Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1030-1061
  • Yeremia Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yeremia Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Yeremia Nwoma No Mu Nsɛntitire

YEREMIA

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Wɔyɛɛ Yeremia odiyifoɔ (1-10)

    • Aborɔfo nkateɛ dua ho anisoadehunu (11, 12)

    • Kukuo ho anisoadehunu (13-16)

    • Wɔhyɛɛ Yeremia den maa adwuma a ɛda n’anim (17-19)

  • 2

    • Israel gyaa Yehowa hɔ kɔsom anyame foforɔ (1-37)

      • Israel te sɛ ananafoɔ bobe (21)

      • Mogya akekã n’ataadeɛ mu (34)

  • 3

    • Israel ɔwaeɛ no, sɛdeɛ ɛkɔɔ akyiri (1-5)

    • Israel ne Yuda asɛe awareɛ (6-11)

    • Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho (12-25)

  • 4

    • Adwensakra de nhyira ba (1-4)

    • Amanehunu bɛfiri atifi fam aba (5-18)

    • Amanehunu a ɛreba nti, Yeremia dii yea (19-31)

  • 5

    • Ɔman no poo Yehowa ntenesoɔ (1-13)

    • Wɔbɛsɛe wɔn, nanso wɔrensɛe wɔn pasaa (14-19)

    • Yehowa bɛtua ɔman no ka (20-31)

  • 6

    • Ɛrenkyɛ wɔbɛto Yerusalem ho akoban (1-9)

    • Yehowa bo afu Yerusalem (10-21)

      • Wɔka sɛ “Asomdwoeɛ!” Nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ (14)

    • Ɔman bi bɛfiri atifi fam abɛto ahyɛ wɔn so ateetee wɔn (22-26)

    • Yeremia bɛsɔ dadeɛ ahwɛ (27-30)

  • 7

    • Monntwa nkontompo nnka sɛ, “Wei ne Yehowa asɔrefie!” (1-11)

    • Asɔrefie no bɛyɛ sɛ Silo (12-15)

    • Wɔkasa tiaa atorɔ som (16-34)

      • Wɔsom “Ɔsoro Hemmaa” (18)

      • Wɔde wɔn mma bɔɔ afɔreɛ wɔ Hinom (31)

  • 8

    • Nnipa no yɛ deɛ obiara yɛ no bi (1-7)

    • Wopo Yehowa asɛm a, nyansa bɛn na wowɔ? (8-17)

    • Yeremia bɔ bena wɔ Yuda sɛeɛ ho (18-22)

      • “Balsam ngo nni Gilead anaa?” (22)

  • 9

    • Awerɛhoɔ kɛseɛ kaa Yeremia (1-3a)

    • Yehowa bɛtua Yuda ka (3b-16)

    • Wɔbɔ bena wɔ Yuda ho (17-22)

    • Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no mfa Yehowa ho nimdeɛ nhoahoa ne ho (23-26)

  • 10

    • Onyankopɔn teasefoɔ no nte sɛ amanaman no anyame (1-16)

    • Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe ɔman no na wɔasoa wɔn akɔ (17, 18)

    • Yeremia dii awerɛhoɔ (19-22)

    • Odiyifoɔ no mpaebɔ (23-25)

      • Sɛdeɛ onipa bɛtutu ɔno ara ne nan nni ne nsam (23)

  • 11

    • Yuda buu apam a Onyankopɔn ne wɔn yɛeɛ no so (1-17)

      • Sɛdeɛ wɔn nkuro dɔɔso no, saa ara na wɔn anyame nso dɔɔso (13)

    • Wɔkaa sɛ Yeremia te sɛ odwan ba a wɔrekɔku no (18-20)

    • Yeremia kuromfoɔ sɔre tiaa no (21-23)

  • 12

    • Yeremia kaa ne haw (1-4)

    • Yehowa maa no mmuaeɛ (5-17)

  • 13

    • Nwera abɔsoɔ a asɛe (1-11)

    • Wɔde nhina no bɛhwehwe mu (12-14)

    • Yudafoɔ a woyɛ wɔn hwee a ɛnyɛ yie no, wɔbɛtu wɔn ase akɔ (15-27)

      • “Kusni bɛtumi asesa ne honam anaa?” (23)

  • 14

    • Ɔpɛ, ɛkɔm, ne sekan (1-12)

    • Ɔkasa tiaa adiyifoɔ a wɔnka nokorɛ (13-18)

    • Yeremia gye toom sɛ ɔman no ayɛ bɔne (19-22)

  • 15

    • Yehowa rensesa n’atemmuo (1-9)

    • Yeremia kaa ne haw (10)

    • Yehowa maa no mmuaeɛ (11-14)

    • Yeremia mpaebɔ (15-18)

      • Ɔdii Onyankopɔn nsɛm maa n’ani gyeeɛ (16)

    • Yehowa hyɛɛ Yeremia den (19-21)

  • 16

    • Ɛnsɛ sɛ Yeremia ware, ɔdi awerɛhoɔ, anaa ɔkɔ apontoɔ fie (1-9)

    • Ɔbɛtwe wɔn aso, na akyire yi ɔbɛgye wɔn (10-21)

  • 17

    • Yuda bɔne adidi ne mu (1-4)

    • Yehowa mu ahotɔsoɔ mu nhyira (5-8)

    • Akoma yɛ ɔdaadaafoɔ (9-11)

    • Yehowa ne Israel anidasoɔ (12, 13)

    • Yeremia mpaebɔ (14-18)

    • Monte Homeda ho (19-27)

  • 18

    • Dɔteɛ wɔ ɔnwemfoɔ nsam (1-12)

    • Yehowa de n’akyi bɛkyerɛ Israel (13-17)

    • Wɔbɔɔ Yeremia ho pɔ; Yeremia adesrɛ (18-23)

  • 19

    • Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɔ ahina (1-15)

      • Wɔde wɔn mma bɔɔ afɔreɛ maa Baal (5)

  • 20

    • Pasur bɔɔ Yeremia (1-6)

    • Yeremia rentumi nnyae asɛm no ka (7-13)

      • Onyankopɔn asɛm te sɛ egya a ɛredɛre (9)

      • Yehowa te sɛ ɔsabarima a ne ho yɛ hu (11)

    • Yeremia kaa ne haw (14-18)

  • 21

    • Yehowa ampene Sedekia abisadeɛ no so (1-7)

    • Ɛsɛ sɛ nkurɔfoɔ fa nkwa anaa owuo (8-14)

  • 22

    • Ahemfo bɔne ho atemmusɛm (1-30)

      • Deɛ ɛfa Salum ho (10-12)

      • Deɛ ɛfa Yehoiakim ho (13-23)

      • Deɛ ɛfa Konia ho (24-30)

  • 23

    • Nnwanhwɛfoɔ pa ne nnwanhwɛfoɔ bɔne (1-4)

    • Asetena bɛyɛ dwoodwoo wɔ ‘tenenee dua a ɛbɛfefɛ’ no ase (5-8)

    • Wɔkasa tiaa adiyifoɔ atorofoɔ no (9-32)

    • Yehowa “adesoa” no (33-40)

  • 24

    • Borɔdɔma a ɛyɛ ne borɔdɔma a ɛnyɛ (1-10)

  • 25

    • Yehowa ne amanaman no anya asɛm (1-38)

      • Aman no bɛsom Babilon mfeɛ 70 (11)

      • Onyankopɔn abufuo nsã kuruwa no (15)

      • Mmusuo bɛfiri ɔman so akɔ ɔman so (32)

      • Wɔn a Yehowa bɛ (33)

  • 26

    • Wɔde owuo hunahunaa Yeremia (1-15)

    • Wɔannya anku Yeremia (16-19)

      • Wɔkaa Mika nkɔmhyɛ mu nsɛm (18)

    • Odiyifoɔ Uriya (20-24)

  • 27

    • Babilon kɔndua no (1-11)

    • Wɔka kyerɛɛ Sedekia sɛ ɔmfa ne ho nkɔhyɛ Babilon ase (12-22)

  • 28

    • Yeremia ne odiyifoɔ torofoɔ Hanania (1-17)

  • 29

    • Krataa a Yeremia de kɔmaa wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no (1-23)

      • Israelfoɔ bɛsan akɔ wɔn kurom mfeɛ 70 akyi (10)

    • Asɛm a wɔka kyerɛɛ Semaia (24-32)

  • 30

    • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba wɔn asaase so na wasa wɔn yareɛ (1-24)

  • 31

    • Israelfoɔ a aka no bɛsan abɛtena wɔn asaase so (1-30)

      • Rahel resu ne mma (15)

    • Apam foforɔ (31-40)

  • 32

    • Yeremia tɔɔ asaase (1-15)

    • Yeremia mpaebɔ (16-25)

    • Yehowa maa no mmuaeɛ (26-44)

  • 33

    • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba (1-13)

    • Wɔbɛtena ase dwoodwoo wɔ ‘tenenee dua a ɛbɛfefɛ’ no ase (14-16)

    • Apam a ɔne Dawid ne asɔfoɔ yɛeɛ (17-26)

      • Apam a ɛfa adekyeeɛ ne adesaeɛ ho (20)

  • 34

    • Atemmusɛm a wɔka kyerɛɛ Sedekia (1-7)

    • Wɔbuu apam a ɛmaa wɔgyaa nkoa no so (8-22)

  • 35

    • Rekabfoɔ setie; ɛsɛ sɛ obiara sua (1-19)

  • 36

    • Yeremia kasa maa wɔtwerɛɛ no wɔ nwoma mmobɔeɛ mu (1-7)

    • Baruk kenkan nwoma mmobɔeɛ no mu nsɛm den (8-19)

    • Yehoiakim hyee nwoma mmobɔeɛ no (20-26)

    • Wɔsan twerɛɛ nsɛm no wɔ nwoma mmobɔeɛ foforɔ so (27-32)

  • 37

    • Kaldeafoɔ no bɛsan wɔn akyi, nanso wɔbɛsan aba (1-10)

    • Wɔde Yeremia too afiase (11-16)

    • Sedekia hyiaa Yeremia (17-21)

      • Wɔmaa Yeremia paanoo (21)

  • 38

    • Wɔde Yeremia too abura mu (1-6)

    • Ebed-Melek kɔyii Yeremia (7-13)

    • Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ ɔmfa ne ho nkɔma Babilonfoɔ no (14-28)

  • 39

    • Wɔsɛee Yerusalem (1-10)

      • Sedekia dwanee na wɔkyee no (4-7)

    • Wɔkaa sɛ wɔmmɔ Yeremia ho ban (11-14)

    • Wɔrenkum Ebed-Melek (15-18)

  • 40

    • Nebusaradan gyaa Yeremia (1-6)

    • Wɔde Gedalia sii asaase no so panin (7-12)

    • Wɔbɔɔ Gedalia ho pɔ (13-16)

  • 41

    • Ismael kum Gedalia (1-10)

    • Yohanan nti Ismael dwanee (11-18)

  • 42

    • Ebinom ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɔ mpaeɛ nhwehwɛ akwankyerɛ mma wɔn (1-6)

    • Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monntu mo nan nnsi Egypt” (7-22)

  • 43

    • Nkurɔfoɔ no yɛɛ asoɔden; wɔkɔɔ Egypt (1-7)

    • Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Egypt (8-13)

  • 44

    • Wɔkaa mmusuo a ɛbɛba Yudafoɔ a wɔwɔ Egypt no so (1-14)

    • Nkurɔfoɔ no antie Onyankopɔn kɔkɔbɔ (15-30)

      • Wɔsom “Ɔsoro Hemmaa” no (17-19)

  • 45

    • Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Baruk (1-5)

  • 46

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Egypt (1-26)

      • Nebukadnesar bɛdi Egypt so nkonim (13, 26)

    • Ɛbɔ a wɔhyɛɛ Israel (27, 28)

  • 47

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Filistifoɔ (1-7)

  • 48

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Moab (1-47)

  • 49

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Ammon (1-6)

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Edom (7-22)

      • Edom renyɛ ɔman bio (17, 18)

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Damasko (23-27)

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Kedar ne Hasor (28-33)

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Elam (34-39)

  • 50

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Babilon (1-46)

      • Monnwane mfiri Babilon (8)

      • Wɔbɛsan de Israel aba (17-19)

      • Babilon nsuo bɛwe (38)

      • Obiara rentena Babilon (39, 40)

  • 51

    • Nkɔmhyɛ a ɛtia Babilon (1-64)

      • Mediafoɔ bɛdi Babilon so nkonim prɛko pɛ (8-12)

      • Ɔtoo nwoma no too Eufrate mu (59-64)

  • 52

    • Sedekia tee atua tiaa Babilon (1-3)

    • Nebukadnesar kaa Yerusalemfoɔ hyɛɛ kuro no mu (4-11)

    • Wɔsɛee kuro no ne asɔrefie no (12-23)

    • Wɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Babilon (24-30)

    • Wɔyii Yehoiakin firii afiase (31-34)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane