri sɛ wɔantie Yehowa asɛm, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Tapanes.+
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia wɔ Tapanes sɛ: 9 “Fa wo nsa sesa aboɔ akɛseɛ, na fa kɔsie dɔteɛ mu wɔ baabi a wɔde birikisi atintim fam wɔ Farao fie pono ano wɔ Tapanes no. Yɛ ma Yuda mmarima no nhunu. 10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahennwa bɛsi aboɔ a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛ n’ahennie ntomadan mu wɔ so.+ 11 Na ɔbɛba abɛto ahyɛ Egypt asaase no so.+ Deɛ ɔfata owuyareɛ no, owuyareɛ bɛku no. Deɛ ɔfata sɛ wɔkye no no, wɔbɛkye no akɔ. Na deɛ ɔfata sekan no, sekan bɛku no.+ 12 Na mede gya bɛto Egypt anyame no afie* mu,+ na ɔbɛhye wɔn, na ɔbɛkye wɔn akɔ. Ɔbɛfira Egypt asaase te sɛ deɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma no, na ɔbɛfiri hɔ akɔ asomdwoeɛ mu.* 13 Na ɔbɛbubu adum* a ɛwɔ Bet-Semes* wɔ Egypt asaase so no pasaa, na ɔde gya bɛhye Egypt anyame no afie.”’”*
44 Na Onyankopɔn asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Egypt asaase so nyinaa,+ wɔn a wɔtete Migdol+ ne Tapanes+ ne Nof*+ ne Patros+ asaase so no ho. Asɛm no nie: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Mmusuo a mede aba Yerusalem+ ne Yuda nkuro nyinaa so no, moahunu ne nyinaa, na ɛnnɛ adane amamfo, na obiara nte hɔ.+ 3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuo no ntira. Wɔkɔbɔɔ afɔreɛ+ maa anyame foforɔ a wɔnnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+ 4 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii* bɛka kyerɛɛ mo sɛ: “Mepa mo kyɛw, monnyɛ ade tantan a mekyiri yi.”+ 5 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso annyae wɔn bɔne no, na wɔannyae afɔreɛ a wɔbɔ ma anyame foforɔ no.+ 6 Enti mehwiee m’abufuhyeɛ ne m’abufuo gui, na ɛdɛree wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so, na ɛbɛyɛɛ amamfo a obiara nte hɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.’+
7 “Enti afei, deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Adɛn nti na mode mmusuo kɛseɛ reba mo ara mo* so, na mopɛ sɛ wɔsɛe ɔbarima ne ɔbaa biara, ne mmɔfra ne nkɔkoaa nyinaa firi Yuda, a obiara renka mma mo yi? 8 Adɛn nti na mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuo, na mobɔ afɔreɛ ma anyame foforɔ wɔ Egypt asaase a moakɔtena so no so? Mobɛwuwu, na moayɛ nnome, na mo anim bɛgu ase wɔ asaase so aman nyinaa mu.+ 9 Mo agyanom nneyɛɛ bɔne, ne Yuda ahemfo nneyɛɛ bɔne,+ ne wɔn yerenom nneyɛɛ bɔne,+ ne mo nso mo nneyɛɛ bɔne, ne mo yerenom nneyɛɛ bɔne,+ deɛ moyɛɛ no wɔ Yuda asaase so ne Yerusalem mmɔnten so no, mo werɛ afi anaa? 10 Ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase,* wɔnsuroeɛ,+ na me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no nso, wɔnnii so.’+
11 “Enti deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, masi me bo sɛ mede mmusuo bɛba mo so, na mede asɛe Yuda nyinaa. 12 Na mɛfa Yudafoɔ a aka a wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wɔbɛwuwu wɔ sekan ano, na ɛkɔm bɛma wɔn ase ahye. Ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, sekan ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na wɔn anim bɛgu ase.+ 13 Na mede sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no.+ 14 Na Yudafoɔ a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nnwane, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no.’”
15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom bɔ afɔreɛ ma anyame foforɔ no nyinaa, ne ɔyerenom a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, ɛdɔm kɛseɛ no, ɛne nkurɔfoɔ a na wɔtete Patros+ wɔ Egypt asaase so+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 16 “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie. 17 Mmom, asɛm biara a yɛde yɛn ano aka no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛyɛ, na yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no+ sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom ne yɛn ahemfo ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no. 18 Ɛfiri berɛ a yɛgyaee sɛ yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛgyaee sɛ yɛbɛhwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na sekan ne ɛkɔm akunkum yɛn.”
19 Mmaa no nso kaa sɛ: “Berɛ a na yɛbɔ afɔreɛ ma Ɔsoro Hemmaa,* na yɛhwie afɔrebɔ nsã ma no no, yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ keeki a ɛte sɛ ne honi no? Yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa, mmarima no ne wɔn yerenom ne nnipa a aka a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no nyinaa sɛ: 21 “Afɔreɛ a mo ne mo agyanom ne mo ahemfo ne mo mpanimfoɔ ne asaase no so nnipa bɔɔ wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so no,+ Yehowa kaee, na ɛbaa n’akomam! 22 Na nneɛma bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Yehowa, enti mo asaase danee amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne nnome, na obiara antena so bio, sɛdeɛ ɛrekɔ so nnɛ yi.+ 23 Ɛsiane sɛ mobɔɔ afɔreɛ a ɛte saa, na moyɛɛ Yehowa bɔne, na moantie Yehowa nne, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ so, na moantie ne nkaesɛm nti na mmusuo yi aba mo so, sɛdeɛ mohu no nnɛ yi.”+
24 Na Yeremia toaa so ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: “Yudafoɔ a mowɔ Egypt asaase so nyinaa, montie Yehowa asɛm. 25 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Asɛm a mo ne mo yerenom de mo ano kaeɛ no, mode mo nsa ayɛ. Ɛfiri sɛ mokaa sɛ: “Ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛdi so.”+ Mmaa, mo nso, ɛbɔ a moahyɛ no, deɛ ɛteɛ biara mobɛdi so, na mobɛyɛ deɛ moahyɛ ho bɔ no.’
26 “Enti Yudafoɔ a motete Egypt asaase so nyinaa, montie Yehowa asɛm: ‘“Hwɛ, mede me ara me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,” Yehowa asɛm nie, “Yudani biara remfa me din nka ntam bio+ wɔ Egypt asaase nyinaa so sɛ, ‘Sɛ́ Awurade Tumfoɔ Yehowa te ase yi!’+ 27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɛkɔm bɛkunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wɔbɛfiri Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafoɔ a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa bɛhunu deɛ n’asɛm yɛ nokorɛ, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”
29 “‘Na wei ne sɛnkyerɛnne a mede rema mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ asɛm a mekaa sɛ mede mmusuo bɛba mo so no bɛba mu ɛkwan biara so. 30 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔku no* no nsa, sɛdeɛ mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadnesar* a na ɔpɛ sɛ ɔku no* no nsa no.”’”+
45 Odiyifoɔ Yeremia anom asɛm nie. Ɔka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ maa ɔtwerɛɛ no wɔ nwoma mu.+ Ɔtwerɛɛ no wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu. Ɔkaa sɛ:
2 “Baruk, deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa wo ho nie, 3 ‘Woka sɛ: “Asɛm ato me, ɛfiri sɛ Yehowa de ɛyea aka m’awerɛhoɔ ho! Madi abooboo abrɛ,* na menni ahotɔ.”’
4 “Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Deɛ masi no, meredwiri agu, na deɛ madua no nso, meretutu; ɛbɛba asaase no nyinaa so.+ 5 Nanso wo deɛ, nneɛma akɛseɛ na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.”’
“‘Na hwɛ, mede mmusuo reba nnipa* nyinaa so,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na baabiara a wobɛkɔ no, mede wo nkwa* bɛma wo sɛ asadeɛ.’”*+
46 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn wɔ amanaman no ho nie:+ 2 Egypt+ deɛ nie: Ɛfa Egypt hene Farao Neko+ asraafoɔ ho, Farao Neko a Babilon hene Nebukadnesar* dii ne so nkonim wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu no:
4 Mo a motena apɔnkɔ so, momfa nhoma nsesa apɔnkɔ no ho na montenatena wɔn so.
Monnyinagyina hɔ na monhyehyɛ mo dadeɛ kyɛ.
Montwi mpea ho na monhyehyɛ mo akotaadeɛ.
5 ‘Adɛn nti na mehunu sɛ wɔabɔ hu yi?
Wɔresan wɔn akyi, na wɔn mmarima a wɔnim ko no, wɔayɛ wɔn pasaa.
Wɔde hu adwane, wɔn mmarima a wɔnim ko no antwa wɔn ani.
Ehu wɔ baabiara,’ Yehowa asɛm nie.
6 ‘Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane, na mmarima a wɔnim ko no rentumi mfiri hɔ nkɔ.
Wɔasuntisunti ahwehwe ase+
Wɔ atifi fam, wɔ Asubɔnten Eufrate ho.’
7 Hwan na ɔreba te sɛ Asubɔnten Nil,
Te sɛ nsubɔnten a emu nsuo rebu fa so yi?
8 Egypt foro ba te sɛ Asubɔnten Nil,+
Ɔba te sɛ nsubɔnten a emu nsuo rebu fa so.
Na ɔka sɛ, ‘Mɛforo akɔ na mayiri akata asaase no so.
Mɛsɛe kuro no ne emufoɔ.’
9 Apɔnkɔ, momforo nkɔ!
Nteaseɛnam, monnye bum!
Momma mmarima a wɔnim ko no nkɔ wɔn anim,
Kus ne Put mmarima a wɔkurakura akyɛm,+
10 “Saa da no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, awerɛdi da a ɔde bɛtua n’atamfo ka. Na sekan bɛdi nam amee, na ɛbɛnom wɔn mogya nso amee. Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa bɛbɔ afɔreɛ* wɔ atifi fam asaase no so, Asubɔnten Eufrate+ ho.
Woama wo nnuro adɔɔso kwa,
Ɛfiri sɛ ayaresa biara nni hɔ mma wo.+
Ɛfiri sɛ ɔsabarima sunti ɔsabarima,
Na wɔn mmienu nyinaa bom hwe ase.”
13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia nie. Ɛfa Babilon hene Nebukadnesar* a ɔbɛba abɛsɛe Egypt asaase no+ ho:
14 “Momfa nto dwa wɔ Egypt, na mommɔ no dawuro wɔ Migdol.+
Mommɔ no dawuro wɔ Nof* ne Tapanes.+
Monka sɛ, ‘Monnyinagyina hɔ, na monyɛ krado,
Ɛfiri sɛ wɔn a atwa wo ho ahyia nyinaa, sekan bɛdi wɔn nam.
15 Adɛn nti na wɔapra wo mmarima a wɔn ho yɛ den no kɔ yi?
Wɔantumi annyina,
Ɛfiri sɛ Yehowa apia wɔn agu fam.
16 Wɔn mu bebree suntisunti, na wɔhwehwe ase.
Obiara ka kyerɛ ne yɔnko sɛ:
“Sɔre! Ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn abusuafoɔ asaase so,
Ɛsiane atirimuɔden sekan no nti.”’
18 ‘Mete ase yi deɛ,’ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie,
‘Ɔbɛba* te sɛ Tabor+ a ɛsi mmepɔ mu
Ne Karmel+ a ɛsi po ho no.
19 Hyehyɛ wo nneɛma a wode bɛtu akɔ obi man so,
O ɔbabaa a wote Egypt.
21 Asraafoɔ a wabɔ wɔn paa a wɔwɔ wɔn mu no mpo te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ;
Wɔn nso adane wɔn ho abom adwane.
22 ‘Ne nne te sɛ ɔwɔ a ɔtwe ne ho ase,
Ɛfiri sɛ wɔde nkuma reba ne so ahoɔden so,
Te sɛ mmarima a wɔrebu nnua.*
23 Ɛkwan biara nna ne kwaeɛ mu, nanso wɔbɛbu agu,’ Yehowa asɛm nie.
‘Ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ; wɔn dodoɔ nni ano.
24 Egypt babaa ani bɛwu.
Wɔde no bɛhyɛ atifi famfoɔ nsa.’+
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ: ‘Afei mede m’ani rebɛsi Amon+ a ɔfiri Noh*+ no so, ne Farao so, ne Egypt so, ne n’anyame so,+ ne n’ahemfo so, aane, mede m’ani bɛsi Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne so nyinaa so.’+
26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa, Babilon hene Nebukadnesar*+ ne ne nkoa nsa. Nanso ɛno akyi no, nnipa bɛsan atena mu bio te sɛ kane no,’ Yehowa asɛm nie.+
Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bɛdwo no, na watena hɔ dwoodwoo,
Na obiara renhunahuna wɔn.+
28 Enti m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka wo ho.
Mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata;+
Meremma womfa wo ho nni da.’”
47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn ansa na Farao resɛe Gasa no nie. Ɛfa Filistifoɔ ho.+ 2 Deɛ Yehowa aka nie:
“Hwɛ! Nsuo firi atifi fam reba.
Ɛbɛyiri abu afa so.
Ɛbɛyiri afa asaase no ne deɛ ɛwɔ so nyinaa,
Kuro no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Mmarima bɛteateam,
Na obiara a ɔte asaase no so bɛsu ateateam.
3 Sɛ wɔte n’apɔnkɔ* nan a ɛrepempem fam kim-kim-kim,
Ne ne ko nteaseɛnam a ɛreyɛ kiri-kiri-kiri,
Ne ne nteaseɛnam no nan a ɛretwa ne ho kiridi-kiridi-kiridi no a,
Agyanom rentwa wɔn ani mpo nhwɛ wɔn mma,
Wɔn nsam a ago nti.
Wɔama Askelon aka n’ano atom.+
Da bɛn na wobɛyɛ dinn?
San kɔhyɛ wo bɔha* mu.
Home, na yɛ komm.
7 Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ dinn,
Berɛ a Yehowa na ahyɛ no?
Ɛreba Askelon ne mpoano asaase no so.+
Ɛhɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.”
48 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Moab ho nie:+
“Asɛm ato Nebo,+ ɛfiri sɛ wɔasɛe no!
Wɔagu Kiriataim+ anim ase, wɔadi ne so nkonim.
Wɔagu dwankɔbea a ɛyɛ den* no anim ase, na wɔayɛ no pasaa.+
2 Obiara nni hɔ a ɔyi Moab ayɛ bio.
Wɔabɔ ne sɛeɛ ho pɔ wɔ Hesbon+ sɛ:
‘Mommra mma yɛnyi no mfiri hɔ, na wanyɛ ɔman bio.’
Na wo, Madmin nso, yɛ komm,
Ɛfiri sɛ sekan di w’akyi reba.
4 Wɔabubu Moab.
Ne mma resu.
5 Esũ nko ara na wɔde foro Luhit kokoɔ.
Na wɔresiane afiri Horonaim nso a, wɔte esũ yayaaya, ɔsɛeɛ a aba no nti.+
6 Monnwane; monnwane mpere mo nkwa!*
Monyɛ sɛ serɛ so papao dua.
7 Ɛsiane sɛ wode wo ho ato wo nnwuma ne w’agyapadeɛ so nti,
Wo nso, wɔbɛdi wo so nkonim.
Na wɔbɛtu Kemos+ ase akɔ obi man so,
Ɔne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa bɛbom akɔ.
9 Momfa ahyɛnsodeɛ nsi kwan so mma Moab,
Ɛfiri sɛ sɛ wɔsɛe no pasaa a, ɔbɛdwane,
Na ne nkuro bɛdane biribi a ɛyɛ hu,
Na obiara rentena mu.+
10 Nnome nka deɛ ɔyɛ Yehowa adwuma biarabiara!
Nnome nka deɛ ɔmfa ne sekan nhwie mogya ngu!
11 Moabfoɔ atena hɔ dwoodwoo firi wɔn mmɔfraberɛm,
Te sɛ bobesa a asi hɔ akyɛ a ada aseɛ.
Wɔnhwiee wɔn nguu ade foforɔ biara mu da,
Na wɔntuu wɔn ase nkɔɔ obi man so da.
Ɛno nti na wɔn dɛ nsesaeɛ,
Na wɔn hwa nso nsesaeɛ no.
12 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛsoma nkurɔfoɔ ama wɔakɔdane wɔn abutu. Wɔbɛdane wɔn abutu, na wɔahwie wɔn afiri adeɛ a wɔgu mu no mu, na wɔbɛbobɔ wɔn nhina akɛseɛ no pasapasa. 13 Na Moabfoɔ ani bɛwu Kemos ho, sɛdeɛ Israel fie ani awu Betel a wɔde wɔn ho too so ho no.+
14 Mone hwan a moka sɛ: “Yɛyɛ mmarima akatakyie a yɛayɛ krado rekɔ ɛko”?’+
Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie.+
17 Wɔn ho bɛyɛ wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa mmɔbɔ,
Wɔn a wɔnim wɔn din nyinaa.
Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Ao, ahoɔden poma no, dua fɛfɛɛfɛ no na abubuo yi!’
18 Si firi w’animuonyam so,
Na tena sukɔm mu,* O ɔbabaa a wote Dibon.+
Ɛfiri sɛ Moab sɛefoɔ no aba wo so,
Na wo nkuro a ɛyɛ den no, ɔbɛsɛe no.+
19 Wo a wote Aroer,+ gyina kwan ho na hwɛ.
Bisa barima a ɔredwane ne ɔbaa a ɔrepɛ baabi afa no sɛ, ‘Asɛm bɛn na asi?’
20 Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no.
Monsu, monsu nteateam.
Mommɔ no dawuro wɔ Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab.
21 “Atemmuo aba asaase a ɛda fam* no so,+ aba Holon ne Yahas+ ne Mefaat+ so; 22 aba Dibon+ ne Nebo+ ne Bet-Diblataim so; 23 aba Kiriataim+ ne Bet-Gamul ne Bet-Meon+ so; 24 aba Keriot+ ne Bosra so; aba Moab asaase so nkuro nyinaa so, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa.
26 ‘Momma no nnom nsã mmoro+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa.+
Moab munimuni wɔ ne feɛ mu,
Na wadane adeɛ a wɔdi ho fɛ.
27 Ɛnyɛ wo na wodii Israel ho fɛ no?+
Wohwɛ a, na ɔka akorɔmfoɔ ho
A enti ɛsɛ sɛ wowosowoso wo ti gu ne so, na wokasa tia no?
28 Moabfoɔ, monnya mo nkuro hɔ na monkɔtena ɔbotan so,
Na monyɛ sɛ aburuburo a ɔyɛ ne pirebuo wɔ bepɔ nkyɛnmu wɔ soro.’”
29 “Yɛate Moab ahantan no; ɔyɛ dwɛɛ paa.
Yɛate n’ahomasoɔ ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne sɛdeɛ wama n’akoma so no.”+
30 “‘Menim n’abufuo,’ Yehowa asɛm nie,
‘Nanso ne kasa hunu no renkɔsi hwee.
Wɔrentumi nyɛ huu!
Wo dua a afefɛ no atwa ɛpo.
Akɔduru po mu, akɔduru Yaser.
W’ahuhuro berɛ mu nnuaba ne bobe a woatete no,
Ɔsɛefoɔ no ato ahyɛ so.+
Nsã a ɛretene firi amena a wɔkyĩ nsã wom mu no, mama atwa.
Obiara nni hɔ a ɔde anigyeɛ bɛbɔ agye so berɛ a wɔrekyĩ nsã.
Sɛ wɔbɔ gye so mpo a, ɛrenyɛ nnyesoɔ papa.’”+
34 “‘Wɔte nteamu bi wɔ Hesbon;+ ɛkɔ ara kɔsi Eleale.+
35 Meremma obiara mmɔ afɔreɛ wɔ sorɔnsorɔmmea,*
Na meremma obiara mmɔ afɔreɛ mma ne nyame;
Mɛma ne nyinaa agyae wɔ Moab,’ Yehowa asɛm nie.
Ɛfiri sɛ ahonyadeɛ a wapɛ agu hɔ no bɛsɛe.
Ɛfiri sɛ mabubu Moab
Te sɛ ahina a wɔato atwene baabi,’ Yehowa asɛm nie.
39 ‘Hwɛ sɛdeɛ ehu aka no! Monsu nteateam!
Hwɛ sɛdeɛ Moab de animguaseɛ asan n’akyi!
Moab adane adeɛ a wɔdi ho fɛ,
Wadane biribi a ɛyɛ hu ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.’”
40 “Deɛ Yehowa aka nie:
41 Wɔbɛdi ne nkuro so nkonim,
Na wɔbɛgye n’abandenden.
Saa da no, Moab akatakyie akoma
Bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔrewo.’”
43 Ehu ne amena ne fidie da mo anim,
O Moabfoɔ,’ Yehowa asɛm nie.
44 ‘Obiara a ehu no nti ɔbɛdwane no, ɔbɛtɔ amena mu,
Na obiara a ɔbɛpue afiri amena mu no, fidie bɛyi no.’
‘Ɛfiri sɛ afe a mahyɛ no duru a, mɛtwe Moab aso,’ Yehowa asɛm nie.
45 ‘Wɔn a wɔredwane no akɔgyinagyina Hesbon nwunu mu; wɔn ahoɔden asa.
Ɛfiri sɛ egya bɛfiri Hesbon aba,
Na gyaframa afiri Sihon aba.+
Ɛbɛhye Moab moma so,
Na ahye mma a wɔyɛ dede no tikwankoraa.’+
46 ‘O Moab, asɛm ato wo!
Kemos nkurɔfoɔ+ asɛe.
Ɛfiri sɛ wɔakye wo mma mmarima de wɔn kɔ,
Na wo mma mmaa nso, wɔasoa wɔn kɔ obi man so.+
47 Nanso awieeɛ nna no mu no, mɛboaboa Moabfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no ano,’ Yehowa asɛm nie.
‘Ɛha na Moab ho atemmusɛm no si.’”+
49 Deɛ Yehowa aka afa Ammonfoɔ ho nie:+
“Israel nni mma mmarima anaa?
Anaa ɔnni obi a ɔbɛdi n’adeɛ?
Na adɛn nti na ne nkurɔfoɔ akɔtenatena Israel nkuro mu yi?”
2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie,
‘Na mɛma wɔate ɛko totorobɛnto* nnyegyeeɛ a ɛtia Ammonfoɔ+ kuro Raba,+
Na ɛbɛdane aboɔ asum hɔ,
Na wɔde gya bɛto ɛho nkuro mu.’
‘Na Israel bɛgye ne nkuro afiri wɔn a wɔbɛfaa ne nkuro no nsam,’+ Yehowa na aka.
3 ‘O Hesbon, su teateam, ɛfiri sɛ wɔasɛe Ai!
Raba ho nkuro, monteateam.
Momfirafira awerɛhoɔ ntoma.*
Monsu nteateam na monni akɔneaba wɔ nnwammuo a wɔde aboɔ ayɛ mu,
Ɛfiri sɛ wɔbɛtu Malkam ase akɔ obi man so,
Ɔne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa na ɛbɛkɔ.+
4 Adɛn nti na wode w’asaasetraa* hoahoa wo ho?
Adɛn nti na wode w’asaasetraa a nsuo sene fa so no hoahoa wo ho, O ɔbabaa nkontomponi?
Wode wo ho ato w’agyapadeɛ so,
Na woka sɛ: “Hwan na ɔbɛba me so?”’”
5 “‘Hwɛ, mede biribi a ɛyɛ hu reba wo so,’ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa asɛm nie.
‘Ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa hɔ aba.
Na wɔbɛbɔ mo ahwete baabiara,
Na obiara remmoaboa wɔn a wɔredwane no ano.’”
6 “‘Nanso akyire yi, mɛsan aboaboa Ammonfoɔ a wɔkyee wɔn kɔeɛ no ano,’ Yehowa asɛm nie.”
7 Deɛ asafo Yehowa aka afa Edom ho nie:
“Nyansa biara nni Teman bio anaa?+
Afotu pa ayera afiri wɔn a wɔwɔ nteaseɛ no nkyɛn anaa?
Wɔn nyansa adane adehunu* anaa?
8 Monnwane, monsan mo akyi!
O Dedanfoɔ, monkɔ na monkɔtena ɛbɔn mu!+
Ɛfiri sɛ sɛ berɛ so sɛ mede m’ani si Esau so a,
Mede amanehunu bɛba ne so.
9 Sɛ wɔn a wɔtete bobe ba wo so a,
Anka wɔrennya bi wɔ aseɛ mma nkurɔfoɔ mmɛsesa anaa?
Na sɛ awifoɔ ba anadwo a,
Deɛ wɔpɛ nko ara na wɔbɛsɛe no.+
10 Nanso mɛma Esau ho ada hɔ.
Mɛma obiara ahunu ne hintabea,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrentumi mfa ne ho nsie.
12 Na deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Sɛ wɔn a wɔmmuu wɔn atɛn sɛ wɔnnom kuruwa no ano mpo bɛnom a, ɛnneɛ wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, ɛfiri sɛ wopɛ oo, wompɛ oo, wobɛnom.”+
13 “Maka me ho ntam,” Yehowa asɛm nie, “Bosra bɛdane biribi a ɛyɛ hu,+ n’anim bɛgu ase, ɛbɛsɛe pasaa, na ayɛ nnome. Na ne nkuro nyinaa bɛdane amamfo afebɔɔ.”+
14 Mate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ.
Wasoma obi kɔ amanaman no mu sɛ:
“Mommoaboa mo ho na monkɔ ne so;
Monsiesie mo ho nkɔko.”+
16 Ahopopoɔ a womaa no baa nkurɔfoɔ so no adaadaa wo,
W’akomam ahantan adaadaa wo,
Wo a wote abotan so,
Na wote kokoɔ a ɛkorɔn so.
Sɛ woayɛ wo pirebuo wɔ sorosoro te sɛ ɔkɔdeɛ mpo a,
Mɛyi wo afiri hɔ asi fam,” Yehowa asɛm nie.
17 “Edom bɛdane biribi a ɛyɛ hu,+ na obiara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ no, na wadi ne ho fɛ,* mmusuo a ɛbɛba ne so no nyinaa nti. 18 Sɛdeɛ wɔbutuu Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro no,”+ Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena Edom, na onipa biara rensoɛ hɔ.+
19 “Hwɛ! Obi bɛforo abɛto ahyɛ adidibea a wɔabɔ ho ban no so te sɛ gyata+ a ɔfiri Yordan kwaeɛbirentuo mu, nanso mɛma no adwane* afiri hɔ ntɛm. Na mɛma deɛ wɔayi no no adi ne so. Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔne me bɛdi asie? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi agyina m’anim?+ 20 Enti mmarima, montie pɔ a Yehowa abɔ wɔ Edom ho; na deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Temanfoɔ nie:+
Deɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtwe nnwan mma no ase akɔ.
Wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea asɛe pasaa.+
21 Wɔahwe ase birim ama asaase awoso.
Wɔreteateam!
Dede no akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+
Saa da no, Edom mmarima a wɔnim ko no akoma
Bɛyɛ sɛ ɔbaa a awoɔ aka no akoma.”
“Wɔagu Hamat+ ne Arpad anim ase,
Ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi.
Ehu aka wɔn paa.
Ɛpo rebu fa so, na wɔrentumi mma no nyɛ dinn.
24 Damasko abam abu.
Wadane ne ho redwane, nanso ehu akyekyere no.
Amanehunu ne yea aba ne so,
Te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
25 Adɛn nti na wɔnnyaa ayeyie kuro no ntoo hɔ,
Ahurisie kuro no?
26 Ɛfiri sɛ ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ ne mmɔnten so,
Na asraafoɔ no nyinaa bɛwuwu saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie.
28 Ɛfiri sɛ Kedar+ ne Hasor ahennie a Babilon hene Nebukadnesar* sɛee no no, deɛ Yehowa aka afa ho nie:
“Monsɔre, momforo nkɔ Kedar,
Na monkɔsɛe wɔn a wɔtete Apueeɛ no.
29 Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwan
Ne wɔn ntomadan ho ntoma ne wɔn nneɛma nyinaa akɔ.
Wɔbɛfa wɔn yoma afiri wɔn ho akɔ,
Na wɔbɛsu akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’”
30 “Monnwane, monkɔ akyirikyiri!
O Hasorfoɔ, monkɔ na monkɔtena ɛbɔn mu,” Yehowa asɛm nie.
“Ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* abɔ mo ho pɔ bi,
Na wadwene mo ho adwemmɔne.”
31 “Monsɔre, momforo nkɔ ɔman a ɛte hɔ asomdwoeɛ mu no so,
Ɔman a ɛte hɔ dwoodwoo no!” Yehowa asɛm nie.
“Ɛnni apono na ɛnni nnadeɛ a wɔde bram apono akyi; wɔn nko ara na wɔte hɔ.
32 Nkurɔfoɔ bɛfom wɔn yoma,
Na wɔafa wɔn nyɛmmoa bebrebe no akɔ.
Na mede mmusuo bɛfiri afã nyinaa aba wɔn so,” Yehowa asɛm nie.
33 “Na Hasor bɛdane sakraman atenaeɛ,
Na ɛbɛyɛ amamfo daa.
Obiara rentena hɔ,
Na onipa biara rensoɛ hɔ.”
34 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn wɔ Elam+ ho, Yuda hene Sedekia+ ahennie mfitiaseɛ nie: 35 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ merebɛbubu Elam agyan,+ deɛ wɔn ahoɔden gyina so* no. 36 Mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mɛbɔ wɔn ahwete mframa yi nyinaa mu. Ɔman biara nni hɔ a Elamfoɔ a wɔabɔ wɔn ahwete no bi renkɔ so.’”
37 “Na mɛbubu Elamfoɔ wɔ wɔn atamfo anim, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn aku wɔn* no anim. Na mede mmusuo ne m’abufuhyeɛ bɛba wɔn so,” Yehowa asɛm nie. “Na mɛsoma sekan adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛhye wɔn nyinaa ase.”
38 “Na mede m’ahennwa bɛsi Elam,+ na mɛsɛe ɔhene ne ne mpanimfoɔ afiri hɔ,” Yehowa asɛm nie.
39 “Nanso awieeɛ nna no mu no, mɛboaboa Elamfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,” Yehowa asɛm nie.
50 Asɛm a Yehowa nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilon ho+ ne deɛ ɔka faa Kaldeafoɔ asaase ho nie:
2 “Monka no wɔ amanaman no mu, na mommɔ no dawuro.
Momma ahyɛnsodeɛ* so na mommɔ no dawuro.
Mommfa hwee nnsie!
Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+
Wɔagu Bel anim ase.+
Ehu aka Merodak.
Wɔagu n’ahoni anim ase.
Ehu aka n’abosom fĩ* no.’
3 Ɛfiri sɛ ɔman bi firi atifi fam aba ne so.+
Ama n’asaase adane biribi a ɛyɛ hu;
Obiara nte hɔ.
Nnipa ne mmoa nyinaa adwane;
Wɔn nyinaa kɔ.”
4 “Saa nna no ne saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛbom aba.+ Wɔde esũ na ɛbɛnante aba.+ Na wɔbɛbom ahwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn no.+ 5 Wɔbɛbisa baabi a Sion kwan wɔ, na wɔde wɔn ani bɛkyerɛ hɔ+ aka sɛ, ‘Mommra mma yɛmfa yɛn ho nkɔbata Yehowa ho na yɛne no nyɛ daa apam a obiara werɛ remfi.’+ 6 Me man adane nnwan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfoɔ ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔ so; wɔfiri bepɔ so a, na wɔkɔ kokoɔ so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea. 7 Wɔn a wɔhu wɔn nyinaa kye wɔn we,+ na wɔn atamfo ka sɛ, ‘Yɛnni fɔ, ɛfiri sɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne; wɔayɛ bɔne atia Yehowa a ɔyɛ tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ no.’”
8 “Monnwane mfiri Babilon,
Momfiri Kaldeafoɔ asaase so nkɔ,+
Na monyɛ sɛ adwennini* a wɔdi nnwan anim.
Wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba na wɔne no abɛko,*
Na ɛhɔ na wɔbɛfiri adi ne so nkonim.
10 Kaldea bɛdane nneɛma a nkurɔfoɔ nya firi ɛko mu.*+
Wɔn a wɔfom ne nneɛma nyinaa bɛmee paa,”+ Yehowa asɛm nie.
Mokɔɔ so de mo nan dwiridwirii fam te sɛ nantwie* a ɔde ne nan dwiridwiri ɛserɛ,
Na mokɔɔ so suu sɛ apɔnkɔnini.
Deɛ ɔwoo mo no nsa asi fam.
Hwɛ! Ɔno ne ɔman a mfasoɔ nni so koraa wɔ amanaman mu,
Ɔyɛ ɛserɛ a nsuo nni so ne anwea pradadaa.+
Obiara a ɔbɛtwam wɔ Babilon bɛtɛɛ n’anom ahwɛ,
Monto agyan nkɔ ne so, monnnya agyan no
baako mpo,+
Ɛfiri sɛ Yehowa na wayɛ no bɔne.+
15 Monteam dendeenden ngu ne so wɔ afã nyinaa.
Ɔde ne ho ama* ɛfiri sɛ wadi nkoguo.
Montua ne so ka.
Deɛ ɔde ayɛ nkurɔfoɔ no, saa ara na momfa nyɛ no.+
Atirimuɔden sekan no nti, obiara bɛsan akɔ ne nkurɔfoɔ nkyɛn,
Na obiara bɛdwane akɔ n’asaase so.+
17 “Israelfoɔ yɛ nnwan a wɔahwete.+ Agyata abɔ wɔn apansam.+ Deɛ ɛdi kan, Asiria hene tetee wɔn mu;+ ɛnna Babilon hene Nebukadnesar* nso bobɔɔ wɔn nnompe mu.+ 18 Enti deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Hwɛ, Babilon hene ne n’asaase nyinaa, mɛyɛ wɔn adeɛ, sɛdeɛ meyɛɛ Asiria hene adeɛ no.+ 19 Na mɛsan de Israel aba n’adidibea,+ na ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan.+ Na ɔbɛdidi* amee wɔ Efraim+ ne Gilead+ mmepɔ so.’”
20 “Saa nna no ne saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie,
“Wɔbɛhwehwɛ Israel mmarato
Nanso wɔrenhunu,
Na Yuda bɔne nso, wɔrenhunu,
Ɛfiri sɛ wɔn a mɛma wɔaka no, mede wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”+
21 “Foro kɔto hyɛ Merataim asaase no so, na kɔ Pekodfoɔ so.+
Ma wɔnkunkum wɔn nyinaa, na wɔnsɛe wɔn pasaa,” Yehowa asɛm nie,
“Yɛ deɛ maka akyerɛ wo no nyinaa.
23 Hamma* a ɛbubu asaase so aman nyinaa no, hwɛ sɛdeɛ wɔatwa ato fam na wɔabubu no!+
Hwɛ sɛdeɛ Babilon adane biribi a ɛyɛ hu wɔ amanaman no mu!+
24 O Babilon, masum wo fidie ama ayi wo,
Nanso woanhunu.
Wɔahu wo, na wɔakye wo,+
Ɛfiri sɛ Yehowa na woko tiaa no.
Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa wɔ adwuma bi yɛ
Wɔ Kaldeafoɔ asaase so.
26 Momfiri akyirikyiri mmra ne so.+
Mommue adan a ɔkora n’aduane wom no.+
Mommoaboa n’ano nsum hɔ te sɛ ayuo.*
Monsɛe no pasaa.+
Mommma onipa biara nnka mmma no.
Asɛm ato wɔn, ɛfiri sɛ wɔn berɛ aso;
Wɔn akontabuo da no aso!
28 Wɔte wɔn a wɔredwane no nne,
Wɔn a wɔredwane afiri Babilon asaase so no.
Wɔrekɔka wɔ Sion sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no retua bɔne so ka,
Ɔretua bɔne so ka ama n’asɔrefie.+
Montwa ne ho nhyia; mommma obiara nnnwane.
Montua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+
Deɛ ɔde ayɛ nkurɔfoɔ no, saa ara na momfa nyɛ no.+
Ɛfiri sɛ wayɛ ahantan wɔ Yehowa so,
Wayɛ ahantan wɔ Israel Kronkronni no so.+
30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ ne mmɔnten so,+
Na n’asraafoɔ nyinaa bɛsɛe* saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie.
31 “O wo a wommu hwee,+ hwɛ! me ne wo anya,”+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa asɛm nie,
“Ɛfiri sɛ wo da bɛba, ɛda a mɛma woabu akonta no.
Mede gya bɛto wo nkuro mu,
Na ɛbɛhye biribiara a atwa wo ho ahyia.”
33 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Wɔhyɛ Israelfoɔ ne Yudafoɔ so,
Na wɔn a wɔakye wɔn kɔ no ayere wɔn.+
Wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ.+
34 Nanso wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den.+
Asafo Yehowa ne ne din.+
Deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma asaase no ahome,+
Na wama Babilonfoɔ ho ayera wɔn.”+
35 “Sekan reba Kaldeafoɔ so,” Yehowa asɛm nie,
“Ɛreba Babilonfoɔ ne wɔn mpanimfoɔ ne wɔn anyansafoɔ so.+
36 Sekan reba wɔn a wɔka nsɛnhunu* so, na wɔbɛdi nkwaseasɛm.
Sekan reba ne mmarima a wɔnim ko so, na wɔbɛbɔ hu.+
37 Sekan reba wɔn apɔnkɔ ne wɔn ko nteaseɛnam so,
Sekan reba firamanfiramanfoɔ a wɔwɔ ne mu no nyinaa so,
Na wɔbɛyɛ sɛ mmaa.+
Sekan reba n’agyapadeɛ so, na nkurɔfoɔ bɛfom.+
Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asaase,+
Na wɔn anisoadehunu a ɛyɛ hu no nti, wɔkɔ so yɛ wɔn nneɛma sɛ abɔdamfoɔ.
Onipa biara rentena hɔ bio da,
Na obiara remfa hɔ nyɛ ne tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
40 “Sɛdeɛ Onyankopɔn butuu Sodom ne Gomora+ ne ɛho nkuro no,”+ Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena hɔ, na onipa biara rensoɛ hɔ.+
41 “Hwɛ! Ɔman bi firi atifi fam reba.
Wɔbɛma ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo akɛseɛ+
Afiri akyirikyiri asaase so aba.+
Berɛ a wɔtete wɔn apɔnkɔ so reba no.
Wɔahyehyɛ wɔn ho aka abom sɛ onipa baako ne wo rebɛko, O Babilon babaa.+
Ne ho yera no,
Na ɛyea a ɔrefa mu no te sɛ ɔbaa a ɔrewo.
44 “Hwɛ! Obi bɛforo abɛto ahyɛ adidibea a wɔabɔ ho ban no so te sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛbirentuo mu, nanso mɛma wɔadwane* afiri hɔ ntɛm. Na mɛma deɛ wɔayi no no adi ne so.+ Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔne me bɛdi asie? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi agyina m’anim?+ 45 Enti mmarima, montie pɔ a Yehowa abɔ wɔ Babilon ho;+ na deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Kaldeafoɔ asaase nie:
Deɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtwe nnwan mma no ase akɔ.
Wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea asɛe pasaa.+
46 Sɛ wɔdi Babilon so nkonim a, ɛho dede no bɛma asaase awoso,
Na wɔbɛte nteateamu wɔ amanaman no mu.”+
51 Deɛ Yehowa aka nie:
2 Mɛsoma wɔn a wɔhu hwiit so akɔ Babilon,
Na wɔbɛhu no ama n’asaase ada mpan.
Na wɔbɛba ne so wɔ afã nyinaa, amanehunu da no.+
3 Deɛ ɔkuntunu agyan mu* no, mma ɔnnkuntunu mu bio.
Na mma obiara nnsɔre mmfa dadeɛ ataadeɛ nnhyɛ.
Monnhu ne mmeranteɛ mmɔbɔ.+
Monsɛe n’asraafoɔ nyinaa.
Nanso bɔne ahyɛ wɔn asaase* no so ma wɔ Israel Kronkronni no ani so.
Monhwɛ na ne bɔne nti, moanwuwu.
Ɛfiri sɛ berɛ a Yehowa de bɛtua bɔne so ka aso.
Ɔretua no ka wɔ deɛ wayɛ ho.+
7 Babilon ayɛ sika kɔkɔɔ kuruwa wɔ Yehowa nsam;
Wama asaase nyinaa abobo.
Amanaman no anom ne nsã no.+
Ɛno nti na amanaman no abobɔ adam no.+
8 Babilon ahwe ase mpofirim, na wabubu.+
Ne nti, monsu nteateam!+
Ne yea no nti, mompɛ balsam ngo mma no; ebia ne ho bɛtɔ no.”
9 “Yɛyɛɛ biara sɛ yɛbɛsa Babilon yareɛ, nanso ne ho antɔ no.
Monnya no hɔ, na momma yɛnkɔ; obiara nkɔ n’asaase so.+
Ɛfiri sɛ n’atemmuo akɔduru soro;
Akɔ ara akɔduru mununkum mu.+
10 Yehowa abu atɛntenenee ama yɛn.+
Mommra, momma yɛnka Yehowa yɛn Nyankopɔn no adwuma ho asɛm wɔ Sion.”+
11 “Monse agyan ano;+ momfa akyɛm.*
Yehowa akanyan Media ahemfo no honhom,+
Ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe Babilon.
Ɛyɛ Yehowa na ɔretua bɔne so ka; ɔretua bɔne so ka ama n’asɔrefie.
12 Momfa ahyɛnsodeɛ*+ nsi Babilon fasuo so.
Momma ɔwɛn no mu nyɛ den. Momma awɛmfoɔ nnyinagyina hɔ.
Mompɛ wɔn a wɔbɛkɔ akɔtetɛ.
Ɛfiri sɛ Yehowa afa adwene,
Na deɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛyɛ Babilonfoɔ no, ɔbɛyɛ.”+
14 Asafo Yehowa aka ɔno ara ne ho* ntam sɛ,
‘Mɛma mmarima ayɛ wo mu ma; wɔbɛdɔɔso te sɛ ntutummɛ,
Na wo nti, wɔbɛbɔ ose.’+
15 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,
Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+
Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+
17 Nnipa nyinaa yɛ wɔn adeɛ te sɛ deɛ wɔnni adwene ne nimdeɛ.
18 Wɔyɛ adehunu,*+ biribi a nkurɔfoɔ hwɛ sere.
Sɛ wɔn akontabuo da ba a, wɔbɛsɛe.
19 Yakob Kyɛfa deɛ, ɔnte sɛ weinom,
Ɛfiri sɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,
N’agyapadeɛ poma no mpo, ɔno na ɔyɛeɛ.+
Asafo Yehowa ne ne din.”+
20 “Woyɛ m’aporibaa a mede kɔ ɛko, m’akodeɛ,
Ɛfiri sɛ wo na mede wo bɛbubu amanaman.
Wo na mede wo bɛsɛe ahennie ahodoɔ.
21 Wo na mede wo bɛbubu pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so.
Wo na mede wo bɛbubu ɛko teaseɛnam ne deɛ ɔte mu.
22 Wo na mede wo bɛbubu barima ne ɔbaa.
Wo na mede wo bɛbubu akɔkoraa ne abarimaa.
Wo na mede wo bɛbubu aberanteɛ ne ababaawa.
23 Wo na mede wo bɛbubu odwanhwɛfoɔ ne ne nnwan.
Wo na mede wo bɛbubu okuafoɔ ne ne mmoa a ɔde wɔn funtum asaase.
Wo na mede wo bɛbubu amradofoɔ ne asoafoɔ.
24 Na mɛtua Babilon ne Kaldeafoɔ nyinaa ka,
Bɔne a wɔayɛ wɔ mo anim wɔ Sion no nyinaa nti,”+ Yehowa asɛm nie.
Mɛtene me nsa wɔ wo so, na mamunimuni wo afiri abotan mu abɛhwe fam,
Na mɛma woayɛ bepɔ a ahye.”
26 “Nnipa remfa ɛboɔ a wɔde bɛto ntwea so ne ɛboɔ a wɔde bɛto fapem mfiri wo mu,
Ɛfiri sɛ wobɛdane amamfo afebɔɔ,”+ Yehowa asɛm nie.
27 “Momma ahyɛnsodeɛ* so wɔ asaase no so.+
Mommɔ abɛn wɔ amanaman mu.
Monyi* amanaman no mma wɔne no nkɔko.
Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahennie nkɔ ne so.
Mompɛ obi a ɔbɛboaboa dɔm ano akɔ ne so.
Momma apɔnkɔ mmra sɛ ntutummɛ manyamanya.
Media ahemfo,+ n’amradofoɔ ne n’asoafoɔ nyinaa,
Ne nsaase a wɔdi so nyinaa mma wɔne no nkɔko.
29 Na asaase bɛwoso na ahinhim,
Ɛfiri sɛ adwene a Yehowa afa wɔ Babilon ho no bɛba mu
Ama Babilon asaase ayɛ biribi a ɛyɛ hu, na obiara rentena hɔ.+
30 Babilon mmarima a wɔnim ko no agyae ko.
Wɔtete wɔn abandenden mu.
Wɔn ahoɔden asa.+
Wɔayɛ sɛ mmaa.+
Wɔde gya ato n’afie mu.
Wɔabubu deɛ ɔde abrambram n’apono akyi no.+
31 Mmirikatufoɔ baako tu mmirika kɔhyia mmirikatufoɔ foforɔ,
Na ɔsomafoɔ baako kɔhyia ɔsomafoɔ foforɔ,
Na wɔkɔbɔ Babilon hene amanneɛ sɛ nkurɔfoɔ adi ne kuro no nyinaa so,+
32 Na wɔafa baabi a wɔfa twa nsuo no nyinaa,+
Na wɔde gya ahye akodoɔ a wɔde mmɛwa* ayɛ no,
Na asraafoɔ no abɔ hu.”
33 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie:
“Babilon babaa te sɛ ayuporobea.
Berɛ aso sɛ wɔtiatia ne so tim fam.
Ɛrenkyɛ koraa na ne twaberɛ aduru.”
Wama mayɛ sɛ adeɛ a hwee nni mu.
Wamene me te sɛ ɔwɔ kɛseɛ bi;+
Ɔde me nneɛma pa ahyɛ ne yafunu ma.
Wahohoro me kɔ.
35 Deɛ ɔte Sion no ka sɛ, ‘Ayayadeɛ a wɔde yɛɛ me* no, ebi mmra Babilon so!’+
Na Yerusalem nso ka sɛ, ‘Me mogya mmra Kaldeafoɔ so!’”
36 Enti deɛ Yehowa aka nie:
Mɛma ɛpo a ɛda ne hɔ no awe, na mama ne mmura awewe.+
37 Babilon bɛdane aboɔ asum hɔ,+
Na ayɛ sakraman tenabea,+
Na ɛbɛdane biribi a ɛyɛ hu ne biribi a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ,*
Na obiara rentena hɔ.+
38 Wɔn nyinaa bɛbobom sɛ agyata;*
Wɔbɛpɔ te sɛ agyata mma.”
39 “Ɛda a wɔn akɔnnɔ bɛba no, mɛto wɔn pono na mama wɔabobo,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn.+
Afei wɔbɛda afebɔɔ,
Na wɔrensɔre bio,”+ Yehowa asɛm nie.
40 “Mede wɔn bɛsiane aba te sɛ nnwan mma a wɔrekɔku wɔn,
Te sɛ adwennini ne mpɔnkye.”
Hwɛ sɛdeɛ Babilon adane biribi a ɛyɛ hu wɔ amanaman no mu!
42 Ɛpo atwi afa Babilon so.
N’asorɔkye bebrebe no akata ne so.
43 Ne nkuro adane biribi a ɛyɛ hu, asaase a nsuo nni so ne anwea pradadaa.
Asaase a obiara rentena so, na onipa biara rentwam mfa hɔ.+
Amanaman remmom yuu nkɔ ne nkyɛn bio,
Na Babilon fasuo bɛdwiri agu.+
Monnwane mpere mo nkwa*+ mfiri Yehowa abufuhyeɛ mu!+
46 Mommma mo akoma nntu, na mommmɔ hu, amanneɛbɔ a mobɛte no wɔ asaase no so nti.
Afe baako, amanneɛbɔ no bɛba,
Na afe a ɛdi hɔ no, mobɛte amanneɛbɔ foforɔ,
Ɛyɛ awudisɛm a ɛwɔ asaase no so ne sodifoɔ a wasɔre atia sodifoɔ foforɔ ho amanneɛbɔ.
47 Enti hwɛ! nna bi reba,
Saa berɛ no, mɛtu m’ani asi Babilon ahoni no so.
N’asaase nyinaa anim bɛgu ase,
Na nkurɔfoɔ a wɔbɛkunkum wɔn no bɛtotɔ wɔ ne mu.+
48 Ɔsoro ne asaase ne deɛ ɛwom nyinaa
Bɛto Babilon ho ahurisi dwom,+
Ɛfiri sɛ asɛefoɔ no bɛfiri atifi fam aba ne so,”+ Yehowa asɛm nie.
49 “Ɛnyɛ Israelfoɔ a wɔakunkum wɔn no nko ara na Babilon maa wɔtotɔeɛ,+
Na mmom asaase sofoɔ a wɔakunkum wɔn no nyinaa nso totɔɔ wɔ Babilon.
50 Mo a moadwane afiri sekan ano, monkɔ. Monnnyina hɔ!+
Momfiri akyirikyiri nkae Yehowa,
Na monkae Yerusalem nso wɔ mo akoma mu.”+
51 “Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ yɛate adapaatwa.
52 “Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm nie,
“Saa berɛ no mɛtu m’ani asi n’ahoni no so,
Na wɔn a wɔapirapira no bɛpenepene* wɔ n’asaase nyinaa so.”+
Na ɔma n’abantenten yɛ den sɛ deɛn mpo a,
Me nkyɛn na n’asɛefoɔ no bɛfiri aba,”+ Yehowa asɛm nie.
54 “Tie! Wɔte nteateamu wɔ Babilon,+
Ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeeɛ wɔ Kaldeafoɔ asaase so,+
55 Ɛfiri sɛ Yehowa resɛe Babilon,
N’ano dendeenden no, ɔbɛma no aka atom,
Na wɔn asorɔkye bɛbu afa so te sɛ nsuo pii.
Wɔbɛte wɔn nne nnyegyeeɛ no.
56 Na ɔsɛefoɔ no bɛba Babilon so;+
Wɔbɛkye ne mmarima a wɔnim ko no.+
Wɔbɛbubu wɔn agyan mu pasaa,
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔtua bɔne so ka.+
Deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛtua ka.+
57 Mɛma ne mpanimfoɔ ne n’anyansafoɔ abobo,+
N’amradofoɔ ne n’asoafoɔ ne ne mmarima a wɔnim ko no.
Na wɔbɛda afebɔɔ,
Na wɔrensɔre bio,”+ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no na aka.
58 Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Babilon fasuo trɛ, nanso wɔbɛdwiri ne nyinaa agu,+
N’apono yɛ atenten, nanso wɔde gya bɛhye.
Aman no bɛbrɛ agu kwa;
Amanaman no bɛbrɛ wɔn ho ayɛ adwuma, nanso egya na ɛbɛhye no.”+
59 Akwankyerɛ yi na odiyifoɔ Yeremia de maa Maseia ba Neria ba+ Seraia, berɛ a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babilon, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu no. Seraia na na ɔhwɛ ɔhene nneɛma so.* 60 Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babilon so no nyinaa wɔ nwoma baako mu, nsɛm a ɔtwerɛ tiaa Babilon yi nyinaa. 61 Bio nso, Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: “Sɛ woduru Babilon, na wohunu kuro no a, kenkan nsɛm yi nyinaa den. 62 Na ka sɛ, ‘O Yehowa, wo na wokaa sɛ kuro yi bɛsɛe, na obiara rentena mu, onipa ne aboa nyinaa. Na ɛbɛdane amamfo afebɔɔ.’+ 63 Na sɛ wokenkan nwoma yi wie a, fa kyekyere ɛboɔ na to to Eufrate bunu mu. 64 Afei ka sɛ, ‘Saa na Babilon bɛmem a ɛrensɔre bio da,+ mmusuo a mede reba ne so no nti; na wɔbɛboto.’”+
Ɛha na Yeremia nsɛm no si.
52 Sedekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.+ 3 Yehowa abufuo nti na weinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+ 4 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so. Wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na wɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+ 5 Wɔkaa kuro no mufoɔ hyɛɛ wɔn kuro no mu kɔsii Ɔhene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu.
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no,+ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuu kuro no fasuo guu mu, na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.+ 8 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa Ɔhene Sedekia,+ na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na ɔbuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani firaeɛ.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kɔsii da a ɔwuiɛ.
12 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfoɔ no baa Yerusalem.+ 13 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie* no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee. Afei nso, ɔhyee afie akɛseɛ nyinaa dwerɛbee. 14 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+
15 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu no, na ɔtuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfoɔ a wɔaka a wɔnim adwuma yie no kaa ho.+ 16 Nanso awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuo mu adwuma ne nkoadwuma.+
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsuo,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18 Na deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, adumgya, nkyɛnsee,+ nkuruwa,+ ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no nyinaa, wɔsesaa ɛno nso kɔe. 19 Na asɛn+ ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu ne nkyɛnsee ne deɛ wɔde sesa nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne nkyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa ayɛ no,+ awɛmfoɔ so panin no sesa kɔe. 20 Na adum mmienu no, Ɛpo no, kɔbere anantwie 12+ a Ɛpo no si wɔn so, ne trɔk a wɔde twe nsuo a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fie no, kɔbere a wɔde yɛeɛ no dodoɔ nti, wɔantumi ankari.
21 Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa 18,* na ahoma a ne tenten yɛ basafa 12 na ɛtwa ho hyia.+ Ná ne sini anim yɛ nsateaa ano* nnan, na na tokuro da mu. 22 Adum no ntaasoɔ no, kɔbere na wɔde yɛeɛ; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum;+ atena ne granate akutuo* a ɛtwa ntaasoɔ no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa. Edum a ɛtɔ so mmienu no nso, saa ara na na ɛteɛ, ɛne granate akutuo no nyinaa. 23 Ná granate akutuo a ɛwowɔ ho no yɛ 96; wɔka ne nyinaa bom a, granate akutuo 100 na na atwa atena no ho ahyia.+
24 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne n’abadiakyire ɔsɔfo Sefania+ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no de wɔn kɔe.+ 25 Nnipa a ɔfaa wɔn firii kuro no mu kɔeɛ no bi nso ne ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ no ano, mmarima nson a wɔwɔ kuro no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kuro no mu. 26 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla. 27 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla+ wɔ Hamat asaase so. Saa na ɛyɛeɛ a wɔtuu Yudafoɔ ase firii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+
28 Wei ne nnipa dodoɔ a Nebukadnesar* tuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ: afe a ɛtɔ so nson no mu, Yudafoɔ 3,023.+
29 Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no,+ nnipa* 832 na wɔfaa wɔn firii Yerusalem kɔeɛ.
30 Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 23 mu no, Yudafoɔ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan tuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ no yɛ nnipa* 745.+
Nnipa* a wɔtuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ nyinaa si 4,600.
31 Berɛ a wɔkyee Yuda hene Yehoiakin kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so 37,+ bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛtɔ so 25 no, Babilon hene Ewil-Merodak, afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ɔgyaa Yuda hene Yehoiakin,* na ɔyii no firii afiase.+ 32 Ɔne no kasaa kama, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a aka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa. 33 Enti Yehoiakin yii n’afiase ntaadeɛ, na ne nkwa nna nyinaa, ɔdidii wɔ ɔhene pono so daa. 34 Wɔde aduane firii Babilon hene nkyɛn brɛɛ no da biara, ne nkwa nna nyinaa, kɔsii ɛda a ɔwuiɛ.
Ɛbɛtumi akyerɛ “Yehowa Na Ɔhyɛ Animuonyam.”
Anaa “ɛnna meyii wo.”
Nt., “wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no.”
Anaa “meyii wo maa dwumadie titire bi.”
Anaa “abarimaa.”
Nt., “deɛ wanyane.”
Anaa “manyane wɔ m’asɛm ho.”
Anaa “dadesɛn a ano so.”
Nt., “wɔrebɔ mu,” kyerɛ sɛ, egya a ɛwɔ aseɛ no, wɔrefite mu.
Nt., “bɔ w’asene.”
Anaa “wɔrentumi nni wo so nkonim.”
Anaa “Mekae ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a wode dɔɔ me.”
Anaa “anyame.”
Anaa “nsupɔ.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmura a wɔtuu no wɔ aboɔ mu.
Anaa “adɛn nti na wɔde no ama nkurɔfoɔ, a wɔrefom no yi?”
Anaa “Agyatanini.”
Anaa “Memfis.”
Kyerɛ sɛ, Asubɔnten Nil no nkorabata bi.
Anaa “Memfis.”
Anaa “soda a wɔde yɛ samina.”
Anaa “Hwɛ wo kwan.”
Anaa “afunumu bedeɛ.”
Anaa “Ne kra akɔnnɔ mu no.”
Nt., “Ne bosome.”
Anaa “ananafoɔ anyame.”
Anaa “ne bɛlt.”
Anaa “bɔne akwan.”
Anaa “akra ahiafoɔ.”
Nt., “Arabiani.”
Nt., “Wo moma so.”
Anaa “awaregyaeɛ korakora ho krataa.”
Anaa “ne kra tene.”
Nt., “w’akwan.”
Anaa “ananafoɔ anyame.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo kunu.”
Nt., “amanaman asraafoɔ.”
Nt., “ne hokafoɔ.”
Anaa “anyame a wɔn ho yɛ aniwu.”
Anaa “frankaa.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Mommobɔ mo koko.”
Anaa “nanso sekan ato yɛn kra.”
Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka ɔman no ho asɛm te sɛ onipa. Ebia wɔde rekyerɛ tema ne ayamhyehyeɛ.
Kyerɛ sɛ, nnipa a wɔkɔtetɛ kuro bi hwɛ berɛ a ɛyɛ sɛ wɔto hyɛ so.
Anaa “Me yam hyehye me! Me yam hyehye me!”
Nt., “m’akoma afasuo mu.”
Anaa “me kra ate.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛko nteamu.”
Anaa “frankaa.”
Anaa “wɔyɛ anyansafoɔ.”
Anaa “Merennu me ho.”
Anaa “merensan mfiri ho.”
Anaa “Wototoo w’ani akyi.”
Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “me kra abrɛ!”
Nt., “wɔanyɛ mmerɛ.”
Anaa “me kra yɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɔnni hɔ.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn asɛm.
Nt., “nkwaseafoɔ a mo akoma nni hɔ.”
Ná ɛfiri aseɛ firi October mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “me kra yɛ.”
Nt., “Monte mo ho.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “me kra atwe ne ho.”
Nt., “Wɔntwaa wɔn aso twetia.”
Nt., “Wɔn a wɔadi nna amee.”
Anaa “Wɔntene wɔn ho nsa me man akuro yie.”
Anaa “Wɔnnim fɛreɛ baako sei!”
Anaa “mo kra ho nnwo no.”
Anaa “m’akwankyerɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛyɛ hwam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifideɛ pɔtee a ɛyɛ.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, Yeremia.
Adeɛ a ɔtomfoɔ de fite gya mu ma ɛsɔ kɔɔ.
Ɛyɛ dadeɛ bi a emu yɛ duru.
Nt., “Weinom,” kyerɛ sɛ, adan a ɛwɔ asɔrefie hɔ nyinaa.
Anaa “mfiri mmerɛsanten nkɔsi mmerɛsanten.”
Anaa “ahye afɔrebɔdeɛ.”
Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”
Abodin a wɔde maa onyamebaa a na Israelfoɔ awaefoɔ som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ.
Anaa “wɔyɛ me bɔne; wɔhuru me bo.”
Anaa “afotuo.”
Nt., “mesɔre somaa wɔn da biara anɔpatutuutu.”
Nt., “wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”
Nt., “wɔatwa afiri wɔn anom.”
Anaa “woahyira so.”
Anaa “kwadwom.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”
Anaa “ɛmmaa m’adwenem da.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”
Anaa “bɔɔla.”
Anaa “ne berɛ a wɔahyɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “belebele; nantwinoma.”
Anaa “akwankyerɛ?”
Anaa “Wɔntene wɔn ho nsa me man babaa akuro yie.”
Anaa “Wɔnnim fɛreɛ baako sei!”
Anaa “bɛkusã; bɛdwan.”
Anaa “nkũ a ɛma obi ho dwo no fɔmm.”
Anaa “oduruyɛfoɔ.”
Anaa “asutire.”
Anaa “me kra yɛ.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “m’akwankyerɛ.”
Anaa “mede sii wɔn anim no.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “bɔɔla.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “watwa ne dua.”
Anaa “ahuhudeɛ.”
Anaa “sɔsɔ.”
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Anaa “ahuhudeɛ.”
Nky. 11 no, wɔdii kan twerɛɛ no wɔ Aram kasa mu.
Anaa “suwisie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wayiyi akwan ama nsuo”
Anaa “honi a wɔaguo.”
Anaa “ahome.”
Anaa “ahuhudeɛ.”
Anaa “mede ataaboɔ rebɛto.”
Anaa “ntampehoma.”
Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia na wɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ no.
Anaa “Ɛnyɛ hɔ.”
Nt., “mesɔre anɔpatutuutu kasa kyerɛ wɔn.”
Anaa “wɔhye afɔrebɔdeɛ.”
Anaa “onyame a ne ho yɛ aniwu.”
Anaa “mohye afɔrebɔdeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Yeremia.
Kyerɛ sɛ, afɔreɛ a wɔbɔ wɔ asɔrefie hɔ no.
Anaa “sɛdeɛ onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Anaa “kra.”
Anaa “wɔn akoma.” Nt., “asaabo.”
Anaa “hyira wɔn so ma okum da no.”
Anaa “bɛkusa.”
Anaa “deɛ me kra dɔ no paa no.”
Anaa “bobeturo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛredi awerɛhoɔ.”
Anaa “akwan a asɛe.”
Nt., “ɔhonam biara.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “m’animuonyam.”
Anaa “me kra asu.”
Anaa “ɔbaapanin.”
Anaa “Wɔaka wɔn a wɔwɔ anaafoɔ fam no ahyɛ wɔn nkuro mu.”
Anaa “awoko yea.”
Anaa “Etiopiani.”
Anaa “wo tuutuusie a ɛyɛ aniwu.”
Anaa “afideɛ.”
Anaa “wɔn mu nkumaa.”
Anaa “nsuka; mmura.”
Anaa “wɔdi mmuada.”
Anaa “yareɛ.”
Anaa “wo kra kyiri.”
Anaa “me kra ani rensɔ ɔman yi.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Atemmuo ahodoɔ nnan.” Nt., “Mmusua nnan.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “San ara na woresan w’akyi.”
Anaa “Mede nkorata bɛhu.”
Ebinom nso frɛ no “atokoɔ.”
Anaa “Ne kra ahome.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “N’awia no ani awu, na afɛre.”
Nt., “Mfa me nkɔ.”
Anaa “wode atemmusɛm ahyɛ me ma.”
Anaa “Wobɛyɛ me kasamafoɔ.”
Anaa “wɔrentumi nni wo so nkonim.”
Anaa “Nware yere.”
Anaa “bɔɔla.”
Ɛyɛ awufoɔ ho amanneɛ bi a na abosonsomfoɔ yɛ; ɛbɛyɛ sɛ na Israelfoɔ a wɔamane afiri Onyankopɔn som ho yɛ bi.
Anaa “afarefoɔ; apofofoɔ.”
Nt., “m’ani hunu wɔn akwan nyinaa.”
Nt., “wɔn ahoni afunu.”
Anaa “akurukyire.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛfiri sɛ wɔasɔ mo mu gya wɔ m’abufuo mu.”
Anaa “ɔbarima a ne ho yɛ den.”
Nt., “Deɛ ɔde ɔhonam ayɛ ne basa.”
Anaa “ɔbarima a ne ho yɛ den.”
Anaa “nkontomponi.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wosa no yareɛ a, ɛnyɛ yie.”
Anaa “sɛdeɛ onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Anaa “Deɛ ɔnnya ne ho wɔ tenenee so no.”
Nt., “Wɔn a wɔwae firi me ho,” kyerɛ sɛ, Yehowa ho.
Anaa “sɛe wɔn na sɛe wɔn bio.”
Anaa “mo kra.”
Nt., “Wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”
Anaa “anaafoɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “anwenneɛ.”
Anaa “anwenneɛ.”
Nt., “sɛdeɛ ɛfata wɔ ɔnwemfoɔ no ani so sɛ ɔbɛyɛ.”
Anaa “mɛnu me ho.”
Anaa “mɛnu me ho.”
Nt., “mereyɛ mmusuo bi.”
Anaa “yɛbɛdi yɛn ankasa yɛn nsusuiiɛ akyi.”
Anaa “wɔhye afɔrebɔdeɛ.”
Anaa “mfikyikwan a wɔmpaeeɛ so.”
Nt., “Biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Anaa “akwankyerɛ.”
Nt., “yɛmfa yɛn kɛtrɛma mmoro no.”
Anaa “kra.”
Anaa “sekan tumi.”
Anaa “Nhina a Abobɔ; Nkukuo a Abobɔ; Nyowa a Abobɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɛmmaa me tirim da.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn kra.”
Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Nt., “na wabɔ hwerɛma.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn kra.”
Nt., “wɔmaa wɔn kɔn yɛɛ den.”
Anaa “sɛdeɛ onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”
Anaa “mmɔborɔwa kra.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Kaldeafoɔ no.”
Anaa “yareɛ.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “biribi a wɔanya wɔ ɛko mu; ɔbɛfa ne ho adi.”
Anaa “asaasetraa so.”
Anaa “ahemfie.”
Nt., “mɛhyira asɛefoɔ so.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoahas no.
Anaa “awoko yea.”
Nt., “awoɔ mu yea.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Yekonia no.
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wo kra.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “asaase a wɔma wɔn kra so kyerɛ no no.”
Anaa “mɛma ɔdedifoɔ bi so.”
Anaa “Ne berɛ so no.”
Anaa “akusa.”
Anaa “yɛ awaefoɔ.”
Nt., “Wɔhyɛ abɔnefoɔ nsa den.”
Anaa “Wɔrema mo anya anidasoɔhunu.”
Anaa “Menhyɛɛ ɔsoro ne asaase nyinaa ma anaa?”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru?” Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ aseɛ “adesoa” wɔ ha yi bɛtumi akyerɛ “Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ duru” anaa “biribi a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru!”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru!”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru!”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Konia no.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abantofoɔ.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “Asɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa nie.”
Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”
Nt., “Ɔsɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “biribi a nkurɔfoɔ bɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Anaa “owiyammoɔ.”
Anaa “mɛtwe Babilon hene ne saa ɔman no aso wɔ wɔn bɔne ho.”
Nt., “biribi a nkurɔfoɔ bɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Babel (Babilon) berɛ a wɔmpɛ sɛ obiara bɛhunu sɛ Babel (Babilon) ho asɛm na wɔreka.
Nt., “ɔhonam.”
Anaa “bɔɔla.”
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Anaa “bɛkoto.”
Anaa “ka nsɛm a mɛhyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn.”
Anaa “menu me ho.”
Anaa “m’akwankyerɛ.”
Nt., “mesɔre soma wɔn da biara anɔpatutuutu.”
Anaa “ahemfie.”
Anaa “ɔbɛnu ne ho.”
Anaa “asɔrefie no bepɔ.”
Anaa “ɔdwodwoo Yehowa bo.”
Anaa “ɔnuu ne ho.”
Anaa “yɛn kra.”
Nt., “mede ma obiara a ɛtene m’ani so sɛ mede bɛma no.”
Nt., “ahome.”
Anaa “ahemfie.”
Kyerɛ sɛ, kɔbere Po a ɛwɔ asɔrefie hɔ no.
Anaa “ahemfie.”
Nt., “nna mfeɛ.”
Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
Anaa “ɔbaapanin.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abantofoɔ.”
Anaa “yareɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “borɔdɔma a apae.”
Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Nt., “mesɔre somaa wɔn anɔpatutuutu.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “fa dadeɛ bram ne kɔn akyi.”
Anaa “de ne nsa asi n’asene.”
Nt., “Ɛda no yɛ da kɛseɛ.”
Anaa “ananafoɔ.”
Anaa “wɔn.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mɛhyɛ wɔn animuonyam.”
Nt., “hwan na ɔde n’akoma bɛsi awowa.”
Anaa “Ɛno nti na makɔ so ada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ wo no.”
Anaa “Na woasa sɛ wɔn a wɔreseresere.”
Anaa “nsubɔn.”
Anaa “ɔbɛyi no.”
Anaa “nneɛma pa.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Wɔn kra bɛyɛ.”
Anaa “asɔfoɔ no akra.”
Nt., “sradeɛ.”
Anaa “ne mma.”
Nt., “me nsono mu.”
Anaa “ɔkra a wabrɛ.”
Anaa “ɔkra biara.”
Anaa “na mɛdua nnipa ne ayɛmmoa sɛ aba wɔ Israel fie ne Yuda fie.”
Anaa “bobe a ɛmmereeɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn kunu.”
Anaa “sradeɛ nsõ,” kyerɛ sɛ, nsõ ne mmoa sradeɛ a adi afra.
Anaa “asaasetraa a wɔto afunu ne nsõ gu so.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ahemfie.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Nt., “gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi kokom.”
Anaa “W’atirimpɔ kyɛn so.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “yareɛ.”
Nt., “ɔhonam.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “Mesɔree anɔpatutuutu kyerɛkyerɛɛ wɔn.”
Anaa “na atene ne so.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”
Anaa “wɔbɛma wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa afa gya mu.”
Anaa “ɛmmaa m’adwenem da.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nneɛma papa.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Anaa “ama me ho ayɛ fɛ.”
Anaa “mɛma ɔdedifoɔ bi asɔre.”
Nt., “aba.”
Anaa “m’ahyɛdeɛ.”
Nt., “aba.”
Nt., “n’aba.”
Nt., “aba.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “ɛnnɛ.”
Anaa “sɛdeɛ wɔn kra pɛ.”
Anaa “yareɛ.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn kra.”
Anaa “wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn kra.”
Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tia.
Anaa “bobeturo.”
Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tia.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “mesɔree anɔpatutuutu ne mo kasae.”
Nt., “mesɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”
Nt., “Yonadab.” Ɛyɛ Yehonadab a wɔatwa no tia.
Anaa “wɔbɛdi mmuada.”
Anaa “ahemfie.”
Anaa “ahemfie mpanimfoɔ.”
November bosome no fã a ɛtwa toɔ ne December bosome no mfitiaseɛ. Hwɛ Nkh. B15.
Nt., “n’aba.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoiakin anaa Yekonia no.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “mo kra.”
Nt., “wɔde no kɔtoo nkɔnsɔnkɔnsɔn fie.”
Nt., “abura dan.”
Anaa “n’ahemfie.”
Anaa “yareɛ.”
Anaa “kra.”
Anaa “biribi a wɔanya wɔ ɛko mu.”
Nt., “rema wɔn nsam ago.”
Anaa “opiani.”
Anaa “ahemfie.”
Anaa “ahemfie.”
Anaa “ɔbɔɔ yɛn kra.”
Anaa “wɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “wo kra bɛtena nkwa mu.”
Anaa “wo kra akɔ so.”
Anaa “ahemfie.”
Nt., “Nnipa a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Tete Hebri ntwerɛeɛ no bi wɔ hɔ a, sei na wɔtwerɛ edin no: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris.
Anaa “nkonyaayifoɔ panin (nsoromma mu hwɛfoɔ panin).”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ahemfie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nkoadwuma.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ahemfie panin.”
Anaa “nkonyaayifoɔ panin (nsoromma mu hwɛfoɔ panin).”
Anaa “kra.”
Anaa “Wobɛnya wo nkwa sɛ biribi a wɔanya wɔ ɛko mu; Wobɛfa wo ho adi.”
Nt., “mɛgyina wɔn anim ama mo.”
Anaa “ɔmmɛbɔ wo kra?”
Anaa “ɔbɔ wo kra.”
Nt., “ahennie aba.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “atirimuɔdensɛm.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsuo pii.”
Anaa “ɛbɛyɛ me ya.”
Anaa “mokɔ kɔtena hɔ kakra.”
Anaa “yareɛ.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “ɔkra biara.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “ɔbɛfiri hɔ akɔ a obiara renyɛ no hwee.”
Anaa “aboɔ adum.”
Anaa “Awia Fie (Awia Asɔrefie),” kyerɛ sɛ, Heliopoli.
Anaa “asɔrefie.”
Anaa “Memfis.”
Nt., “mesɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “ɛmpusu wɔn.”
Anaa “yareɛ.”
Anaa “Wɔbɛma wɔn kra so.”
Abodin a wɔde ma onyamebaa a Israelfoɔ awaefoɔ som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ.
Abodin a wɔde ma onyamebaa a Israelfoɔ awaefoɔ som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ.
Abodin a wɔde ma onyamebaa a Israelfoɔ awaefoɔ som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ.
Abodin a wɔde ma onyamebaa a Israelfoɔ awaefoɔ som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ.
Anaa “wɔrehwehwɛ ne kra.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ɔrehwehwɛ ne kra.”
Anaa “Masi apini abrɛ.”
Nt., “ɔhonam.”
Anaa “wo kra.”
Anaa “bɛma wo sɛ biribi a wɔanya wɔ ɛko mu.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.
Nt., “wɔtiatia so.”
Anaa “bɛkunkum.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “Memfis.”
Nt., “berɛ a wɔahyɛ no.”
Kyerɛ sɛ, deɛ ɔbɛdi Egypt so no.
Anaa “Memfis.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛbɛdane amamfo.”
Anaa “nantwibedeɛ a ɔnnyinii pii.”
Ɛyɛ ntummoa bi a wɔkeka.
Anaa “wɔreboaboa nnua ano.”
Kyerɛ sɛ, Thebes.
Anaa “wɔrehwehwɛ wɔn kra.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “w’aba.”
Anaa “n’apɔnkɔnini.”
Kyerɛ sɛ, Kreta.
Kyerɛ sɛ, wɔde awerɛhoɔ ne aniwuo bɛyi wɔn tiri nwi.
Anaa “wɔ ne bɔn mu.”
Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.
Anaa “abantenten.”
Anaa “kra.”
Anaa “Ɛbɔn.”
Anaa “bepɔ so asaase tratra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “asaase a ɛso awo so.”
Anaa “bepɔ so asaase tratra.”
Nt., “abɛn.”
Anaa “basa.”
Anaa “ɛbɛwe.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bɛgyegye ama.”
Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhoɔ nnwom wɔ ayie ase.
Anaa “agyegye ama.”
Kyerɛ sɛ, atɛntɛbɛn a wɔde bɔ awerɛhoɔ nnwom wɔ ayie ase.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛko nteamu.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “w’abɔn.”
Nt., “aporɔ.”
Nt., “na wabɔ hwerɛma.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛfa Edomfoɔ ho.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “baabiara.”
Nt., “n’ahoɔden mfitiaseɛ.”
Anaa “wɔrehwehwɛ wɔn kra.”
Anaa “frankaa.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛtumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtia.
Anaa “mpɔnkyenini.”
Anaa “abɛtwa ne ho mpasua.”
Anaa “asadeɛ.”
Anaa “nantwibedeɛ a ɔnnyinii pii.”
Nt., “ɔbɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Nt., “motiatia agyan so.”
Nt., “Wama ne nsa so.”
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ne kra bɛdidi.”
Anaa “ɔsɛeɛ.”
Anaa “Asaeɛ; Abɔsobaa.”
Ebinom nso frɛ no “atokoɔ.”
Nt., “wɔtiatia agyan so.”
Nt., “bɛyɛ dinn.”
Anaa “atorɔ adiyifoɔ.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛfa Babilonfoɔ ho.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Kaldea berɛ a wɔmpɛ sɛ obiara bɛhunu sɛ Kaldea ho asɛm na wɔreka.
Nt., “ɔtiatia agyan so.”
Nt., “mmaa wɔnyɛɛ akunafoɔ.”
Kyerɛ sɛ, Kaldeafoɔ asaase.
Anaa “kra.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “monhyɛ mo agyan kotokuo ma.”
Anaa “frankaa.”
Nt., “wo mfasonya kuruwa no ayɛ ma.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “suwisie.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wayiyi akwan ama nsuo.”
Anaa “honi a wɔaguo.”
Anaa “ahome.”
Anaa “ahuhudeɛ.”
Anaa “frankaa.”
Nt., “Monhyira.”
Nt., “Monhyira.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “wɔde yɛɛ me ne me honam.”
Nt., “biribi a wɔbɛhwɛ abɔ hwerɛma.”
Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Babel (Babilon) berɛ a wɔmpɛ sɛ obiara bɛhunu sɛ Babel (Babilon) ho asɛm na wɔreka.
Anaa “kra.”
Anaa “ananafoɔ.”
Anaa “bɛsi apini.”
Anaa “ɔyɛ apiafoɔhene.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “ahemfie.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Nsateaa ano baako yɛ sɛnt. 1.85 (ntk. 0.73). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “pomegranate.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “akra.”
Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ kwan foforɔ a wɔfa so twerɛ edin Nebukadnesar.
Anaa “akra.”
Anaa “Akra.”
Nt., “ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so.”