Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Yesaia 1:1-66:24
  • Yesaia

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesaia
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Yesaia

YESAIA

1 Yuda ne Yerusalem ho anisoadehunu a Amus ba Yesaia*+ nyaa wɔ Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ berɛ so no nie:

 2 Ɔsoro tie, asaase yɛ aso,+

Na Yehowa aka sɛ:

“Matete* mma ama wɔanyinyini,+

Nanso wɔate me so atua.+

 3 Nantwie nim ne wura,*

Na afunumu nim ne wura adididaka;

Nanso Israel nnim me,*+

Me ankasa me man nni nteaseɛ.”

 4 Nnebɔneyɛfoɔ man, due,+

Ɔman a bɔne adondɔn no,

Abɔnefoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ!*

Wɔagya Yehowa;+

Wɔabu Israel Kronkronni no animtia;

Wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.

 5 Moda so ara rete atua? Seesei mo hefa bio na wɔmmɔ?+

Etire no nyinaa yare,

Na akoma mu no nyinaa yare.+

 6 Ɛfiri tire kɔsi nan ase, baabiara nni hɔ a ɛte apɔ.*

Baabiara adane apirakuro, asoasoa na abeabea

—Wɔmmiaeɛ,* na wɔnkyekyereeɛ, na wɔmfaa ngo nsraa so.+

 7 Mo asaase adane amamfo.

Wɔde gya ahye mo nkuro.

Ahɔhoɔ redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+

Ɛte sɛ asaase a ahɔhoɔ abutu no ama no asɛe.+

 8 Aka Sion babaa wɔ hɔ, te sɛ apata* a ɛsi bobefuo* mu,

Te sɛ apata a ɛwɔ ɛferɛ afuo mu,

Te sɛ kuro a atamfo aka emufoɔ ahyɛ mu.+

 9 Sɛ asafo Yehowa annya nkaefoɔ kakra amma yɛn a,

Anka yɛayɛ sɛ Sodom,

Na yɛadane sɛ Gomora.+

10 Sodom+ atumfoɔ atirimuɔdenfoɔ,* montie Yehowa asɛm.

Gomorafoɔ,+ monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.*

11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na menya firi mo afɔreɛ bebrebe no so?+

Adwennini hyeɛ afɔreɛ+ ne mmoa a wɔte apɔ sradeɛ+ afono me,

Na anantwie+ ne nnwan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.

12 Sɛ moba m’anim a,+

Hwan na ɔhwehwɛ wei firi mo hɔ,

Sɛ mommɛtiatia m’adihɔ?+

13 Mommfa aduane afɔreɛ hunu mmma m’anim bio.

Mekyiri mo aduhwam kɔkɔkɔkɔ.+

Modi abosome foforɔ+ ne home nna,+ na mobɔ dwa;+

Asumansɛm* a mode fra nhyiamu titire no, menni ho akoma.+

14 Mekyiri* mo abosome foforɔ ne mo afahyɛ ahodoɔ no.

Ayɛ adesoa ama me;

Mabrɛ ne ne soa.

15 Na sɛ motrɛ mo nsam a,

Meyi m’ani hinta mo.+

Ɛwom sɛ mobɔ mpaeɛ bebree deɛ,+

Nanso mentie;+

Mogya ayɛ mo nsam ma.+

16 Monhohoro mo ho,* monte mo ho;+

Monyi mo nneyɛɛ bɔne mfiri m’anim;

Monnyae bɔne yɛ.+

17 Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee,+

Montene osisifoɔ so,

Monni agyanka asɛm mma no,

Na monka bi mma okunafoɔ.”+

18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yie.+

Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan,

Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;+

Ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene,

Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ odwan nwi.

19 Sɛ mopɛ na mobɛtie a,

Mobɛdi asaase no so nneɛma pa.+

20 Na sɛ moantie na mote atua a,

Sekan bɛdi mo nam;+

Yehowa na aka.”

21 Hwɛ sɛdeɛ kuro nokwafoɔ+ no adane tuutuuni!+

Ná atɛntenenee ayɛ no ma;+

Ná tenenee te ne mu,+

Nanso afei deɛ, awudifoɔ nko ara na ɛte ne mu.+

22 Wo dwetɛ adane fĩ,+

Na wo nsã* nso, wɔde nsuo afra mu.

23 W’atumfoɔ aso yɛ den na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+

Wɔn mu biara ani gye adanmudeɛ* ho, na wɔdi akyɛdeɛ akyi.+

Wɔmmu atɛntenenee mma nnyanka,

Na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim da.+

24 Enti nokorɛ Awurade asafo Yehowa,

Israel Tumfoɔ no asɛm nie:

“Hwɛ! Mɛyi m’atamfo afiri me ho,

Na mɛtua wɔn a wɔtan me no ka.+

25 Mɛdane me nsa aba wo so,

Na mɛnane wo ayi wo mu fĩ te sɛ deɛ mede samina* reyi fĩ,

Na mɛyi wo mu fĩ nyinaa.+

26 Mɛsan de w’atemmufoɔ ama wo te sɛ mfitiaseɛ no,

Na mɛsan de w’afotufoɔ ama wo sɛ mfitiaseɛ no.+

Ɛno akyi wɔbɛfrɛ wo Tenenee Kuropɔn, Nokorɛ Kuro.+

27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion,+

Na wɔde tenenee agye ne mma a wɔbɛsan aba no.

28 Wɔbɛsɛe atuatefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa abom,+

Na wɔn a wɔgya Yehowa no, wɔbɛyi wɔn afiri hɔ.+

29 Wɔn ani bɛwu nnua akɛseɛ a mo ani gyee ho no ho,+

Na nturo* a moyiiɛ no nti, mo anim bɛgu ase.+

30 Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahaban aporo,+

Na moadane sɛ turo a ɛnnya nsuo.

31 Ɔbarima katakyie bɛyɛ sɛ asaawa,*

Na n’adwuma ayɛ sɛ egya a ɛretutu;*

Mmienu no nyinaa bɛkɔ gya mu,

Na obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”

2 Deɛ Amus ba Yesaia huu no wɔ Yuda ne Yerusalem ho nie:+

 2 Awieeɛ nna* no mu no,

Yehowa fie bepɔ

Bɛtim wɔ mmepɔ atifi,+

Na wɔbɛma so asene nkokoɔ,

Na aman nyinaa bɛsene yuu akɔ hɔ.+

 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

“Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,

Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+

Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,

Na yɛbɛnante n’akwan* so.”+

Na Sion na mmara* bɛfire,

Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+

 4 Ɔbɛbu atɛn wɔ amanaman no mu,

Na ɔbɛsiesie nsɛm ama aman pii.

Wɔde wɔn mfena* bɛyɛ nsɔ,

Na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.*+

Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so,

Na wɔrensua akodie bio.+

 5 O Yakob fie, mommra,

Momma yɛnnante Yehowa hann mu.+

 6 Woagya wo man, Yakob fie,+

Ɛfiri sɛ Apueeɛ nneɛma ahyɛ wɔn ma;

Wɔdi asumansɛm+ te sɛ Filistifoɔ,

Na ahɔhoɔ* mma abu so wɔ wɔn mu.

 7 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,

Na wɔn agyapadeɛ nni ano.

Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asaase so ma,

Na wɔn nteaseɛnam nni ano.+

 8 Anyamehunu* ahyɛ wɔn asaase so ma.+

Wɔkoto wɔn ankasa nsa ano adwuma,

Adeɛ a wɔde wɔn ankasa nsateaa ayɛ.

 9 Enti onipa agu ne ho anim ase, wɔbɛbrɛ no ase,

Na worentumi mfa nkyɛ wɔn.

10 Monkɔhyɛ ɔbotan mu na momfa mo ho nsie mfuturo mu,

Yehowa ho hu,

N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti.+

11 Onipa ani a ɛtra n’ani ntɔn* no, wɔbɛbrɛ no ase,

Na nnipa ahomasoɔ bɛba fam.*

Yehowa nko ara na wɔbɛma ne so saa da no.

12 Ɛyɛ asafo Yehowa da.+

Ɛbɛba obiara a ɔyɛ ahantan ne ahomasoɔ* so,

Ɛbɛba obiara so, deɛ wɔama ne so ne deɛ wɔabrɛ no ase nyinaa.+

13 Ɛbɛba Lebanon sida nnua atenten kokuroo nyinaa,

Ne Basan adum nyinaa so.

14 Ɛbɛba mmepɔ atenten nyinaa,

Ne nkokoɔ atenten nyinaa so.

15 Ɛbɛba abantenten nyinaa ne afasuo denden nyinaa so,

16 Ɛbɛba Tarsis ahyɛn+ nyinaa,

Ne akodoɔ fɛfɛɛfɛ nyinaa so.

17 Wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,

Na nnipa ahomasoɔ bɛba fam.*

Yehowa nko ara na wɔbɛma ne so saa da no.

18 Na anyamehunu no bɛyera koraa.+

19 Sɛ Yehowa keka ne ho na ɔwoso asaase a,

Ne ho hu,

N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano+ nti,

Nnipa bɛkɔ akɔhyehyɛ abodan*

Ne asaase mu ntokuro mu.+

20 Saa da no, nnipa bɛfa wɔn dwetɛ ne sika kɔkɔɔ anyamehunu

A wɔayɛ ama wɔn ho sɛ wɔbɛkoto wɔn no,

Na wɔato agu ama fiamo* ne apan,+

21 Na wɔakɔhyɛ abotan mu ntokuro

Ne abodan mu,

Yehowa ho hu,

N’animuonyam, ne ne kɛseyɛ a ɛnni ano nti,

Berɛ a ɔbɛkeka ne ho na wawoso asaase no.

22 Mo ara mo yiedie nti, monnyae sɛ mode mo ho to onipa dasani so.

Ɔte sɛ ɔno ara ne hwenem mframa.*

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobu ne ho akonta?

3 Hwɛ! Nokorɛ Awurade asafo Yehowa

Bɛyi adeɛ biara a ɛboa Yerusalem ne Yuda no afiri hɔ:

Aduane ne nsuo nyinaa,+

 2 Ɔsabarima ne ɔkofoɔ,

Ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ,+ deɛ nkurɔfoɔ kɔ ne nkyɛn abisa ne ɔpanin,

 3 Aduonum so panin,+ onimuonyamfoɔ, ne ɔfotufoɔ,

Deɛ waben asumansɛm mu ne deɛ waben kaberekyerɛ mu.+

 4 Mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfoɔ,

Na deɛ n’adwene nsi pi adi wɔn so.

 5 Nnipa bɛhyɛ nnipa so,

Obiara bɛhyɛ ne yɔnko so.+

Abarimaa bɛkasa atia panin,

Na nipahunu de onimuonyamfoɔ+ anim atwitwiri fam.

 6 Obiara bɛsɔ ne nua mu wɔ ne papa fie aka sɛ:

“Wowɔ ataadeɛ, bɛdi yɛn so.

Ma deɛ adwiri aguo yi mmɛhyɛ w’ase.”

 7 Nanso saa da no, ɔbɛka sɛ:

“Merenkyekyere mo akuro;*

Menni aduane anaa ataadeɛ wɔ me fie.

Monnyɛ me otumfoɔ wɔ ɔman yi so.”

 8 Yerusalem asunti,

Na Yuda ahwe ase,

Ɛfiri sɛ wɔde wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ asɔre atia Yehowa;

Wɔate onimuonyamfoɔ no anim atua.*+

 9 Wɔn anim yɛbea di adanseɛ tia wɔn,*

Wɔbɔ wɔn bɔne dawuro te sɛ Sodom;+

Wɔmfa nsie.

Wɔnnue,* ɛfiri sɛ wɔde mmusuo reba wɔn ho so!

10 Monka nkyerɛ ateneneefoɔ sɛ ɛbɛsi wɔn yie;

Wɔbɛnya wɔn nneyɛɛ so akatua.*+

11 Ɔbɔnefoɔ nnue!

Mmusuo bɛba ne so,

Ɛfiri sɛ deɛ ɔde ne nsa ayɛ no, ɛno ara bi na wɔde bɛyɛ no!

12 Me man deɛ, n’ahwɛfoɔ hyɛ ne so,

Na mmaa di ne so.

Me man, w’akwankyerɛfoɔ ama woafom kwan,

Na wɔama w’akwan ayɛ nworonworann.+

13 Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto dwa,

Wasɔre sɛ ɔrebɛbu aman atɛn.

14 Yehowa bɛbu ne man mpanimfoɔ ne emu atumfoɔ atɛn.

“Moahye bobefuo* no,

Na nneɛma a moawia afiri ahiafoɔ nkyɛn no wɔ mo fie.+

15 Adɛn nti na mopɛkyɛ me man,

Na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”+ Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa asɛm nie.

16 Yehowa aka sɛ: “Ɛsiane

sɛ Sion mma mmaa yɛ ahantan,

Na wɔnante memamema wɔn mmati so,*

Na wɔpa wɔn ani akyi, na wɔyi akyẽa,

Na wɔma nkawa a ɛgu wɔn nan gyegyeɛ nti,

17 Yehowa nso bɛma Sion mma mmaa tiri ho atutu akuro,*

Na Yehowa ama wɔn moma so ayɛ kwaterekwa.+

18 Saa da no, Yehowa bɛyi wɔn afɛfɛdeɛ afiri wɔn ho:

Nanpɔ so nkawa ne abotire ne agudeɛ a ɛte sɛ bosome,+

19 Nsomuadeɛ, nkapo, ne nkataanimu,

20 Abotire, ne kawa a wɔde to nan, ne abɔsoɔ,*

Aduhwam ntoa* ne nsɛbɛ,

21 Mpɛtea* ne hwenem nkawa,

22 Adehyetaadeɛ atenten, ngugusoɔ, nkatakɔnmu, ne sika nkotokuo,

23 Nhwehwɛ+ ne nwera ntaadeɛ,

Abotire ne nkataanimu.

24 “Afei adeɛ a ɛbɔn bɛsi balsam ngo+ ananmu;

Ahoma bɛsi abɔsoɔ ananmu;

Etire a ɛho apa bɛsi mmɛsa ananmu;+

Awerɛhoɔ ntoma* bɛsi ataade pa ananmu;+

Na kutwã* bɛsi ahoɔfɛ ananmu.

25 Wo mmarima bɛtotɔ sekan ano,

Na w’akatakyie awuwu wɔ ɛko mu.+

26 Kuro no ano apono bɛsu adi awerɛhoɔ,+

Ɔbɛtena fam atwa adwo.”+

4 Saa da no, mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima baako mu+ aka akyerɛ no sɛ:

“Yɛbɛdi yɛn ankasa aduane

Ahyɛ yɛn ankasa ataadeɛ;

Deɛ ɛhia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn so

Na apra yɛn aniwuo* afiri hɔ.”+

2 Ɛda no, deɛ Yehowa bɛma afifi* no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na Israelfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no de asaase no so aba bɛhoahoa wɔn ho, na ɛbɛyɛ wɔn fɛ.+ 3 Obiara a ɔbɛka Sion a wɔbɛgya no Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔwɔ Yerusalem a wɔatwerɛ wɔn din sɛ wɔntena nkwa mu+ no nyinaa.

4 Sɛ Yehowa de atemmuo honhom ne egya honhom*+ hohoro Sion mma mmaa ho fĩ*+ na ɔhohoro Yerusalem mogyahwieguo nso firi ne mu a, 5 Yehowa bɛma mununkum ne wisie akata Sion Bepɔ no so nyinaa ne ne nhyiamubea so awia, na gyaframa ahyerɛn hɔ anadwo,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ animuonyam no nyinaa bɛnya ahobammɔ. 6 Na apata* bi bɛwɔ hɔ. Awiaberɛ a ahuhuro wom no, ɛbɛma nwunu,+ na ahum ne sutɔberɛ mu nso, ayɛ dwankɔbea ne hintabea.+

5 Ma mento dwom mma me dɔfo,

Me dɔfo ne ne bobefuo*+ ho dwom.

Ná me dɔfo wɔ bobefuo wɔ kokoɔ so, asaase pa bi so.

 2 Ɔfuntum asaase no yiyii so aboɔ,

Ɔduaa bobe pa wɔ so,*

Ɔsii abantenten wɔ afuo no mfimfini,

Na ɔtuu amena a wɔkyĩ nsã* wom wɔ hɔ.+

Afei ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe pa,

Nanso bobe a ɛnyɛ nko ara na ɛsoeɛ.+

 3 “Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

Mesrɛ mo, mommu me ne me bobefuo ntam atɛn.+

 4 Deɛn bio na ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobefuo no

A menyɛeɛ?+

Deɛn nti na m’ani da so sɛ ɛbɛso bobe pa

Na aso bobe fõ nko ara yi?

 5 Afei momma menkyerɛ mo

Deɛ mɛyɛ me bobefuo no:

Mɛtutu ɛho ban,

Na wɔahye no.+

Mɛbubu n’afasuo a wɔde aboɔ ayɛ no,

Na wɔatiatia so.

 6 Mɛma asɛe;+

Wɔrentwitwa ho, na wɔremfa asɔ nnɔ aseɛ.

Nkasɛɛ ne nwura bɛgye afa,+

Na mɛhyɛ mununkum sɛ ɔnntɔ nsuo nngu so.+

 7 Asafo Yehowa bobefuo no ne Israel fie,+

Na afuo a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima.

Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntenenee kwan,+

Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wɔbuiɛ;

Ɔhwehwɛɛ adetenenee,

Nanso hwɛ! esu ne nteateamu na ɔteeɛ.”+

 8 Wɔnnue, wɔn a wɔka afie bɔ  afie so,+

Na wɔhwim asaase ka asaase ho+

Kɔsi sɛ ɛkwan biara nna hɔ bio,

Na mo nko ara motena asaase no so!

 9 Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ,

Afie akɛseɛ pii a ɛyɛ fɛ

Bɛyɛ tantaantan,

Na obiara rentena mu.+

10 Bobefuo eka du* bɛma mo bobesa bat susuhina* baako pɛ,

Na modua aduaba homar susudeɛ* baako a, mobɛnya efa* baako pɛ.+

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutuutu kɔnom nsã a ano yɛ den,+

Wɔn a wɔtena nsã* ho ma adeɛ sa tumm kɔsi sɛ wɔbɛboro sram!

12 Wɔwɔ sankuo ne sankuten,

Mpintin, atɛntɛbɛn, ne nsã* wɔ wɔn apontoɔ ase;

Nanso Yehowa nneyɛɛ deɛ, wɔnnwene ho,

Na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

13 Enti wɔbɛtu me man afiri wɔn asaase so akɔ,

Nimdeɛ a wɔnnie nti;+

Ɛkɔm bɛde wɔn animuonyamfoɔ,+

Na sukɔm ade wɔn nkurɔfoɔ nyinaa.

14 Enti Adamena* abae ne yam*

Na wabue n’anom kakraa.+

Na kuro no mu animuonyamfoɔ,* emu nnipadɔm a wɔyɛ dede, ne emufoɔ a wɔgye wɔn ani tra so

Bɛsiane akɔ hɔ.

15 Na wɔbɛbrɛ ɔdasani ase,

Onipa bɛba fam,

Na wɔbɛbrɛ ahantanfoɔ ani ase.

16 Asafo Yehowa atemmuo* bɛma wayɛ kɛse;

Nokorɛ Nyankopɔn no, Ɔkronkronni+ no, nam tenenee+ so bɛte ne ho.

17 Na nnwan mma bɛdidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;

Mmeaeɛ a mmoa a wɔadɔre sradeɛ agyae hɔ adidie no, ɛhɔ na ahɔhoɔ bɛdidie.*

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde nnaadaa nhoma twe wɔn afɔdie

Na wɔde teaseɛnam nhoma twe wɔn bɔne;

19 Wɔn a wɔka sɛ: “Ɔmma Ne ho nyɛ hare,

Ɛmmra ntɛm mma yɛnhwɛ.

Israel Kronkronni no atirimpɔ* mmra mu

Mma yɛnhunu!”+

20 Wɔnnue, wɔn a wɔka sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa,+

Wɔn a wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum,

Wɔn a wɔde nwononwono yɛ fremfrem na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!

21 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ wɔ wɔn ankasa ani so,

Na wɔbu wɔn ho mmadwemma!+

22 Wɔnnue, wɔn a wɔagye din wɔ asanom* mu

Ne wɔn a wɔyɛ akatakyie wɔ nsãfra* mu,+

23 Wɔn a wɔgye adanmudeɛ* bu ɔbɔnefoɔ bem+

Na wɔde atɛntenenee kame ɔteneneeni!+

24 Enti sɛdeɛ egya kɛtrɛma hye ɛserɛ

Na egyaframa mene serɛ a awoɔ no,

Saa ara na wɔn nhini bɛporɔ,

Na wɔn nhyerɛnee ahu akɔ sɛ mfuturo,

Ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,*

Na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+

25 Ɛno nti na Yehowa bo afu ne man dendeenden no.

Na ɔbɛtene ne nsa wɔ wɔn so akunkum wɔn.+

Mmepɔ bɛwoso,

Na wɔn afunu bɛsum mmɔnten so sɛ sumina.*+

Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,

Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.

26 Wama ahyɛnsodeɛ* bi so akyerɛ ɔman bi wɔ akyirikyiri;+

Wabɔ hwerɛma afrɛ wɔn afiri asaase ano nohoa;+

Na hwɛ! wɔde mmirika reba ntɛm.+

27 Wɔn mu biara mmrɛe anaa ɔnsuntiiɛ.

Obiara nni hɔ a ɔretɔ nko* anaa wada.

Abɔsoɔ a ɛbɔ wɔn asene nhodwoeɛ,

Na wɔn mpaboa mu ahoma nteeɛ.

28 Wɔn agyan nyinaa ano yɛ nnam,

Na wɔn agyan nyinaa mu akuntunukuntunu.*

Wɔn apɔnkɔ nan te sɛ aboɔ a ano yɛ nnam,*

Na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ ahum.+

29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata,

Na wɔbobom te sɛ agyata* a wɔn ho yɛ den.+

Wɔpɔ kye aboa,

Na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

30 Saa da no, wɔbɛworo agu ne so

Te sɛ ɛpo a ɛreworo.+

Obiara a ɔbɛhwɛ asaase no bɛhunu esum kabii;

Mununkum nti, hann mpo adane sum.+

6 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ+ no, mehuu Yehowa sɛ ɔte ahennwa kokuroo a wɔama so bi so,+ na na n’ataadeɛ ano ayɛ asɔrefie hɔ ma. 2 Ná serafim gyinagyina ne nkyɛn; obiara wɔ ntaban nsia. Obiara de mmienu kata n’anim na ɔde mmienu kata ne nan ho, na wɔn mu biara de mmienu nso tu.

 3 Baako ka kyerɛ baako sɛ:

“Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+

N’animuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.”

4 Na nteamu no gyegyeeɛ* maa aponnwa no wosoe, na wisie hyɛɛ efie hɔ ma.+

 5 Ɛnna mekaa sɛ: “Mennue!

Mawu awie,

Ɛfiri sɛ meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ,

Na mete nkurɔfoɔ a wɔn ano ho nteɛ+ mu,

Ɛnna mede m’ani ahunu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!”

6 Na serafim baako tu baa me nkyɛn, na na ɔkura gyasramma+ a ɔde adeɛ a wɔde fa egya akɔyi afiri afɔrebukyia no so+ wɔ ne nsam. 7 Ɔde kaa m’ano, na ɔkaa sɛ:

“Hwɛ! Adeɛ yi aka w’ano,

Wɔayi wo mfomsoɔ* afiri hɔ,

Na wɔapata ama wo bɔne.”

8 Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na megyee so sɛ: “Menie! Soma me!”+

 9 Na ɔkaa sɛ, “Kɔ, na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:

‘Mobɛte ate ate,

Nanso morente aseɛ;

Mobɛhunu ahunu ahunu,

Nanso morennya nimdeɛ biara.’+

10 Ma ɔman yi akoma mpirim,+

Ma wɔn aso nyɛ den,+

Na ka wɔn ani femfam so,

Na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ,

Na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,

Na wɔn akoma ante aseɛ,

Na wɔansakra annya ayaresa.”+

11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?” Na ɔbuaa sɛ:

“Ɛnkɔsi sɛ nkuro yi bɛsɛe adane amamfo a obi nte mu,

Na afie ada mpan a nnipa nni mu,

Na asaase no asɛe na ayɛ amamfo;+

12 Ɛnkɔsi sɛ Yehowa bɛyi nnipa akɔ akyirikyiri,+

Na asaase no adane amamfo koraa.

13 “Nanso ɛbɛka du mu nkyɛmu baako wɔ hɔ, na wɔbɛsan ahye ɛno nso, te sɛ odupɔn ne odum a wɔatwa ama aka ne dunsini; aseni* kronkron no bɛyɛ dunsini no.”

7 Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ so no, Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, nanso wɔantumi* anko amfa kuro no.+ 2 Na wɔbɛbɔɔ Dawid fie amanneɛ sɛ: “Siria ne Efraim aka wɔn ho abom.”

Na Ahas akoma ne ne man akoma wosoo te sɛ kwaeɛ mu nnua a mframa rewoso no.

3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Mesrɛ wo, firi adi na wo ne wo ba Sear-Yasub*+ nkɔhyia Ahas wɔ baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no,+ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so. 4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie; mma biribiara nnha wo. Nsuro, na mma w’akoma nntu, gyentia mmienu a ɛpu wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba+ no abufuhyeɛ nti. 5 Ɛfiri sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no abɔ wo ho pɔ bɔne sɛ: 6 “Momma yɛnkɔ Yuda so nkɔtete ne mu* na yɛnkɔko mfa,* na yɛnsi Tabeel ba hene wɔ hɔ.”+

7 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Ɛrenyɛ yie,

Na ɛremma so.

 8 Siria ti ne Damasko,

Na Damasko ti ne Resin.

Aka mfeɛ 65 pɛ,

Wɔbɛbubu Efraim pasaa na ɛrenyɛ ɔman bio.+

 9 Efraim ti ne Samaria,+

Na Samaria ti ne Remalia ba+ no.

Sɛ moannya gyidie a ɛyɛ den a,

Mo ase rentim.”’”

10 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 “Bisa Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmma wo sɛnkyerɛnne bi;+ ɛbɛtumi akɔ fam akɔduru Adamena* mu tɔnn anaa akɔ soro akɔduru wiem mpo.” 12 Nanso Ahas kaa sɛ: “Meremmisa, na merensɔ Yehowa nhwɛ.”

13 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Dawid fie, mesrɛ mo montie. Enti nnipa aboterɛ a moasɔ ahwɛ yi ara nnɔɔso anaa? Mopɛ sɛ mosɔ Onyankopɔn nso aboterɛ hwɛ?+ 14 Ɛno nti, Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ! Ababaawa* no bɛnyinsɛn awo ɔbabarima+ na wato ne din Imanuel.*+ 15 Berɛ a ɔbɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne na wɔyi papa no, na ɔdi bɔta ne ɛwoɔ. 16 Ansa na abarimaa no bɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne na wɔyi papa no, na wɔagya ahemfo mmienu a mosuro wɔn yi asaase ato hɔ a obiara rentena so.+ 17 Yehowa de nna bi bɛba wo so, ne wo manfoɔ so, ne w’agya fie so. Ɛfiri berɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho+ no, ebi mmaa saa da, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de Asiria hene bɛba.+

18 “Na saa da no, Yehowa bɛbɔ hwerɛma afrɛ nwansena a wɔwɔ Egypt Nil asuasu* ano nohoa ne nwowa a wɔwɔ Asiria asaase so no. 19 Wɔn nyinaa bɛba abɛsisi nsubɔn a emu dɔ ne abotan mu ntokuro mu ne nkasɛɛ so ne mmeaeɛ a nsuo wɔ nyinaa.

20 “Saa da no, Yehowa de yiwan a wɔabɔ no paa afiri Asubɔnten no* ho, kyerɛ sɛ Asiria hene,+ bɛyi etire ne nan ho nwi, na ɔde awerɛ abodwesɛ nso.

21 “Ɛda no, onipa bɛkora nantwie ba baako ne nnwan mmienu so. 22 Na nufosuo a ɛbɛbu so nti, ɔbɛdi bɔta, ɛfiri sɛ obiara a waka asaase no so bɛdi bɔta ne ɛwoɔ.

23 “Saa da no, baabi a na bobe 1,000 a ne boɔ yɛ nnwetɛbena 1,000 wɔ no, ɛhɔ bɛdane nkasɛɛ ne nwura nko ara. 24 Nnipa de bɛmma ne agyan bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ asaase no nyinaa bɛdane nkasɛɛ ne nwura. 25 Na mmepɔ a kane no na wɔde asɔ dɔ so nyinaa no, worenkɔ hɔ bio, nkasɛɛ ne nwura nti; na ɛhɔ bɛdane anantwie adidibea, na nnwan adi hɔ aforosiane.”

8 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Fa twerɛpono+ kɛseɛ na fa twerɛdua* twerɛ so sɛ, ‘Maha-salal-has-bas.’* 2 Mepɛ sɛ adansefoɔ anokwafoɔ, ɔsɔfoɔ Uria+ ne Yeberekia ba Sakaria, twerɛ di ho adanseɛ.”

3 Afei me ne odiyifoɔbaa* no dae,* na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To ne din Maha-salal-has-bas, 4 na ansa na abɔfra no bɛtumi aka ‘Me papa!’ ne ‘Me maame!’ no, na wɔasoa Damasko ahodeɛ ne nneɛma a Samaria nyaa wɔ ɛko mu kɔ Asiria hene anim.”+

5 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ:

 6 “Ɛsiane sɛ nkurɔfoɔ yi apo Siloa nsuo a ɛtene bɔkɔɔ,+

Na wɔdi Resin ne Remalia ba ho ahurisie+ nti,

 7 Hwɛ! Yehowa bɛma

Asubɔnten no* mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no aba wɔn so,

Asiria hene+ ne n’animuonyam nyinaa.

Na ɔbɛbu afa ne nsuka nyinaa so,

Na wayiri afa ne kɔn so nyinaa.

 8 Ɔbɛsene akɔfa Yuda.

Na wayiri afa mu akɔduru ne kɔn mu pɛɛ;+

Ne ntaban a watrɛ mu no bɛduru w’asaase ano nyinaa,

O Imanuel!”*+

 9 Aman, monyɛ wɔn bɔne, na wɔbɛbubu mo asinasini.

Montie, mo a mote asaase so akyirikyiri nyinaa!

Monsiesie mo ho nkɔko,* na wɔbɛbubu mo asinasini!+

Monsiesie mo ho nkɔko, na wɔbɛbubu mo asinasini!

10 Ɛpɔ biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛrenyɛ yie!

Asɛm biara a mopɛ no, monka, nanso ɛrennyina,

Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho!*+

11 Wei ne asɛm a Yehowa de ne nsa denden no too me so ka kyerɛɛ me de bɔɔ me kɔkɔ sɛ, menhwɛ yie na mannante ɔman yi kwan so:

12 “Deɛ nkurɔfoɔ yi frɛ no atirisopam* no, mommfrɛ no atirisopam!

Deɛ wɔsuro no, monnsuro,

Na mommma no mmmɔ mo hu.

13 Asafo Yehowa, ɔno na mommu no kronkron,+

Ɔno na monsuro no,

Ɔno na ɛsɛ sɛ ɔma mo ho popo.”+

14 Ɔbɛyɛ tenabea kronkron,

Nanso ɔbɛyɛ suntiboɔ

Ne watiri boɔ+

Ama Israel afie mmienu no,

Na wayɛ fidie ne asau

Ama wɔn a wɔte Yerusalem.

15 Wɔn mu pii bɛwatiri ahwe ase na wɔabubu;

Wɔbɛtɔ fidie mu ama ayi wɔn.

16 Kyekyere adanseɛ a wɔatwerɛ no;

Tare mmara* no ano wɔ m’asuafoɔ mu!

17 Yehowa a ɔde n’anim ahinta Yakob fie+ no, mɛtwɛn no,*+ na mede m’ani bɛto ne so.

18 Hwɛ! Me ne mmɔfra a Yehowa de wɔn ama me no,+ Asafo Yehowa a ɔte Sion Bepɔ so no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ wɔ Israel.

19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa na wɔbesebese wɔn ano no hɔ abisa a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ ɔman no bisa? Awufoɔ nkyɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔ abisa ma ateasefoɔ?+ 20 Mmara no ne adanseɛ a wɔatwerɛ no mmom na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ!

Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, wɔnni hann.*+ 21 Na obiara de ahoyera ne ɛkɔm na ɛbɛnante asaase no so;+ na ɛkɔm ne abufuo nti, ɔbɛma n’ani so ahwɛ soro adome ne hene ne ne Nyankopɔn. 22 Afei ɔbɛhwɛ asaase so, na ɔbɛhunu ɔhaw ne sum ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko ara, na hann nni baabiara.

9 Nanso, esum no renyɛ sɛ berɛ a na ahoyera wɔ asaase no so no, te sɛ kane a wɔbuu Sebulon asaase ne Naftali asaase animtia+ no. Nso akyire yi, Onyankopɔn bɛhyɛ no animuonyam, kyerɛ sɛ, ɛpo kwan a ɛda Yordan mpɔtamu, amanaman Galilea no.

 2 Nnipa a na wɔnam sum mu no

Ahunu hann kɛseɛ bi.

Na wɔn a wɔte sum kabii asaase so no,

Hann apue wɔn so.+

 3 Woama ɔman no mu nnipa adɔɔso pii;

Na woama wɔn anigyeɛ ayɛ kɛse.

Wɔn ani gye w’anim

Sɛdeɛ nnipa ani gye twaberɛ mu no,

Te sɛ wɔn a wɔde ahurisie kyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu.

 4 Ɛfiri sɛ wɔn kɔndua a wɔde soa adeɛ,

Abaa a ɛda wɔn mmati, ne poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma no, woabubu mu pasapasa,

Te sɛ Midian da no.+

 5 Mpaboa biara a wɔde nante a ɛma asaase woso,

Ne ataadeɛ biara a mogya afɔ no no,

Wɔde bɛsɔ gya.

 6 Ɛfiri sɛ wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+

Wɔama yɛn ɔbabarima;

Na ahennie* no bɛda n’abati so.+

Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.

 7 N’ahennie* mu bɛtrɛ

Na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ bɛba+

Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so,

Na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+

Bɛtaa n’ahennie akyi ama no atim+

Afiri nnɛ akɔsi daa.

Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.

 8 Yehowa de asɛm bi asoma akɔbɔ Yakob kɔkɔ,

Na aba Israel so.+

 9 Na nnipa no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne Samariafoɔ

A wɔka wɔ ahantan ne dwɛɛ so sɛ:

10 “Birikisi adwiri agu,

Nanso yɛde aboɔ a wɔasene bɛsi.+

Wɔatwitwa sikamɔɔ nnua agu,

Nanso yɛde sida nnua bɛsi ananmu.”

11 Yehowa bɛma Resin atamfo so atia no

Na wakanyan wɔn a wɔkyiri no ama wɔakeka wɔn ho,

12 Siria bɛfiri apueeɛ na Filistifoɔ afiri atɔeɛ,*+

Na wɔbɛbae wɔn anom amene Israel.+

Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,

Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

13 Ɛfiri sɛ ɔman no nsan mmaa Deɛ ɔbobɔɔ wɔn no nkyɛn;

Wɔnhwehwɛɛ asafo Yehowa akyiri akwan.+

14 Na Yehowa de da koro bɛtwa etire ne dua,*

Nkorabata* ne ɛserɛ tenten* afiri Israel.+

15 Panin ne onimuonyamfoɔ ne etire no,

Na odiyifoɔ a ɔkyerɛkyerɛ atosɛm ne dua no.+

16 Ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom,

Na wɔn a saa nkurɔfoɔ yi kyerɛ wɔn kwan no de wɔn tiri pempem.

17 Ɛno nti na Yehowa ani rennye wɔn mmeranteɛ ho no;

Na wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ nso, ɔrenhu wɔn mmɔbɔ,

Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ,+

Na obiara ano ka agyimisɛm.

Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,

Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

18 Ɛfiri sɛ atirimuɔdensɛm dɛre te sɛ egya,

Ɛhye nkasɛɛ ne nwura.

Ɛde gya bɛto kwaeɛ mu adɔtɔ mu,

Ama afiri wisie kumɔnn akɔ soro.

19 Asafo Yehowa abufuo nti

Na asaase no rehyeɛ,

Na egya no bɛhye ɛso nnipa.

Obiara renkora ne nua mpo so.

20 Wɔbɛtwa wɔ nifa,

Nanso ɛkɔm bɛde wɔn ara;

Wɔbɛdi wɔ benkum,

Nanso wɔremmee.

Obiara bɛwe ɔno ankasa nsa ho nam,

21 Manase bɛwe Efraim,

Na Efraim awe Manase.

Wɔn nyinaa bɛsɔre atia Yuda.+

Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,

Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

10 Wɔnnue! wɔn a wɔhyehyɛ mmara bɔne,+

Wɔn a daa wɔtwerɛ ahyɛdeɛ a emu yɛ den,

 2 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohiani rennya obiara nni n’asɛm mma no,

Na me man mu abrɛfoɔ nnya atɛntenenee.+

Wɔde akunafoɔ ayɛ sɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu,

Na wɔde nnyanka ayɛ sɛ nneɛma a wɔafom afa!+

 3 Akontabuo* da no, mobɛyɛ dɛn,+

Berɛ a ɔsɛeɛ firi akyirikyiri aba no?+

Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa,+

Na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ?*

 4 Deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛkotokoto nneduafoɔ mu,

Anaa wɔbɛhwehwe awufoɔ mu.

Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,

Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+

 5 “Hwɛ! Asiriani no nie,+

Ɔbɛyɛ m’abufuo abaa,+

Ne wɔn nsam poma a mede bɛda m’abufuhyeɛ adi!

 6 Mɛsoma no akɔ ɔman a wate atua atia Onyankopɔn so,+

Na masoma no akɔ nnipa a wɔahyɛ me abufuo no so;

Mɛhyɛ no sɛ ɔnsesa wɔn nneɛma pii na ɔmfom wɔn nneɛma bebree,

Na ɔntiatia wɔn so sɛ abɔntenkwan so atɛkyɛ.+

 7 Nanso ɔrente nka saa,

Na ɛremma n’akomam saa;

Ɛfiri sɛ ɛwɔ n’akomam sɛ ɔbɛtɔre aman pii ase,

Na watwitwa wɔn agu; ɛrenyɛ kakraa bi.

 8 Na ɔka sɛ,

‘M’aberempɔn nyinaa nyɛ ahemfo anaa?+

 9 Kalno+ nte sɛ Karkemis+ anaa?

Hamat+ nte sɛ Arpad?+

Samaria+ nte sɛ Damasko?+

10 Magye* anyamehunu ahemman

A wɔn ahoni dɔɔso sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no!+

11 Sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne n’anyamehunu no,

Ɛnyɛ saa ara na mɛyɛ Yerusalem ne n’ahoni nso?’+

12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a ɔbɛdi wɔ Sion Bepɔ so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso ɛsiane n’akoma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,

‘Mede me nsam tumi

Ne me nyansa bɛyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa.

Mɛyiyi aman no ahyeɛ afiri hɔ+

Na mafom wɔn akoradeɛ,+

Na maka emufoɔ agu sɛ ɔhoɔdenfoɔ.+

14 Sɛdeɛ obi de ne nsa wura pirebuo mu no,

Mɛtene me nsa agye aman no agyapadeɛ;

Na sɛdeɛ obi tase nkosua a wɔagya no,

Saa ara na mɛboaboa asaase nyinaa ano!

Obiara remmɔ ne ntaban mu, ɔremmue n’ano, na ɔrensu.’”*

15 Akuma bɛma ne ho so wɔ deɛ ɔde no rebu nnua no so?

Sradaa bɛma ne ho so asene deɛ ɔde no retwa adeɛ no?

Poma+ bɛtumi ahim deɛ ɔma ne so no?

Anaa abaa bɛtumi ama deɛ wɔamfa dua anyɛ no no so?

16 Enti asafo Yehowa, nokorɛ Awurade no

Bɛma n’akɛsefoɔ afonfɔn,+

Na wasɔ gya ama adɛre wɔ n’animuonyam ase.+

17 Israel Hann+ bɛyɛ egya,+

Na ne Kronkronni ayɛ gyaframa;

Ɛbɛdɛre na ahye ne nwura ne ne nkasɛɛ nyinaa da koro.

18 Ɔbɛsɛe ne kwaeɛ ne ne turo animuonyam pasaa;*

Ɛbɛyɛ sɛ obi a yareɛ ama no afɔn.+

19 Ne kwaeɛ mu nnua a aka no,

Ɛbɛyɛ kakraa bi, na abɔfra mpo bɛtumi akan atwerɛ ne dodoɔ.

20 Saa da no, Israel nkaefoɔ

Ne Yakob fiefoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu

Remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio;+

Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa,

Israel Kronkronni no, wɔ nokorɛdie mu.

21 Nkaefoɔ bi pɛ na wɔbɛsan aba,

Yakob nkaefoɔ no bɛsan aba Onyankopɔn Tumfoɔ no nkyɛn.+

22 O Israel, wo nkurɔfoɔ

Te sɛ mpoano anwea,

Nanso wɔn mu nkaefoɔ bi pɛ na wɔbɛsan aba.+

Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ato hɔ,+

Na atɛntenenee* bɛbu afa wɔn so.+

23 Aane, ɔsɛeɛ pasaa a Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, ahyɛ ato hɔ no,

Ɛbɛba asaase no nyinaa so.+

24 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Me man a mote Sion, monnsuro, Asiriani a ɔde abaa hwee mo+ na ɔde ne poma baa mo so sɛdeɛ Egypt yɛeɛ no+ nti. 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyeɛ no to bɛtwa; m’abufuo bɛsɛe wɔn.+ 26 Asafo Yehowa bɛhim abaa* wɔ ne so+ sɛdeɛ ɔtwi faa Midian so wɔ Oreb botan ho no.+ Na ɔde ne poma bɛkyerɛ po so, na wama so sɛdeɛ ɔyɛɛ Egypt no.+

27 Saa da no, Asiriani no adesoa bɛfiri w’abati so,+

Na ne kɔndua afiri wo kɔn ho,+

Na ngo no nti, kɔndua no bɛsɛe.”+

28 Waba Aiyat+ so;

Watwam afa Migron;

Mikmas+ na ɔde ne nneɛma abɛguo.

29 Wɔafa baabi a wɔfa twa nsuo no;

Wɔakɔda Geba;+

Rama abɔ hu, na Saul kuro Gibea+ nso adwane.+

30 O Galim babaa, su na teateam!

Laisa, yɛ aso tie!

O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!

31 Madmena adwane.

Gebimfoɔ akɔpɛ baabi atɛ.

32 Ɛnnɛ da yi ara, ɔbɛgyina Nob.+

Ɔwoso ne nsa kyerɛ Sion babaa bepɔ,

Yerusalem kokoɔ no.

33 Hwɛ! Asafo Yehowa, nokorɛ Awurade no,

Retwitwa nnua mman* ama ɛrehwehwe fam birimbirim;+

Ɔretwitwa nnua atenten no gu,

Na deɛ ɛkorɔn no, ɔbrɛ no ase.

34 Ɔde dadeɛ* twitwa kwaeɛ mu adɔtɔ,

Na ɔhoɔdenfoɔ bi nsa ano na Lebanon bɛhwe ase.

11 Nkorabata+ bi bɛfifi Yese dunsini mu,+

Na dua foforɔ bi bɛfefɛ+ afiri ne nhini mu aso aba.

 2 Na Yehowa honhom bɛtena ne so,+

Nyansa+ ne nteaseɛ honhom,

Afotuo ne tumi honhom,+

Nimdeɛ ne Yehowa suro honhom.

 3 Na Yehowa suro bɛyɛ no anigye.+

Ɛnyɛ deɛ n’ani hunu na ɔbɛgyina so abu atɛn,

Na ɛnyɛ deɛ n’aso te kɛkɛ na ɔbɛgyina so anya obi kasakyerɛ.+

 4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,

Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ.

Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+

Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+

 5 Tenenee bɛyɛ abɔsoɔ abɔ ne sisi,

Na nokorɛdie ayɛ abɔsoɔ wɔ n’asene.+

 6 Pataku ne odwan ba bɛtena,*+

Na ɔsebɔ ne apɔnkye ba ada faako,

Na nantwie ba ne gyata* ne aboa a wadɔre sradeɛ bɛbom atena faako;*+

Na abarimaa ketewa aka wɔn.

 7 Nantwibedeɛ ne sisire bɛbom adidi,

Na wɔn mma ada faako.

Gyata bɛwe wura sɛ nantwinini.+

 8 Abɔfra a ɔtua nufoɔ ano bɛgoro prammire amena ano,

Na abɔfra a watwa nufoɔ de ne nsa aka ahuritia* bɔn.

 9 Wɔrenyɛ bɔne+

Na wɔrensɛe adeɛ bio wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so,+

Ɛfiri sɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma

Sɛdeɛ nsuo kata po so no.+

10 Saa da no, Yese nhini+ bɛsɔre agyina sɛ ahyɛnsodeɛ* ama aman no.+

Ne hɔ na amanaman bɛhwehwɛ akwankyerɛ,*+

Na ne homebea bɛnya animuonyam.

11 Saa da no, Yehowa bɛsan atene ne nsa, ne mprenu so, de agye ne man nkaefoɔ afiri Asiria,+ Egypt,+ Patros,+ Kus,+ Elam,+ Sinar,* Hamat, ne po so nsupɔ+ so. 12 Ɔbɛma ahyɛnsodeɛ* bi so ama aman no na waboaboa Israelfoɔ a wɔahwete no ano,+ na ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano afiri asaase afanan nyinaa.+

13 Efraim ahoɔyaa bɛfiri hɔ,+

Na wɔn a wɔtan Yuda no, wɔbɛyi wɔn afiri hɔ.

Efraim ani remmere Yuda,

Na Yuda nso rentan Efraim.+

14 Wɔbɛtu fãã akɔsi Filistifoɔ nkokoɔ* so wɔ atɔeɛ;

Wɔbɛbom afom Apueeɛfoɔ nneɛma.

Wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so,*+

Na Ammonfoɔ abɛhyɛ wɔn ase.+

15 Egypt po no fã a adidi kɔ asaase mu* no, Yehowa bɛkyɛ mu,*+

Na ɔbɛhim ne nsa wɔ Asubɔnten no*+ so.

Ɔde ne home* hyehyeehye no bɛbɔ n’asutene nson no,*

Na wama nnipa de wɔn mpaboa anante atwa.

16 Na kwantempɔn+ bi bɛfiri Asiria abɛda hɔ ama ne man nkaefoɔ a wɔaka no,+

Sɛdeɛ ebi bɛdaa hɔ maa Israel ɛda a ɔfirii Egypt asaase so no.

12 Ɛda no, wobɛka sɛ:

“O Yehowa, meda wo ase,

Ɛfiri sɛ wo bo fuu me deɛ,

Nanso nkakrankakra w’abufuo ano dwoe, na wokyekyee me werɛ.+

 2 Hwɛ! Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+

Mɛnya ahotɔsoɔ na merensuro,+

Ɛfiri sɛ Yah* Yehowa ne m’ahoɔden ne me tumi,

Na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”+

 3 Mode ahurisie bɛsa nsuo

Afiri nkwagyeɛ nsutire no mu.+

 4 Na saa da no, mobɛka sɛ:

“Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,

Monka ne nnwuma nkyerɛ amanaman!+

Mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+

 5 Monto dwom* nyi Yehowa ayɛ,+ ɛfiri sɛ wayɛ nneɛma akɛseɛ.+

Momma wɔnka wei ho asɛm asaase nyinaa so.

 6 Bɔ ose na di ahurisie, wo a wote Sion,*

Ɛfiri sɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.”

13 Babilon ho atemmusɛm+ a Amus ba Yesaia+ nyaa ho anisoadehunu nie:

 2 “Momma ahyɛnsodeɛ* bi so+ mfa nsi bepɔ petee so.

Momma mo nne so mfrɛ wɔn, monto mo nsa mfrɛ wɔn,

Na wɔmmra atitire pono ano.

 3 Mede ahyɛdeɛ ama wɔn a mayi wɔn no.*+

Mafrɛ me mmarima a wɔnim ko sɛ wɔnna m’abufuo adi,

Me nkurɔfoɔ a wɔde ahantan di ahurisie no.

 4 Montie! Nnipadɔm bi wɔ mmepɔ so;

Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nnipa bebree!

Montie! Ahennie ahodoɔ hooyɛ,

Aman a wɔaboaboa wɔn ano+ dede!

Asafo Yehowa reboaboa asraafoɔdɔm ano ama ɛko.+

 5 Wɔfiri akyirikyiri asaase so reba,+

Ɔsoro ano tɔnn,

Yehowa ne n’abufuhyeɛ akodeɛ,

Sɛ wɔrebɛsɛe asaase nyinaa.+

 6 Monsu nteateam, na Yehowa da no abɛn!

Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no hɔ.+

 7 Ɛno nti, nsa nyinaa mu bɛgo,

Na ehu nti, onipa biara akoma bɛnane.+

 8 Nkurɔfoɔ no adwene atu afra.+

Wɔasensene, na wɔte yea,

Te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.

Obiara de ehu hwɛ ne yɔnko anim,

Na wɔn anim ayeyɛ bosabosaa.

 9 Hwɛ! Yehowa da no reba,

Ɛbɛyɛ aniberɛ ne abufuhyeɛ da; wɔrenhu obiara mmɔbɔ,

Ɛbɛma asaase no adane adeɛ a ɛyɛ hu,+

Na ama asaase no so abɔnefoɔ ase ahye.

10 Ɛfiri sɛ ɔsoro nsoromma ne wɔn nsorommakuo*+

Renhyerɛn;

Awia bɛduru sum berɛ a ɛrepue no ara,

Na bosome renhyerɛn.

11 Mɛma asaase no atwa ne bɔne so aba,+

Na mama amumuyɛfoɔ anya wɔn amumuyɛ so akatua.

Mɛma ahantanfoɔ agyae wɔn dwɛɛ,

Na mabrɛ atirimuɔdenfoɔ ahomasoɔ ase.+

12 Mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa,+

Na nnipa ho ayɛ na asene Ofir sika kɔkɔɔ.+

13 Ɛno nti na mɛma ɔsoro awoso,

Na asaase ahinhim afiri ne siberɛ,+

Asafo Yehowa abufuo nti, n’abufuhyeɛ da no.

14 Obiara bɛdane ne ho akɔ ne nkurɔfoɔ nkyɛn;

Obiara bɛdwane akɔ n’asaase so,+

Te sɛ ɔtwe a wɔrepɛ no akye no, anaa nnwan a obiara mmoaboa wɔn ano.

15 Obiara a wɔbɛhu no no, wɔde adeɛ bɛwɔ ne mu,

Na obiara a wɔbɛkye no no, ɔbɛtɔ sekan ano.+

16 Wɔbɛtete wɔn mma mu wɔ wɔn anim,+

Wɔbɛfom wɔn afie,

Na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.

17 Hwɛ, merema Mediafoɔ akɔ wɔn so.+

Wɔn deɛ, wɔmmu dwetɛ,

Na wɔn ani mmere sika kɔkɔɔ.

18 Wɔn agyan bɛtete mmeranteɛ mu,+

Wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,

Na wɔrenhu mmɔfra mmɔbɔ.

19 Na Babilon, ahennie nyinaa mu nimuonyamfoɔ,*+

Afɛfɛdeɛ a Kaldeafoɔ de kyerɛ wɔn ho no,+

Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora berɛ a Onyankopɔn kaa wɔn butuiɛ no.+

20 Obiara rentena ne mu da,

Na ɔbɛyɛ baabi a obiara rentumi ntena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+

Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ,

Na nnwanhwɛfoɔ biara remma wɔn nnwan nhome wɔ hɔ.

21 Serɛ so mmoa bɛda hɔ;

Mpatuo bɛhyɛ wɔn afie mu ma.

Nsohori de hɔ bɛyɛ wɔn fie,+

Na wuram mpɔnkye* bɛhurihuri wɔ hɔ.

22 Mmoa a wɔsu te sɛ kraman bɛsu wɔ n’aban mu,

Na sakraman bɛsu wɔ n’ahemfie fɛfɛɛfɛ mu.

Ne berɛ abɛn, na wɔremfa nna no bi nka ho mma no.”+

14 Na Yehowa bɛhu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan ayi Israel.+ Ɔde wɔn bɛtena* wɔn asaase so,+ na ahɔhoɔ de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fie ho.+ 2 Na nkurɔfoɔ bɛfa wɔn na wɔde wɔn aba wɔn asaase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapadeɛ na wɔayɛ nkoa ne mfenaa+ wɔ Yehowa asaase so. Na wɔn a wɔkyee wɔn kɔeɛ no, wɔn nso bɛkye wɔn bi, na wɔn a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.

3 Ɛda a Yehowa bɛma woahome afiri wo yea ne w’abɛbrɛsɛ ne wo nkoasom mu brɛ mu no,+ 4 wobɛbu Babilon hene bɛ* sɛ:

“Ei! Deɛ ɔhyɛ nkurɔfoɔ ma wɔyɛ adwuma no na n’awieeɛ aba yi!

Nhyɛsoɔ na ɛtoɔ atwa yi!+

 5 Yehowa abubu abɔnefoɔ abaa,

Ne atumfoɔ poma,+

 6 Deɛ ɔde abufuhyeɛ bobɔ aman a ɔnnyae,+

Deɛ ɔtan amanaman ani a ɔnnyae, na ɔde abufuo hyɛ wɔn so no.+

 7 Asaase nyinaa so adwo; ɔhaw biara nni so.

Nkurɔfoɔ de anigyeɛ bɔ ose.+

 8 Deɛ ato wo no ama papao nnua

Ne Lebanon sida nnua mpo ani agye.

Wɔka sɛ, ‘Ɛfiri berɛ a wohwee ase yi,

Obi a ɔbu nnua biara mmaa yɛn so.’

 9 Adamena* a ɛwɔ asaase ase mpo de ahopere

Rebɛhyia wo ama wo akwaaba.

Wo nti, wanyane awufoɔ a wɔntumi nyɛ hwee no,

Asaase so atumfoɔ a wɔn tirim yɛ den* nyinaa.

Wama amanaman no ahemfo nyinaa asɔre afiri wɔn nhennwa so.

10 Wɔn nyinaa ka kyerɛ wo sɛ,

‘Wo nso woadwodwo te sɛ yɛn anaa?

Woayɛ sɛ yɛn anaa?

11 W’ahomasoɔ asiane abɛduru Adamena* mu,

W’asankuo nnyegyeeɛ no.+

Mmoaa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so,

Na nsonsono abɛyɛ ntoma a ɛkata wo ho.’

12 Hwɛ sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,

O wo a wohyerɛn, adekyeeɛ ba!

Hwɛ sɛdeɛ wɔatwa wo abɛhwe asaase so,

Wo a wobrɛɛ aman ase!+

13 Wokaa no wɔ w’akomam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+

Mɛma m’ahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+

Na mɛtena nhyiamu bepɔ no so,

Wɔ atifi fam akyirikyiri.+

14 Mɛforo atra ɔsoro mununkum;

Mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.’

15 Nanso wɔbɛte wo abɛhwe Adamena* mu,

Amena ase tɔnn.

16 Wɔn a wɔbɛhu wo no bɛhwɛ wo hãã;

Wɔbɛgyene wɔn ani ahwɛ wo aka sɛ:

‘Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔma asaase woso,

Na ɔmaa ahennie ahodoɔ hinhimiiɛ no nie?+

17 Ɛnyɛ ɔno na ɔmaa asaase danee serɛ,

Na ɔkaa ɛso nkuro butuiɛ,+

Na wamma ne nneduafoɔ kwan ankɔ wɔn fie no?’+

18 Amanaman ahemfo nyinaa,

Wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu,

Obiara da ne damena mu.*

19 Nanso wo deɛ, woannya adamena biara. Wɔato wo atwene

Te sɛ dua foforɔ* a wɔapoɔ,

Te sɛ obi a mmarima a wɔatotɔ sekan ano akata ne ho baabiara,

Te sɛ mmarima a wɔasiane kɔ amena a aboɔ wom mu,

Te sɛ efunu a wɔatiatia so.

20 Worenkɔka wɔn ho wɔ adamena mu,

Ɛfiri sɛ woasɛe wo ara w’asaase,

Woakunkum wo ankasa wo nnipa.

Wɔremmɔ abɔnefoɔ asefoɔ din bio da.

21 Monsiesie baabi a mobɛkum ne mma,

Wɔn agyanom bɔne nti,

Na wɔansɔre amfa asaase no,

Na wɔankyekyere nkuro anhyɛ so ma.”

22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ asafo Yehowa na aka.

“Edin oo, nkaefoɔ oo, mma oo, mmanana oo, mɛpepa ne nyinaa afiri Babilon,”+ Yehowana aka.

23 “Mede no bɛma akɔtɔkɔ, na ɛhɔ bɛdane asaase a nsuo taa so,* na mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no akɔ,”+ asafo Yehowa na aka.

24 Asafo Yehowa aka ntam sɛ:

“Deɛ masusu no, ɛno ara na ɛbɛba mu,

Na gyinaeɛ a masi no, ɛno ara na ɛbɛyɛ hɔ.

25 Mɛbubu Asiriani no wɔ m’asaase so,

Na matiatia ne so wɔ me mmepɔ so.+

Wɔbɛyi ne kɔndua afiri wɔn so,

Na wɔayi ne nnesoa afiri wɔn mmati so.”+

26 Wei ne pɔ a wɔabɔ* atia asaase nyinaa,

Na wei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.*

27 Asafo Yehowa asi gyinaeɛ,

Hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?+

Watene ne nsa,

Hwan na ɔbɛtumi akoa mu?+

28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no,+ wɔde asɛm yi too dwa:

29 “Filistia, mo mu biara nnni ahurisie,

Ɛsiane sɛ abaa a mo tamfo de hwee mo no mu abu nti.

Hwɛ, ahuritia*+ bɛfiri ɔwɔ nhini+ mu aba,

Na n’aseni bɛyɛ ɔwɔ a ɔto ne ho a n’ano yɛ egya.*

30 Mmɔborɔwafoɔ mmakan bɛdidi,

Na ahiafoɔ ada ama wɔn asom adwo wɔn.

Nanso wo deɛ, mede ɛkɔm bɛku wo nhini,

Na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu no nso, wɔbɛkunkum wɔn.+

31 O ɛponkɛseɛ, su teateam! Kurokɛseɛ, team!

O Filistia, mo nyinaa mo akoma bɛtu!

Ɛfiri sɛ wisie bi firi atifi reba,

Na n’asraafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛka akyire.”

32 Asɛm bɛn na wɔde bɛbua nkurɔfoɔ a ɔman no asoma wɔn* no?

Wɔbɛbua wɔn sɛ, Yehowa ato Sion fapem,+

Na ne man mu mmɔborɔwafoɔ bɛhwehwɛ dwankɔbea wɔ ne mu.

15 Moab ho atemmusɛm nie:+

Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,

Moab-Ar+ ayɛ komm.

Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,

Moab-Kir+ ayɛ komm.

 2 Waforo kɔ Fie* hɔ ne Dibon,+

Ɔkɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ rekɔsu.

Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab resu teateam.

Obiara abɔ tikwa,+ obiara ayi n’abɔdwesɛ.+

 3 Wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma* wɔ ne mmɔnten so.

Wɔn nyinaa resu teateam wɔ wɔn adan atifi ne wɔn mmɔnten so;

Wɔresiane nyinaa, na wɔresu.+

 4 Hesbon ne Eleale+ team;

Wɔte wɔn nne wɔ Yahas+ tɔnn.

Ɛno nti na Moab asraafoɔ teateam.

Ne ho* rewoso biribiribiri.

 5 Moab nti, m’akoma resu.

N’adwanefoɔ akɔ ara akɔduru Soar+ ne Eglat-Selisiya.+

Wɔreforo Luhit kokoɔ nyinaa, na wɔresu;

Wɔnam kwan so rekɔ Horonaim nyinaa, na wɔresu teateam wɔ ɔsɛeɛ no ho.+

 6 Nimrim nsuo nyinaa awe koraa;

Serɛ mono no adwan,

Serɛ no awu, na wura mono biara nni hɔ bio.

 7 Ɛno nti na wɔsoso wɔn ahodeɛ ne ne nneɛma a aka wɔ wɔn adekoradan mu rekɔ no;

Wɔretwa subɔn a nsuano nnua wom no.

 8 Agyaadwoɔ no gyegye Moab asaase so baabiara.+

Esũ ne nteateamu no aduru Eglaim;

Esũ ne nteateamu no aduru Beer-Elim.

 9 Dimon nsuo nyinaa adane mogya,

Nanso deɛ mede reba Dimon so no sene ɛno koraa:

Mede gyata bɛba Moabfoɔ a wɔredwane

Ne wɔn a wɔaka wɔ asaase no soɔ no so.+

16 Momfa dwennini nkɔma asaase no so hene,

Momfa no mfiri Sela mfa serɛ so,

Na momfa no nkɔ Sion babaa bepɔ no so.

 2 Deɛ ɛbɛto Moab mma mmaa wɔ baabi a wɔfa twa Arnon nsuo+ no,

Ɛbɛyɛ sɛ anomaa a wɔapamo no afiri ne pirebuo mu.+

 3 “Momfa akwankyerɛ mma, momfa gyinaeɛsie no nyɛ adwuma.

Ɛduru awia ketee a, ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo.

Wɔn a wɔahwete no, fa wɔn sie; na wɔn a wɔredwane no, nyi wɔn mma.

 4 O Moab, ma me nkurɔfoɔ a wɔahwete no ntena wo mu.

Ɔsɛefoɔ no+ nti, fa wo ho yɛ hintabea ma wɔn.

Deɛ ɔhyɛ wɔn so no awieeɛ bɛba,

Ɔsɛeɛ no to bɛtwa,

Na wɔn a wɔtiatia afoforɔ so no bɛsɛe afiri asaase so.

 5 Afei wɔde ahennwa bi bɛtim hɔ ɔdɔ* so.

Deɛ ɔbɛtena so wɔ Dawid ntomadan mu no bɛyɛ ɔnokwafoɔ;+

Ɔbɛbu atɛntenenee, na ɔbɛyɛ adetenenee ntɛm.”+

 6 Yɛate Moab ahomasoɔ no, sɛ ɔyɛ dwɛɛ papaapa.+

Yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuo no;+

Nanso n’anomdwa bɛyɛ kwa.

 7 Enti Moab bɛsu ateateam wɔ n’amanehunu ho;

Wɔn nyinaa bɛbɔ bena.+

Wɔn a wɔn ho yera wɔn no bɛdi abooboo, Kir-Hareset+ bobe keeki nti.

 8 Ɛfiri sɛ Hesbon+ mfuo ahye,*

Sibma+ bobe no,

Aman no atumfoɔ atiatia ne mman a aso bobe pa dɔsɔɔ no so;

Ɛkɔe ara kɔduruu Yaser;+

Ɛkɔduruu serɛ so.

Ne mman trɛtrɛe, na ɛkɔe ara kɔduruu po mu.

 9 Wei nti na mɛsu Sibma bobe sɛdeɛ mesu Yaser no.

Mede me nisuo bɛfɔ wo, Hesbon ne Eleale,+

Ɛfiri sɛ sɛdeɛ wɔteateam gu w’ahuhuro berɛ mu aba ne wo twaberɛ so no, aba awieeɛ.*

10 Wɔapamo anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri turo mu,

Na ahurisi dwom ne nteateamu ayera afiri bobe mfuo mu.+

Wɔn a wɔkyĩ nsã renkyĩ nsã* wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu bio,

Ɛfiri sɛ mama nteateamu no to atwa.+

11 Wei nti na me nsono mu woso wɔ Moab ho+

Te sɛ sankuo ahoma a ɛrewoso,

Na me yam hyehye me wɔ Kir-Hareset ho no.+

12 Sɛ Moab brɛ ne ho som wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔkɔ ne tenabea kronkron kɔbɔ mpaeɛ mpo a, ɛrenkɔsi hwee.+

13 Wei ne asɛm a Yehowa dii kan ka faa Moab ho. 14 Na seesei, deɛ Yehowa reka nie: “Akyɛ koraa mfeɛ mmiɛnsa, te sɛ ɔpaani mfeɛ,* Moab animuonyam bɛbutu na aporɔ atete koraa, na nnipa a wɔbɛka no bɛyɛ kakraa bi, wɔrenyɛ den.”+

17 Damasko ho atemmusɛm nie:+

“Hwɛ! Damasko renyɛ kuro bio,

Na ɛbɛdane aboɔ asum hɔ.*+

 2 Wɔbɛgya Aroer+ nkuro;

Ɛbɛyɛ baabi a nnwan bɛbutubutu,

Na obiara renhunahuna wɔn.

 3 Nkuro a wɔabɔ ho ban bɛyera afiri Efraim,+

Na ahennie ayera afiri Damasko;+

Na Siriafoɔ a wɔaka no

Bɛyɛ sɛ Israelfoɔ* animuonyam,” asafo Yehowa na aka.

 4 “Saa da no, Yakob animuonyam so bɛte,

Na ne nipadua a ɛte apɔ no* bɛfɔn.

 5 Ɛbɛyɛ sɛ berɛ a okuafoɔ retwa hwiit*

Na ɔde ne nsa repempan hwiit* mmɛtem,

Te sɛ obi a ɔresesa hwiit* ase wɔ Refaim Bɔn+ mu.*

 6 Aseɛ kakraa bi na ɛbɛka,

Te sɛ berɛ a wɔwoso ngodua:

Ngodua aba a abere mmienu anaa mmiɛnsa pɛ na ɛbɛka wɔ dua no nkɔnmu,

Na nnan anaa nnum pɛ na ɛbɛka wɔ ne mman so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na aka.

7 Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfoɔ na ɔbɛgyene n’ani ahwɛ Israel Kronkronni no. 8 Ɔrenhwɛ afɔrebukyia+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma+ no; na ɔrennyene n’ani nhwɛ deɛ ɔde ne nsateaa ayɛ, abosonnua* anaa adeɛ a wɔde hye aduhwam.

 9 Saa da no, ne nkuro a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ beaeɛ a aka kwaeɛ mu,+

Te sɛ nkorabata a wɔgyaa no wɔ Israelfoɔ anim;

Ɛbɛdane amamfo.

10 Ɛfiri sɛ wo werɛ afi wo nkwagyeɛ Nyankopɔn;+

Wonkae wo Botan+ denden no bio.

Ɛno nti na wodua nnua fɛfɛɛfɛ

Na wotɛ ɔnanani dua* wɔ hɔ no.

11 Woto wo bo ase gye wo nnua ho ban awia,

Woma w’aba fifi anɔpa,

Nanso da a yareɛ ne yea a ɛrennyae da bɛba no, ɛso aba bɛtu ayera.+

12 Tie! Aman yɛ gyegyeegye,

Wɔbu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu!

Aman yɛ dede,

Wɔn dede te sɛ nsuo kɛseɛ a ɛreworo so!

13 Aman no bɛyɛ dede te sɛ nsuo bebree a ɛreworo so.

Ɔbɛka wɔn anim, na wɔbɛdwane akɔ akyirikyiri,

Wɔbɛti wɔn te sɛ bepɔ so ntɛtɛ a mframa de rekɔ,

Te sɛ nwura* a ahum ama ɛredi kyinhyia.

14 Ɛduru anwummerɛ a, akomatuo.

Ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔnni hɔ.

Wei ne wɔn a wɔfom yɛn nneɛma no kyɛfa,

Ne wɔn a wɔgye yɛn ho nneɛma no kyɛfa.

18 Due! Asaase a wɔte ntuboa ntaban nnyegyeeɛ wɔ so,

Asaase a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten ho.+

 2 Ɛsoma nkurɔfoɔ* fa po so,

Ɛma wɔde ahyɛn a wɔde mmɛwa* ayɛ fa nsuo so, na ɛka sɛ:

“Monkɔ, asomafoɔ* a mo ho yɛ hare,

Monkɔ ɔman a emufoɔ yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,

Monkɔ nnipa a wɔsuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+

Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim* no nkyɛn,

Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”

 3 Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa,

Deɛ mobɛhunu no bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ* a wɔde asi mmepɔ so,

Na mobɛte nne bi te sɛ deɛ wɔrebɔ abɛn.

 4 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie:

“Mɛyɛ komm na mahwɛ m’atenaeɛ,*

Te sɛ awia ketee ne emu ahuhuro,

Te sɛ bosuo mununkum wɔ twaberɛ mu ahuhuro mu.

 5 Ansa na twaberɛ bɛduru no,

Sɛ nhyerɛnee gu wie na bobe no gyegye a,

Wɔde kantankrankyi* bɛtwitwa deɛ afefɛ wɔ ho no,

Na wɔatwitwa ɛho nhoma ato agu.

 6 Wɔbɛgya wɔn afunu nyinaa ama mpɛtɛ

Ne asaase so mmoa.

Mpɛtɛ bɛtena wɔn nam ho ahuhuro berɛ,

Na asaase so mmoa nyinaa atena ho twaberɛ.

 7 Saa berɛ no, wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ asafo Yehowa.

Wɔde bɛfiri ɔman a emufoɔ yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,

Nnipa a wɔsuro wɔn wɔ baabiara no,

Ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim no,*

Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.

Na wɔde bɛba baabi a asafo Yehowa din wɔ, Sion Bepɔ so.”+

19 Egypt ho atemmusɛm nie:+

Hwɛ! Yehowa te mununkum a ɛho yɛ hare so, na ɔreba Egypt.

Egypt anyamehunu no ho bɛpopo n’anim,+

Na Egypt akoma bɛnane wɔ ne mu.

 2 “Mɛma Egyptni asɔre atia Egyptni,

Na wɔne wɔn ho ako,

Onua ne onua, yɔnkoɔ ne yɔnkoɔ,

Kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.

 3 Egypt honhom bɛboto,

Na mɛsɛe ne nhyehyɛeɛ.*+

Wɔbɛdane akɔ anyamehunu hɔ,

Na wɔakɔ adutofoɔ* ne asumanfoɔ ne adebisafoɔ nkyɛn.+

 4 Mede Egypt bɛhyɛ tirimuɔdenfoɔ bi nsa sɛ ne wura,

Na ɔhene a ne tirim yɛ den adi wɔn so,”+ asafo Yehowa, nokorɛ Awurade no, asɛm nie.

 5 Ɛpo no mu nsuo bɛwe,

Na asubɔnten no bɛwe na adane asaase kesee.+

 6 Nsubɔnten no bɛbɔn;

Nil a ɛwɔ Egypt no asuasu bɛwe ayɛ asaase kesee.

Demmire ne sibire bɛporɔ.+

 7 Afifideɛ a ɛwɔ Asubɔnten Nil kɔn so ne Nil ano bɛhye,*

Na Nil ho nsaase a wɔadua so nneɛma+ nyinaa bɛkyene.+

Mframa bɛhu akɔ ama no ayera koraa.

 8 Apofofoɔ werɛ bɛho,

Wɔn a wɔto nnaawa wɔ Nil mu bɛdi abooboo,

Na wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no mu no, wɔn dodoɔ so bɛte.

 9 Wɔn a wɔyɛ asaawa+ ho adwuma*

Ne wɔn a wɔnwene nwera ani bɛwu.

10 Ne ntomanwemfoɔ bɛboto;

N’apaafoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ.*

11 Soan+ mpanimfoɔ yɛ nkwaseafoɔ.

Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo yɛ nsɛnhunu.+

Ɛbɛyɛ dɛn na moatumi aka akyerɛ Farao sɛ:

“Meyɛ anyansafoɔ aseni,

Meyɛ tete ahemfo aseni”?

12 Afei w’anyansafoɔ no wɔ he?+

Sɛ wɔnim gyinaeɛ a asafo Yehowa asi wɔ Egypt ho a, ma wɔnka nkyerɛ wo.

13 Soan mpanimfoɔ adi nkwaseasɛm;

Nof*+ mpanimfoɔ nso, wɔadaadaa wɔn;

Egypt mmusua mu atitire ama ɔman no afom kwan.

14 Yehowa ahwie ahoyera honhom agu Egypt so;+

Na wɔama Egypt de ne ti repempem wɔ deɛ ɔyɛ biara mu,

Te sɛ sabofoɔ a ɔretete hwe ne feɛ mu.

15 Na Egypt rennya adwuma biara nyɛ,

Etire oo, dua* oo, dua foforɔ oo, ɛserɛ tenten* oo, ɛrennya adwuma biara nyɛ.

16 Saa da no, Egypt bɛyɛ sɛ mmaa. Ehu bɛma wɔn ho apopo, asafo Yehowa nsa a ɛyɛ hu a ɔbɛma so atia wɔn no nti.+ 17 Na Yuda asaase no bɛma Egypt abɔ hu. Sɛ wɔte Yuda asaase din a, wɔbɛsuro ɛsiane gyinaeɛ a asafo Yehowa asi wɔ wɔn ho nti.+

18 Saa da no, Egypt nkuro nnum bɛka Kaanan kasa+ na wɔaka ntam sɛ wɔbɛdi asafo Yehowa nokorɛ. Wɔbɛfrɛ kuro baako sɛ Ɔsɛeɛ Kuro.

19 Ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia ama Yehowa wɔ Egypt asaase no mfimfini, na wɔde edum bɛsi ne hyeɛ so ama Yehowa. 20 Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ne adanseɛ ama asafo Yehowa wɔ Egypt asaase so; ɛfiri sɛ nhyɛsofoɔ no nti, wɔbɛsu afrɛ Yehowa na ɔbɛsoma ɔgyefoɔ kɛseɛ bi ama wabɛgye wɔn. 21 Yehowa bɛma Egyptfoɔ ahu no, na saa da no, Egyptfoɔ bɛhunu Yehowa. Na wɔbɛbɔ afɔreɛ de akyɛdeɛ aba, na wɔbɛhyɛ Yehowa bɔ na wɔadi so. 22 Yehowa bɛbɔ Egypt.+ Ɔbɛbɔ no na wasa no yareɛ. Wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn adesrɛ na wasa wɔn yareɛ.

23 Ɛda no, kwantempɔn+ bi bɛfiri Egypt akɔ Asiria. Afei Asiria bɛba Egypt na Egypt akɔ Asiria. Na Egypt ne Asiria bɛbom asom Onyankopɔn. 24 Saa da no, Israel bɛkɔ akɔka Egypt ne Asiria ho,*+ na ɛbɛyɛ nhyira wɔ asaase mfimfini, 25 ɛfiri sɛ asafo Yehowa ahyira wɔn aka sɛ: “Nhyira nka me man Egypt, ne me nsa ano adwuma Asiria, ne m’agyapadeɛ Israel.”+

20 Afe a Asiria hene Sargon somaa Tartan* kɔɔ Asdod+ no, ɔne Asdod koe, na ɔfaa kuro no.+ 2 Saa berɛ no, Yehowa nam Amus ba Yesaia+ so kaa sɛ: “Kɔ na kɔyi awerɛhoɔ ntoma* no firi w’asene, na worɔ wo nan ase mpaboa.” Ɔyɛɛ saa, na ɔde adagya nantee.* Ná ɔnhyɛ mpaboa.

3 Na Yehowa kaa sɛ: “Sɛdeɛ m’akoa Yesaia de adagya nantee mfeɛ mmiɛnsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakye wɔn afiri Egypt,+ ne Etiopiafoɔ a wɔatu wɔn afiri wɔn man mu, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagya mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho bɛgu hɔ, na Egypt bɛda adagya.* 5 Na wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da ne so ne Egypt a wɔde hoahoa wɔn ho no nti.* 6 Saa da no, nnipa a wɔte mpoano asaase yi so bɛka sɛ, ‘Monhwɛ deɛ ato wɔn a yɛde yɛn ani too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔtoaa wɔn sɛ wɔnnye yɛn mfiri Asiria hene nsam no! Afei yɛbɛyɛ dɛn adwane?’”

21 Ɛpo serɛ* ho atemmusɛm nie:+

Ɛreba te sɛ ahum a ɛtu wɔ anaafoɔ;

Ɛfiri serɛ so, ɛfiri asaase a ɛso yɛ hu so.+

 2 Wɔayi anisoadehunu bi a ɛyɛ hu akyerɛ me:

Nkontomponi redi nkontomposɛm,

Na ɔsɛefoɔ resɛe adeɛ.

O Elam, foro kɔ! O Media,+ kɔtwa ho hyia!

Mɛma apinisie a ɔde aba nyinaa to atwa.+

 3 Wei nti me ho tutu me paa.*+

Mete yea

Te sɛ ɔbaa a ɔrewo.

Me ho yera me, enti mente asɛm;

M’adwene atu afra, enti menhunu hwee.

 4 M’akoma bɔ paripari; ehu ama mebɔ birimbirim.

Anwummerɛ hann a m’ani gye ho no adane me ahopopoɔ.

 5 Momfa apono nsisi hɔ na monhyehyɛ nkonnwa!

Monnidi na monnom!+

Adehyeɛ, monsɔre, monsra* ɛkyɛm no!

 6 Na deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nie:

“Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina baabi ma ɔnwɛn na ɔnka deɛ ɔbɛhunu.”

 7 Na ɔhuu ɛko teaseɛnam a apɔnkɔ mmienu retwe,

Ɛko teaseɛnam a mfunumu retwe,

Ɛko teaseɛnam a yoma retwe.

Ɔgyenee n’ani, na ɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so no dinn.

 8 Na ɔteaam te sɛ gyata sɛ:

“O Yehowa, megyina ɔwɛn aban* so awia biara,

Na baabi a megyina wɛn no, megyina hɔ anadwo biara.+

 9 Hwɛ deɛ ɛreba:

Nnipa a wɔtete ɛko teaseɛnam mu a apɔnkɔ mmienu retwe!”+

Ɛnna ɔteaam kaa sɛ:

“Wahwe ase! Babilon ahwe ase!+

Wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+

10 O me nkurɔfoɔ a wɔaporo wɔn sɛ hwiit,

Deɛ menya firii m’ayuporobea,*+

Deɛ mate afiri asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn no, maka akyerɛ mo.

11 Duma* ho atemmusɛm nie:

Obi firi Seir+ reteam bisa me sɛ:

“Ɔwɛmfoɔ, da bɛn na adeɛ bɛkye?

Ɔwɛmfoɔ, da bɛn na adeɛ bɛkye?”

12 Ɔwɛmfoɔ no buaa sɛ:

“Adeɛ rebɛkye, na adeɛ nso bɛsa.

Sɛ mobɛbisa a, mommisa.

Monsan mmra!”

13 Asaase pradadaa ho atemmusɛm nie:

Mobɛda asaase pradadaa so kwaeɛ mu anadwo,

O Dedan+ akwantufoɔ.*

14 Momfa nsuo mmɛhyia deɛ sukɔm de no,

Tema+ asaase sofoɔ,

Na momfa aduane mmrɛ deɛ ɔredwane.

15 Ɛfiri sɛ wɔadwane afiri sekan anim, sekan a wɔatwe anim,

Wɔadwane afiri agyan a wɔakuntunu mu ne ɛko denden anim.

16 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Akyɛ koraa ne afe, te sɛ ɔpaani mfeɛ,* Kedar+ animuonyam nyinaa bɛsa. 17 Na Kedar akatakyie mu agyantofoɔ kakraa bi na wɔbɛka, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa na aka.”

22 Anisoadehunu Bɔn*+ ho atemmusɛm nie:

Deɛn na ayɛ wo a wo nkurɔfoɔ nyinaa aforo kɔ ɛdan atifi yi?

 2 Wo a na dede ayɛ wo ma,

Kuro a na wo mu ayɛ bagyabagya, ahurisie kuro.

Ɛnyɛ sekan ano na wo nkurɔfoɔ totɔeɛ,

Na ɛnyɛ ɛko mu na wɔwuwuiɛ.+

 3 W’atumfoɔ atirimuɔdenfoɔ nyinaa abom adwane.+

Ɛnyɛ agyan na wɔde kyee wɔn sɛ nneduafoɔ.

Wɔn a wɔhuu wɔn nyinaa, wɔkyee wɔn sɛ nneduafoɔ,+

Ɛwom sɛ na wɔadwane kɔ akyirikyiri.

 4 Ɛno nti na mekaa sɛ: “Monyi mo ani mfiri me so,

Na mensu yayaaya+ no.

Monnha mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ,

Me man babaa* sɛeɛ no nti.+

 5 Ɛfiri sɛ ɛyɛ basabasayɛ, nkoguo, ne ahopopoɔ da+ a

Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, de bɛba

Anisoadehunu Bɔn no mu.

Wɔbubu fasuo no,+

Na nnipa su ma ɛduru bepɔ so.

 6 Elam+ afa agyan kotokuo;

Ɔde nteaseɛnam a nnipa tete mu ne apɔnkɔ* reba,

Na Kir+ ayi adeɛ a ɛhyɛ ne kyɛm ho.*

 7 Na w’asaasetraa* a ɛyɛ paa no,

Ɛko nteaseɛnam bɛhyɛ hɔ ma,

Na apɔnkɔ* bɛba abɛgyinagyina kuro no pono ano,

 8 Na wɔbɛyi Yuda ho nkataho.*

“Saa da no, wode w’ani bɛkyerɛ akodeɛ korabea a ɛwɔ Kwaeɛfie+ no, 9 na mobɛhunu sɛ Dawid Kuro no afasuo apaapae pii.+ Na mobɛsesa tadeɛ a ɛwɔ aseɛ no mu nsuo.+ 10 Mobɛkan adan a ɛwɔ Yerusalem. Na mobɛbubu adan no de ahyɛ fasuo no den. 11 Na mobɛyɛ ahina asi afasuo mmienu no ntam de akora tadeɛ dada no mu nsuo so. Nanso ne Yɛfoɔ Kɛseɛ no deɛ, morenhwehwɛ no, na Onii a ɔyɛɛ no tete no deɛ, morenhu no.

12 Saa da no, Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa,

Bɛfrɛ nnipa ama wɔasu na wɔadi awerɛhoɔ,+

Na wɔabɔ tikwa afira awerɛhoɔ ntoma.*

13 Nanso deɛ monim ara ne sɛ mobɛdi ahurisie agye mo ani,

Akunkum anantwie atwitwa nnwan mene,

Awe nam, anom nsã.*+

Na moka sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+

14 Ɛnna asafo Yehowa yii me asotire sɛ: “‘Wɔrempata bɔne yi mma mo kɔsi sɛ mobɛwuo,’+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, na aka.”

15 Deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Kɔ efiehwɛfoɔ yi, Sebna,+ a efie* no hyɛ ne nsa no nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ, 16 ‘Deɛn na worepɛ no wɔ ha, na wo ho nipa bɛn na ɔwɔ ha a woatwa ɛboda wɔ ha ama wo ho yi?’ Ɔretwa ne boda wɔ beaeɛ a ɛkorɔn; ɔreyɛ ne homebea* wɔ ɔbotan mu. 17 ‘Ɔbarima, hwɛ! Yehowa bɛto wo ahwe fam birim; ɔbɛyere wo dendeenden. 18 Ɔbɛmoa wo dendeenden ato wo atwene asaase tɛtrɛɛ so sɛ bɔɔl. Wobɛwu wɔ hɔ, na ɛhɔ na wo nteaseɛnam a ɛyɛ fɛ bɛka; ɛbɛyɛ animguaseɛ ama wo wura fie. 19 Mɛtu wo adeɛ so, na magye wo diberɛ afiri wo nsam.

20 “‘Saa da no, mɛfrɛ m’akoa Eliakim,+ Hilkia ba no. 21 Mede w’ataade tenten no bɛhyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ ne mu dendeenden.+ Afei mede wo tumidie* bɛhyɛ ne nsa, na wayɛ Yerusalemfoɔ ne Yuda fie agya. 22 Mede Dawid fie safoa+ bɛto n’abati. Sɛ ɔbue a, obiara rentom, na sɛ ɔtom a, obiara remmue. 23 Na mɛbɔ ne so sɛ dua a wɔasene ano,* na mede no atim baabi a obiara rentumi ntu, na ɔbɛyɛ sɛ animuonyam adwa ama ne papa fie. 24 Na wɔde ne papa fie animuonyam* nyinaa bɛma no,* n’asefoɔ ne ne mma,* anwenneɛ nketewa nyinaa, nyowa, ne nhina akɛseɛ nyinaa.

25 “Asafo Yehowa aka sɛ: ‘Saa da no, dua a wɔasene ano a wɔde atim baabi a obiara rentumi ntu no, wɔbɛtu,+ na wɔatwa ato fam, na adesoa a ɛsɛn so no bɛfiri so ahwe fam asɛe, ɛfiri sɛ Yehowa ankasa na aka.’”

23 Tiro ho atemmusɛm

nie:+

Tarsis po so ahyɛn,+ montwa adwo!

Ɛfiri sɛ wɔasɛe po so hyɛn gyinabea no; obiara rentumi nkɔ hɔ.

Kitim asaase+ so na wɔyi kyerɛɛ wɔn.

 2 Mo a motete mpoano asaase so, monyɛ dinn.

Sidon+ adwadifoɔ a wɔtwa po no ama woanya ahonyadeɛ bebree.

 3 Sihor*+ hwiit* ne Nil nnɔbaeɛ faa nsuo bebree so bae;

Ɛno na ɛmaa ɔnyaa ne ho,

Na ɛmaa aman no nyaa mfasoɔ.+

 4 O Sidon, wo a woyɛ ɛpo abandenden, ma w’ani nwu,

Ɛfiri sɛ ɛpo aka sɛ:

“Mentee awoɔ mu yea da, na menwoo da;

Menhwɛɛ mmeranteɛ, na mentetee mmabaawa.”*+

 5 Sɛ nnipa te Tiro ho asɛm a, wɔbɛdi awerɛhoɔ+

Te sɛ berɛ a wɔtee Egypt ho asɛm no.+

 6 Montwa mmra Tarsis!

Mo a motete mpoano asaase so, montwa adwo!

 7 Enti mo kuro a mfitiaseɛ pɛɛ, kyerɛ sɛ, kane tete no, na ɛdi ahurisie no nie?

Ná ne nan de no kɔ akyirikyiri kɔtena aman foforɔ so.

 8 Hwan na watu agyina yi atia Tiro,

Tiro a ɔsi ahene,

A na n’adwadifoɔ yɛ adehyeɛ,

Deɛ wɔhyɛɛ n’adwadifoɔ animuonyam wɔ asaase so nyinaa no?+

 9 Asafo Yehowa ankasa na atu agyina yi

Sɛ ɔbɛsɛe n’ahantan ne n’ahoɔfɛ nyinaa,

Na wagu wɔn a wɔhyɛɛ wɔn animuonyam wɔ asaase so no nyinaa anim ase.+

10 O Tarsis babaa, kyini fa w’asaase so te sɛ Asubɔnten Nil.

Ɛpo so hyɛn gyinabea biara nni hɔ bio.+

11 Watene ne nsa wɔ po so;

Wawoso ahennie ahodoɔ.

Yehowa ahyɛ sɛ wɔnsɛe Foinike abandenden nyinaa.+

12 Na ɔka sɛ: “Sidon babaa, ɔbaabunu a wɔahyɛ wo so,

Worenni ahurisie bio.+

Sɔre, twa kɔ Kitim.+

Ɛhɔ mpo wo ho rentɔ wo.”

13 Hwɛ Kaldeafoɔ+ asaase no!

Ɛyɛ Kaldeafoɔ na wɔama adane baabi a nkekaboa wɔ,

Na ɛnyɛ Asiriafoɔ.+

Wɔahyehyɛ wɔn akoban;*

Wɔasɛe n’abankɛseɛ,+

Wɔadwiri no agu pasapasa.

14 Tarsis ahyɛn, montwa adwo,

Ɛfiri sɛ wɔasɛe mo abandenden no.+

15 Saa da no, nnipa werɛ bɛfi Tiro mfeɛ 70,+ te sɛ ɔhene baako nkwa nna.* Mfeɛ 70 awieeɛ no, Tiro bɛyɛ sɛ tuutuuni bi ho dwom:

16 “O tuutuuni a nnipa werɛ afi wo, fa sankuo kyini kurom.

Bɔ wo sankuo no yie;

To nnwom pii,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛkae wo.”

17 Na mfeɛ 70 awieeɛ no, Yehowa bɛtwa n’ani ahwɛ Tiro, na ɔbɛsan anya n’akatua,* na ɔne wiase ahennie a ɛwowɔ asaase so baabiara bɛbɔ adwaman. 18 Nanso ne mfasoɔ ne n’akatua* bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. Wɔrenkora so, na wɔremfa nsie, ɛfiri sɛ wɔde n’akatua* bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim, na wɔbɛdidi amee na wɔahyɛ ntaadeɛ a ɛyɛ fɛ.+

24 Hwɛ! Yehowa bɛpra obiara afiri asaase no so na wama no ada mpan.+

Wadane asaase no ani abutu+ na wabɔ ɛsofoɔ ahwete.+

 2 Wɔn nyinaa gyinabea bɛyɛ pɛ:

Ɔmanfoɔ ne ɔsɔfoɔ bɛyɛ pɛ,

Akoa ne ne wura bɛyɛ pɛ,

Abaawa ne n’awuraa bɛyɛ pɛ,

Deɛ ɔretɔ ne deɛ ɔretɔn bɛyɛ pɛ,

Deɛ ɔde fɛm ne deɛ ɔfɛm bɛyɛ pɛ,

Deɛ ɔbɔ bosea ne deɛ ɔgye bosea bɛyɛ pɛ.+

 3 Asaase no bɛda mpan korakora;

Wɔbɛfa so nneɛma nyinaa,+

Ɛfiri sɛ Yehowa na aka asɛm yi.

 4 Asaase no redi awerɛhoɔ;*+ ɛrehi.

Asaase* no akusa; ɛresa.

Asaase no so atitire so ate.

 5 Wɔn a wɔte asaase no so agu ho fĩ,+

Ɛfiri sɛ wɔakwati mmara no,+

Wɔasesa ahyɛdeɛ no,+

Na wɔabu daa* apam no so.+

 6 Ɛno nti na nnome amene asaase no,+

Na wɔn a wɔte so no di fɔ no.

Ɛno nti na asaase no sofoɔ so ateɛ,

Na aka nnipa kakraa bi no.+

 7 Bobesa foforɔ redi awerɛhoɔ,* bobe akusa,+

Na wɔn a wɔn akoma ani agye nyinaa si apini.+

 8 Nnwom dɛdɛ a wɔde mpintin bɔ no aba awieeɛ;

Ahosɛpɛfoɔ dede to atwa;

Nnwom dɛdɛ a wɔde sankuo bɔ no aba awieeɛ.+

 9 Wɔnom nsã,* nanso wɔnto nnwom nka ho,

Na wɔn a wɔnom nsã a ɛborɔ no, ɛyɛ wɔn nwono.

10 Kuro a ada mpan no, wɔadwiri agu;+

Wɔato efie biara mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara ntumi nkɔ mu.

11 Wɔsu hwehwɛ nsã* wɔ mmɔnten so.

Anigyeɛ nyinaa ayera;

Asaase no so ahurisidie atu ayera.+

12 Kuro no adane amamfo;

Wɔabubu ɛpono no pasaa.+

13 Na sei na ɛbɛyɛ wɔ asaase no so, aman no mu:

Ɛbɛyɛ sɛ deɛ wɔrewoso ngodua;+

Te sɛ deɛ wɔate bobe awie na wɔresesa aseɛ.+

14 Wɔbɛma wɔn nne so,

Wɔbɛdi ahurisie.

Wɔbɛfiri po so* aka Yehowa kɛseyɛ.+

15 Ɛno nti wɔbɛhyɛ Yehowa animuonyam wɔ hann fibea,*+

Na wɔbɛhyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa din animuonyam wɔ po so nsupɔ so.+

16 Yɛte nnwom firi asaase no so akyirikyiri sɛ:

“Animuonyam* nka Ɔteneneeni no!”+

Na meka sɛ: “Merefɔn, merefɔn!

Asɛm ato me! Nkontompofoɔ di nkontomposɛm.

Nkontompofoɔ nam nkontompo so di nkontomposɛm.”+

17 Wo a wote asaase so, ehu ne amena ne fidie da hɔ retwɛn wo.+

18 Obiara a ɔbɛte nnyegyeeɛ a ɛyɛ hu a ɔbɛdwane no, ɔbɛtɔ amena mu,

Na obiara a ɔbɛpue afiri amena mu no, fidie bɛyi no.+

Ɛfiri sɛ wɔbɛbue ɔsoro mpomma,

Na asaase nnyinasoɔ awoso.

19 Asaase no mu apae;

Wɔawoso asaase no;

Asaase no hinhim dendeenden.+

20 Asaase no hinhim sɛ sabofoɔ,

Na ɛkɔ afã-afã te sɛ apata a mframa rebɔ no.

N’amumuyɛsɛm ayɛ ne so duru,+

Na ɛbɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Saa da no, Yehowa bɛbu ɔsoro asraafoɔ atɛn,

Na ɔbɛbu asaase so ahemfo atɛn wɔ asaase so.

22 Na wɔbɛboaboa wɔn ano

Sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano gu amena mu,

Na wɔde wɔn bɛgu afiase ato wɔn mu,

Na nna bebree akyi no, wɔbɛba abɛhwɛ wɔn.

23 Bosome a apae anim bɛgu ase,

Na awia a ɛrehyerɛn ani bɛwu,+

Ɛfiri sɛ asafo Yehowa abɛyɛ Ɔhene+ wɔ Sion Bepɔ+ so ne Yerusalem,

Ɔbɛdi tumi animuonyam mu wɔ ne man mpanimfoɔ* anim.+

25 O Yehowa, wone me Nyankopɔn.

Mema wo so, na meyi wo din ayɛ,

Ɛfiri sɛ woayɛ anwanwadeɛ pii,+

Nneɛma a wobɔɔ wo tirim* wɔ ho firi tete no,+

Ayɛ nokorɛ,+ na aba mu.

 2 Woama kuro bi adane aboɔ* sum hɔ,

Woama kuro denden adwiri agu pasapasa,

Ahɔhoɔ* aban no nyɛ kuro bio;

Wɔrensan nsi bio da.

 3 Ɛno nti, nnipa a wɔn ho yɛ den bɛhyɛ wo animuonyam;

Amanaman atirimuɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.+

 4 Ɛfiri sɛ woabɛyɛ mmɔborɔwafoɔ abandenden,

Ohiani abandenden wɔ n’ahohia mu,+

Ahum ano dwankɔbea,

Ne ɔhyew mu nwunu.+

Berɛ a atirimuɔdenfoɔ abufuo* te sɛ ahum a ɛpem ɔfasuo,

 5 Te sɛ serɛ so ɛhyew no,

Wobrɛ ahɔhoɔ* dede ase.

Sɛdeɛ mununkum nwunu gye ɛhyew no,

Saa ara na woma atirimuɔdenfoɔ dwom ano brɛ ase.

 6 Bepɔ yi so+ na asafo Yehowa bɛto aman nyinaa pono;

Ɔde aduane pa,+

Ɔde nsã pa,*

Ɔde aduane pa a hon fra mu,

Ɔde nsã pa a wɔasɔne so.

 7 Bepɔ yi so na ɔbɛyi* nkataho a ɛkata nnipa nyinaa so

Ne ntoma* a wɔde akata aman nyinaa so no.

 8 Ɔbɛmene owuo* afebɔɔ,+

Na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpepa obiara anim nisuo.+

Ɔbɛyi ne man animguaseɛ* afiri asaase nyinaa so,

Ɛfiri sɛ Yehowa ankasa na aka.

 9 Saa da no wɔbɛka sɛ:

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn nie!+

Yɛde yɛn ani ato ne so,+

Na ɔbɛgye yɛn.+

Yehowa nie!

Yɛde yɛn ani ato ne so.

Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ne nkwagyeɛ mu ahurisie.”+

10 Ɛfiri sɛ Yehowa de ne nsa bɛto bepɔ yi so,+

Na wɔbɛtiatia Moab so wɔ ɔno ankasa asaase so+

Te sɛ nwura bebree a wɔtiatia so wɔ sumina* so.

11 Na ɔbɛtwe ne nsam wɔ so

Te sɛ deɛ osudwarefoɔ twe ne nsam dware no,

Na ɔbɛdanedane ne nsa yie

De abrɛ n’ahantan ase.+

12 Na kuro denden ne w’afasuo atenten a ɛbɔ wo ho ban no,

Ɔbɛbubu agu;

Ɔbɛdwiri agu fam, mfuturo mu.

26 Ɛda no, wɔbɛto dwom yi+ wɔ Yuda asaase so:+

“Yɛwɔ kuro a ɛyɛ den.+

Ɔde nkwagyeɛ ayɛ n’afasuo ne n’akoban.*+

 2 Mommue apono no+ mma ɔman tenenee no mmra mu,

Ɔman a ɛdi nokorɛ no.

 3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so koraa no,* wobɛbɔ wɔn ho ban;

Wobɛma wɔn asomdwoeɛ daa,+

Ɛfiri sɛ wo na wɔde wɔn ho to wo so.+

 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+

Ɛfiri sɛ Yah* Yehowa ne daa Botan no.+

 5 Wɔn a wɔte baabi a ɛwɔ soro, kuro a ɛkorɔn no mu no, wabrɛ wɔn ase.

Wama no ahwe ase,

Wama no ahwe fam,

Wama no ahwe mfuturo mu.

 6 Ɛnan bɛtiatia so,

Abrɛfoɔ nan, ahiafoɔ anammɔn.”

 7 Ɔteneneeni kwan yɛ tẽẽ.*

Ɛsiane sɛ wotene nti,

Wobɛma ɔteneneeni kwan so ada so.

 8 O Yehowa, berɛ a yɛnam w’atemmuo kwan so no,

Yɛn ani da wo so.

Yɛn* ani agyina wo din ne wo nkaeɛ.*

 9 Ɛduru anadwo a, me nipadua* nyinaa ani gyina wo,

Na me honhom kɔ so hwehwɛ wo;+

Ɛfiri sɛ wobu asaase atɛn a,

Asaase sofoɔ sua adetenenee.+

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ mpo a,

Ɔrensua adetenenee.+

Tenenee asaase so mpo, ɔbɛdi amumuyɛsɛm,+

Na ɔrenhunu Yehowa kɛseyɛ.+

11 O Yehowa, woama wo nsa so, nanso wɔnhunu.+

Wɔbɛhunu sɛdeɛ wode ahokeka di ma wo man, na wɔn ani bɛwu.

Aane, wo gya bɛhye w’atamfo.

12 O Yehowa, wobɛma yɛn asomdwoeɛ,+

Ɛfiri sɛ biribiara a yɛayɛ biara,

Wo na woayɛ ama yɛn.

13 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, w’akyi no, atumfoɔ bi nso adi yɛn so,+

Nanso wo nko ara na yɛbɛbɔ wo din.+

14 Wɔawuwu, na wɔrentena ase.

Wɔyɛ awufoɔ a wɔnni tumi biara; wɔrensɔre.+

Ɛfiri sɛ wode w’ani asi wɔn so

Sɛ wobɛsɛe wɔn na wɔn din ayera.

15 O Yehowa, woama ɔman no ayɛ kɛse,

Woama ɔman no ayɛ kɛse;

Woahyɛ wo ho animuonyam.+

Woatrɛ asaase no ahyeɛ nyinaa mu kɔ akyirikyiri.+

16 O Yehowa, berɛ a wɔhunuu amane no, wɔdane baa wo nkyɛn;

Berɛ a wotenee wɔn so no, wɔbɔɔ mpaeɛ besebesee wɔn ano.+

17 Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no

Te awoɔ mu yea* na ɔteatea mu no,

Saa ara na wo nti yɛayɛ, O Yehowa.

18 Yɛnyinsɛnee, yɛtee awoɔ mu yea,*

Nanso ɛte sɛ deɛ yɛawo mframa.

Yɛmfaa nkwagyeɛ mmaa asaase no so,

Na wɔnwoo obiara sɛ ɔntena asaase no so.

19 “W’awufoɔ bɛnya nkwa.

M’afunu* bɛsɔre.+

Monsɔre na mommɔ ose,

Mo a mote mfuturo mu!+

Wo bosuo te sɛ anɔpa bosuo,*

Na asaase bɛma awufoɔ a wɔnni tumi biara no aba nkwa mu.*

20 Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu

Na monto mo apono mu wɔ mo akyi.+

Momfa mo ho nsie kakra

Nkɔsi sɛ abufuhyeɛ no bɛtwam.+

21 Hwɛ! Yehowa firi ne tenabea reba

Abɛma asaase no sofoɔ abu wɔn bɔne ho akonta,

Na asaase no bɛma ne mogyahwieguo ada adi

Na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn no so bio.”

27 Saa da no, Yehowa de ne sekan kɛseɛ dendeenden a ɛdi awuo no+

Bɛba Lewiatan* so, ɔwɔ a ne ho yɛ hare no.

Ɔde bɛba Lewiatan so, ɔwɔ a ɔkyinkyim ne ho no,

Na ɔbɛkum aboa kɛseɛ a ɔwɔ po mu no.

 2 Ɛda no, monto dwom mma no* sɛ:

“Bobefuo* a emu nsã* pu ahuro!+

 3 Me, Yehowa, me na mehwɛ no.+

Megugu ne so nsuo berɛ nyinaa.+

Mehwɛ no awia ne anadwo,

Na obi anyɛ no bɔne.+

 4 Abufuo biara nni me mu.+

Hwan na ɔde nkasɛɛ ne nwura bɛba m’anim wɔ ɛko mu?

Mɛtiatia so na mede gya ato ne nyinaa mu.

 5 Gye sɛ ɔsɔ m’abandenden mu dendeenden.

Ma ɔne me mmɛka asomdwoeɛsɛm;

Asomdwoeɛsɛm na ɔne me mmɛka.”

 6 Nna bi bɛba a Yakob bɛgye nhini,

Israel bɛfefɛ agu nhye rɛnee,+

Na wɔde nnɔbaeɛ bɛhyɛ asaase no so ma.+

 7 Ɛsɛ sɛ wɔhwe no sɛdeɛ ne hwefoɔ hwee no no anaa?

Ɛsɛ sɛ wɔku no sɛdeɛ wɔkuu ne nkurɔfoɔ no anaa?

 8 Sɛ worepamo no akɔ a, wobɛteam ne no adi asie.

Ɔbɛhu mframa denden apia no akɔ, ɛda a apueeɛ mframa bɛbɔ no.+

 9 Enti saa kwan yi na wɔnam so bɛpata Yakob bɔne,+

Na sɛ wɔyi ne bɔne kɔ a, aba a ɛbɛfiri mu aba nyinaa nie:

Ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa

Ayɛ sɛ akaadoo a wɔayam,

Na wɔrennya abosonnua* anaa adeɛ biara a wɔde hye aduhwam.+

10 Ɛfiri sɛ kuro denden no bɛda mpan;

Wɔbɛma mmoa adidibea ada hɔ kwa, na wɔagya ato hɔ sɛ serɛ.+

Ɛhɔ na nantwie ba bɛdidi na wabutu

Awe ne mman.+

11 Sɛ ne nkorabata no wo a,

Mmaa bɛba abɛbubu

Akɔsɔ gya.

Ɛfiri sɛ ɔman yi nni nteaseɛ.+

Ɛno nti wɔn Yɛfoɔ no yam renhyehye no mma wɔn,

Na wɔn Nwemfoɔ no renhu wɔn mmɔbɔ.+

12 Saa da no, Yehowa bɛporo aba no afiri Asubɔnten no* ano akɔsi Egypt Subɔn+ ano. Na mo Israelfoɔ nso, wɔbɛtase mo mmaako mmaako.+ 13 Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛseɛ bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkoto Yehowa wɔ bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.+

28 Due! Efraim asabofoɔ ahenkyɛ* kɛseɛ,*+

N’animuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren bi a ɛretwintwam

A wɔde abɔ kuro a ɛda asaase pa subɔn no atifi, baabi a wɔn a nsã* de wɔn ayɛ nkoa no teɛ no!

 2 Hwɛ! Yehowa wɔ ɔhoɔdenfoɔ bi a ɔyɛ katakyie.

Na ɔbɛto ato fam ahoɔden so

Te sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ a aprannaa nam mu, te sɛ mframa gyampantrudu a ɛsɛe adeɛ,

Te sɛ nsuo a ɛretɔ dendeenden a aprannaa nam mu a ayiri rebu fa so.

 3 Efraim asabofoɔ ahenkyɛ akɛseɛ* no,

Wɔbɛtiatia so.+

 4 Na n’animuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam

A wɔde abɔ kuro a ɛda asaase pa subɔn no atifi no,

Ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛdi kan ba ansa na ahuhuro berɛ aduru no.

Sɛ obi hunu a, ɔte, na ntɛm ara na wamene.

5 Saa da no, asafo Yehowa bɛyɛ sɛ animuonyam ahenkyɛ ne nhwiren abotire fɛfɛɛfɛ ama ne manfoɔ a wɔaka no.+ 6 Na ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama deɛ ɔtena ase bu atɛn, na wama wɔn a wɔbɔ kuro pono ho ban firi atamfo nsam no ahoɔden.+

 7 Weinom nso, nsã* ama wɔafom kwan;

Wɔn nsã a ɛborɔ ama wɔde wɔn tiri pempem.

Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ nso, nsã a ɛborɔ ama wɔafom kwan;

Nsã* ama wɔn adwene atu afra.

Wɔn nsã a ɛborɔ ama wɔde wɔn tiri pempem;

Wɔn anisoadehunu ma wɔfom kwan,

Na wɔhinhim wɔ atemmuo mu.+

 8 Na ɛfeɛ pɔtɔɔ ayɛ wɔn apono so ma;

Baabiara nni hɔ a ebi nnie.

 9 Hwan na obi bɛkyerɛ no nimdeɛ,

Na hwan na obi bɛma no ate asɛm no ase?

Wɔn a wɔtwaa wɔn nufoɔ nkyɛeɛ anaa?

Anaasɛ wɔn a afei ara na wɔate wɔn afiri nufoɔ ano?

10 Na ɛyɛ “mmara-mmara, mmara-mmara,

Susuhoma-susuhoma, susuhoma-susuhoma,+

Ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”

11 Enti ɔnam wɔn a wɔworo dodoɔ* ne ahɔhoɔ kasa so na ɛbɛkasa akyerɛ ɔman yi.+ 12 Berɛ bi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahomegyebea nie. Momma deɛ wabrɛ nhome; ahotɔbea nie,” nanso wɔantie.+ 13 Enti wɔbɛbu Yehowa asɛm sɛ:

“Mmara-mmara, mmara-mmara;

Susuhoma-susuhoma, susuhoma-susuhoma;+

Ɛha kakra, ɛhɔ kakra,”

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔrenante a,

Wɔbɛsunti na wɔabu ahwe wɔn akyi,

Na wɔabubu wɔn na wɔatɔ fidie mu ama ayi wɔn.+

14 Ɛno nti, montie Yehowa asɛm, mo a mohoahoa mo ho,

Mo a modi ɔman yi so wɔ Yerusalem,

15 Na moaka sɛ:

“Yɛne Owuo ayɛ apam,+

Na yɛne Adamena* ayɛ nhyehyɛeɛ.*

Sɛ nsuo a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,

Ɛremma yɛn so,

Ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwankɔbea,

Na yɛde nkontompo ayɛ yɛn hintabea.”+

16 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie:

“Mede boɔ a wɔasɔ ahwɛ+ reto fapem wɔ Sion,

Ntwea so boɔ a ne boɔ yɛ den+ a wɔde ato fapem dendeenden.+

Na obiara a ɔnya mu gyidie no remmɔ hu.+

17 Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma+

Na mede tenenee ayɛ prumo.*+

Asukɔtweaa bɛpra atorɔ dwankɔbea no akɔ,

Na nsuo ayiri afa hintabea no.

18 Apam a mo ne Owuo yɛeɛ no bɛgu,

Na nhyehyɛeɛ a mo ne Adamena* yɛeɛ no rennyina.+

Sɛ nsuo a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,

Ɛbɛtwi afa mo so.

19 Berɛ biara a ɛbɛtwam no,

Ɛbɛfa mo akɔ;+

Ɛfiri sɛ ɛbɛtwam anɔpa biara;

Awia ne anadwo nso, ɛbɛtwam.

Ehu nko ara na ɛbɛma wɔate deɛ wɔteeɛ no ase.”*

20 Mpa no yɛ tia, enti obi ntumi ntene ne nan mu wɔ so,

Na ntoma* no sua, enti ɛntumi nkata ne ho nyinaa.

21 Na Yehowa bɛsɔre agyina sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Perasim Bepɔ so no;

Ɔbɛwoso ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon bɔn mu* no,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ n’adeɛ, n’anwanwadeɛ no,

Na wadi ne dwuma, n’anwanwadwuma no.+

22 Enti monnni fɛ,+

Na wɔansan ammia mo ahoma no mu,

Ɛfiri sɛ mate afiri Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa hɔ sɛ,

Wasi gyinaeɛ sɛ ɔbɛsɛe asaase no nyinaa pasaa.+

23 Monyɛ aso na montie me;

Monyɛ komm na montie deɛ mɛka.

24 Okuafoɔ funtum asaase da mu nyinaa ansa na wagu aba anaa?

Ɔfuntum asaase siesie so daa anaa?+

25 Sɛ ɔsiesie asaase no ani wie a,

Ɔpete pɛprɛ wɔ so na ɔdua nketenkete* wɔ so, ɛnte saa?

Ɔdua hwiit ne ayuo* ne baali* wɔ baabi a wɔatwa ato hɔ, ɛnte saa?

Na ɔdua kɔkɔte*+ wɔ ne hyeɛ so, ɛnte saa?

26 Ɔkyerɛ no kwampa;*

Ne Nyankopɔn kyerɛkyerɛ no.+

27 Ɛnyɛ ayuporo adeɛ+ na wɔde poro pɛprɛ,

Na ɛnyɛ teaseɛnam nan na wɔde fa nketenkete* so.

Mmom abaa na wɔde boro pɛprɛ,

Na poma na wɔde boro nketenkete.

28 Sɛ obi reboro hwiit* a ɔde bɛyɛ paanoo a, ɔboro ma ɛyɛ muhumuhu anaa?

Daabi, ɔmmoro no afebɔɔ;+

Na sɛ ɔde ne teaseɛnam a n’apɔnkɔ twe fa so a,

Ɔmmoro mma ɛnyɛ muhumuhu.+

29 Wei nso firi asafo Yehowa hɔ,

Deɛ n’agyinatuo* yɛ nwanwa,

Na ne nnwuma yɛ akɛseɛ no.*+

29 “Due Ariel,* Ariel, kuro a Dawid tenaa mu!+

Monni no afe biara;

Monni mo afahyɛ nyinaa nhyia.+

 2 Nanso mɛma Ariel ho ayera no,+

Na wɔbɛsu atwa adwo,+

Na ɔbɛyɛ m’ani so sɛ Onyankopɔn afɔrebukyia.+

 3 Mɛtwa wo ho nyinaa* ahyia,

Na mede nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛka wo ahyem

Na masi akoban* afa wo ho nyinaa.+

 4 Wobɛhwe ase;

Wobɛkasa afiri fam hɔ,

Na mfuturo nti, obiara rente deɛ wobɛka.

Wo nne bɛfiri fam aba+

Te sɛ ɔdebisafoɔ nne,

Na wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba te sɛ anomaa su.

 5 W’atamfo dodoɔ* bɛyɛ sɛ mfuturo,+

Na atirimuɔdenfoɔ dɔm ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛrehu kɔ.+

Na ɛbɛba mpofirim, prɛko pɛ.+

 6 Asafo Yehowa bɛba abɛhwɛ wo;

Ɔde aprannaa ne asaasewosoɔ ne mmobɔmu,

Ɔde ahum ne mframa gyampantrudu ne gyaframa.”+

 7 Afei aman a wɔne Ariel reko nyinaa mu nnipadɔm,+

Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne no reko nyinaa,

Akoban a wɔasi atwa ne ho ahyia,

Ne wɔn a wɔama ne ho ayera no nyinaa,

Ɛbɛyɛ sɛ daeɛ, anadwo anisoadehunu bi.

 8 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɛkɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔredidie,

Nanso ɔbɛsɔre no na ɛkɔm da so ara de no.*

Anaa obi a sukɔm de no a waso daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,

Nanso ɔbɛsɔre no na wabrɛ, na na sukɔm da so ara de no.*

Saa ara na ɛbɛto amanaman mu nnipadɔm

A wɔne Sion Bepɔ bɛko no nyinaa.+

 9 Montɛɛ mo anom na mo ho nnwiri mo;+

Monka mo ani mfemfam so na mo ani mfira.+

Wɔabobo, nanso ɛnyɛ nsã* ntira;

Wɔkɔ afã-afã, nanso ɛnyɛ nsã a ɛborɔ ntira.

10 Yehowa ahwie honhom a ɛma wɔda hatee agu mo so;*+

Wakata mo ani, mo a moyɛ adiyifoɔ no;+

Na wakata mo ti, mo a moyɛ adehunufoɔ no.+

11 Anisoadehunu biara bɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔatare ano mu nsɛm.+ Sɛ wɔde ma obi a ɔnim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan wei den a,” ɔbɛka sɛ: “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔatare ano.” 12 Na sɛ wɔde nwoma no ma obi a ɔnnim akenkan, na wɔka kyerɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw kenkan wei a,” ɔbɛka sɛ: “Mennim akenkan koraa.”

13 Yehowa ka sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,

Na wɔde wɔn ano na ɛdi me ni,+

Na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri;

Wɔgyina nnipa ahyɛdeɛ a wɔakyerɛ wɔn so na ɛsuro me.+

14 Enti, me ne ɔman yi bɛdi anwanwasɛm bio,+

Ɛbɛyɛ wɔn nwanwa asan ayɛ wɔn nwanwa;

Na wɔn anyansafoɔ nyansa bɛsɛe,

Na wɔn mmadwemma nteaseɛ bɛtu ayera.”+

15 Wɔn a wɔde wɔn nhyehyɛeɛ* sie Yehowa fee no nnue.+

Wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum mu,

Na wɔka sɛ: “Hwan na ɔhu yɛn?

Hwan na ɔnim deɛ yɛreyɛ?”+

16 Mo a mosi nneɛma tiri ase!*

Ɛsɛ sɛ wɔbu ɔnwemfoɔ ne dɔteɛ nyinaa pɛ anaa?+

Ɛsɛ sɛ adeɛ a wɔayɛ ka fa ne yɛfoɔ ho sɛ:

“Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me”?+

Na anwenneɛ bɛtumi aka ne nwemfoɔ ho asɛm sɛ:

“Ɔnnim hwee” anaa?+

17 Aka kakraa bi, na Lebanon adane turo,+

Na wɔbɛbu turo no sɛ kwaeɛ.+

18 Saa da no, wɔn a wɔn aso asi bɛte nwoma no mu nsɛm,

Na anifirafoɔ bɛfiri kusuuyɛ ne sum mu ahunu adeɛ.+

19 Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie pii wɔ Yehowa mu,

Na nnipa mu ahiafoɔ bɛgye wɔn ani wɔ Israel Kronkronni no mu.+

20 Ɛfiri sɛ otirimuɔdenfoɔ bɛfiri hɔ,

Deɛ ɔhoahoa ne ho awieeɛ bɛba,

Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔrepɛ bɔne adi nyinaa,+

21 Wɔn a wɔnam nkontompo so ma afoforɔ di fɔ,

Wɔn a wɔsum deɛ ɔhwɛ ma atɛntenenee yɛ adwuma* wɔ kuro pono ano no fidie,+

Na wɔnam akyinnyehunu so ma wɔbu ɔteneneeni atɛnkyea.+

22 Enti deɛ Yehowa a ɔgyee Abraham+ no aka akyerɛ Yakob fie nie:

“Yakob ani renwu bio,

Na n’anim nso renyɛ bosaa*  bio.+

23 Sɛ ɔhunu sɛ ne mma

A wɔyɛ me nsa ano adwuma no wɔ ne mfimfini a,+

Wɔbɛte me din ho,

Aane, wɔbɛte Yakob Kronkronni no din ho,

Na wɔbɛsuro Israel Nyankopɔn.+

24 Wɔn a wɔn adwene akyea no bɛnya nteaseɛ,

Na wɔn a wɔnwiinwii no bɛtie akwankyerɛ.”

30 Yehowa asɛm nie: “Monnue, mma atuatefoɔ,+

Wɔn a nhyehyɛeɛ* a wɔdi akyire no mfiri me,+

Wɔn a wɔyɛ apam,* nanso me honhom mpene so,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde bɔne bɛka bɔne ho.

 2 Wɔsiane kɔ Egypt+ berɛ a wɔmmisaa me,*+

Sɛ wɔrekɔpɛ ahobammɔ wɔ Farao nkyɛn*

Na wɔakɔhinta Egypt nwunu ase!

 3 Nanso Farao ahobammɔ bɛma mo ani awu,

Na Egypt nwunu ase a mobɛkɔ akɔhinta no bɛdane mo animguaseɛ.+

 4 Na ne mpanimfoɔ wɔ Soan,+

Na n’ananmusifoɔ* aduru Hane.

 5 Obiara ani bɛwu,

Ɛfiri sɛ ɔman no ho remma wɔn mfasoɔ.

Wɔrentumi mmoa wɔn na wɔrennya wɔn so mfasoɔ biara;

Aniwuo ne animguaseɛ nko ara na wɔde bɛgya wɔn.”+

6 Atemmusɛm a ɛtia anaafoɔ fam mmoa nie:

Wɔfa ahoyera ne ahokyerɛ asaase so,

Baabi a gyata wɔ, gyata a ɔrebobom,

Baabi a ahuritia* ne ɔwɔ a ɔto ne ho a n’ano yɛ gya* wɔ no.

Wɔde wɔn ahodeɛ gu afunumu akyi,

Na wɔde wɔn nneɛma gu yoma akyi apɔapɔ so.

Nanso saa nneɛma yi remma nnipa no nnya mfasoɔ biara.

 7 Ɛfiri sɛ deɛ Egyptfoɔ yɛ de boa no, mfasoɔ biara nni so.+

Enti mafrɛ no: “Rahab,+ deɛ ɔte hɔ dinn.”

 8 “Afei kɔ na kɔtwerɛ gu pono so wɔ wɔn anim,

Na twerɛ wɔ nwoma mu sɛdeɛ ɛrempepa,+

Na atena hɔ akɔsi daakye,

Na ayɛ adanseɛ afebɔɔ.+

 9 Ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman atuatefoɔ,+ mma a wɔnni nokorɛ,+

Mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Yehowa mmara.*+

10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ, ‘Monnhunu adeɛ,’

Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ sɛ, ‘Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ nnkyerɛ yɛn.+

Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn; monnya anisoadehunu a ɛyɛ nnaadaa.+

11 Momfiri kwan no so; mommane mfiri kwan no so.

Monyi Israel Kronkronni no mfiri yɛn ani so.’”+

12 Enti deɛ Israel Kronkronni no aka nie:

“Ɛsiane sɛ moapo asɛm yi,+

Na mode mo ho ato asisisɛm ne nkontomposɛm so

Na mode mo ani ato weinom so+ nti,

13 Mo bɔne nti, mote sɛ fasuo a apae,

Te sɛ fasuo tenten a akyea.

Ɛbɛbu agu mpofirim, prɛko pɛ.

14 Wɔbɛbubu no te sɛ ɔnwemfoɔ ahina kɛseɛ;

Ɛbɛbubu pasaa ama deɛ abubuo no mu sini bi mpo renka

Na wɔde ayi gya afiri bukyia mu,

Anaa wɔde asa nsuo afiri nsuo a ɛtaa hɔ* mu.”

15 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, Israel Kronkronni no aka nie:

“Sɛ mosan ba me nkyɛn na moyɛ komm a, mobɛnya nkwa.

Na sɛ mode mo ho to me so na mo akoma antu a, mobɛnya ahoɔden.”+

Nanso moampene.+

16 Mmom mokaa sɛ: “Daabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane!”

Ɛno nti mobɛdwane nso.

“Apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so na yɛbɛtena!”+

Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare.+

17 Onipa baako bɛhunahuna nnipa apem ama wɔn ho apopo;+

Na nnum bɛhunahuna mo ama moadwane

Kɔsi sɛ mo a mobɛka no bɛyɛ sɛ frankaa bi a ɛsi bepɔ so,

Te sɛ ahyɛnsodeɛ bi a ɛsi kokoɔ so.+

18 Nanso Yehowa de aboterɛ retwɛn sɛ ɔbɛdom mo,+

Na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.+

Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ atɛntenenee Nyankopɔn.+

Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.*+

19 Sɛ ɔman no bɛtena Sion, kyerɛ sɛ, Yerusalem+ a, worensu bio.+ Wonya ma wo nne so su frɛ no a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛdom wo; ɔte ara pɛ, ɔbɛgye wo so.+ 20 Ɛwom, Yehowa de ahoyera bɛyɛ aduane ama wo na ɔde nhyɛsoɔ ayɛ nsuo ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no renhinta bio, na wode w’ani bɛhu wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini+ no. 21 Sɛ womane fa nifa oo, womane fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɛkwan no nie.+ Fa so.”

22 Na dwetɛ a wode akata w’ahoni ho ne sika kɔkɔɔ a wode adura wo dadeɛ ahoni* ho no, wobɛgu ho fĩ.+ Wobɛto agu te sɛ ntoma a ɔbaa yɛ bra a ɔde siesie ne ho,* na wobɛka akyerɛ no sɛ, “Firi ha kɔ!”*+ 23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduane a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa bɛnya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+ 24 Na anantwie ne mfunumu a wɔdɔ asaase no bɛdi nnuane pa a wɔakeka afra a wɔde sofi ne nkorabata ahu so. 25 Na nsubɔnten ne nsuka bɛba bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so,+ ɛda a wɔbɛkunkum nnipa asam hɔ a abantenten bɛdwiri agu no. 26 Na bosome hann bɛyɛ sɛ awia hann; na awia hann bɛyɛ mmɔho nson+ te sɛ nnanson hann, ɛda a Yehowa bɛkyekyere ne man a abubuo,+ na wasa kuro kɛseɛ a ɔnyaeɛ berɛ a ɔbɔɔ no no.+

27 Hwɛ! Yehowa din firi akyirikyiri reba;

Ɛde n’abufuhyeɛ ne mununkum a emu yɛ duru reba.

Abufuo ayɛ n’anom ma,

Na ne kɛtrɛma te sɛ egya a ɛhye adeɛ.+

28 Ne honhom* te sɛ asubɔnten a ɛyiri duru kɔn mu pɛɛ,

Na ɔbɛwoso amanaman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneeɛ* mu,

Na ɔde nnareka bɛhyɛ nkurɔfoɔ no afonom+ ama wɔafom kwan.

29 Na mo dwom bɛyɛ sɛ dwom a wɔto no anadwo

Berɛ a moresiesie* mo ho adi afahyɛ no.+

Na mo ani bɛgye mo akoma mu

Te sɛ obi a ɔde atɛntɛbɛn

Rekɔ Yehowa bepɔ so, Israel Botan no+ nkyɛn.

30 Yehowa bɛma nnipa ate n’animuonyam nne+ no,

Na wama wɔahunu n’abasa+ a ɛresiane wɔ n’abufuhyeɛ mu,+

Wɔ egya a ɛhye adeɛ+

Ne nsubrane+ ne ahum ne asukɔtweaa+ mu no.

31 Na Yehowa nne no nti, Asiria akoma bɛtu;+

Ɔde abaa bɛhwe no.+

32 Na berɛ biara a

Yehowa de asotwe abaa bɛtwa Asiria no,

Wɔbɛbɔ mpintin ne nsankuo,+

Berɛ a ɔrehim ne nsa atia wɔn ɛko mu no.+

33 Wɔasiesie ne Tofet*+ ato hɔ dada;

Wɔasiesie ama ɔhene no nso.+

Wama baabi a ɔde anyina guo no mu ayɛ tenten, na atrɛ,

Egya ne anyina bebree wɔ hɔ.

Yehowa home a ɛte sɛ sɔfe* asubɔnten no

De gya bɛto mu.

31 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+

Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+

Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɛko nteaseɛnam mu ɛsiane sɛ ɛdɔɔso nti,

Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɛko* mu ɛsiane sɛ wɔn ho yɛ den nti.

Nanso Israel Kronkronni no deɛ, wɔmfa wɔn ho nto ne so,

Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyiri akwan.

 2 Nanso ɔnim nyansa, na ɔde amanehunu bɛba,

Na deɛ waka no, ɔrentwe nsan.

Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfoɔ fie

Ne wɔn a wɔboa abɔnefoɔ.+

 3 Egyptfoɔ yɛ nnipa kɛkɛ; wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.+

Sɛ Yehowa tene ne nsa a,

Ɔboafoɔ biara bɛwatiri,

Na obiara a wɔaboa no no bɛhwe ase;

Wɔn nyinaa bɛbom asɛe.

 4 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie:

“Sɛ gyata, gyata* a ne ho yɛ den kye aboa a, ɔbobom.

Na sɛ wɔfrɛfrɛ nnwanhwɛfoɔ pii sɛ wɔmmɛpamo no a,

Wɔn nteateamu mmɔ no hu,

Na wɔn dede nhunahuna no.

Saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛko

Ama Sion Bepɔ ne ne kokoɔ no.

 5 Sɛdeɛ nnomaa to hoo no, saa ara na Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem.+

Ɔbɛko ama no, na wagye no nkwa.

Ɔde ne ho bɛkyɛ no, na wagye no.”

6 “O Israelfoɔ, monsan mmra Deɛ mohyɛɛ da sɔre tiaa no no nkyɛn.+ 7 Ɛfiri sɛ saa da no, dwetɛ anyamehunu ne sika kɔkɔɔ anyame a mfasoɔ nni so a mode mo nsa ayɛ ama moayɛ bɔne no, obiara bɛto ne deɛ agu.

 8 Na Asiriani no bɛtɔ sekan ano, nanso ɛnyɛ onipa deɛ;

Na sekan a ɛnyɛ onipa deɛ na ɛbɛsɛe no.+

Sekan no nti, ɔbɛdwane,

Na wɔde ne mmeranteɛ bɛyɛ nkoadwuma.

 9 Ehu nti, ne botan bɛtwam akɔ,

Na ahyɛnsodeɛ no nti, ne mpanimfoɔ akoma bɛtu.”

Yehowa a ne hann* wɔ Sion, a ne fononoo wɔ Yerusalem no asɛm nie.

32 Hwɛ! Ɔhene+ bi bɛdi adeɛ tenenee mu,+

Na aberempɔn nso bɛdi tumi atɛntenenee mu.

 2 Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea,

Ne ahum ano dwankɔbea,

Asaase a ɛso awo so nsutene,+

Ne asaase wesee so botan kɛseɛ nwunu.

 3 Na wɔn a wɔhunu adeɛ no, wɔrenka wɔn ani mfemfam so bio,

Na wɔn a wɔte asɛm no bɛwɛn wɔn aso.

 4 Wɔn a wɔn ho pere wɔn no akoma bɛdwendwene nimdeɛ ho,

Na wɔn a wɔworo dodoɔ no kɛtrɛma bɛkasa yɔɔ ama emu ada hɔ.+

 5 Wɔremfrɛ ogyimifoɔ sɛ ɔyamyɛfoɔ bio,

Na deɛ ɔnka mmara no, wɔremfrɛ no otitire;

 6 Ɛfiri sɛ ogyimifoɔ bɛka agyimisɛm,

Na n’akoma bɛsusu bɔne,+

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma nkurɔfoɔ atwe wɔn ho afiri Yehowa ho* na wɔaka Ne ho nsɛmmɔne,

Na wama deɛ ɛkɔm de no* yafunu ada mpan,

Na wama nsuo abɔ deɛ sukɔm de no.

 7 Na obi a ɔnka mmara deɛ, n’akwan* yɛ bɔne;+

Ɔma nkurɔfoɔ yɛ aniwudeɛ,

Na ɔde atosɛm sɛe mmɔborɔwafoɔ,+

Berɛ a ohiani ka nokorɛ mpo.

 8 Nanso ɔyamyɛfoɔ deɛ, ɔdwene ayamyɛ,

Na ayamyɛ* mu ara na ɔbɛgyina.

 9 “Mmaa a mo ho atɔ mo, monsɔre na montie me!

Mma mmaa a hwee mfa mo ho,+ monyɛ aso mma m’asɛm!

10 Akyɛ koraa afe ne nna kakra, mo a hwee mfa mo ho no, mo ho bɛpopo,

Ɛfiri sɛ berɛ a wɔde tete bobe bɛba awieeɛ no, na mommoaa hwee ano.+

11 Mmaa a mo ho atɔ mo, ehu nka mo!

Mo a hwee mfa mo ho, mo ho mpopo!

Monyi mo ho nyinaa,

Na momfa awerɛhoɔ ntoma* nsi mo asene.+

12 Momfa mo nsa mmobɔ mo koko ntwa adwo,

Mo mfuo fɛfɛɛfɛ ne mo bobe a ɛso aba ho.

13 Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nwura bɛgye me man asaase afa;

Ɛbɛgye anigyeɛ afie nyinaa

Ne ahurisie kuro no afa.+

14 Ɛfiri sɛ wɔagya abankɛseɛ no ato hɔ;

Wɔagya kuro a dede wom no ato hɔ.+

Ofel+ ne ɔwɛn aban* adane ɛserɛ daa,

Na serɛ so mfunumu bɛdi hɔ agorɔ,

Na nnwan adidi hɔ,+

15 Kɔsi sɛ wɔbɛhwie honhom afiri soro agu yɛn so,+

Na serɛ no adane turo,

Na wɔabu turo no sɛ kwaeɛ.+

16 Afei atɛntenenee bɛtena serɛ no so,

Na tenenee atena turo no mu.+

17 Nokorɛ tenenee de asomdwoeɛ bɛba,+

Na aba a nokorɛ tenenee bɛso bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akɔsi daa.+

18 Me manfoɔ bɛtena asomdwoeɛ tenabea,

Ahotɔ fie, ne kommyɛ ahomegyebea.+

19 Nanso asukɔtweaa bɛsɛe kwaeɛ no,

Na wɔbɛbrɛ kuro no ase korakora.

20 Anigyeɛ ne mo a mogu aba wɔ nsuo nyinaa ho,

Na mogyaa nantwie ne afunumu ma wɔnantenante.”+

33 Due! Ɔsɛefoɔ a wɔnsɛee wo;+

Wo a wotwa nkontompo a wɔntwaa wo nkontompo!

Sɛ wosɛe adeɛ wie a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+

Sɛ wotwa nkontompo wie a, wo nso wɔbɛtwa wo nkontompo.

 2 O Yehowa, dom yɛn.+

Yɛn ani da wo so.

Bɛyɛ yɛn basa*+ anɔpa biara,

Bɛyɛ yɛn nkwagyeɛ wɔ amanehunu berɛ mu.+

 3 Wobobom a, aman dwane,

Wosɔre gyina a, amanaman hwete.+

 4 Sɛdeɛ mmɛbɛ boaboa wɔn ho ano no, saa ara na wɔbɛboaboa w’asadeɛ ano;

Nnipa bɛtu agu so te sɛ ntutummɛ.

 5 Wɔbɛma Yehowa so,

Ɛfiri sɛ ɔte soro tɔnn.

Ɔde atɛntenenee ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.

 6 Ɔno na ɔma w’abrabɔ* si yie.

Nkwagyeɛ+ ne nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ, ne Yehowa suro;+

Wei ne n’agyapadeɛ.

 7 Hwɛ! Wɔn akatakyie su wɔ mmɔnten so;

Asomdwoeɛ abɔfoɔ su yayaaya.

 8 Akwantempɔn ada mpan;

Obiara nni hɔ a ɔfa akwan no so.

Wabu apam no so;*

Wapo nkuro no;

Ɔmmu onipa dasani biara.+

 9 Asaase no redi awerɛhoɔ,* na aboto.

Lebanon ani awu;*+ aporɔ.

Saron ayɛ sɛ anwea pradadaa,

Na Basan ne Karmel nhaban apo.+

10 Yehowa se: “Afei mɛsɔre,

Afei mɛhyɛ me ho animuonyam;+

Afei mɛyɛ me ho kɛseɛ.

11 Monyinsɛn serɛ a adwan, na mowo wura.

Mo ara mo honhom bɛhye mo te sɛ egya.+

12 Nnipa bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ,

Na wɔde gya bɛto mu+ te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa agu fam.

13 Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mɛyɛ!

Mo a mobɛn, monnye m’ahoɔden ntom!

14 Abɔnefoɔ a wɔwɔ Sion abɔ hu;+

Awaefoɔ ho popo biribiri:

‘Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi atena baabi a egyaframa kɛseɛ wɔ?+

Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne egya a ɛredɛre daa atena?’

15 Deɛ ɔnante tenenee kwan so daa,+

Na ɔka deɛ ɛtene,+

Deɛ ɔkyiri asisie ne apoobɔ sika,

Deɛ ne nsa kyiri adanmudeɛ* na ɔnsɔ mu,+

Deɛ ɔsisi n’aso na ante mogyahwieguo ho asɛm,

Na ɔkata n’ani na anhunu bɔne.

16 Ɔno na ɔbɛtena mmepɔ so wɔ sorosoro;

Ne dwankɔbea a ɛyɛ den* bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ kɔ yɛ den.

Wɔde n’aduane bɛma no,

Na ne nsuo rensa da.”+

17 W’ani bɛhunu ɔhene bi wɔ n’animuonyam mu;

Ɛbɛhunu asaase bi wɔ akyirikyiri.

18 Wobɛkae adeɛ a ɛyɛ hu no wɔ w’akoma mu:*

“Ɔtwerɛfoɔ no wɔ he?

Deɛ ɔkari toɔ no wɔ he?+

Deɛ ɔkan abantenten no wɔ he?”

19 Worenhunu ahantanfoɔ bio,

Ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wonte,

Ɔman a wɔka ahɔhoɔ kasa a wonte aseɛ.+

20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no!+

W’ani bɛhunu Yerusalem, tenabea a ɛhɔ yɛ komm,

Ntomadan a obiara rentu no.+

Nnua a wɔde abobom atim fam no, wɔrentutu da,

Na n’ahoma biara mu rente.

21 Na Yehowa, Otumfoɔ no,

Bɛbɔ yɛn ho ban wɔ hɔ te sɛ baabi a nsubɔnten ne nsuka akɛseɛ wɔ.

Ɛhyɛn a wɔde kɔ ko biara remfa mu,

Na ahyɛn akɛseɛ biara rentwam wɔ hɔ.

22 Ɛfiri sɛ Yehowa ne yɛn Temmufoɔ,+

Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfoɔ,+

Yehowa ne yɛn Hene;+

Ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.+

23 Wo nhoma mu bɛgo;

Ɛrentumi nsosɔ hyɛn dua no mu dendeenden; na ɛrentumi ntrɛ hyɛn ntoma mu.

Saa berɛ no, wɔbɛnya atamfo nneɛma pii akyɛ afa;

Apakye mpo bɛfom nneɛma bebree.+

24 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: “Meyare.”+

Wɔde nnipa a wɔte asaase no so bɔne bɛkyɛ wɔn.+

34 Aman, mommra mmɛtie;

Amanaman, monyɛ aso.

Ma asaase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,

Wiase ne deɛ ɛwom nyinaa.

 2 Ɛfiri sɛ Yehowa bo afu aman nyinaa,+

Na ne bo afu wɔn asraafoɔdɔm nyinaa.+

Ɔbɛsɛe wɔn;

Ɔbɛma wɔaku wɔn.+

 3 Wɔn nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no, wɔbɛto wɔn agu,

Na wɔn afunu bɛbɔn kankaankan;+

Na wɔn mogya bɛhono mmepɔ.*+

 4 Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ,

Na wɔbɛbobɔ ɔsoro sɛ nwoma mmobɔeɛ.

Wɔn asafo nyinaa bɛtete agu,

Sɛdeɛ bobe so ahaban a awoɔ tete gu

Na borɔdɔma a atwintwam tete guo no.

 5 “Me sekan ano bɛfɔ wɔ ɔsoro.+

Ɛbɛsiane aba Edom so abɛbu no atɛn,+

Ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn sɛ mɛsɛe wɔn no so.

 6 Yehowa wɔ sekan bi; mogya bɛyɛ ho nyinaa.

Sradeɛ bɛyɛ ho nyinaa,+

Adwennini nkumaa mogya ne mpɔnkye mogya bɛyɛ ho nyinaa,

Adwennini asaabo ho sradeɛ bɛyɛ ho nyinaa.

Yehowa wɔ afɔreɛ bi bɔ wɔ Bosra;

Ɔwɔ okunkɛseɛ wɔ Edom asaase so.+

 7 Na ɛkoɔ* ne wɔn bɛsiane akɔ,

Anantwinini nkumaa ne wɔn a wɔn ho yɛ den nyinaa.

Mogya bɛfɔ wɔn asaase,

Na sradeɛ afɔ wɔn dɔteɛ twɔnn.”

 8 Yehowa wɔ da a ɔde bɛtua n’atamfo ka,*+

Asotwe afe a ɔbɛdi ama Sion.+

 9 Ne* nsutene bɛdane kootaa,

Na ne dɔteɛ adane sɔfe*

Na n’asaase bɛyɛ sɛ kootaa a ɛrehyeɛ.

10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum;

Na ne wisie bɛkɔ soro daa daa.

Kuro no bɛkɔ so ayɛ amamfo wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

Na obiara rentwam wɔ hɔ bio da.+

11 Na nsuo so dabodabo ne kɔtɔkɔ bɛgye hɔ afa,

Na patuo asotenten ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.

Na ɔde ɔsɛeɛ susuhoma

Ne amamfoyɛ prumo* bɛto so.

12 N’adehyeɛ no mu biara nni hɔ a wɔde no bɛdi hene,

Na n’aberempɔn nyinaa bɛyera koraa.

13 Nkasɛɛ bɛfifi n’abantenten so,

Na nsansono ne kokora afifi n’abandenden mu.

Ɔbɛyɛ sakraman fie,+

Ne nsohori tenabea.

14 Ɛhɔ na serɛ so mmoa ne mmoa a wɔsu te sɛ kraman bɛhyia,

Na wuram apɔnkye* bɛsu afrɛ ne yɔnko.

Aane, anadwo anomaa* bɛba abɛdwodwo ne ho na ɔde hɔ ayɛ n’ahomegyebea.

15 Ɛhɔ na ɔkyereben bɛyɛ ne buo na wato ne nkosua,

Na ɛhɔ na ɔbɛhwane na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu ase.

Aane, ɛhɔ na asansa bɛboaboa wɔn ano, obiara ne ne hokafoɔ.

16 Monhwehwɛ Yehowa nwoma mu na monkenkan no den:

Baako mpo renyera;

Obiara bɛnya hokafoɔ,

Ɛfiri sɛ ahyɛdeɛ no firi Yehowa anom,

Na ne honhom na aboa wɔn ano.

17 Ɔno na wabɔ ntonto ama wɔn,

Na ɔno ankasa ne nsa na asusu wɔn kyɛfa ama wɔn.*

Ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ,

Na wɔbɛtena so awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

35 Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani bɛgye,+

Na anweatam bɛdi ahurisie na apae sɛ nhwiren.+

 2 Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛgu nhwiren;+

Ɛbɛbɔ ose na adi ahurisie.

Wɔde Lebanon animuonyam bɛma no,+

Ɛne Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ.

Wɔbɛhunu Yehowa animuonyam, yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.

 3 Nsa a emu ago no, monhyɛ no den;

Nkotodwe a ahodwo no, mommia mu.+

 4 Wɔn a wɔn akoma atu no, monka nkyerɛ wɔn sɛ:

“Monhyɛ mo ho den. Monnsuro.

Hwɛ! Mo Nyankopɔn de awerɛdie bɛba,

Onyankopɔn bɛba abɛtua mo atamfo ka.+

Ɔbɛba abɛgye mo.”+

 5 Saa berɛ no, anifirafoɔ ani bɛbue,+

Na wɔn a wɔn aso asi aso ate asɛm.+

 6 Saa berɛ no, apakye bɛhuri sɛ wansane,+

Na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.+

Nsuo bɛtue serɛ so,

Na nsubɔnten asene asaase pradadaa so.

 7 Na asaase a ɛso awo bɛdane tadeɛ,*

Na asaase a akyene ayɛ nsuwansuwa.+

Baabi a na ɛyɛ sakraman ahomegyebea no,+

Ɛserɛ mono, demmire,* ne mmɛwa* bɛfifi wɔ hɔ.

 8 Na kwantempɔn bi bɛda hɔ.+

Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɛkwan Kronkron.

Deɛ ne ho nteɛ remfa so.+

Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so,

Na kwasea biara remfom mmɛfa so.

 9 Gyata biara remma hɔ,

Na wuram mmoa a wɔn ho yɛ hu biara remfa so.

Wɔrenhunu bi wɔ hɔ;+

Wɔn a wɔatɔ wɔn afiri nkoasom mu no nko ara na wɔbɛfa so.+

10 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion.+

Wɔbɛnya anigyeɛ a ɛnni awieeɛ.+

Wɔbɛdi ahurisie na wɔasɛpɛ wɔn ho,

Na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+

36 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro ba bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+ 2 Ɛnna Asiria hene somaa Rabsake*+ firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa ne ho sɛ ɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem. Baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no, ɛhɔ na wɔkɔgyinaa+ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so.+ 3 Na Hilkia ba Eliakim+ a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye bɛhyiaa no.

4 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ ɔhenkɛseɛ, Asiria hene, aka nie: “Ɛdeɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 5 Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a mɛtumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hwan koraa na wode wo ho ato ne so a enti woayɛ aniammɔnho ate atua atia me yi?+ 6 Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato ne so, demmire* a emu abu a sɛ onipa twere a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi! Saa na Egypt hene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho ato ne so nyinaa.+ 7 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea* ne n’afɔrebukyia+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto no’?”’+ 8 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene+ nto nkyea: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wobɛtumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa. 9 Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu kumaa koraa? 10 Wogye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe asaase yi? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’”

11 Ɛnna Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no so no nnte.”+ 12 Nanso Rabsake kaa sɛ: “Mogye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasuo no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wɔbɛdi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwonsɔ te sɛ mo ara.”

13 Afei Rabsake gyinaa yie, na ɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa mu+ sɛ: “Montie ɔhenkɛseɛ, Asiria hene no asɛm.+ 14 Deɛ ɔhene aka nie, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo.+ 15 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so+ nnka sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛgye yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.” 16 Monntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mongo mo ho mma me na mommra me nkyɛn,* na obiara bɛdi ɔno ara ne bobe ne ne borɔdɔma, na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo 17 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ara mo asaase so,+ asaase a hwiit* ne bobesa foforɔ wɔ so, asaase a aduane* ne bobefuo* wɔ so no. 18 Mommma Hesekia nnnaadaa mo nnka sɛ, ‘Yehowa bɛgye yɛn.’ Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfoɔ afiri Asiria hene nsam pɛn?+ 19 Hamat ne Arpad anyame no wɔ he?+ Sefarwayim anyame no nso wɔ he?+ Wɔatumi agye Samaria afiri me nsam anaa?+ 20 Aman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+

21 Nanso wɔyɛɛ komm na wɔamma no mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ 22 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.

37 Berɛ a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* kɔɔ Yehowa fie hɔ.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ nkyɛn, na na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyerɛ ne animka* ne animguaseɛ da; ɛfiri sɛ yɛayɛ sɛ ɔbaa a awoɔ aka no* nanso ɔnni ahoɔden a ɔde bɛwo.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma no abu ho akonta. Ɛno nti bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”+

5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mma nsɛm a woteeɛ no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+ 7 Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ ɔno ara n’asaase so;+ na mɛma wɔde sekan aku no wɔ ɔno ara n’asaase so.”’”+

8 Berɛ a Rabsake tee sɛ Asiria hene afiri Lakis no, ɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔkɔtoo sɛ ɔne Libna reko.+ 9 Afei ɔhene no tee sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Ɔtee saa no, ɔsan somaa nnipa* bi sɛ wɔnkɔ Hesekia nkyɛn.+ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Deɛ Asiria ahemfo de yɛɛ nsaase no nyinaa ne sɛdeɛ wɔsɛee wɔn pasaa no, woate dada.+ Wo na wobɛnya wo tiri adidi mu anaa? 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame tumi gyee wɔn anaa?+ Ɛhe na Gosan, Haran,+ Resef, ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Tel-Asar no wɔ? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim+ ne Hena ne Iwa nkuro so ahemfo no wɔ?’”

14 Ɛnna Hesekia gyee nwoma no firii nkurɔfoɔ a wɔsomaa wɔn no nsam kenkaneeɛ, na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ Yehowa mpaeɛ+ sɛ: 16 “O asafo Yehowa,+ Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,* wo nko ara ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ asaase so ahennie nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 17 O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’ani na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia no nyinaa.+ 18 O Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe nsaase nyinaa+ ne wɔn ankasa asaase. 19 Afei nso, wɔato wɔn anyame agu gya mu,+ ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ; ɛno nti na wɔtumi sɛee wɔn no. 20 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+

21 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Asiria hene Senaherib ho mpaeɛ a wobɔɔ me no nti,+ 22 Yehowa asɛm a waka atia no nie:

“Sion babaa, ɔbaabunu no, abu wo animtia, na wo ho yɛ no sere.

Yerusalem babaa no awoso ne ti akyerɛ wo.

23 Hwan na woabu no animtia+ aka abususɛm atia no yi?

Hwan na woateateam agu ne so+

Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi?

Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+

24 Wonam wo nkoa so abu Yehowa animtia+ aka sɛ,

‘Ɛko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,

Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,+

Lebanon akyirikyiri.

Mɛtwitwa sida nnua atenten ne papao nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu.

Mɛforo akɔ mmeaeɛ a ɛwɔ soro paa, ne ne kwaeɛbirentuo mu.

25 Mɛtutu mmura na manom nsuo;

Mede me nan* bɛma Egypt nsubɔnten* awe.’

26 Wontee anaa? Ɛfiri tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.*

Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+

Afei mɛma no aba mu.+

Wobɛma nkuro a wɔabɔ ho ban adane amamfo.*+

27 Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;

Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.

Wɔbɛyɛ sɛ asaase so wura ne serɛ mono,

Wɔbɛyɛ sɛ ɛdan so serɛ a apueeɛ mframa ama no ahye.*

28 Berɛ a wote hɔ ne berɛ a worekɔ ba nyinaa m’ani tua,+

Na w’ani bere me so nso a, mehunu,+

29 Ɛfiri sɛ sɛdeɛ w’ani abere me so+ na worebobom no, mate.+

Enti mede me daawa bɛwura wo hwenem, na mede me nnareka+ ato w’ano,

Na ɛkwan a wofaa so baeɛ no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”

30 “‘Wei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mobɛdi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛtɔ so mmienu no nso, mobɛdi hwiit a ɛno ara afifi; nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mobɛgu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuo* na moadi mu aba.+ 31 Yuda fiefoɔ a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu, wɔn a wɔbɛka no,+ wɔn nhini bɛwurawura fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba. 32 Na nkaefoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛfiri Sion Bepɔ so aba.+ Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.+

33 “‘Enti deɛ Yehowa aka afa Asiria hene ho nie:+

“Ɔremma kuro yi mu,+

Na ɔrento agyan mma ha;

Ɔremfa ɛkyɛm mma ha,

Na ɔrensi akoban* wɔ ho.”’+

34 ‘Ɛkwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛfa akɔ,

Na ɔremma kuro yi mu,’ Yehowa na aka.

35 ‘Me din+ ne m’akoa Dawid nti,+

Mɛko agye kuro yi.’”+

36 Na Yehowa bɔfoɔ pue kɔɔ Asiriafoɔ asoɛeɛ hɔ kɔkunkum mmarima 185,000. Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 37 Enti Asiria hene Senaherib firii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 38 Na berɛ a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fie* kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat+ asaase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.

38 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yɛ ntotoeɛ wɔ wo fie, ɛfiri sɛ wobɛwu; wo ho rentɔ wo.’”+ 2 Ɛnna Hesekia de n’ani kyerɛɛ dan, na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim,+ na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.” Na Hesekia firii aseɛ suu pii.

4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ,+ ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie: “Mate wo mpaebɔ+ no. Mahunu wo nisuo.+ Enti mede mfeɛ 15 bɛka wo nkwa nna* ho,+ 6 na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam, na mɛbɔ kuro yi ho ban.+ 7 Wei ne sɛnkyerɛnne a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no:+ 8 Hwɛ, mɛma sunsum a awia ama ɛresiane wɔ Ahas stɛps* so no akɔ n’akyi anammɔn du.”’”+ Enti awia sunsum a na asiane dada wɔ stɛps no so no kɔɔ n’akyi anammɔn du.

9 Asɛm yi na Yuda hene Hesekia twerɛeɛ* berɛ a ɔyareeɛ na ne ho tɔɔ no no.

10 Mekaa sɛ: “Me nkwa nna mfimfini

Na mɛkɔ Adamena* pono ano.

Me mfeɛ a aka bɛbɔ me.”

11 Mekaa sɛ: “Merenhunu Yah,* merenhunu Yah wɔ ateasefoɔ asaase so.+

Merenhunu nnipa anim bio

Berɛ a mewɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ baabi a hwee nkɔ so mu no.

12 Wɔatutu me tenabea, na wɔayi afiri me ho kɔ+

Te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan.

Mabobɔ me nkwa te sɛ deɛ ntomanwemfoɔ bobɔ ntoma;

Watwa me afiri hɔ te sɛ deɛ wɔtwitwa ntoma a wɔanwene awie ho nhoma firi nsadua* so no.

Ɛfiri awia kɔsi anadwo, wowie me nkakrankakra.+

13 Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ komm akɔsi anɔpa.

Ɔbubu me nnompe nyinaa mu te sɛ gyata;

Ɛfiri awia kɔsi anadwo, wowie me nkakrankakra.+

14 Mesu te sɛ asomfena anaa apatuprɛ;*+

Mepene te sɛ aburuburo.+

Mahwɛ soro ama m’ani abrɛ:+

‘O Yehowa, me ho yera me paa;

Boa me!’*+

15 Deɛn na menka?

Waka akyerɛ me, na wayɛ.

Me mfeɛ nyinaa, mɛnante ahobrɛaseɛ* mu

M’awerɛhoɔ nti.*

16 ‘O Yehowa, weinom* so na onipa biara nam tena ase,

Na ɛno mu na me honhom nya nkwa.

Wobɛma manya ahoɔden na woama manya nkwa.+

17 Hwɛ! Mannya asomdwoeɛ, mmom medii awerɛhoɔ kɛse;

Nanso wode wo ho fam me ho,*

Woyii me firii ɔsɛeɛ amena mu.+

Woato me bɔne nyinaa agu w’akyi.*+

18 Adamena* rentumi nhyɛ wo animuonyam,+

Na owuo rentumi nyi wo ayɛ.+

Wɔn a wɔkɔ amena mu no ntumi nhwɛ wo nokorɛdie kwan.+

19 Ateasefoɔ, ateasefoɔ na wɔbɛtumi akamfo wo,

Sɛdeɛ mɛtumi ayɛ nnɛ da yi.

Agya bɛtumi ama ne mma ahunu wo nokorɛdie.+

20 O Yehowa, gye me,

Na yɛde nsankuo bɛbɔ me nnwom+

Yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Yehowa fie.’”+

21 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Momfa borɔdɔma a awo a wɔabɔ no toa mmra, na momfa ntare mpɔmpɔ no so na ne ho ntɔ no.”+ 22 Saa berɛ no, na Hesekia adi kan abisa sɛ: “Ɛdeɛn ne sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mɛforo akɔ Yehowa fie?”+

39 Saa berɛ no, Babilon hene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma maa wɔde nkrataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia,+ ɛfiri sɛ ɔtee sɛ wayare ama ne ho atɔ no.+ 2 Hesekia de anigyeɛ gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akodeɛ nyinaa, ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.

3 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Na Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asaase bi so, wɔfiri Babilon.”+ 4 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhuu wɔ wo fie?”* Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhuu biribiara a ɛwɔ me fie.* Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.”

5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie asafo Yehowa asɛm yi, 6 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie* nyinaa, ne deɛ w’agyanom de asie abɛsi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon. Biribiara renka,’+ Yehowa na aka.+ 7 ‘Na wɔbɛfa wo ara wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfie.’”+

8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.” Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Ɛfiri sɛ asomdwoeɛ ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me berɛ so.”*+

40 “Monkyekye me man werɛ, monkyekye wɔn werɛ,” mo Nyankopɔn asɛm nie.+

 2 “Monka asɛm mma no ntɔ Yerusalem akoma so,*

Na monka nkyerɛ no sɛ ne nkoadwuma aba awieeɛ.

Monka nkyerɛ no sɛ wɔatua ne bɔne ho ka awie.+

Wanya ne bɔne so akatua nyinaa* afiri Yehowa nsam.”+

 3 Obi reteam wɔ serɛ so sɛ:

“Monsiesie Yehowa kwan!+

Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee+ wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.+

 4 Momma abɔn nyinaa so,

Na mommrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase.

Asaase a ɛso atutu no, momma ɛso nyɛ toromtorom,

Na asaase a ayɛ mmonkyimmɔnka no nyɛ asaasetraa.+

 5 Wɔbɛyi Yehowa animuonyam adi,+

Na ɔhonam nyinaa* bɛhunu prɛko,+

Ɛfiri sɛ Yehowa ano na aka.”

 6 Tie! Obi se: “Team!”

Ɛnna obi foforɔ bisaa sɛ: “Menteam nka sɛn?”

“Ɔhonam nyinaa* te sɛ serɛ mono.

Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+

 7 Ɛserɛ mono awo,

Na nhwiren ahye,+

Ɛfiri sɛ Yehowa ahome agu so.*+

Ampa ara ɔman no te sɛ serɛ mono.

 8 Ɛserɛ mono wo,

Na nhwiren hye,

Nanso yɛn Nyankopɔn asɛm deɛ, ɛtim hɔ daa.”+

 9 Foro kɔ bepɔ tenten so,

Ɔbaa a wode asɛmpa reba Sion.+

Ma wo nne so dendeenden,

Ɔbaa a wode asɛmpa reba Yerusalem.

Ma so, nsuro.

Ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: “Mo Nyankopɔn nie.”+

10 Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa de tumi bɛba,

Na ne basa bɛdi tumi ama no.+

Hwɛ! N’akatua ka ne ho,

Na deɛ ɔde tua ka di n’anim.+

11 Ɔbɛhwɛ ne nnwan sɛ odwanhwɛfoɔ.+

Ɔde ne basa bɛboaboa nnwan mma no ano,

Na waturu wɔn wɔ ne kokom.

Wɔn a wɔma nufoɔ no, ɔbɛka wɔn brɛoo.+

12 Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsayam*+

Na ɔde ne nsa* asusu ɔsoro?

Hwan na ɔde susukuruwa asusu asaase so mfuturo,+

Anaa ɔde nsenia* akari mmepɔ,

Na ɔde nsenia akari nkokoɔ?

13 Hwan na wasusu Yehowa honhom,*

Na hwan na ɔbɛtumi ayɛ ne fotufoɔ na wama no akwankyerɛ?+

14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,

Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,

Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,

Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+

15 Hwɛ! Amanaman no te sɛ bokiti ho nsuo a ɛsɔ ko,

Na ɔbu wɔn sɛ nsenia so mfuturo bi kɛkɛ.+

Hwɛ! Ɔma nsupɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.

16 Lebanon nyinaa mpo rentumi mma egya nkɔ so nnɛre,*

Na wuram mmoa a ɛwɔ hɔ renso ɔhyeɛ afɔreɛ.

17 Aman nyinaa te sɛ biribi a ɛnni hɔ wɔ n’anim;+

Ɔbu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfasoɔ nni so.+

18 Hwan ho na mobɛtumi de Onyankopɔn atoto?+

Deɛn na mode no bɛtoto ho?+

19 Odwumfoɔ de dadeɛ a wɔanane yɛ ohoni,*

Ɔtomfoɔ de sika kɔkɔɔ fa ho,+

Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuadeɛ* toto wɔn kɔn mu.

20 Ɔyi dua sɛ n’afɔrebɔdeɛ,+

Dua a ɛremporɔ.

Ɔhwehwɛ odwumfoɔ a ɔnim adwuma

Ma no sene ohoni a ɛnhinhim.+

21 Monnim?

Na montee?

Wɔnka nkyerɛɛ mo mfirii mfitiaseɛ?

Ɛfiri berɛ a wɔtoo asaase fapem no, montee aseɛ anaa?+

22 Obi wɔ hɔ a ne tenabea wɔ soro sene asaase kurukuruwa yi,+

Na wɔn a wɔte so no te sɛ mmɛbɛ.

Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntoma nahanaha,

Na ɔtrɛ mu te sɛ ntomadan a wɔtena mu.+

23 Ɔbrɛ aberempɔn ase ma wɔba fam koraa a wɔnsɛ hwee,

Na ɔma asaase so atemmufoɔ* yɛ sɛ biribi a mfasoɔ nni so.

24 Sɛ wɔdua wɔn ara pɛ,

Na wɔtɛ wɔn ara pɛ,

Sɛ wɔnya nhini wɔ asaase mu ara pɛ a,

Mframa bɔ fa wɔn so ma wɔkusa,

Na mframa soa wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.+

25 “Hwan ho na mode me bɛtoto ama ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no asɛm nie.

26 “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ.

Hwan na ɔbɔɔ weinom nyinaa?+

Ɔno ne Deɛ ɔdi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafoɔ; ɔkan wɔn nyinaa,

Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+

Ɛsiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+

Wɔn mu baako mpo nyera.

27 O Yakob, deɛn nti na wokasa; O Israel, deɛn nti na woka sɛ,

‘Me kwan ahinta Yehowa,

Na mennya atɛntenenee mfiri Nyankopɔn hɔ’?+

28 Wonnim? Na wontee?

Yehowa a ɔbɔɔ asaase firi tire kɔsi tire no yɛ daa Nyankopɔn.+

Ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.+

Obiara rentumi nhwehwɛ ne nteaseɛ mu nwie.*+

29 Ɔma deɛ wabrɛ no tumi,

Na wɔn a wɔnni ahoɔden no, ɔma wɔn ahoɔden mmorosoɔ.+

30 Mmarimaa bɛbrɛ, na wɔn ahoɔden bɛsa,

Na mmeranteɛ bɛsunti na wɔahwe ase,

31 Nanso wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden.

Wɔde ntaban bɛtu te sɛ akɔdeɛ.+

Wɔbɛtu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa;

Wɔbɛnante, nso wɔremmrɛ.”+

41 “Nsupɔ, monyɛ komm ntie me;*

Momma aman no nsan nnya wɔn ahoɔden.

Momma wɔmmra; afei momma wɔnkasa.+

Momma yɛnhyia nni asɛm.

 2 Hwan na wanyane obi afiri apueeɛ,*+

Na ɔde tenenee afrɛ no aba Ne nan ase,*

Sɛ ɔde amanaman bɛhyɛ ne nsa,

Na wama no abrɛ ahemfo ase?+

Hwan na ɔde ne sekan ama wɔayɛ sɛ mfuturo,

Na n’agyan ayɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a mframa ahuo?

 3 Ɔti wɔn, na biribiara nsi no kwan

Wɔ akwan a ne nan nsii so da so.

 4 Hwan na wakeka ne ho ayɛ wei?

Hwan na wafrɛ awoɔ ntoatoasoɔ mmaako mmaako firi mfitiaseɛ?

Me, Yehowa, mene Odikanfoɔ;+

Na akyikafoɔ mu nso, sɛdeɛ meteɛ ara na meteɛ.”+

 5 Nsupɔ ahunu, na wɔasuro.

Asaase afanan nyinaa firii aseɛ wosoe.

Wɔtwe bɛn, wɔba wɔn anim.

 6 Obiara boa ne yɔnko,

Na obiara ka kyerɛ ne nua sɛ: “Hyɛ wo ho den.”

 7 Enti odwumfoɔ hyɛ ɔtomfoɔ den;+

Deɛ ɔde hamma* bobɔ dadeɛ so ma ɛyɛ tratra no

Hyɛ deɛ ɔbɔ ɔtommoɔ* so no den.

Ɔka nnadeɛ a wɔasosɔ abom no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ.”

Afei wɔde nnadewa bobom na anhwe fam.

 8 “Na wo, O Israel, woyɛ m’akoa,+

Wo, O Yakob, wo na mayi wo,+

M’adamfo Abraham aseni,*+

 9 Wo a mefaa wo firii asaase ano baeɛ,+

Wo a mefrɛɛ wo firii n’ahyeɛ so akyirikyiri.

Meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Woyɛ m’akoa;+

Mayi wo, na mempoo wo.+

10 Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho.+

Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, ɛfiri sɛ mene wo Nyankopɔn.+

Mɛhyɛ wo den, aane, mɛboa wo,+

Mede me tenenee nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.’

11 Hwɛ! Wɔn a wɔn bo afu wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+

Wɔn a wɔne wo ko no, wɔbɛbrɛ wɔn ase na wɔahye wɔn ase.+

12 Mmarima a wɔne wo di aperepereɛ no, wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn;

Mmarima a wɔne wo ko no bɛyɛ sɛ biribi a ɛnni hɔ, adehunu bi.+

13 Ɛfiri sɛ me, Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu.

Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’+

14 Nsuro, sonsono* Yakob,+

Israel mmarima, mɛboa mo,” mo Gyefoɔ Yehowa,+ Israel Kronkronni no asɛm nie.

15 “Hwɛ! Mayɛ wo afidie a wɔde poro hwiit,+

Ade foforɔ a wɔde poro hwiit a ɛse wɔ animu ne akyire nyinaa.

Wobɛtiatia mmepɔ so ama abubu pasaa,

Na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.

16 Wobɛhu so,

Na mframa bɛhu akɔ;

Ahum bɛbɔ apete.

Yehowa mu na wobɛdi ahurisie,+

Na wode Israel Kronkronni no bɛhoahoa wo ho.”+

17 “Abrɛfoɔ ne ahiafoɔ rehwehwɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ.

Sukɔm nti, wɔn kɛtrɛma so awo.+

Me, Yehowa, mɛgye wɔn so.+

Me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.+

18 Nkokoɔ a hwee nni so no, mɛma nsubɔnten asene wɔ so,+

Na nsuwansuwa atue asaasetraa so.+

Mɛma serɛ adane tadeɛ,*

Na asaase a ɛso awo adane asutire.+

19 Asaase pradadaa so na mɛdua sida dua,

Ɔkanto, ohwam dua, ne nku dua.+

Asaase pradadaa so na mɛdua papao dua,

Ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhorɔ dua,+

20 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa bɛhunu na wɔate aseɛ,

Na wɔatie na wɔahunu sɛ

Yehowa nsa na ayɛ wei,

Na Israel Kronkronni no na wabɔ.”+

21 “Momfa mo asɛm mmɛto dwa,” Yehowa na aka.

“Momfa mo adanseɛ mmra,” Yakob Hene asɛm nie.

22 “Momfa adanseɛ mmra na monkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsie.

Monka kane nneɛma* no ho asɛm nkyerɛ yɛn,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛdwendwene ho* na yɛahunu deɛ ɛbɛba.

Nneɛma a ɛreba no nso, monka mma yɛntie.+

23 Monka deɛ ɛbɛba daakye nkyerɛ yɛn,

Na yɛnhunu sɛ moyɛ anyame.+

Aane, monyɛ biribi, papa anaa bɔne,

Na sɛ yɛhunu a, yɛn ho adwiri yɛn.+

24 Hwɛ! Moyɛ biribi a ɛnni hɔ,

Na mo nnwuma yɛ adehunu.+

Obiara a ɔbɛyi mo no yɛ akyiwadeɛ.+

25 Manyane obi afiri atifi fam, na ɔbɛba;+

Obi a ɔfiri apueeɛ*+ a ɔbɛbɔ me din,

Ɔbɛtiatia atumfoɔ* so te sɛ dɔteɛ,+

Te sɛ deɛ ɔnwemfoɔ wɔ dɔteɛ no.

26 Hwan na ɔkaa wei ho asɛm firii mfitiaseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anka yɛbɛtumi ahunu?

Hwan na ɔkaa biribi firii tete, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anka yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ɔyɛ nokwafoɔ’?+

Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔde too dwa!

Obiara nni hɔ a ɔkaeɛ!

Obiara ante biribiara amfiri mo hɔ!”+

27 Me na medii kan ka kyerɛɛ Sion sɛ: “Hwɛ! Wɔn nie!”+

Na mɛsoma obi a ɔkura asɛmpa akɔ Yerusalem.+

28 Na mehwɛe ara, nso manhunu obiara.

Wɔn mu biara nso nni hɔ a na ɔbɛtu fo.

Na mekae ara sɛ wɔmma me mmuaeɛ.

29 Hwɛ! Wɔn nyinaa yɛ biribi a ɛnni hɔ.

Wɔn nnwuma yɛ adehunu.

Wɔn dadeɛ ahoni* yɛ mframa ne biribi a mfasoɔ nni so.+

42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!

Deɛ mayi no+ na magye no atom!*+

Mede me honhom ahyɛ ne mu;+

Ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+

 2 Ɔrenteam na ɔremma ne nne so,

Na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.+

 3 Ɔremmu demmire* a abuka biara mu,

Na ɔrennum ntomaban a ɛrefiri wisie biara.+

Ɔde nokorɛdie bɛbu atɛntenenee.+

 4 Ɔrengo na ɔremmoto kɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛba asaase so;+

Na nsupɔ bɛtwɛn ne mmara.*

 5 Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro.

Ɔno ne Opumpuni a ɔtwee mu.+

Ɔno na ɔtrɛɛ asaase ne ɛso nneɛma mu.+

Ɔde home ma nnipa a wɔte so,+

Na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.+ Deɛ waka nie:

 6 “Me, Yehowa, mafrɛ wo tenenee mu,

Na masɔ wo nsa.

Mɛbɔ wo ho ban na mede wo ayɛ apam ama nnipa,+

Na mede wo ayɛ hann ama aman,+

 7 Na woabue anifirafoɔ ani,+

Na woayi nneduafoɔ afiri afiase,

Na woayi wɔn a wɔte sum mu afiri afiase.+

 8 Mene Yehowa. Me din ne no;

Meremfa m’animuonyam mma obiara,*

Na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.+

 9 Hwɛ, deɛ ɛdi kan no aba mu;

Afei mereka nsɛm foforɔ.

Mereka ho asɛm akyerɛ mo ansa na aba.”+

10 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+

Monyi no ayɛ mfiri asaase ano,+

Mo a monam po so ne deɛ ɛwom nyinaa,

Nsupɔ ne mo a motete so.+

11 Momma ɛserɛ ne ne nkuro mma wɔn nne so,+

Nkuraa a Kedar+ te so.

Momma wɔn a wɔtete abotan mu nni ahurisie;

Momma wɔnteam dendeenden mfiri mmepɔ atifi.

12 Momma wɔnhyɛ Yehowa animuonyam,

Na wɔnyi no ayɛ nsupɔ so.+

13 Yehowa bɛpue sɛ ɛko mu katakyie.+

Ɔbɛkanyan ne ho sɛ ɔsabarima.+

Ɔbɛteam, ɔbɛteam dendeenden;

Ɔbɛkyerɛ sɛ ne ho yɛ den sene n’atamfo.+

14 “Mayɛ komm akyɛ.

Memuaa m’ano, na mehyɛɛ me ho so.

Afei mɛpene sɛ ɔbaa a ɔrewo,

Mɛhome hahyeehahyee, na matwe mframa; mɛyɛ ne nyinaa prɛko pɛ.

15 Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ,

Na mɛma ɛso afifideɛ nyinaa ahye.

Mɛma nsubɔnten adane nsupɔ,*

Na mama atadeɛ* awewe.+

16 Mede anifirafoɔ bɛfa ɛkwan a wɔnnim soɔ so,+

Na mɛma wɔafa ɛkwan a wɔmfaa so da so.+

Esum a ɛda wɔn anim no, mɛma adane hann,+

Na baabi a ɛhɔ yɛ mmonkyimmɔnka no, mɛma adane asaasetraa.+

Wei na mɛyɛ ama wɔn, na merennya wɔn.”

17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasene so,

Wɔn a wɔka kyerɛ dadeɛ ahoni* sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no,

Wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu pɔtɔɔ.

18 Mo a mo aso asi, montie;

Mo a mo ani afira,+ monhwɛ na monhunu.

19 Hwan na n’ani afira sene m’akoa,

Na n’aso asi sene deɛ mesoma no no?

Hwan na n’ani afira sene deɛ wɔatua no ka,

Na n’ani afira sene Yehowa akoa?+

20 Wohunu nneɛma pii, nanso wonhwɛ.

Wobue w’aso, nanso wontie.+

21 Yehowa tenenee nti,

N’ani gyee ho sɛ ɔbɛma mmara* no ayɛ kɛse na anya animuonyam.

22 Nanso wɔyɛ nnipa a nkurɔfoɔ afom wɔn de wɔn kɔ;+

Wɔn nyinaa aka ntokuro mu, na wɔde wɔn asie afiase.+

Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ;+

Wɔafom wɔn de wɔn kɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ: “Momfa wɔn mmra!”

23 Mo mu hwan na ɔbɛtie asɛm yi?

Hwan na ɔbɛwɛn n’aso atie deɛ wɔbɛka no akyire yi?

24 Hwan na ɔmaa kwan maa wɔfom Yakob nneɛma,

Na ɔde Israel hyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔfom nneɛma no nsa?

Ɛnyɛ Yehowa, Deɛ yɛayɛ no bɔne no?

Wɔamfa n’akwan so,

Na wɔantie Ne mmara.*+

25 Enti ɔkɔɔ so hwiee abufuhyeɛ,

N’abufuo, ne ɛko a ano yɛ den guu ne so.+

Na ɛhyee biribiara a atwa ne ho ahyia, nanso wanhunu;+

Ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.+

43 Afei asɛm a Yehowa,

Deɛ ɔbɔɔ wo, O Yakob, deɛ ɔnwenee wo, O Israel,+ aka nie;

“Nsuro, na magye wo.+

Mabɔ wo din afrɛ wo.

Woyɛ me dea.

 2 Sɛ wotwa nsuo a, mɛdi w’akyi;+

Wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo.+

Sɛ wofa egya mu a, ɛrenhye wo,

Na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.

 3 Ɛfiri sɛ mene Yehowa wo Nyankopɔn,

Israel Kronkronni no, wo Gyefoɔ no.

Mede Egypt ayɛ agyedeɛ ama wo,

Na mede Etiopia ne Seba asi w’ananmu.

 4 Wosom bo wɔ m’ani so+ nti,

Medi wo ni, na medɔ wo.+

Ɛno nti mede nnipa bɛsi w’ananmu,

Na mede aman asi wo nkwa* ananmu.

 5 Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho.+

Mede w’asefoɔ* bɛfiri apueeɛ fam aba,

Na maboaboa wo ano afiri atɔeɛ fam.+

 6 Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Gyaa wɔn!’+

Na maka akyerɛ anaafoɔ fam sɛ, ‘Nnye wɔn nka hɔ.

Fa me mma mmarima firi akyirikyiri bra, na fa me mma mmaa firi asaase ano bra,+

 7 Obiara a me din da ne so,+

Ne deɛ mabɔ no de ahyɛ me ho animuonyam,

Deɛ manwene no, ne deɛ mayɛ no biara.’+

 8 Fa ɔman a wɔwɔ ani nanso wɔn ani afira no bra,

Ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔn aso asi no.+

 9 Ma aman nyinaa nhyia wɔ faako,

Na amanaman mmoaboa wɔn ho ano.+

Wɔn mu hwan na ɔbɛtumi aka wei?

Anaa wɔbɛtumi ama yɛate kane nneɛma* no ho asɛm?+

Ma wɔmfa wɔn adansefoɔ mmra na wɔmfa mmɛbu wɔn ho bem,

Anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokorɛ!’”+

10 Yehowa asɛm nie: “Mone m’adansefoɔ,+

Aane, m’akoa a mayi no,+

Na ama moahunu, na moagye me adi,*

Na moahunu sɛ me ara mene no.+

Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,

Na m’akyi nso, obi nni hɔ.+

11 Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ɔgyefoɔ biara nni hɔ.”+

12 Yehowa asɛm nie: “Me na mekaeɛ, na megyee nkwa, na memaa wɔteeɛ,

Berɛ a na onyame foforɔ biara nni mo mu no.+

Enti mone m’adansefoɔ, na mene Onyankopɔn.+

13 Bio nso, mete sɛdeɛ meteɛ berɛ nyinaa;+

Obiara rentumi nhwim biribiara mfiri me nsam.+

Sɛ mekeka me ho a, hwan na ɔbɛtumi asi me kwan?”+

14 Yehowa, mo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni+ no asɛm nie:

“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilon akɔbubu apono akyi nnadeɛ nyinaa,+

Na ahoyera nti, Kaldeafoɔ a wɔte po so ahyɛn mu no bɛsu buei! buei!+

15 Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfo+ no, mo Hene+ no.”

16 Deɛ Yehowa

A ɔpae kwan to po mu,

Deɛ ɔyi kwan to nsuo a ɛrebu fa so mu,+

17 Deɛ ɔma ɛko nteaseɛnam ne apɔnkɔ firi adi,+

Na ɔma asraafoɔdɔm ne mmarima a wɔnim ko firi adi no aka nie:

“Wɔbɛda fam, na wɔrensɔre.+

Wɔbɛdum wɔn, wɔbɛdum wɔn te sɛ deɛ wɔdum ntomaban a ɛredɛre.”

18 “Monnkae kane nneɛma no,

Na monnnwene tete nneɛma ho.

19 Hwɛ! Mereyɛ ade foforɔ bi;+

Seesei mpo ɛrepue.

Monhunu anaa?

Mede kwan bɛto serɛ so,+

Na mama nsubɔnten asene anwea pradadaa so.+

20 Wuram mmoa bɛhyɛ me animuonyam,

Sakraman ne nsohori,

Ɛfiri sɛ mɛma nsuo aba serɛ so,

Na nsubɔnten asene anwea pradadaa so,+

Na me man, deɛ mayi no+ no, anom,

21 Ɔman a manwene wɔn afa no,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛka m’ayeyie akyerɛ.+

22 Nanso womfrɛɛ me, O Yakob,+

Ɛfiri sɛ me ho afono wo, O Israel.+

23 Womfaa odwan mmɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mmaa me,

Na womfaa w’afɔreɛ nhyɛɛ me animuonyam.

Menhyɛɛ wo sɛ fa akyɛdeɛ brɛ me,

Na menhyɛɛ wo sɛ fa ɛhyɛ* brɛ me, memfa nhyɛɛ wo brɛ.+

24 Womfaa wo sika ntɔɔ sibire hwamhwam* biara mmaa me,

Na wommaa w’afɔreɛ sradeɛ mmee me.+

Na mmom wo bɔne ayɛ adesoa wɔ me so,

Na wo mfomsoɔ ama mabrɛ.+

25 “Me, me na mepepa wo mmarato,*+ me din nti.+

Na merenkae wo bɔne bio.+

26 Kaakae me; ma yɛnhyia nni asɛm;

Ka w’asɛm na fa kyerɛ sɛ wodi bem.

27 Wo nana a ɔdi kan no yɛɛ bɔne,

Na wɔn a wɔkasa ma wo* no ate me so atua.+

28 Enti mɛgu kronkronbea hɔ mpanimfoɔ no ho fĩ,

Na mede Yakob bɛma ɔsɛeɛ

Na mama wɔatwa Israel adapaa.+

44 “Afei tie, O Yakob, m’akoa,

Ne wo, O Israel a mayi wo.+

 2 Deɛ Yehowa

A Ɔyɛɛ wo na Ɔnwenee wo,+

Deɛ ɔboaa wo firii yafunu* mu no aka nie:

‘Nsuro, m’akoa Yakob,+

Ne wo, Yesurun,*+ a mayi wo.

 3 Ɛfiri sɛ mɛhwie nsuo agu deɛ sukɔm de no* so,+

Na nsuwansuwa asene asaase a awoɔ so.

Mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ* so+

Na mede me nhyira agu wo nkyirimma so.

 4 Wɔbɛfifi te sɛ ɛserɛ mono,+

Te sɛ nsuano nnua.

 5 Obi bɛka sɛ: “Meyɛ Yehowa dea.”+

Na obi foforɔ nso afrɛ ne ho Yakob,

Na foforɔ nso bɛtwerɛ agu ne nsa ho sɛ: “Yehowa dea.”

Na ɔbɛfa Israel din ato ne ho.’

 6 Deɛ Yehowa,

Israel Hene+ ne ne Gyefoɔ,+ Asafo Yehowa aka nie:

‘Mene deɛ ɔdi kan ne deɛ ɔdi akyire.+

Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.+

 7 Hwan na ɔte sɛ me?+

Ma no mpae mu nka; ɔnka, na ɔmfa ho adanseɛ nsi m’anim!+

Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,

Momma wɔnka nneɛma a ɛreba

Ne deɛ ɛbɛba daakye.

 8 Monnsuro,

Na mommmɔ hu.+

Memmaa mo mu biara ntee, na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo anaa?

Mone m’adansefoɔ.+

Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho anaa?

Daabi, Ɔbotan biara nni hɔ ka me ho.+ Menhunuu bi.’”

 9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,

Na adeɛ a wɔn ani gye ho no, mfasoɔ biara nni so.+

Wɔyɛ wɔn adansefoɔ, nso wɔnhunu* biribiara, na wɔnnim* hwee,+

Enti wɔn a wɔyɛ wɔn no ani bɛwu.+

10 Hwan na ɔbɛnwene onyame anaa ɔbɛyɛ dadeɛ honi*

A mfasoɔ biara nni so?+

11 Hwɛ! Wɔn a wɔka ne ho nyinaa ani bɛwu!+

Wɔn a wɔyɛ ahoni no yɛ nnipa kɛkɛ.

Ma wɔn nyinaa nhyia, na wɔnnyina hɔ.

Ehu bɛka wɔn, na wɔn nyinaa ani bɛwu.

12 Ɔtomfoɔ de dadeɛ to gya mu, na ɔde ne dadeɛ yɛ ho adwuma.

Ɔde hamma* bɔ so,

Ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ho adwuma.+

Afei ɛkɔm de no, na n’ahoɔden so te.

Ɔnnom nsuo, enti ɔbrɛ.

13 Duadwumfoɔ twe susuhoma, ɔde kyɔɔk kɔkɔɔ sensan dua ho.

Ɔde adeɛ sene, na ɔde kɔmpase sensan ho.

Ɔyɛ no te sɛ onipa,+

Sɛdeɛ onipa ahoɔfɛ teɛ,

Sɛ ɛntena fie.*+

14 Obi nso adwuma ne sɛ ɔbɛbu sida nnua.

Ɔhwehwɛ dua bi, odum,

Na ɔma no nyini wɔ kwaeɛ mu nnua mu.+

Ɔdua ɔsennuro, na nsuo tɔ gu so ma ɛnyini.

15 Afei onipa de sɔ gya.

Ɔyi bi tena ho ma ne ho yɛ no hye;

Ɔde bi sɔ gya de to paanoo.

Na ɔde bi nso yɛ onyame som no.

Ɔde yɛ ohoni, na ɔkoto n’anim.+

16 Ɔde fã sɔ gya;

Saa fã no, ɔde toto nam we mee.

Afei ɔtena gya no ho ma ne ho yɛ no hye, na ɔka sɛ:

“Aa! Egya a merehwɛ yi ama me ho ayɛ me hye.”

17 Na ɔde deɛ aka no yɛ onyame, ɔde yɛ ne honi.

Ɔkoto no, na ɔsom no.

Ɔbɔ no mpaeɛ, na ɔka sɛ:

“Gye me, ɛfiri sɛ wone me nyame.”+

18 Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase,+

Ɛfiri sɛ wɔaka wɔn ani afemfam so na ɛnhunu adeɛ,

Na wɔn akoma ntumi nte asɛm ase.

19 Obiara nnwene wɔ n’akomam,

Na obi nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔbɛka sɛ:

“Mede fã sɔɔ gya,

Metoo paanoo wɔ ne nsramma so, na metotoo nam wɔ so wee.

Memfa deɛ aka no nyɛ akyiwadeɛ anaa?+

Dua sini* na mensom no anaa?”

20 Ɔdi nsõ.

Ɔno ara n’akoma daadaafoɔ no ama no ayera.

Ɔntumi nnye ne ho,* na ɔntumi mmisa sɛ:

“Enti ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”

21 “Kae weinom, O Yakob, ne wo, O Israel,

Ɛfiri sɛ woyɛ m’akoa.

Me na meyɛɛ wo, na woyɛ m’akoa.+

O Israel, me werɛ remfi wo.+

22 Mɛpepa wo mmarato te sɛ deɛ mununkum akata so,+

Na mapepa wo bɔne te sɛ deɛ mununkum tumm akata so.

San bra me nkyɛn, na mɛgye wo.+

23 Ɔsoro, monni ahurisie,

Ɛfiri sɛ Yehowa akeka ne ho!

Asaase ase tɔnn, mommɔ ose!

Mmepɔ, monni ahurisie,+

Kwaeɛ ne emu nnua nyinaa!

Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob,

Na wada n’animuonyam adi wɔ Israel so.”+

24 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ no,+

Deɛ ɔnwenee wo berɛ a na wowɔ yafunu mu no, seɛ nie:

“Mene Yehowa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa.

Me nko ara na metwee ɔsoro mu,+

Na metrɛɛ asaase mu.+

Hwan na na ɔka me ho?

25 Me na mesɛe wɔn a wɔka nsɛnhunu* no nsɛnkyerɛnne,

Na me na mema wɔn a nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn abisa yɛ sɛ nkwaseafoɔ;+

Me na mema anyansafoɔ adwene tu fra,

Na mema wɔn nimdeɛ dane nkwaseasɛm;+

26 Mene deɛ ɔma n’akoa asɛm yɛ nokorɛ,

Na ɔma wɔn a ɔsoma wɔn no nkɔmhyɛ ba mu korakora;+

Deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+

Ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,+

Na n’amamfo nso, mɛma asi ne dada mu’;+

27 Me na meka kyerɛ nsuo a emu dɔ sɛ, ‘We,

Na mɛma wo nsubɔnten nyinaa awewe’;+

28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ,

Na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa akɔsi aseɛ’;+

Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’

Ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+

45 Sei na Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no no,+

Deɛ masɔ ne nsa nifa mu+

Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+

Na magye ahemfo akodeɛ,*

Na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu wɔ n’anim,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrento kuro apono no mu no:

 2 “Mɛdi w’anim akɔ,+

Na mɛdwiri nkokoɔ agu.

Mɛbubu kɔbere apono mu,

Na mɛtwitwa apono akyi nnadeɛ mu.+

 3 Mede agyapadeɛ a ɛwɔ sum mu

Ne agyapadeɛ a ahinta bɛma wo,+

Na ama woahunu sɛ mene Yehowa,

Israel Nyankopɔn no, deɛ wabɔ wo din afrɛ wo no.+

 4 M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti,

Mebɔɔ wo din frɛɛ wo.

Memaa wo edin kɛseɛ, ɛwom sɛ na wonnim me.

 5 Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.

Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho.+

Mɛhyɛ wo den,* ɛwom sɛ wonnim me,

 6 Na ama nnipa ahunu sɛ

Ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ*

Obiara nni hɔ ka me ho.+

Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+

 7 Me na mebɔ hann+ na mebɔ sum,+

Mebɔ asomdwoeɛ+ na mede mmusuo ba;+

Me, Yehowa, na meyɛ weinom nyinaa.

 8 Ɔsoro, tɔ nsuo firi soro gu fam;+

Momma mununkum ntɔ tenenee ngu fam.

Momma asaase mu mmue na ɛnso nkwagyeɛ,

Na ɛmma tenenee mfifi wɔ berɛ korɔ no ara mu.+

Me, Yehowa, na mebɔeɛ.”

 9 Deɛ ɔne ne Yɛfoɔ* di asie* no nnue,

Ɛfiri sɛ ɔyɛ kukuo sini kɛkɛ

A ɛka kukuo asinasini foforɔ a ɛgu fam ho!

Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔteɛ ka kyerɛ ne Nwemfoɔ* sɛ: “Deɛn na woreyɛ yi?”+

Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wonni nsa”?*

10 Ɔnnue, deɛ ɔbisa agya sɛ: “Deɛn na wowoeɛ?”

Na ɔbisa ɔbaa sɛ: “Ɛdeɛn na woawo yi?”*

11 Deɛ Yehowa, Israel Kronkronni no,+ ne Nwemfoɔ no seɛ nie:

“Mo na mobɛbisa me deɛ ɛbɛba?

Anaa mo na mobɛkyerɛ me deɛ menyɛ wɔ me mma+ ne me nsa ano adwuma ho?

12 Me na meyɛɛ asaase+ na mebɔɔ onipa too so.+

Me ankasa me nsa na mede twee ɔsoro mu,+

Na me na mema wɔn asafo nyinaa ahyɛdeɛ.”+

13 “Mama ɔbarima bi so wɔ tenenee mu,+

Na mɛtene n’akwan nyinaa.

Ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,+

Na ɔbɛgyaa me nkurɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii wɔn man mu no.+ Ɔrennye akatua anaa adanmudeɛ* biara,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

14 Deɛ Yehowa aka nie:

“Egypt mfasoɔ* ne nneɛma a Etiopia di ho dwa,* ne Sabafoɔ atenten

Bɛba wo nkyɛn, na abɛyɛ wo dea.

Wɔbɛdi w’akyi berɛ a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn.

Wɔbɛba wo nkyɛn na wɔabɛkoto wo.+

Wɔbɛbɔ wo mpaeɛ aka sɛ, ‘Ampa, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+

Na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ.’”

15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a wode wo ho ahinta,

O Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no.+

16 Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase;

Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛnante animguaseɛ mu.+

17 Nanso Israel deɛ, Yehowa de daa nkwagyeɛ bɛgye no.+

Mo ani renwu, na mo anim rengu ase da biara da.+

18 Ɛfiri sɛ Yehowa,

Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokorɛ Nyankopɔn no,

Deɛ ɔnwenee asaase, na ɔyɛeɛ, na ɔde tim hɔ,+

Deɛ wammɔ no kwa* na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so+ no, n’anom asɛm nie:

“Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.

19 Mankasa wɔ ahintaeɛ mu,+ asaase a esum wɔ soɔ so;

Manka ankyerɛ Yakob asefoɔ* sɛ,

‘Monhwehwɛ me kwa.’*

Mene Yehowa, deɛ ɔka asɛntenenee, na ɔka deɛ ɛtene.+

20 Mommoa mo ano na mommra.

Montwe mmɛn, mo a moadwane afiri amanaman mu.+

Wɔn a wɔsoso ahoni a wɔde dua ayɛ

Na wɔbɔ onyame a ɔntumi nnye wɔn nkwa mpaeɛ no, wɔnnim hwee.+

21 Monkasa, momfa mo asɛm nto dwa.

Momma wɔmmom ntu agyina.

Hwan na ɔkaa weinom too hɔ firi teteete,

Na ɔkaa ho asɛm firi tete?

Ɛnyɛ me Yehowa?

M’akyi no, Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ;

Onyankopɔn a ɔtene na ɔyɛ Agyenkwa,+ obiara nni hɔ sɛ me.+

22 Mo a mowɔ asaase afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na monnya nkwa,+

Ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+

23 Maka me ho ntam;

Asɛm no apue afiri m’anom wɔ tenenee mu,

Na ɛrensan:+

Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,

Kɛtrɛma nyinaa bɛka ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ ama me+

24 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ampa, Yehowa mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.

Wɔn a wɔn bo afu no nyinaa de aniwuo bɛba n’anim.

25 Yehowa mu na Israel asefoɔ* nyinaa bɛdi bem,+

Na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.’”

46 Bel butu hɔ,+ na Nebo abɔ ne mu ase.

Wɔde wɔn ahoni asoa mmoa, wɔde asoa mmoa a wɔde wɔn soa nneɛma,+

Te sɛ nnesoa duruduro a wɔde asoa mmoa a wɔabrɛ.

 2 Wɔbɔ wɔn mu ase, na wɔbom butu hɔ;

Wɔrentumi nnye wɔn nnesoa no,*

Na wɔn ankasa* nso, wɔbɛkye wɔn akɔ.

 3 “Montie me, O Yakob fie, ne mo a moaka wɔ Israel fie nyinaa,+

Mo a meboaa mo firii awoɔ mu, na mesoaa mo firii yafunu mu no.+

 4 Ɛnkɔsi wo mpaninyɛ mu no, mete sɛdeɛ meteɛ;+

Ɛnkɔsi sɛ wobɛfu dwene no, mɛkɔ so aturu wo.

Sɛdeɛ mayɛ no, mɛturu wo, mɛsoa wo, na magye wo.+

 5 Hwan na mode me bɛtoto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ, anaa mode no bɛsusu me,+

Na ɔne me asɛ?+

 6 Ebinom hwie sika kɔkɔɔ firi wɔn kotokuo mu;

Wɔde nsenia* kari dwetɛ.

Wɔbɔ ɔtomfoɔ paa, na ɔde yɛ onyame.+

Afei wɔbɔ wɔn mu ase, aane, wɔsom no.*+

 7 Wɔma so de si wɔn kɔn ho;+

Wɔkɔsoɛ si ne siberɛ, na ɛgyina faako; ɛnkeka ne ho.

Ɛntumi ntu ne nan nkɔ baabiara.+

Wɔteam frɛ no, nanso ɛmmua;

Ɛrentumi nnye obi mfiri amanehunu mu.+

 8 Monkae wei na monnya akokoɔduro.

Momfa nhyɛ mo akomam, mo mmaratofoɔ.

 9 Monkae tete* nneɛma a atwam no

Sɛ mene Onyankopɔn,* na ɔfoforɔ biara nni hɔ.

Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.+

10 Mefiri mfitiaseɛ ka awieeɛ asɛm,

Na mefiri tete ka deɛ ɛnsiiɛ;+

Meka sɛ, ‘Me gyinaeɛsie* bɛba mu ɛkwan biara so,+

Na deɛ ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+

11 Mɛfrɛ ɔkɔdeɛ kɛseɛ afiri apueeɛ,*+

Na mɛfrɛ ɔbarima bi afiri akyirikyiri; ɔno na ɔbɛma me gyinaeɛsie* aba mu.+

Makasa, na mɛma no aba mu.

Mabɔ me tirim, na mɛyɛ nso.+

12 Montie me, mo a mo akoma apirim,

Mo a mo ne tenenee ntam kwan ware.

13 Mama me tenenee abɛn;

Ɛnni akyiri koraa,

Na me nkwagyeɛ renka akyi.+

Mede nkwagyeɛ bɛba Sion, na mede m’animuonyam ama Israel.”+

47 Si fam na bɛtena mfuturo mu,

O Babilon babaa, ɔbaabunu.+

Tena fam, baabi a akonnwa* nnie.+

O Kaldeafoɔ babaa,

Ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyegye wo so bio da.

 2 Fa boɔ* na yam hwiit.

Yi adeɛ a ɛkata w’anim no.

Yi wo fam ataadeɛ ma wo nan ho ngu hɔ,

Na twa nsuo no.

 3 Wɔbɛyi w’adagya so.

Wɔbɛhunu w’animguaseɛ.

Mɛtua wo ka,+ na onipa biara rentumi nsi me kwan.*

 4 “Yɛn gyefoɔ no,

Asafo Yehowa ne ne din;

Ɔno ne Israel Kronkronni no.”+

 5 Tena hɔ dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafoɔ babaa;+

Wɔremfrɛ wo Ahennie ahodoɔ so Ɔhemmaa* bio.+

 6 Me bo fuu me man.+

Meguu m’agyapadeɛ ho fĩ,+

Na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+

Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+

Mpanimfoɔ mpo, wode kɔndua a emu yɛ duru too wɔn so.+

 7 Wokaa sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa* daa.”+

Woannwene deɛ na woreyɛ no ho,

Na woanhwɛ deɛ ɛbɛkɔ akɔwie.

 8 Afei tie wei, wo a wopɛ anigyeɛ+

A wɔabɔ wo ho ban, wo a woka no wɔ w’akomam sɛ:

“Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.+

Merenyɛ okunafoɔ,

Na me mma renwu da.”+

 9 Nanso nneɛma mmienu yi bɛba wo so prɛko pɛ; ɛbɛba da koro:+

Wo mma bɛwuwu na wobɛyɛ okunafoɔ.

Weinom nyinaa bɛba wo so,+

Ɛfiri sɛ* w’asumansɛm dɔɔso, na wo kaberekyerɛ ano yɛ den.+

10 Wode wo ho too wo bɔne so.

Wokaa sɛ: “Obiara nhu me.”

Wo nyansa ne wo nimdeɛ na ama woayera,

Na woka no wɔ w’akomam sɛ: “Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.”

11 Nanso mmusuo bɛba wo so,

Na wo nnusɛm no biara rentumi nsi ano.*

Amanehunu bɛba wo so, na worentumi nsi no kwan.

Ɔsɛeɛ a wonhuu bi da bɛba wo so prɛko pɛ.+

12 Afei kɔ so, yɛ wo kaberekyerɛ na di w’asumansɛm bebrebe no,+

Deɛ wofiri wo mmɔfraase abrɛ ho no.

Ebia ɛbɛboa wo;

Ebia wode bɛbɔ nkurɔfoɔ hu.

13 W’afotufoɔ bebrebe no ama woabrɛ.

Ma wɔnsɔre seesei ara na wɔmmɛgye wo,

Wɔn a wɔsom ɔsoro abɔdeɛ,* wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+

Wɔn a wɔhwɛ abosome foforɔ,

A wɔka deɛ ɛbɛba wo so no.

14 Hwɛ! Wɔte sɛ aburoo dua.

Egya bɛhye wɔn.

Wɔrentumi nnye wɔn ho* mfiri egya a ɛredɛre dendeenden no mu.

Wei nyɛ nsramma a wɔde ka wɔn ho hye,

Na ɛnyɛ egya a wɔtena ho.

15 Wei na ɛbɛto wo kaberekyerɛfoɔ no,

Wɔn a wo ne wɔn abrɛ firi wo mmɔfraase no.

Wɔde wɔn tiri bɛpempem; obiara bɛfa ne kwan.*

Obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo.+

48 Montie wei, O Yakob fie,

Mo a mode Israel din ato mo so+

Na mofiri Yuda nsuo mu,*

Mo a mode Yehowa din ka ntam+

Na mofrɛ Israel Nyankopɔn no,

Nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu.+

 2 Wɔde kuro kronkron no din frɛ wɔn ho,+

Na wɔde wɔn ani ato Israel Nyankopɔn no so;+

Ɔno na ne din de asafo Yehowa.

 3 “Tete* nneɛma no, meka kyerɛɛ wo akyɛ.

Ɛpue firii me ara m’anom,

Na memaa wɔhunui.+

Mekekaa me ho prɛko pɛ na ɛbaeɛ.+

 4 Ɛsiane sɛ menim sɛ w’aso yɛ den,

Na wo kɔn yɛ dadeɛ ntini, na wo moma yɛ kɔbere+ nti,

 5 Meka kyerɛɛ wo akyɛ.

Ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee,

Na amma woanka sɛ, ‘Me bosom na ɛyɛeɛ,

Me honi a wɔasene ne me dadeɛ honi* na ɛmaa ɛbaeɛ.’

 6 Moate na moahunu wei nyinaa.

Morenka ho asɛm anaa?+

Ɛfiri nnɛ merema moate nsɛm foforɔ,+

Nsɛm a wɔde asie a monnim ho hwee.

 7 Afei na merebɔ, na ɛmfiri tete.

Ɛyɛ biribi a wontee da, gye nnɛ,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worentumi nka sɛ, ‘Hwɛ! Menim dada.’

 8 Daabi, wontee,+ na wonnim;

Tete no, na w’aso asisi.

Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ nkontomponi paa,+

Na wɔafrɛ wo mmaratofoɔ firi awoɔ mu.+

 9 Nanso me din nti, mɛtwentwɛn m’abufuo so;+

M’ayeyie nti, mɛhyɛ me ho so wɔ wo ho,

Na merenyi wo mfiri hɔ.+

10 Hwɛ! Manane wo, nanso ɛnte sɛ dwetɛ.+

Masɔ wo ahwɛ* wɔ ahoyera fononoo* mu.+

11 Me din nti, me din nti na mɛyɛ.+

Adɛn nti na memma wɔngu me ho fĩ?+

Meremfa m’animuonyam mma obiara.*

12 Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo.

Mete sɛdeɛ meteɛ.+ Mene odikanfoɔ, na me ara nso mene okyikafoɔ.+

13 Me ara me nsa na ɛtoo asaase fapem,+

Na me nsa nifa na ɛtrɛɛ ɔsoro mu.+

Sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa sɔre gyina hɔ.

14 Mo nyinaa, mommoaboa mo ho ano, na montie.

Wɔn mu hwan na ɔde weinom ato dwa?

Yehowa dɔ no.+

Deɛ ɛsɔ n’ani na ɔde bɛyɛ Babilon,+

Na ne basa bɛba Kaldeafoɔ so.+

15 Me ara na makasa, na mafrɛ no.+

Mede no aba, na ne kwan bɛsi yie.+

16 Montwe mmɛn me, na montie wei.

Ɛfiri mfitiaseɛ pɛɛ menkaa biribiara wɔ ahintaeɛ mu.+

Berɛ a ɛsiiɛ no, na mewɔ hɔ.”

Na afei Awurade Tumfoɔ Yehowa asoma me, ne ne honhom.*

17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no,+ seɛ nie:

“Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,

Deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo ma ɛsi wo yie,*+

Deɛ ɔkyerɛ wo ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.+

18 Sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+

Anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,+

Na wo tenenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+

19 Wo nkyirimma* bɛyɛ bebree sɛ anwea,

Na w’asefoɔ ayɛ sɛ emu anwea mfuamfua.+

Wɔrentwa wɔn din ntwene, na wɔrenhye wɔn ase mfiri m’anim da.”

20 Momfiri Babilon!+

Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn!

Momfa anigyeɛ nka ho asɛm! Momfa nto dwa!+

Momma no nnuru asaase ano baabiara.+

Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+

21 Berɛ a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, sukɔm anne wɔn.+

Ɔmaa nsuo firii ɔbotan mu ba maa wɔn;

Ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo tueeɛ.”+

22 “Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ,”+ Yehowa na aka.

49 Nsupɔ, montie me;

Aman a mowɔ akyirikyiri, monyɛ aso.+

Yehowa frɛɛ me ansa na wɔrewo me.*+

Berɛ a mehyɛ me maame yam na ɔbɔɔ me din.

 2 Ɔmaa m’ano yɛɛ sɛ sekan a ano yɛ nnam;

Ɔde ne nsa bɔɔ me ho ban.*+

Ɔyɛɛ me sɛ agyan a wɔase ano;

Ɔde me siee n’agyan kotokuo mu.

 3 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O Israel, woyɛ m’akoa,+

Wo na menam wo so bɛyi m’animuonyam adi.”+

 4 Nanso mekaa sɛ: “Mabrɛ agu.

Masɛe m’ahoɔden wɔ biribi a mfasoɔ nni so ho, adehunu ho.

Nanso menim paa sɛ Yehowa na ɔbɛbu me atɛn,*

Na m’akatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”+

 5 Na afei, Yehowa, Deɛ ɔyɛɛ me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ n’akoa no,

Ɔse memfa Yakob nsan mmrɛ no,

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛboaboa Israel ano aba ne nkyɛn.+

Wɔbɛhyɛ me animuonyam wɔ Yehowa anim,

Na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden.

 6 Na ɔkaa sɛ: “Woyɛ m’akoa

A wobɛma Yakob mmusua so

Na wode Israelfoɔ a wɔakora wɔn so no asan aba; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara.

Masan de wo ayɛ hann ama amanaman no,+

Na ama me nkwagyeɛ akɔduru asaase ano.”+

7 Asɛm a Yehowa, Israel Gyefoɔ, Israel Kronkronni+ no, aka akyerɛ deɛ wɔbu no animtia,*+ deɛ ɔman no kyiri no, deɛ ɔyɛ atumfoɔ akoa no nie:

“Ahemfo bɛhunu na wɔasɔre,

Na aberempɔn bɛkoto

Ɛsiane Yehowa a ɔyɛ ɔnokwafoɔ,+

Israel Kronkronni no, deɛ wayi wo no nti.”+

 8 Deɛ Yehowa aka nie:

“Adom* berɛ mu na metiee wo,+

Nkwagyeɛ da na meboaa wo;+

Na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+

Na woasiesie asaase no,

Na woama wɔasan anya wɔn agyapadeɛ a na asɛe no bio,+

 9 Na woaka akyerɛ wɔn a wɔgu afiase sɛ, ‘Mompue mmra!’+

Na woaka akyerɛ wɔn a wɔwɔ sum mu+ no sɛ, ‘Monyi mo ho adi!’

Akwan ho na wɔbɛdidie,

Na anammɔnkwan nyinaa ho* bɛyɛ wɔn adidibea.

10 Ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm nso renne wɔn.+

Ɔhyew renne wɔn, na awia nso renhye wɔn,+

Ɛfiri sɛ Deɛ ɔhu wɔn mmɔbɔ no bɛdi wɔn anim,+

Na ɔde wɔn bɛfa nsutire ho.+

11 Mɛma me mmepɔ nyinaa adane kwan,

Na mama m’akwantempɔn so akɔ soro.+

12 Hwɛ! Weinom bɛfiri akyirikyiri aba,+

Na hwɛ! Weinom bɛfiri atifi ne atɔeɛ aba,

Na weinom bɛfiri Sinim asaase so aba.”+

13 Ɔsoro, bɔ ose; asaase, di ahurisie.+

Momma mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose.+

Ɛfiri sɛ Yehowa akyekye ne manfoɔ werɛ,+

Na ɔhu wɔn a wɔrehunu amane no mmɔbɔ.*+

14 Nanso Sion kɔɔ so kaa sɛ:

“Yehowa apo me;+ Yehowa werɛ afi me.”+

15 Ɔbaa werɛ bɛtumi afi ne ba a ɔtua nufoɔ ano anaa?

Ne yam renhyehye no mma ne yam ba anaa?

Sɛ mmaa yi werɛ bɛfi mpo a, me deɛ, me werɛ remfi wo da.+

16 Hwɛ! Matwerɛ* wo din agu me nsayam; ɛrempepa.

W’afasuo wɔ m’anim daa.

17 Wo mma de ahoɔherɛ bɛsan aba.

Na wɔn a wɔdwirii wo guiɛ na wɔsɛee wo no bɛfiri wo nkyɛn akɔ.

18 Ma w’ani so na hwɛ wo ho hyia.

Wɔn nyinaa reboaboa wɔn ho ano.+

Wɔreba wo nkyɛn.

Na Yehowa aka sɛ: “Sɛ́ mete ase yi,

Wobɛhyɛ wɔn nyinaa te sɛ ataadeɛ a ɛyɛ fɛ,

Na wode wɔn ato wo kɔn mu sɛdeɛ ayeforɔ de kɔnmuadeɛ to ne kɔn mu no.

19 Ɛwom sɛ wɔsɛee w’asaase, ɛdaa mpan, na ɛdanee amamfo,+

Nanso afei deɛ, ɛhɔ bɛyɛ ketewa ama wɔn a wɔte hɔ no,+

Na wɔn a wɔmenee wo no+ bɛkɔ akyirikyiri.+

20 Na mma a wowoo wɔn berɛ a wo mma wuiɛ no, wɔbɛka ama woate sɛ,

‘Ɛha sua dodo ma me.

Ma me baabi wɔ ha ntena.’+

21 Na wobɛka no wɔ w’akomam sɛ,

‘Hwan na ɔwoo weinom maa me?

Ɛfiri sɛ meyɛ ɔbaa a mahwere me mma na meyɛ bonini,

Na wɔtuu me firii m’asaase so kɔe, na mekɔyɛɛ deduani.

Hwan na ɔtetee weinom?+

Hwɛ! Ɛkaa me nko ara,+

Enti weinom firi he?’”+

22 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Hwɛ! Mɛma me nsa so akyerɛ amanaman,

Na mɛma m’ahyɛnsodeɛ* so akyerɛ aman.+

Wɔbɛturu wo mma mmarima wɔ wɔn kokom.*

Na wɔde wo mma mmaa asi akɔnkɔn aba.+

23 Ahemfo bɛhwɛ wo,+

Na wɔn ahemmaa ama wo nufoɔ.

Wɔbɛkoto wo de wɔn anim abutubutu fam,+

Na wɔatafere wo nan ase mfuturo;+

Na wobɛhunu sɛ mene Yehowa;

Wɔn a wɔde wɔn ho to me so no ani renwu.”+

24 Wɔn a ɔsabarima akye wɔn no, obi bɛtumi agye wɔn afiri ne nsam anaa?

Na wɔn a otirimuɔdenfoɔ akye wɔn no, obi bɛtumi agye wɔn anaa?

25 Nanso deɛ Yehowa aka nie:

“Wɔn a ɔsabarima akye wɔn mpo, wɔbɛgye wɔn afiri ne nsam,+

Na wɔn a otirimuɔdenfoɔ akye wɔn no, wɔbɛgye wɔn.+

Deɛ ɔne wo di asie no, me ne no bɛdi asie,+

Na mɛgye wo mma.

26 Mɛma wɔn a wɔteetee wo no awe wɔn ankasa honam,

Na wɔn ankasa mogya bɛbo wɔn te sɛ nsã* dɔkɔdɔkɔ.

Na nnipa* nyinaa bɛhunu sɛ mene Yehowa,+

W’Agyenkwa+ ne wo Gyefoɔ,+

Yakob Tumfoɔ no.”+

50 Deɛ Yehowa aka nie:

“Awaregyaeɛ krataa a mede gyaa mo maame awareɛ no wɔ he?+

Na hwan na mede no ka a enti metɔn mo maa no?

Hwɛ! Mo ara mo mfomsoɔ nti+ na wɔtɔn mo,

Na mo ara mo mmarato nti na wɔpamoo mo maame.+

 2 Adɛn nti na mebaeɛ no na obiara nni ha?

Na adɛn nti na mefrɛeɛ no obiara annye so?+

Me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye mo anaa?

Anaa menni tumi a mede bɛyi mo?+

Hwɛ! Mede m’animka ma ɛpo we;+

Mema nsubɔnten dane anweatam.+

Emu nam porɔ, nsuo a ɛnni mu nti,

Na sukɔm nti, wɔwuwu.

 3 Mede sum kata ɔsoro,+

Na mede awerɛhoɔ ntoma* yɛ ne nkataho.”

 4 Awurade Tumfoɔ Yehowa ama me asuafoɔ kɛtrɛma,*+

Na mahunu asɛm a ɛfata* a mede bɛbua deɛ wabrɛ.*+

Ɔnyane me anɔpa biara;

Ɔnyane m’aso ma metie te sɛ asuafoɔ.+

 5 Awurade Tumfoɔ Yehowa abue m’aso,

Na mante atua.+

Mansan m’akyi.+

 6 Medanee m’akyi maa wɔn a wɔhwee me,

Na mede m’afono maa wɔn maa wɔtutuu ho nwi nyinaa.*

Mamfa m’anim anhinta animguaseɛ ne ntasuo.+

 7 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.+

Enti m’anim rengu ase.

Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɛboɔ a ɛyɛ den,+

Na menim sɛ m’ani renwu.

 8 Deɛ ɔbu me bem no bɛn me.

Hwan na ɔbɛtumi abɔ me soboɔ?*+

Ɔmma yɛnsɔre nnyina hɔ.*

Hwan na ɔne me wɔ asɛm?

Ma no mmɛn me.

 9 Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛboa me.

Hwan na ɔbɛbu me fɔ?

Hwɛ! Wɔn nyinaa bɛgo sɛ ntomago.

Nweweboaa bɛwe wɔn ama wɔasa.

10 Mo mu hwan na ɔsuro Yehowa,

Na ɔtie n’akoa asɛm?+

Hwan na wafa esum kabii mu a hann biara nni hɔ?

Ma no mfa ne ho nto Yehowa din so, na ɔmfa ne werɛ nhyɛ ne Nyankopɔn mu.

11 “Hwɛ! Mo a moasɔ gya,

A moma egya dɛre nyinaa,

Monnante mo gya no hann mu,

Egya a moama ɛredɛre no.

Deɛ mobɛnya afiri me nsam nie:

Yea mu na mobɛdeda hɔ.

51 “Montie me, mo a modi tenenee akyi,

Mo a morehwehwɛ Yehowa.

Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu

Ne baabi a wɔpae aboɔ a wɔtuu mo firiiɛ no.

 2 Monhwɛ mo agya Abraham,

Na monhwɛ Sara+ a ɔwoo mo no.*

Berɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ onipa baako pɛ.+

Ɛnna mehyiraa no maa no bɛyɛɛ pii.+

 3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+

Ɔbɛkyekye ne nkuro a asɛe nyinaa werɛ,+

Na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+

Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+

Anigyeɛ ne ahurisie,

Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+

 4 O me nkurɔfoɔ, montie me;

Me man, monyɛ aso mma me.+

Na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,+

Na mede m’atɛntenenee bɛtim hɔ de ayɛ hann ama aman.+

 5 Me tenenee abɛn.+

Me nkwagyeɛ bɛfiri adi,+

Na me basa bɛbu aman atɛn.+

Nsupɔ de wɔn ani bɛto me so,+

Na wɔbɛtwɛn me basa.*

 6 Momma mo ani so nhwɛ soro,

Na monhwɛ asaase wɔ fam.

Ɛfiri sɛ ɔsoro bɛhu akɔ te sɛ wisie,

Na asaase ago sɛ ntomago.

Wɔn a wɔtete so no bɛwuwu te sɛ ntontom.

Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,+

Na me tenenee to rentwa da.*+

 7 Montie me, mo a monim tenenee,

Nnipa a me mmara* wɔ mo akomam.+

Mommma onipa dasani adapaatwa mmmɔ mo hu,

Na mommma wɔn kasatia nntu mo akoma.

 8 Ɛfiri sɛ nweweboaa bɛwe wɔn te sɛ ataadeɛ,

Na mmoawammoawa awe wɔn te sɛ ataadeɛ a wɔde odwan nwi ayɛ.+

Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa,

Na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+

 9 O Yehowa basa,+ nyane! Nyane!

Fa ahoɔden hyɛ!

Nyane te sɛ deɛ woyɛɛ tete no, te sɛ deɛ woyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no mu no.

Ɛnyɛ wo na wobubuu Rahab*+ pasaa,

Na wode adeɛ wɔɔ aboa kɛseɛ a ɔda nsuo mu no?+

10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, na nsuo a emu dɔ mu nsuo saeɛ no?+

Ɛnyɛ wo na wopaee kwan too po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no faa so twaeɛ?+

11 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba.+

Wɔde anigyeɛ kɛseɛ bɛba Sion,+

Na ahurisidie bɛyɛ ahenkyɛ ama wɔn* daa.+

Anigyeɛ ne ahurisie ne wɔn bɛtena,

Na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane.+

12 “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.+

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosuro onipa dasani a ɔbɛwuo+

Ne onipa ba a ɔbɛtwintwam sɛ ɛserɛ mono?

13 Adɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfoɔ Yehowa,+

Deɛ ɔtrɛɛ ɔsoro mu+ na ɔtoo asaase fapem no?

Deɛ ɔhyɛ wo so* no abufuo nti, da biara da na wosuro,

Te sɛ deɛ ɔrebɛsɛe wo ara ni.

Seesei, ɛhe na deɛ ɔhyɛ wo so no abufuo wɔ?

14 Deɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no ama ne mu akõa no, ɛrenkyɛ wɔbɛgyaa no;+

Ɔrenwu nkɔ amena mu,

Na n’ano aduane remmɔ no.

15 Mene Yehowa, wo Nyankopɔn,

Deɛ ɔkanyan ɛpo ma n’asorɔkye bu fa so no.+

Asafo Yehowa ne ne din.+

16 Mede me nsɛm bɛhyɛ w’anom,

Na mede me nsa ase nwunu bɛkata wo so,+

Na mede ɔsoro asi hɔ, na mato asaase fapem,+

Na maka akyerɛ Sion sɛ, ‘Wone me man.’+

17 Nyane! Nyane! Sɔre ɛ, O Yerusalem,+

Wo a woanom Yehowa abufuhyeɛ kuruwa ano wɔ ne nsam.

Woanom kuruwa no ano;

Kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no, woatafere mu nyinaa.+

18 Ne mma a ɔwoo wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ no kwan,

Na ne mma a ɔtetee wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛsɔ ne nsa.

19 Nneɛma mmienu yi na ato wo.

Hwan na w’asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ?

Ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ, ɛkɔm ne sekan!+

Hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?+

20 Wo mma atwitwa ahwe.+

Wɔdeda mmantwea* wɔ mmɔnten so baabiara

Te sɛ wuram dwan a fidie ayi no.

Yehowa abufuhyeɛ ne wo Nyankopɔn animka amee wɔn.”

21 Enti mesrɛ wo tie wei,

O ɔbaa a wo ho yera wo, wo a woaboro nanso ɛnyɛ nsã* na abo woɔ.

22 Deɛ wo wura Yehowa, wo Nyankopɔn a ɔko ma ne nkurɔfoɔ aka nie:

“Hwɛ! Mɛgye kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no afiri wo nsam,+

Kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no;

Worennom ano bio da.+

23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha wo no nsam,+

Wɔn a wɔka kyerɛɛ wo* sɛ, ‘Butu hɔ na yɛmfa wo so’ no!

Enti wode w’akyi yɛɛ sɛ fam,

Te sɛ kurom kwan maa wɔnantee so.”

52 O Sion,+ nyane! Nyane! Fa ahoɔden hyɛ!+

O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’ataadeɛ

fɛfɛɛfɛ no!+

Ɛfiri sɛ deɛ wɔntwaa no twetia* ne deɛ ne ho nteɛ biara renwura wo mu bio.+

 2 O Yerusalem, poroporo wo ho mfuturo, sɔre na tena ase.

O Sion babaa a wɔakye wo, sane nhoma a ɛkyekyere wo kɔn no.+

 3 Na deɛ Yehowa aka nie:

“Wɔantɔn mo annye hwee,+

Na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.”+

 4 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Me man dii kan siane kɔɔ Egypt kɔtenaa hɔ sɛ ahɔhoɔ;+

Na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.”

 5 “Enti afei, deɛn na menyɛ wɔ ha?” Yehowa asɛm nie.

“Ɛfiri sɛ wɔfaa me man kwa.

Wɔn a wɔdi wɔn so no kɔ so hoahoa wɔn ho,”+ Yehowa asɛm nie.

“Na da biara da, da mũ nyinaa, wɔbu me din animtia.+

 6 Ɛno nti, me man bɛhunu me din;+

Ɛno nti, saa da no, wɔbɛhunu sɛ me ara mene Deɛ ɔrekasa no.

Hwɛ, ɛyɛ me a!”

 7 Deɛ ɔde asɛmpa nam mmepɔ so reba no, ne nan ase yɛ fɛ dodo!+

Deɛ ɔka asomdwoeɛ asɛm,+

Deɛ ɔka adepa ho asɛmpa,

Deɛ ɔka nkwagyeɛ asɛm,

Deɛ ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Wo Nyankopɔn abɛyɛ Ɔhene!”+

 8 Tie! W’awɛmfoɔ ama wɔn nne so.

Wɔn nyinaa abom rebɔ ose,

Ɛfiri sɛ Yehowa boaboa Sion ano ba a, wɔbɛhu no pefee.*

 9 Yerusalem kuro a asɛe, mo ani nnye, mommom mmɔ ose,+

Ɛfiri sɛ Yehowa akyekye ne man werɛ;+ wagye Yerusalem.+

10 Yehowa ayi ne basa kronkron no ho wɔ aman nyinaa anim;+

Asaase so nnipa nyinaa bɛhunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.*+

11 Montwe mo ho, montwe mo ho, momfiri hɔ,+ mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho nteɛ!+

Momfiri ne mu,+ monte mo ho,

Mo a moso Yehowa anwenneɛ.+

12 Na ɛnyɛ ahopopoɔ na mode bɛfiri hɔ,

Na morennwane nso.

Ɛfiri sɛ Yehowa bɛdi mo anim akɔ,+

Na Israel Nyankopɔn bɛdi mo akyi abɔ mo ho ban.+

13 Hwɛ! M’akoa+ de nteaseɛ* bɛyɛ adeɛ.

Wɔbɛma no diberɛ a ɛwɔ soro,

Wɔbɛma no gyinabea a ɛkorɔn, na wɔbɛma ne so papaapa.+

14 Nnipa pii a wɔhuu no no ho dwirii wɔn,

Ɛfiri sɛ wɔsɛee n’anim senee onipa biara deɛ,

Na wɔsɛee ne nipaban senee onipa deɛ;

15 Enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ hu.+

Ahemfo bɛka wɔn ano atom* wɔ n’anim,+

Ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔbɛhunu,

Na deɛ wɔntee da no, wɔbɛte.+

53 Hwan na wagye deɛ wate afiri yɛn nkyɛn no adi?+

Na hwan na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?+

 2 Ɔbɛyɛ sɛ dua a afifi+ wɔ n’anim,* te sɛ nhini wɔ asaase a ɛso awo so.

Ɔnyɛ onipa a ɔdi mu, na ɔnni animuonyam biara,+

Na yɛhu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma yɛaka akɔ ne ho.*

 3 Nnipa buu no animtia, na wɔpoo no;+

Ɔyɛ onipa a ɔhunuu yea na ɔhunuu sɛdeɛ yareɛ teɛ.

Ná ɛte sɛ deɛ wɔde n’anim ahinta yɛn.*

Nnipa buu no animtia, na yɛamfa no anyɛ hwee.+

 4 Nokorɛm no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa,+

Na ɔgyee yɛn yea hyɛɛ ne ho.+

Nso yɛbuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso, wahwe no, na wama ne ho ayera no.

 5 Nanso yɛn mmarato nti+ na wɔde adeɛ wɔɔ no;+

Yɛn mfomsoɔ nti na wɔbubuu no.+

Ɔgyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoeɛ,+

N’akuro nti, wɔsaa yɛn yareɛ.+

 6 Yɛn nyinaa afom kwan te sɛ nnwan;+

Obiara afa ne kwan.

Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+

 7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+

Nanso wammue n’ano.

Wɔde no kɔɔ te sɛ odwan a wɔrekɔku no,+

Te sɛ odwan a wɔretwitwa ne nwi a wayɛ komm,

Na wammue n’ano.+

 8 Wɔhyɛɛ ne so, na wɔde no kɔe a wɔammu atɛntenenee amma no;

Na hwan na ɔbɛha ne ho sɛ ɔbɛhunu n’awoɔ ntoatoasoɔ?*

Wɔtwaa no firii ateasefoɔ asaase so;+

Me man mmarato nti na wɔboroo no.*+

 9 Na ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ abɔnefoɔ+

Ne asikafoɔ* asieeɛ,+

Ɛwom sɛ wanyɛ bɔne* biara,

Na na nnaadaasɛm biara nni n’anom.+

10 Nanso, na ɛsɔ Yehowa ani* sɛ ɔbɛbubu no, enti ɔmaa no yaree.

Sɛ wode ne nkwa* bɛma sɛ afɔdie afɔreɛ+ a,

Ɔbɛhunu n’asefoɔ,* ɔbɛma ne nna akyɛ,+

Na ɛnam ne so na deɛ ɛsɔ Yehowa ani* bɛgyina.+

11 Ɔbɛhunu n’amanehunu,* na n’akoma atɔ ne yam.

M’akoa+ a ɔyɛ teneneeni no nam ne nimdeɛ so

Bɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea,+

Na wasoa wɔn bɔne.+

12 Ɛno nti, mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,

Na ɔne mmarima a wɔnim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu,

Ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa* too hɔ maa owuo,+

Na wɔkan no fraa mmaratofoɔ;+

Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+

Na ɔgyinaa mu maa mmaratofoɔ.+

54 “Bonini a wonwoeɛ, di ahurisie!+

Wo a wontee awoɔ yea da,+ ma w’ani nnye na bɔ ose,+

Ɛfiri sɛ ɔbaa a wɔapo no no mma mmarima* dɔɔso

Sene deɛ ɔwɔ kunu* no deɛ,”+ Yehowa asɛm nie.

 2 “Trɛ wo ntomadan mu.+

Ma wo ntomadan kɛseɛ no ntoma mu ntrɛ.

Twe mu ara. Ma wo ntomadan nhoma nyɛ atenten,

Na nnua a wode bɛbobɔ wo ntomadan mu atim fam no, ma emu nyɛ den.+

 3 Ɛfiri sɛ wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum.

Wo mma bɛfa aman adi so,

Na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe na wɔatena mu.+

 4 Nsuro,+ ɛfiri sɛ w’anim rengu ase;+

Mma w’ani nnwu, na wo nsa rensi fam.

Ɛfiri sɛ wo werɛ bɛfi wo mmabaaberɛm aniwuo,

Na worenkae wo kunayɛ mu animguaseɛ bio.”

 5 “Na wo Yɛfoɔ Kɛseɛ+ no te sɛ wo kunu,*+

Asafo Yehowa ne ne din,

Na Israel Kronkronni no ne wo Gyefoɔ.+

Wɔbɛfrɛ no asaase nyinaa Nyankopɔn.+

 6 Yehowa frɛɛ wo te sɛ ɔbaa a ne kunu apo no ama ɔredi awerɛhoɔ,*+

Te sɛ ɔbaa a ɔwaree ne mmabaaberɛm na wɔapo no,” wo Nyankopɔn na aka.

 7 “Mepoo wo berɛ tiaa bi,

Nanso mede mmɔborɔhunu kɛseɛ bɛboaboa wo ano asan aba.+

 8 Berɛ a me bo fuiɛ no,* mede m’anim hintaa wo berɛ tiaa bi,+

Nanso me dɔ a ɛnni hwammɔ a ɛwɔ hɔ daa nti, mɛhu wo mmɔbɔ,”+ wo Gyefoɔ+ Yehowa na aka.

 9 “Wei te sɛ Noa nna no ma me.+

Sɛdeɛ maka ntam sɛ Noa nsuo no renkata asaase so bio no,+

Saa ara na mereka ntam sɛ, me bo remfu wo bio, na merenka w’anim bio.+

10 Mmepɔ bɛfiri hɔ,

Na nkokoɔ bɛhinhim,

Nanso me dɔ a ɛnni hwammɔ remfiri wo so,+

Na m’asomdwoeɛ apam nso renhinhim,”+ Yehowa a ɔhu wo mmɔbɔ no na aka.+

11 “O ɔbaa a wo ho yera wo,+ wo a mframa abɔ wo a wonni awerɛkyekyerɛ biara,+

Mede dɔteɛ* a ɛyɛ den bɛhyehyɛ w’aboɔ,

Na mede hoaboɔ+ bɛto wo fapem.

12 W’aban atifi no, aboɔden aboɔ kɔkɔɔ na mede bɛsi,

Na mede aboɔ a ɛtwa yerɛwyerɛw* bɛyɛ wo kuro apono,

Na mede aboɔ a ne boɔ yɛ den ato w’ahyeɛ nyinaa.

13 Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wo mma mmarima* nyinaa,+

Na wo mma mmarima* asomdwoeɛ bɛdɔɔso.+

14 W’ase bɛtim wɔ tenenee mu.+

Wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛware,+

Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu,

Ɛfiri sɛ ɛremmɛn wo.+

15 Sɛ obi bɛto hyɛ wo so a,

Ɛnneɛ na ɛmfiri me.

Obiara a ɔbɛto ahyɛ wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase.”+

16 “Hwɛ! Me ara na mebɔɔ ɔtomfoɔ,

Deɛ ɔhu gya* mu,

Na ɔyɛ akodeɛ no.

Me ara nso na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛe adeɛ.+

17 Akodeɛ biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yie,+

Na kɛtrɛma biara a ɛbɛkasa atia wo wɔ atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ.

Wei ne Yehowa asomfoɔ agyapadeɛ,

Na wɔn tenenee firi me,” Yehowa na aka.+

55 Mommra, mo a nsukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsuo ho!+

Mo a monni sika, mommra, mommɛtɔ, na monni!

Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufosuo;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛboɔ biara nna so.+

 2 Adɛn nti na mokɔ so te sika tɔ deɛ ɛnyɛ aduane,

Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho?

Monyɛ aso ntie me, na monni adepa,+

Na mobɛdi* aduane pa* ama mo ani agye paa.+

 3 Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+

Montie, na mobɛnya* nkwa,

Na sɛdeɛ ɛteɛ biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+

Ɛfa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛba mu.*+

 4 Hwɛ! Mede no yɛɛ danseni+ maa amanaman,

Amanaman panin+ ne ɔsahene.+

 5 Hwɛ! Wobɛfrɛ ɔman a wonnim wɔn,

Na ɔman a wɔnnim wo de mmirika bɛba wo nkyɛn,

Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni no nti,+

Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ wo animuonyam.+

 6 Monhwehwɛ Yehowa berɛ a mobɛhu no.+

Momfrɛ no berɛ a ɔbɛn yi.+

 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+

Na onipabɔnefoɔ nsakra n’adwene;

Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+

Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+

 8 “Ɛfiri sɛ ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene,+

Na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan,” Yehowa asɛm nie.

 9 “Na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asaase no,

Saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan,

Na m’adwene korɔn sene mo adwene.+

10 Sɛdeɛ nsuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam

Na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asaase ma nneɛma fifi na ɛso,

Na ogufoɔ nya aba, na odifoɔ nya aduane no,

11 Saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anom bɛyɛ.+

Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+

Mmom, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛyɛ deɛ mepɛ,+

Na deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛbɛwie deɛ enti a mesomaa no no.

12 Mode anigyeɛ bɛkɔ,+

Na wɔde mo bɛba asomdwoeɛ mu.+

Mmepɔ ne nkokoɔ de anigyeɛ bɛbɔ ose wɔ mo anim,+

Na wuram nnua nyinaa abɔ wɔn nsam.+

13 Na papao dua bɛfifi wɔ nkasɛɛ ananmu.+

Dua a ɛyɛ hwam bɛfifi wɔ nsansono ananmu.

Na ɛbɛgye din ama Yehowa,+

Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a ɛrensɛe da.”

56 Deɛ Yehowa aka nie:

“Mommu atɛntenenee+ na monyɛ adetenenee.

Ɛfiri sɛ ɛrenkyɛ, me nkwagyeɛ bɛba

Na mɛyi me tenenee adi.+

 2 Anigyeɛ ne onipa a ɔdi weinom so,

Ne onipa dasani a ɔkura mu dendeenden,

Na ɔdi Homeda a ɔngu ho fĩ,+

Na ɔhwɛ ne nsa yie na wanyɛ bɔne biara.

 3 Ɔhɔhoɔ a waba Yehowa nkyɛn no,+ ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ,

‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛyi me afiri ne nkurɔfoɔ mu.’

Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima a wɔasa no ka sɛ, ‘Hwɛ! Meyɛ dua a awuo.’”

4 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ mmarima a wɔasa wɔn a wɔdi me homeda na wɔpaw deɛ mepɛ na wɔkura m’apam mu dendeenden nie:

 5 “Mɛma wɔn nkaeɛdum ne edin wɔ me fie ne m’afasuo mu,

Biribi a ɛsene mma mmarima ne mma mmaa.

Mɛma wɔn edin a ɛwɔ hɔ daa,

Deɛ ɛrensɛe da.

 6 Na ahɔhoɔ a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no

Na wɔadɔ Yehowa din,+

Na wɔayɛ n’asomfoɔ,

Wɔn a wɔdi Homeda a wɔngu ho fĩ

Na wɔkura m’apam mu dendeenden nyinaa no,

 7 Me nso mede wɔn

bɛba me bepɔ kronkron no so+

Na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.

Wɔn hyeɛ afɔreɛ ne wɔn afɔreɛ ahodoɔ nyinaa, wɔbɛgye no wɔ m’afɔrebukyia so.

Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+

8 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfoɔ a wɔahwete ano no+ aka nie:

“Mɛboaboa nnipa foforɔ ano aka ne nkurɔfoɔ a maboaboa wɔn ano dada no ho.”+

 9 Wuram mmoa nyinaa, kwaeɛ mu mmoa nyinaa,

Mommra mmɛdidi.+

10 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ.+ Wɔn mu biara nnim deɛ ɛrekɔ so.+

Wɔn nyinaa yɛ nkraman mum; wɔntumi mpɔ.+

Wɔhome hahyeehahyee, na wɔdeda hɔ; deɛ wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛtɔ nko.

11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane paa;*

Wɔdidi a wɔmmee.

Na wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ.+

Obiara afa ɔno ara ne kwan so;

Wɔn mu biara pɛ mfaso bɔne, na wɔka sɛ:

12 “Mommra, momma memfa nsã* kakra mmra,

Na momma yɛnwe nsã.*+

Ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ; ɛbɛyɛ dɛ koraa akyɛn nnɛ!”

57 Ɔteneneeni ayera,

Nanso ɛmfa obiara ho.

Wɔafa nnipa anokwafoɔ kɔ,*+

Na obiara nnwene ho sɛ wɔafa ɔteneneeni kɔ

Ɛsiane mmusuo no nti.*

 2 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu.

Wɔhome wɔ wɔn mpa so,* wɔn a wɔnam tenenee mu nyinaa.

 3 “Nanso mo deɛ, montwe mmɛn,

Mo a moyɛ ɔbaa sumanni mma,

Mo a moyɛ ɔwaresɛefoɔ ne tuutuuni asefoɔ:

 4 Hwan na moredi ne ho agorɔ no?

Hwan na moatɛɛ mo anom wɔ ne so, na moatwe mo kɛtrɛma yi?

Ɛnyɛ mo na moyɛ bɔne mma

Ne atorɔ asefoɔ no?+

 5 Ɛnyɛ mo na nna ho akɔnnɔ ahyɛ mo mã wɔ nnua akɛseɛ ntam+

Ne dua biara a ayɛ kusuu ase no?+

Ɛnyɛ mo na mokum mmɔfra wɔ abɔn* mu+

Ne abotan mu ntokuro mu no?

 6 Subɔn mu aboɔ a ɛho yɛ toromtorom ne wo kyɛfa.+

Na ɛno na wofaeɛ.

Wogu afɔrebɔ nsã mpo wɔ so, na wode akyɛdeɛ gu so.+

Menka m’akoma nto me yam* wɔ weinom ho anaa?

 7 Mmepɔ atenten a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa.+

Na woforo kɔɔ hɔ kɔbɔɔ afɔreɛ.+

 8 Wode wo nkaeɛ adeɛ sii ɛpono ne aponnwa akyi.

Wogyaa me hɔ, na woyii wo ho;

Woforoe, na wotrɛɛ wo mpa mu.

Na wo ne wɔn yɛɛ apam.

W’ani gyee ho sɛ wobɛda wɔn mpa so,+

Na wohwɛɛ wɔn mmarima dua.*

 9 Wode ngo siane kɔɔ Melek,*

Na wode sradehwam bebree kaa ho.

Wosomaa nnipa kɔɔ akyirikyiri,

Na wosiane kɔɔ Adamena* mu.

10 Wode wo tiri apempem wɔ w’akwan dodoɔ no mu.

Nanso woanka sɛ: ‘Ɛyɛ brɛ hunu!’

Wonyaa ahoɔden foforɔ.

Ɛno nti na wompa aba* no.

11 Hwan na ne ho yɛɛ wo hu na wosuroo no

A enti wofirii aseɛ dii atorɔ yi?+

Woankae me.+

Na woamfa hwee ansie w’akoma mu.+

Mayɛ komm, na mapɛ me baabi atena.*+

Ɛno nti wonsuro me.

12 Mɛma wo ‘tenenee’+ ne wo nnwuma ada adi,+

Na ɛso remma wo mfasoɔ.+

13 Sɛ wosu hwehwɛ mmoa a,

Abosom a woaboa wɔn ano no rennye wo.+

Mframa bɛhu wɔn nyinaa akɔ,

Na hwenem mframa kɛkɛ de wɔn nyinaa bɛkɔ.

Nanso deɛ ɔbɛdwane atoa me no bɛnya asaase no atena so,

Na ɔbɛfa me bepɔ kronkron no.+

14 Na wɔbɛka sɛ, ‘Mompae kwan, mompae kwan! Monsiesie kwan mu!+

Monyi akwansideɛ biara mfiri me man kwan mu.’”

15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kɛseɛ,

Deɛ ɔte ase daa*+ a ne din yɛ kronkron+ no asɛm nie:

“Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,+

Me ne wɔn a wɔabubuo ne mmɔborɔwafoɔ na ɛteɛ,

Sɛ mɛma mmɔborɔwafoɔ agyina wɔn nan so bio,

Na mama wɔn a wɔabubuo no akoma asan anya ahoɔden.+

16 Me ne wɔn renni asie daa,

Me bo remfu afebɔɔ;+

Me nti, nnipa* bɛhodwo,+

Abɔdeɛ a ɛhome a mayɛ wɔn nyinaa mpo.

17 Ne bɔne, ne mfaso bɔne+ a ɔdi akyire nti, me bo fui.

Enti mebɔɔ no, na mede m’anim hintae, na me bo fui.

Nanso ɔkɔɔ so nantee sɛ kobɔfoɔ,+ ɔdii n’akoma akyi.

18 Mahunu n’akwan,

Nanso mɛsa no yareɛ+ na madi n’anim.+

Na mɛsan ama ɔne wɔn a wɔne no redi awerɛhoɔ+ no anya awerɛkyekyerɛ.”+

19 Yehowa aka sɛ: “Mede ayeyie bɛhyɛ obi anom.*

Deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn bɛnya asomdwoeɛ daa,+

Na mɛsa no yareɛ.”

20 “Nanso abɔnefoɔ te sɛ po a ɛrebu fa so a ɛntumi nyɛ komm,

Na emu nsuo kɔ so pu wura ne atɛkyɛ.

21 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ,”+ me Nyankopɔn na aka.

58 “Team dendeenden; ntwentwɛn wo nan ase!

Ma wo nne nnyegye sɛ abɛn.

Ka me man atuateɛ kyerɛ wɔn,+

Na ka Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.

 2 Wɔhwehwɛ me da biara da,

Na wɔn ani gye+ ho sɛ wɔbɛhunu m’akwan,

Wɔayɛ wɔn ho sɛ ɔman a wɔdi asɛntenenee

A wɔmpoo wɔn Nyankopɔn atɛntenenee.+

Wɔbisa atɛntenenee firi me nkyɛn,

Na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtwe abɛn Onyankopɔn:

 3 ‘Adɛn nti na yɛyɛ akɔnkyene* na wonhunu?+

Na adɛn nti na yɛdi* awerɛhoɔ na ɛmfa wo ho yi?’+

Ɛfiri sɛ ɛda a moyɛ akɔnkyene no, moyɛ deɛ mopɛ,*

Na moteetee mo adwumayɛfoɔ.+

 4 Sɛ moyɛ akɔnkyene a, ɛkɔwie akasakasa ne ntɔkwa mu,

Na mobobɔ akuturuku atirimuɔden so.

Sɛ moyɛ akɔnkyene sɛdeɛ moyɛ no nnɛ yi a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛte mo nne

wɔ soro.

 5 Sei na ɛsɛ sɛ moyɛ akɔnkyene a maka sɛ monyɛ no anaa?

Ɛsɛ sɛ mode yɛ ɛda a obi di awerɛhoɔ,*

Na ɔsi ne tiri ase te sɛ ɛserɛ tenten,

Na ɔde awerɛhoɔ ntoma* ne nsõ yɛ ne mpa anaa?

Wei na mofrɛ no akɔnkyene ne ɛda a Yehowa ani sɔ no?

 6 Daabi, akɔnkyene a mepɛ nie:

Ɛne sɛ mobɛsanesane nkɔnsɔnkɔnsɔn a mode mia nkurɔfoɔ atirimuɔden so no,

Na moayi kɔndua nhoma,+

Na moama wɔn a wɔteetee wɔn no afa wɔn ho adi,+

Na moabubu kɔndua biara mu;

 7 Ɛne sɛ mo ne deɛ ɛkɔm de no bɛkyɛ mo aduane,+

Na mode ahiafoɔ ne wɔn a wɔnni baabi teɛ akɔ mo fie,

Mohunu sɛ obi da adagya a, mobɛkata ne ho,+

Na moremfa mo ho nhinta mo nua.

 8 Ɛba saa a, mo hann bɛhyerɛn sɛ adekyeeɛ,+

Na mo ayaresa bɛba ntɛm.

Mo tenenee bɛdi mo anim,

Na Yehowa animuonyam bɛdi mo akyi abɔ mo ho ban.+

 9 Afei wobɛfrɛ, na Yehowa bɛgye so;

Wobɛsu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ, ‘Menie!’

Sɛ woyi kɔndua firi wo mu,

Na wogyae wo nsa a wode kyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ so ne kasatia,+

10 Sɛ wode deɛ wo kɔn dɔ* ma deɛ ɛkɔm de no,+

Na woma deɛ ne werɛ aho* mee a,

Ɛnneɛ esum mu mpo, wo hann bɛhyerɛn,

Na wo sum kabii bɛyɛ sɛ awia ketee.+

11 Yehowa bɛdi w’anim daa,

Na ɔbɛma woamee* wɔ asaase a ɛso awo mpo so;+

Ɔbɛma wo nnompe mu ayɛ den,

Na woayɛ sɛ turo a nsuo nam mu yɔɔ,+

Te sɛ asutire a emu nsuo rensa da.

12 Wo nti nnipa bɛkyekyere tete nkuro a asɛe,+

Na awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no, wobɛsan ato wɔn fapem.+

Na wɔbɛfrɛ wo ɔyɛ-afasuo-yie,*+

Deɛ ɔsiesie akwan ma wɔtena ho.

13 Sɛ Homeda nti woanyɛ deɛ wopɛ,* wɔ me da kronkron no mu,+

Na wofrɛ Homeda sɛ anigyedeɛ, Yehowa da kronkron, ɛda a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no animuonyam,+

Na wohyɛ no animuonyam, na woanyɛ deɛ wopɛ, na woankeka nsɛnhunu a,

14 Ɛnneɛ wobɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu,

Na mɛma woafa asaase so mmepɔ ne nkokoɔ so.+

Na mɛma woadidi wo nana Yakob agyapadeɛ so,+

Ɛfiri sɛ Yehowa ano na aka.”

59 Hwɛ! Yehowa nsa nyɛ tia sɛ ɛbɛgye nkwa,+

Na n’asom nso nyɛ den* sɛ ɛbɛte asɛm.+

 2 Mmom, mo ara mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam atete.+

Mo bɔne nti, ɔde n’anim ahinta mo,

Na ɔntie mo.+

 3 Mogya akeka mo nsam,+

Na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ.

Mo ano ka atosɛm,+ na mo kɛtrɛma ka deɛ ɛntene.

 4 Obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ tenenee,+

Na obiara nni hɔ a ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛka nokorɛ wɔ asɛnnibea.

Wɔde wɔn ho to biribi a mfasoɔ nni soɔ*+ so, na wɔkeka nsɛnhunu.

Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo.+

 5 Ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nkosua na wɔpae,

Na wɔnwene ananse ntentan.+

Obiara a ɔdi wɔn nkosua no bɛwu,

Na sɛ wotia kosua no so a, ɛpae ahuritia.*

 6 Wɔn ntentan rentumi nyɛ ataadeɛ,

Na deɛ wɔyɛ no nso, wɔrentumi mfa nkata wɔn ho.+

Wɔn nnwuma yɛ mmusuo,

Na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+

 7 Wɔn nan tu mmirika kɔyɛ bɔne,

Na wɔyɛ ntɛm hwie nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya gu.+

Wɔn adwene nyinaa yɛ adwemmɔne;

Ɔsɛeɛ ne ahoyera wɔ wɔn akwan so.+

 8 Wɔnnim asomdwoeɛ kwan,

Na atɛntenenee nni wɔn akwan mu.+

Wɔakyeakyea wɔn akwan,

Na obiara a ɔfa so no renhunu asomdwoeɛ.+

 9 Ɛno nti na atɛntenenee ne yɛn ntam kwan aware,

Na tenenee nto yɛn no.

Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya kanea, nanso hwɛ! esum na ɛba;

Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya hann, nanso yɛkɔ so nante esum tumm mu.+

10 Yɛde yɛn nsa keka ban ho te sɛ anifirafoɔ,

Yɛde yɛn nsa keka nneɛma te sɛ wɔn a wɔnni ani.+

Yɛsunti awia ketee te sɛ deɛ yɛnam anadwo sum mu;

Yɛwɔ ahoɔdenfoɔ mu a, na yɛayɛ sɛ awufoɔ.

11 Yɛn nyinaa kɔ so pɔ te sɛ asisire,

Na yesũ mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ mmuruburo.

Yɛtwɛn atɛntenenee, nanso ebi nni hɔ;

Yɛhwɛ nkwagyeɛ kwan, nanso ɛmmɛn yɛn koraa.

12 Ɛfiri sɛ yɛn atuateɛ dɔɔso wɔ w’anim;+

Na yɛn bɔne biara di adanseɛ tia yɛn.+

Yɛnim yɛn atuateɛ,

Na yɛn bɔne nso, yɛnim.+

13 Yɛato mmara, na yɛapo Yehowa;

Yɛadane yɛn akyi akyerɛ yɛn Nyankopɔn.

Nhyɛsoɔ ne atuateɛ na yɛka ho asɛm;+

Yɛsusu atosɛm wɔ yɛn akomam, na nkontomposɛm pue firi yɛn anom.+

14 Wɔapamo atɛntenenee kɔ n’akyi,+

Na adetenenee akɔgyina akyirikyiri;+

Ɛfiri sɛ nokorɛ ahwe ase wɔ dwa so,

Na deɛ ɛtene ntumi mma hɔ.

15 Nokorɛ ayera,+

Na obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔsesa ne nneɛma fa.

Yehowa hunui, na n’ani annye ho,*

Ɛfiri sɛ na atɛntenenee biara nni hɔ.+

16 Ɔhuu sɛ obiara nni hɔ,

Na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ kamafoɔ biara nni hɔ.

Enti ɔno ara n’abasa de nkwagyeɛ bae,*

Na ɔno ara ne tenenee hyɛɛ no den.

17 Ɛnna ɔhyɛɛ tenenee sɛ dadeɛ ataadeɛ,

Na ɔde nkwagyeɛ* dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti.+

Ɔhyɛɛ awerɛdie sɛ n’ataadeɛ,+

Na ɔhyɛɛ ahokeka sɛ ataadeɛ ngugusoɔ.*

18 Deɛ wɔayɛ no, wɔbɛma wɔn ɛho akatua:+

Wɔn a wɔkyiri no no bɛnya n’abufuo; n’atamfo bɛnya asotwe.+

Na nsupɔ nso, ɔbɛtua wɔn ka.

19 Na wɔbɛsuro Yehowa din afiri atɔeɛ,*

Na wɔahyɛ no animuonyam afiri apueeɛ.*

Na ɔbɛba sɛ asubɔnten a ɛrebu fa so

A Yehowa honhom repia no.

20 “Ɔgyefoɔ+ no bɛba Sion,+

Ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afiri bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na aka.

21 “Na me deɛ, wei ne apam a me ne wɔn ayɛ,”+ Yehowa asɛm nie. “Me honhom a ɛwɔ wo so ne me nsɛm a mede ahyɛ w’anom no remfiri w’anom anaa wo mma* anom anaa wo mma mma* anom firi nnɛ kɔsi daa,” Yehowa na aka.

60 “O ɔbaa, sɔre+ na hyerɛn, ɛfiri sɛ wo hann apue.

Yehowa animuonyam ahyerɛn wo so.+

 2 Hwɛ! Esum bɛkata asaase so,

Na esum kabii akata amanaman so;

Nanso wo deɛ, Yehowa bɛhyerɛn wo so,

Na wɔbɛhunu n’animuonyam wɔ wo so.

 3 Aman bɛba wo hann ho,+

Na ahemfo+ aba w’animuonyam a ɛhyerɛn no ho.*+

 4 Ma w’ani so, na hwɛ wo ho nyinaa hyia!

Wɔaboaboa wɔn nyinaa ano; wɔreba wo nkyɛn.

Wo mma mmarima firi akyirikyiri; ba ara na wɔreba,+

Na wɔde wo mma mmaa bɛbobɔ wɔn nkyɛnmu.+

 5 Saa berɛ no, wobɛhunu na w’ani agye,+

Na w’akoma bɛhurihuri na adi ahurisie,

Ɛfiri sɛ wɔbɛma ɛpo mu ahonyadeɛ aba wo nkyɛn,

Na amanaman ahodeɛ bɛba wo nkyɛn.+

 6 Yoma bɛyɛ manyamanya akata w’asaase* so,

Midian ne Efa+ yomanini nkumaa.

Wɔn a wɔfiri Saba nyinaa bɛba;

Wɔbɛsoa sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ.*

Wɔbɛka Yehowa ayeyie akyerɛ.+

 7 Wɔbɛboaboa Kedar+ nnwan nyinaa ano abrɛ wo.

Na Nebaiot+ adwennini bɛsom wo.

Mɛgye wɔn atom ama wɔaba m’afɔrebukyia so,+

Na mɛma m’animuonyam fie* no ayɛ fɛ.+

 8 Hwannom na wɔtu ba sɛ mununkum yi,

Te sɛ mmuruburo a wɔreba wɔn buo mu yi?

 9 Me na nsupɔ de wɔn ani bɛto me so,+

Na Tarsis ahyɛn bɛdi animu,*

Na ɛde wo mma afiri akyirikyiri aba,+

Wɔne wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ.

Wɔde rebrɛ Yehowa wo Nyankopɔn din ne Israel Kronkronni no,

Ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo animuonyam.*+

10 Ahɔhoɔ bɛto w’afasuo,

Na wɔn ahemfo bɛsom wo.+

M’abufuo mu na mebɔɔ wo,

Nanso m’adom mu na mɛhu wo mmɔbɔ.+

11 Wɔbɛbuebue w’apono ato hɔ daa;+

Wɔrentoto mu awia anaa anadwo.

Wɔde aman ahodeɛ bɛbrɛ wo,

Na wɔn ahemfo bɛdi animu.+

12 Ɔman anaa ahennie biara a ɛrensom wo no bɛsɛe;

Na wɔbɛsɛe aman no pasapasa.+

13 Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn,+

Papao dua ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhorɔ dua nyinaa bɛbom aba,+

Na ɛbɛma me tenabea kronkron ayɛ fɛ;

Mɛhyɛ baabi a me nan si no animuonyam.+

14 Wɔn a wɔteetee wo no, wɔn mma bɛba abɛkoto w’anim;

Wɔn a wɔmfa wo nyɛ hwee no, wɔn nyinaa bɛkoto wo nan ase,

Na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro,

Israel Kronkronni no Sion.+

15 Wo a anka wɔagya wo koraa, na wɔtan wo, a obiara mfa wo kwan so no,+

Mɛma nkurɔfoɔ de wo ahoahoa wɔn ho daa,

Na wo nti, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛdi ahurisie.+

16 Wobɛnom amanaman nufosuo,+

Na woanom ahemfo nufo;+

Na wobɛhunu sɛ me, Yehowa, mene w’Agyenkwa,

Na Yakob Tumfoɔ no ne wo Gyefoɔ.+

17 Mede sika kɔkɔɔ bɛsi kɔbere ananmu,

Na mede dwetɛ asi dadeɛ ananmu,

Na kɔbere asi dua ananmu,

Na dadeɛ asi aboɔ ananmu.

Na mɛyi asomdwoeɛ sɛ wo hwɛfoɔ,

Na tenenee ayɛ w’adwuma so panin.*+

18 Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asaase so bio,

Na wɔrente ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ wɔ w’asaase so.+

Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie.

19 Ɛnyɛ awia na ɛbɛma wo hann awiaberɛ bio,

Na ɛnyɛ bosome hann na ɛbɛhyerɛn wo so.

Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+

Na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’ahoɔfɛ.+

20 W’awia rentɔ bio,

Na wo bosome rennum bio,

Ɛfiri sɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+

Na w’awerɛhoɔ nna bɛba awieeɛ.+

21 Wo man nyinaa bɛyɛ ateneneefoɔ,

Na wɔbɛfa asaase no adi so daa.

Wɔyɛ deɛ meduaeɛ a afefɛ,

Me nsa ano adwuma+ a ɛbɛma me ho ayɛ fɛ.+

22 Deɛ ɔyɛ ketewa no bɛdane apem,

Na deɛ ɔsua adane ɔman a ɛyɛ den.*

Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne berɛ mu.”

61 Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+

Ɛfiri sɛ Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefoɔ.+

Wasoma me sɛ memmɛkyekyere akoma a abubuo,

Na memmɛka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakye wɔn,

Na menka nkyerɛ wɔn a wɔda afiase no sɛ wɔn ani bɛbue kɛse.+

 2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa adom* afe

Ne ɛda a yɛn Nyankopɔn de bɛtua bɔne so ka,+

Na menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ.+

 3 Wasoma me sɛ memmɛboa wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhoɔ no,

Na memma wɔn abotire mfa nsi nsõ ananmu,

Na memma wɔn ahurisie ngo mfa nsi awerɛhoɔ ananmu,

Ne ayeyie ataadeɛ mfa nsi abasamtuo honhom ananmu.

Na wɔbɛfrɛ wɔn tenenee nnua akɛseɛ,

Nnua a Yehowa atɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ ne ho animuonyam.*+

 4 Wɔbɛsan akyekyere tete nkuro a asɛe no bio;

Wɔbɛma mmeaeɛ a asɛe firi teteete no so agyina hɔ bio.+

Wɔbɛsan ama nkuro a asɛe no ayɛ foforɔ,+

Mmeaeɛ a obiara antena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ pii mu no.+

 5 “Ahɔhoɔ+ bɛba abɛhwɛ mo nnwan,

Na ananafoɔ bɛhwɛ mo mfuo ne mo bobefuo* so.+

 6 Mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfoɔ;+

Wɔbɛfrɛ mo yɛn Nyankopɔn asomfoɔ.

Mobɛdi amanaman ahonyadeɛ,+

Na mode wɔn animuonyam* bɛhoahoa mo ho.

 7 Aniwuo bɛkɔ ama moanya nhyira* mmɔho,

Na animguaseɛ bɛkɔ ama wɔadi wɔn kyɛfa ho ahurisie.

Aane, wɔbɛnya agyapadeɛ mmɔho wɔ wɔn asaase so.+

Na wɔbɛdi ahurisie daa.+

 8 Ɛfiri sɛ me, Yehowa, medɔ atɛntenenee;+

Mekyiri korɔno ne adeɛ a ɛntene.+

Mɛtua wɔn ka nokorɛ mu,

Na me ne wɔn bɛyɛ daa apam.+

 9 Wɔbɛhunu wɔn mma* wɔ amanaman mu,+

Ne wɔn asefoɔ wɔ aman mu.

Na obiara a ɔhu wɔn no bɛhunu sɛ

Wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn.”+

10 Mɛdi ahurisie kɛse wɔ Yehowa mu.

Me nipadua nyinaa* ani bɛgye wɔ me Nyankopɔn mu.+

Ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ ataadeɛ ahyɛ me;+

Ɔde tenenee ataadeɛ* ahyɛ me,

Te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+

Te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.

11 Na sɛdeɛ asaase ma nneɛma fifi,

Na turo ma nneɛma a wɔadua wom fifi no,

Saa ara na Awurade Tumfoɔ Yehowa

Bɛma tenenee+ ne ayeyie afifi+ wɔ aman nyinaa anim.

62 Sion nti, merenyɛ komm,+

Na Yerusalem nti, merenkɔ so ntena hɔ dinn,

Kɔsi sɛ ne tenenee bɛpue sɛ kanea a ɛhyerɛn,+

Na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ gya.+

 2 “O ɔbaa,+ aman bɛhunu wo tenenee,

Na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam.+

Na wɔde din foforɔ bɛfrɛ wo,+

Edin a Yehowa ankasa ano bɛkyerɛ no.

 3 Wobɛyɛ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ wɔ Yehowa nsam,

Ne ahemfo abotire wɔ wo Nyankopɔn nsayam.

 4 Wɔremfrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔapo no+ bio,

Na wɔremfrɛ w’asaase sɛ asaase a asɛe+ bio.

Wɔbɛfrɛ wo M’ani Gye Ne Ho,+

Na wɔbɛfrɛ w’asaase Deɛ Waware.

Ɛfiri sɛ Yehowa ani bɛgye ne ho,

Na w’asaase bɛyɛ sɛ obi a waware.

 5 Sɛdeɛ aberanteɛ ware ɔbaabunu no,

Saa ara na wo mma mmarima bɛware wo.

Na sɛdeɛ ayeforɔkunu di ayeforɔ ho ahurisie no,

Saa ara na wo Nyankopɔn bɛdi wo ho ahurisie.+

 6 O Yerusalem, mede awɛmfoɔ asisi w’afasuo so.

Daa, awia ne anadwo nyinaa, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ komm.

Mo a mobɔ Yehowa din nyinaa,

Monnhome.

 7 Mommma no nnhome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem agyina pintinn,

Aane, kɔsi sɛ ɔde no bɛyɛ asaase so ayeyie.”+

 8 Yehowa de ne nsa nifa ne ne basa denden aka ntam sɛ:

“Meremfa w’aduane mma w’atamfo bio,

Na ahɔhoɔ rennom bobesa foforɔ a woabrɛ ho no bio.+

 9 Mmom wɔn a wɔboaboa aduane ano no na wɔbɛdie, na wɔayi Yehowa ayɛ;

Na wɔn a wɔsesa bobe no na wɔbɛnom nsã* wɔ m’adihɔ kronkron hɔ.”+

10 Monsene, monsene mfa kuro no apono mu.

Monsiesie kwan mma ɔman no.+

Mompae, mompae kwantempɔn no.

Monyiyi ɛso aboɔ nyinaa.+

Momfa ahyɛnsodeɛ* nsi hɔ mma nkurɔfoɔ no.+

11 Hwɛ! Yehowa ama wɔate akɔduru asaase ano nohoa sɛ:

“Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ,

‘Hwɛ! Wo nkwagyeɛ reba.+

Hwɛ! N’akatua ka ne ho,

Na deɛ ɔde tua ka di n’anim.’”+

12 Wɔbɛfrɛ wɔn ɔman kronkron, wɔn a Yehowa agye wɔn,+

Na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔahwehwɛ No, Kuro a Wɔannya No.+

63 Hwan na ɔfiri Edom+ reba yi,

Deɛ ɔhyɛ ataadeɛ a ɛhyerɛn* firi Bosra+ reba,

Deɛ n’ataadeɛ yɛ fɛ,

Na ɔde tumi mmorosoɔ reyi akyẽa yi?

“Ɛyɛ me, Deɛ ɔkasa tenenee mu,

Deɛ ɔwɔ tumi kɛseɛ a ɔde gye nkwa no.”

 2 Adɛn nti na w’ataadeɛ ayɛ kɔɔ,

Na adɛn nti na w’ataadeɛ te sɛ obi a ɔtiatia amena a wɔkyĩ nsã wom mu yi?+

 3 “Me nko ara na metiatiaa amena a wɔkyĩ nsã wom no mu.

Ná ɔmanfoɔ no mu biara nka me ho.

M’abufuo mu na metiatiaa wɔn so,

Na m’aniberɛ mu na metiatiaa wɔn so.*+

Wɔn mogya bɔ petee me ntaadeɛ mu

Maa me ntaadeɛ nyinaa mu sɛee.

 4 Ɛda a mede bɛtua bɔne so ka no,+ masi ho gyinaeɛ wɔ m’akomam,

Na afe a mede bɛgye me nkurɔfoɔ no aduru.

 5 Mehwɛe, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ;

Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara ammɛboa.

Enti me basa na ɛgyee me nkwa,*+

Na me ankasa m’abufuo na ɛboaa me.

 6 Metiatiaa amanaman so m’abufuo mu,

Memaa wɔnom m’abufuo boroe,+

Na mehwiee wɔn mogya guu fam.”

 7 Mɛka Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ akyerɛ,

Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyie no.

Mɛka akyerɛ, ɛsiane deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+

Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fie,

Sɛdeɛ ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ teɛ no.

 8 Na ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ me man ampa, mma a wɔrenni hwammɔ.”*+

Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+

 9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+

Na ɔno ara ne bɔfoɔ* gyee wɔn.+

Ne dɔ ne n’ahummɔborɔ nti, ɔgyee wɔn,+

Na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete mmerɛ no nyinaa.+

10 Nanso wɔtee atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ hoe.+

Enti ɔdane bɛyɛɛ wɔn tamfo,+

Na ɔko tiaa wɔn.+

11 Na wɔkaee tete mmerɛ no,

N’akoa Mose berɛ so:

“Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu no wɔ he?+

Na deɛ ɔde Ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+

12 Deɛ ɔmaa Ne basa a ɛwɔ animuonyam no dii Mose nsa nifa so kɔeɛ,+

Na ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim+

De gyee din+ a ɛwɔ hɔ daa no wɔ he?

13 Deɛ ɔmaa wɔnantee nsuo a ɛrebu fa so* mu

Sɛdeɛ pɔnkɔ nante serɛ so,

Na wɔansunti no, ɔwɔ he?

14 Sɛdeɛ mmoa siane kɔ asaasetraa so kɔhome no,

Saa ara na Yehowa honhom maa wɔhomeeɛ.”+

Saa na wodii wo man anim

De gyee din a animuonyam wom maa wo ho.+

15 Firi soro hwɛ,

Firi wo tenabea kronkron a ɛwɔ animuonyam* hɔ na hwɛ.

W’ahokeka ne w’ahoɔden kɛseɛ,

W’ayamhyehyeɛ+ ne wo mmɔborɔhunu+ no wɔ he?

Woatwe afiri me ho.

16 Wone yɛn Agya;+

Ebia Abraham nnim yɛn

Na ebia Israel renkae yɛn,

Nanso wo, Yehowa, wone yɛn Agya.

Wo din ne yɛn Gyefoɔ+ firi tete.

17 O Yehowa, adɛn nti na woma yɛmane firi w’akwan so?

Adɛn nti na woma yɛn akoma pirim na yɛnsuro wo yi?+

Wo nkoa nti san bra,

Mmusua a wɔyɛ w’agyapadeɛ nti.+

18 Ɛbɛdii wo man kronkron no nsam berɛ tiaa bi.

Yɛn atamfo atiatia wo tenabea kronkron so.+

19 Berɛ tenten nie, yɛayɛ sɛ nnipa a wonnii yɛn so da,

Te sɛ wɔn a wɔmfaa wo din mfrɛɛ wɔn da.

64 O, sɛ anka wotetee ɔsoro mu siane baa fam

Maa wo nti, mmepɔ wosoe,

 2 Sɛdeɛ egya hye anyina,

Na egya ma nsuo huru no a,

Anka w’atamfo bɛhunu wo din,

Na aman ho apopo w’anim!

 3 Berɛ a woyɛɛ anwanwadwuma a ɛnsɛ mfata yɛn no,+

Wosiane baa fam, na mmepɔ wosoo wɔ w’anim.+

 4 Ɛfiri tete, obiara nteeɛ na ɛntwaa obiara aso mu,

Na ani biara nhuu Onyankopɔn bi a ɔdi ma wɔn a wɔkɔ so twɛn no,*+

Gye wo nko ara.

 5 Woahyia wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene,+

Wɔn a wɔkae wo na wɔfa w’akwan so no.

Hwɛ! Wo bo fui berɛ a yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne no;+

Yɛtenaa bɔne no mu kyɛe.

Afei wobɛgye yɛn nkwa anaa?

 6 Yɛn nyinaa abɛyɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,

Na adetenenee a yɛyɛ nyinaa te sɛ ntoma a ɔbaa yɛ bra a ɔde siesie ne ho.*+

Yɛn nyinaa yɛbɛtwintwam te sɛ ahaban,

Na yɛn bɔne bɛsoa yɛn akɔ sɛ mframa.

 7 Obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din,

Na obiara nni hɔ a ɔkanyan ne ho na ɔsɔ wo mu,

Ɛfiri sɛ wode w’anim ahinta yɛn,+

Na yɛn bɔne nti,* woama yɛasa.*

 8 Afei, O Yehowa, wone yɛn Agya.+

Yɛyɛ dɔteɛ, na wone yɛn Nwemfoɔ;*+

Yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

 9 O, Yehowa, mma wo bo mmfu dendeenden,+

Na nkae yɛn mfomsoɔ daa.

Yɛsrɛ wo, hwɛ yɛn, na yɛn nyinaa yɛ wo man.

10 Wo nkuro kronkron adane serɛ.

Sion adane serɛ,

Na Yerusalem asɛe.+

11 Yɛn fie* kronkron a ɛwɔ animuonyam* no,

Baabi a yɛn agyanom yii wo ayɛ no,

Wɔde gya ahye,+

Na nneɛma a na ɛsom bo ma yɛn no nyinaa asɛe.

12 O Yehowa, wei nyinaa akyi, wobɛkɔ so ara ayi w’ani?

Wobɛtena hɔ dinn ama yɛn ho akyere yɛn dendeenden saa?+

65 “Wɔn a wɔammisa m’ase no, mama wɔahwehwɛ me;

Wɔn a wɔanhwehwɛ me no, mama wɔahu me.+

Ɔman a wɔammɔ me din no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Menie, menie!’+

 2 Matrɛ me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+

Wɔn a wɔnam kwammɔne so+

A wɔdi wɔn ankasa adwene akyi;+

 3 Ɔman a wɔgyina m’anim daa hyɛ me abufuo,+

Na wɔbɔ afɔreɛ wɔ nturo mu,+ na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ birikisi so.

 4 Wɔtete asieeɛ,+

Na wɔda baabi a ahinta* ma adeɛ kye;

Wɔwe prakonam,+

Na akyiwadeɛ nkwan* wɔ wɔn nkukuo mu.+

 5 Wɔka sɛ, ‘Gyina nkyɛn; mmɛn me,

Ɛfiri sɛ meyɛ kronkron sene wo.’*

Weinom yɛ wisie wɔ me hwenem, egya a ɛdɛre daa.

 6 Hwɛ! Wɔatwerɛ wɔ m’anim;

Merentena hɔ komm,

Na mmom mɛtua wɔn ka,+

Mede wɔn akatua nyinaa bɛma wɔn.*

 7 Mɛtua wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne so ka,”+ Yehowa na aka.

“Ɛsiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so,

Na wɔguu me ho fĩ wɔ nkokoɔ so+ nti,

Mɛdi kan asusu wɔn akatua nyinaa ama wɔn.”*

 8 Asɛm a Yehowa aka nie:

“Sɛdeɛ wɔnya bobesa foforɔ firi bobe* mu a,

Obi ka sɛ, ‘Nsɛe no, ɛfiri sɛ adepa* bi wom’ no,

Saa ara na me nkoa nti mɛyɛ;

Merensɛe wɔn nyinaa.+

 9 Mede aseni* bi bɛfiri Yakob mu aba,

Na Yuda mu na mɛyi deɛ me mmepɔ bɛyɛ ne dea;+

Wɔn a mayi wɔn no bɛfa,

Na me nkoa atena hɔ.+

10 Saron+ bɛyɛ nnwan adidibea

Na Akor Bɔn*+ ayɛ anantwie ahomegyebea

Ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me no.

11 Nanso moka wɔn a wɔagya Yehowa hɔ no ho,+

Wɔn a wɔn werɛ afi me bepɔ kronkron no,+

Wɔn a wɔto pono ma onyame a ɔma nkurɔfoɔ tiri yɛ yie

Ne wɔn a wɔhyɛ nsã* a wɔafrafra wɔ kuruwa mu ma Nkrabea nyame.

12 Enti mede mo bɛma sekan,+

Na mo nyinaa mobɛkoto ama wɔaku mo,+

Ɛfiri sɛ mefrɛe, nanso moannye so,

Mekasae, nanso moantie;+

Mokɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,

Na mopaw deɛ m’ani nnye ho.”+

13 Wei nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:

“Hwɛ! Me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, ɛkɔm bɛde mo.+

Hwɛ! Me nkoa bɛnya nsuo anom,+ na mo deɛ, sukɔm bɛde mo.

Hwɛ! Me nkoa ani bɛgye,+ na mo deɛ, mo ani bɛwu.+

14 Hwɛ! Akoma mu anigyeɛ nti, me nkoa bɛdi ahurisie,

Na mo deɛ, akoma mu yea nti, mobɛsu,

Na honhom a abubuo nti, mobɛsu ateatea mu.

15 Mobɛgya din, na wɔn a mayi wɔn no de bɛka ntam,

Na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛkunkum mo mmaako mmaako,

Na ɔno ara ne nkoa deɛ, ɔde din foforɔ bɛfrɛ wɔn,+

16 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔhwehwɛ nhyira wɔ asaase so no,

Nokorɛ* Nyankopɔn no bɛhyira no.

Na obiara a ɔka ntam wɔ asaase so no,

Ɔde nokorɛ* Nyankopɔn no bɛka ntam.+

Na wɔrenkae kane amanehunu no;

M’ani renhunu bio.+

17 Na hwɛ! Merebɔ ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ;+

Na wɔrenkae kane nneɛma no bio,

Na ɛremma akomam bio.+

18 Enti monni ahurisie na momma mo ani nnye daa, adeɛ a merebɔ no nti.

Na hwɛ! Merebɔ Yerusalem ama ɛde anigyeɛ aba,

Na merebɔ emufoɔ ama wɔde ahurisie aba.+

19 M’ani bɛgye Yerusalem ho na madi me man ho ahurisie;+

Wɔrente sɛ obi resu anaa obi rebɔ bena wɔ mu bio.”+

20 “Wɔrenhunu akɔkoaa a wannyini ankyɛ bio,

Anaa akɔkoraa a wanni ne nna anwie.

Sɛ obi di mfeɛ ɔha na ɔwu a, wɔbɛbu no sɛ ɔyɛ abarimaa.

Na ɔbɔnefoɔ deɛ, sɛ ɔdi mfeɛ ɔha mpo a, wɔbɛdome no.*

21 Wɔbɛsisi adan atena mu,+

Na wɔayeyɛ bobefuo* adi mu aba.+

22 Wɔrensisi adan mma obi foforɔ mmɛtena mu,

Na wɔrennua mma obi mmɛdi.

Ɛfiri sɛ me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+

Na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.

23 Wɔrenyɛ adwuma* mmrɛ ngu kwa,+

Na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusuo renka wɔn,

Ɛfiri sɛ wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn,+

Wɔne wɔn asefoɔ.+

24 Ansa na wɔbɛfrɛ mpo, na magye so;

Na wɔgu so rekasa no, mɛtie.

25 Pataku ne odwan ba bɛbom adidi,

Na gyata awe wura sɛ nantwie,+

Na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.

Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.

66 Deɛ Yehowa aka nie:

“Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asaase yɛ me nan ntiasoɔ.+

Enti efie bɛn na mobɛtumi asi ama me,+

Na homebea bɛn na mode bɛma me?”+

 2 “Me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa,

Na saa ara na ɛyɛeɛ a ne nyinaa baeɛ,” Yehowa asɛm nie.+

“Enti, deɛ mɛhwɛ no ne

Obi a ɔbrɛ ne ho ase a ne honhom abubuo; deɛ m’asɛm nti ne ho popo.*+

 3 Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum onipa.+

Deɛ ɔde odwan bɔ afɔreɛ no te sɛ deɛ ɔbu kraman kɔn mu.+

Deɛ ɔde afɔrebɔdeɛ ba no te sɛ deɛ ɔde prako

mogya ba.+

Deɛ ɔhye ɛhyɛ*+ de yɛ nkaeɛ no te sɛ deɛ ɔkankye de hyira obi.*+

Wɔafa wɔn ankasa akwan,

Na wɔn ani gye akyiwadeɛ ho.*

 4 Enti mɛfa akwan bi so atwe wɔn aso,+

Na nneɛma a wɔsuro no, ɛno ara na mede bɛba wɔn so.

Ɛfiri sɛ berɛ a mefrɛeɛ no, obiara annye so;

Berɛ a mekasaeɛ no, obiara antie.+

Wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,

Na deɛ m’ani nnye ho na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ.”+

 5 Montie Yehowa asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo:*

“Mo nuanom a me din nti wɔtan mo na wɔpo mo no kaa sɛ, ‘Animuonyam nka Yehowa!’+

Nanso Ɔbɛba na wama mo ani agye,

Na wɔn mmom na wɔn ani bɛwuo.”+

 6 Gyegyeegye bi wɔ kuro no mu, na dede bi wɔ asɔrefie hɔ!

Ɛyɛ Yehowa na ɔretua n’atamfo ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.

 7 Awoɔ nnya nkaa no no, na wawo dada.+

Ɔnnya ntee awoɔ mu yea* no, na wawo ɔbabarima.

 8 Hwan na wate asɛm yi bi pɛn?

Hwan na wahunu biribi a ɛte sɛ wei pɛn?

Wɔwo asaase da koro anaa?

Anaa wɔwo ɔman prɛko pɛ?

Nanso awoɔ kaa Sion pɛ na ɔwoo ne mma mmarima.

 9 “Mɛma abɔfra abɛduru awodeɛ ano a meremma wɔnwo no anaa?” Yehowa na aka.

“Anaa mɛma awoɔ aka obi na mato n’awodeɛ mu?” Wo Nyankopɔn na aka.

10 Mo a modɔ Yerusalem nyinaa,+ mo ne no nni ahurisie+ na mo ani nnye.

Mo a moredi ne ho awerɛhoɔ nyinaa, mo ne no nni ahurisie kɛseɛ,

11 Ɛfiri sɛ mobɛnom n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee,

Na mobɛtwe nufoɔ no mii, na moanya anigyeɛ wɔ n’animuonyam mmorosoɔ no mu.

12 Na deɛ Yehowa aka nie:

“Mɛma no anya asomdwoeɛ te sɛ asubɔnten+

Na wanya amanaman animuonyam te sɛ nsuo a ayiri.+

Mobɛnom nufoɔ, na wɔbɛturu mo wɔ wɔn nkyɛnmu.

Na wɔbɛgyegye mo agorɔ wɔ wɔn nan so.

13 Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne babarima werɛ no,

Saa ara na mɛkɔ so akyekye mo werɛ;+

Na Yerusalem nti, mo werɛ bɛkyekye.+

14 Mobɛhunu wei, na mo akoma ani bɛgye,

Mo nnompe bɛyɛ kama te sɛ ɛserɛ mono.

Na Yehowa nkoa bɛhunu ne nsa,*

Na n’atamfo deɛ, n’ani bɛbere wɔn so paa.”+

15 “Na Yehowa bɛba te sɛ egya,+

Na ne nteaseɛnam bɛba te sɛ ahum,+

Na ɔde aniberɛ bɛtua wɔn ka n’abufuo mu,

Na ɔde egya a ɛredɛre aka wɔn anim.+

16 Na Yehowa de egya bɛbu atɛn,

Aane, ɔde ne sekan bɛkunkum ɔhonam nyinaa;*

Na wɔn a Yehowa bɛkunkum wɔn no bɛdɔɔso.

17 “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo* mu,+ na wɔkɔdi deɛ ɛwɔ mfimfini no akyi, na wɔwe prakonam+ ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nkura+ no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba abom,” Yehowa na aka. 18 “Menim wɔn nnwuma ne wɔn adwene. Enti mereba abɛboaboa amanaman ne kasa hodoɔ nyinaa mu nnipa ano, na wɔbɛba abɛhunu m’animuonyam.”

19 “Na mede sɛnkyerɛnne bi bɛsi wɔn mu, na mɛsoma wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no bi akɔ amanaman no mu; wɔbɛkɔ Tarsis,+ Pul ne Lud,+ wɔn a wɔkuntunu agyan no nkyɛn. Wɔbɛkɔ Tubal ne Yawan;+ wɔbɛkɔ nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri, wɔn a wɔntee me ho asɛm na wɔnhunuu m’animuonyam no nkyɛn. Na wɔbɛka m’animuonyam wɔ amanaman mu.+ 20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛdeɛ. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɛko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfunumupɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn akyɛdeɛ gu adeɛ* a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,” Yehowa na aka.

21 “Na mɛyi wɔn mu bi nso ayɛ wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Yehowa na aka.

22 “Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ+ a mereyɛ no bɛkɔ so agyina m’anim no, saa ara na mo asefoɔ* ne mo din bɛkɔ so agyina,” Yehowa na aka.+

23 “Na bosome foforɔ biara ne homeda biara,

Ɔhonam* nyinaa bɛba abɛbu nkotodwe wɔ m’anim,”*+ Yehowa na aka.

24 “Na wobɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔte me so atua no afunu;

Mmoaa a adɔre afunu no renwu,

Na egya a ɛhye wɔn no nso, ɛrennum da,+

Na wɔbɛyɛ abofonodeɛ ama nnipa* nyinaa.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Nkwagyeɛ.”

Anaa “Mayɛn.”

Anaa “deɛ ɔtɔɔ no.”

Anaa “ne wura.”

Anaa “wɔasɛe!”

Anaa “asɛm nni ho.’

Anaa “Wɔntotõeɛ.”

Anaa “sese.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “sodifoɔ.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “Nkonyaa.”

Anaa “Me kra kyiri.”

Anaa “Monnware.”

Anaa “hwiit nsã.”

Anaa “braeb.”

Anaa “dɔw.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nnua ne nturo a wɔde som abosom.

Anaa “ahoma.”

Anaa “egya a ɛreturituri.”

Anaa “Awieeɛ mmerɛ.”

Anaa “n’atempɔn.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “nsekan a wɔde kɔ ɛko.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.

Anaa “ananafoɔ.”

Anaa “Abosonhunu.”

Anaa “Onipa ahantan ani.”

Anaa “Na wɔbɛbrɛ nnipa ahomasoɔ ase.”

Anaa “ne obiara a n’ani tra n’ani ntɔn.”

Anaa “Na wɔbɛbrɛ nnipa ahomasoɔ ase.”

Anaa “abotan ntokuro.”

Aboa bi a ɔte sɛ akura; ɔdidi paa.

Anaa “Ɔyɛ onipa a ɔhome fa ne hwenem.”

Anaa “Merenyɛ mo yaresafoɔ.”

Nt., “Wɔate n’animuonyam anim atua.”

Anaa “bu wɔn fɔ.”

Anaa “Wɔn kra nnue.”

Nt., “Wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “wɔnante twetwe wɔn kɔn (wɔn mene).”

Anaa “adɔre ntwom.”

Anaa “abomu.”

Nt., “Akra adan.”

Anaa “Nkawa a yɛde hyɛ nsateaa.”

Anaa “Atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, etwã a nkoa ne nneduafoɔ nya berɛ a wɔde dadeɛ to gya mu hye wɔn de hyɛ wɔn nso.

Kyerɛ sɛ, sugyadie ne boniniyɛ ho aniwuo.

Anaa “Yehowa nkorabata.”

Anaa “honhom a ɛredɛre.”

Nt., “tiafi.”

Anaa “sese.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “bobe pa kɔkɔɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ahoma du.”

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ama ne kra yam abae.”

Anaa “kuro no animuonyam.”

Anaa “atɛntenenee.”

Anaa “Mmoa a wɔadɔre sradeɛ amamfo so na ahɔhoɔ bɛdidie.”

Anaa “gyinaeɛsie; agyinatuo.”

Anaa “bobesa nom.”

Anaa “nsã a ano yɛ den a wɔde frafra.”

Anaa “braeb.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “frankaa.”

Anaa “n’ani twan so.”

Anaa “ayɛ krado sɛ wɔde bɛto agyan.”

Anaa “twerɛboɔ.”

Anaa “agyatanini.”

Nt., “deɛ ɔfrɛeɛ no nne.”

Anaa “afɔdie.”

Anaa “aba.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wantumi.”

Ɛkyerɛ, “Nkaefoɔ Kakraa Bi Na Wɔbɛsan Aba.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nkɔhunahuna no.”

Anaa “yɛnkɔbu n’afasuo ngu mu.” Nt., “yɛnkɔpae mu.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Ɔbaabunu.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Yɛn Wɔ Hɔ.”

Anaa “nsuwansuwa.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “ɔdasani twerɛdua.”

Ɛbɛtumi akyerɛ “Ɔde Mmirika Reba Asadeɛ No Ho, Ɔde Ahoɔherɛ Reba Asadeɛ No Ho.”

Kyerɛ sɛ, Yesaia yere.

Nt., “mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Hwɛ Yes 7:14.

Anaa “Momma mo akodeɛ so.”

Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ aseɛ “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ” ne Imanuel. Hwɛ Yes 7:14; 8:8.

Ɛkyerɛ pɔ bɔne a nkurɔfoɔ bɔ wɔ obi ho.

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “mɛhwɛ no kwan dendeenden.”

Nt., “ahomakye.”

Anaa “aban; adedie.”

Anaa “N’aban; N’adedie.”

Nt., “akyire.”

Anaa “aboa dua.”

Anaa “Dua nkorabata.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “berɛ ne demmire.”

Anaa “Asotwe.”

Anaa “animuonyam.”

Anaa “Me nsa agye.”

Nt., “Mɛtwe.”

Anaa “ɔrensu te sɛ anomaa.”

Anaa “Ɔbɛsɛe ne kwaeɛ ne ne turo animuonyam firi ɔkra so akɔsi honam so.”

Anaa “asotwe.”

Anaa “mpire.”

Anaa “nnua nkorabata.”

Anaa “akuma.”

Anaa “atɛntenenee.”

Anaa “honhom.”

Kyerɛ sɛ, wɔbɛhyiam berɛ ne berɛ mu.

Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na nantwie ba ne gyata bɛdidi abom.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Anaa “frankaa.”

Anaa “Amanaman bɛhwehwɛ n’akyiri akwan.”

Kyerɛ sɛ, Babilonia.

Anaa “frankaa.”

Nt., “abatire.”

Anaa “Wɔbɛdi Edom ne Moab so.”

Nt., “Egypt po no kɛtrɛma.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “bɛma awe.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “honhom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “bɛkyɛ n’asutene no mu nson.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “Mommɔ nnwom.”

Nt., “ɔbaa a ɔte Sion.” Ɛkyerɛ kuro no mufoɔ nyinaa a wɔaka wɔn ho asɛm sɛ ɔbaa.

Anaa “frankaa.”

Nt., “wɔn a mate wɔn ho no.”

Nt., “ne wɔn mu biara Kesil.” Ebia ɛgyina hɔ ma Orion nsorommakuo ne nsoromma akuo a atwa ho ahyia no.

Anaa “hoɔfɛfoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”

Anaa “Ɔbɛma wɔahome wɔ.”

Anaa “wɔbɛbɔ Babilon hene akutia.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “mpɔnkyenini no.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “fie.”

Anaa “nkorabata.”

Anaa “ɔwora.”

Nt., “agyina a wɔatuo.”

Anaa “wei ne nsa a ayɛ krado sɛ ɛbɛbɔ aman nyinaa.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Anaa “ɔwɔ a ɔto ne ho a n’ano borɔ te sɛ egya.”

Anaa “abɔfoɔ a ɔman no atu wɔn.”

Anaa “Asɔrefie.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Ne kra.”

Anaa “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.”

Anaa “akusa; atwintwam.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛfiri sɛ ɛko nteateamu no asiane aba w’ahuhuro berɛ mu aba ne wo twaberɛ so.”

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔbɛkan no pɛpɛɛpɛ te sɛ deɛ ɔpaani yɛ no”; kyerɛ sɛ, mfeɛ mmiɛnsa pɛpɛɛpɛ.

Anaa “ɛbɛdane amamfo.”

Nt., “Israel mma.”

Nt., “ne honam mu sradeɛ no.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Asaasetraa so.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ananafoɔ nyame.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “abɔfoɔ.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “abɔfoɔ.”

Anaa “ɔman twintwann a ɔtiatia aman so.”

Anaa “frankaa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mɛyɛ komm na mafiri m’atenaeɛ ahwɛ.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.

Anaa “Ɔman twintwann a ɔtiatia aman so.”

Anaa “tirimbɔ.”

Anaa “kaberekyerɛfoɔ.”

Anaa “bɛkusa.”

Anaa “Wɔn a wɔto asaawa.”

Anaa “kra bɛdi awerɛhoɔ.”

Anaa “Memfis.”

Anaa “aboa dua.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “berɛ anaa demmire.”

Anaa “Israel bɛtɔ Egypt ne Asiria so mmiɛnsa.”

Anaa “asraafoɔ panin.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɔnantee a na ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Anaa “ani bɛwu.”

Anaa “Egypt animuonyam a ɛyɛ wɔn fɛ no nti.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ tete Babilonia mpɔtamu.

Nt., “me dwonku mu tutu me.”

Anaa “momfa ngo nsra.”

Anaa “aban a wɔgyina so wɛn.”

Nt., “m’ayuporobea ba.”

Ɛkyerɛ, “Kommyɛ.”

Anaa “akwantufoɔ ne wɔn mmoa.”

Anaa “wɔbɛkan no pɛpɛɛpɛ te sɛ deɛ ɔpaani yɛ no”; kyerɛ sɛ, afe baako pɛpɛɛpɛ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Yerusalem ho.

Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka ɔman no ho asɛm te sɛ nipa. Ebia wɔde rekyerɛ tema ne ayamhyehyeɛ.

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “Kir asiesie ne kyɛm.”

Anaa “w’abɔn.”

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “bammɔ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “tenabea.”

Anaa “w’ahemman.”

Anaa “pɛɛwa.”

Nt., “mu duro.”

Anaa “bɛsɛn ne so.”

Anaa “mmanana.”

Kyerɛ sɛ, Asubɔnten Nil no nkorabata bi.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali. Nt., “aba.”

Nt., “mmaabunu.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Nt., “nna.”

Anaa “n’apaadeɛ.”

Anaa “n’apaadeɛ.”

Anaa “n’apaadeɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Asaase no mu nsuo atwe.”

Anaa “Wiase.”

Anaa “tete.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Nsã foforɔ awe.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “atɔeɛ.”

Anaa “apueeɛ.”

Anaa “Ahoɔfɛ.”

Nt., “ne mpanimfoɔ.”

Anaa “Nneɛma a wɔtuu ho agyina.”

Anaa “kunkumaboɔ.”

Anaa “Ananafoɔ.”

Anaa “home.”

Anaa “ananafoɔ.”

Anaa “bobesa a ada aseɛ.”

Nt., “ɔbɛmene.”

Anaa “nkataanimu.”

Anaa “Ɔbɛyi owuo afiri hɔ.”

Anaa “ahohora.”

Anaa “bɔɔla.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔn akoma si pi no.”

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Anaa “pɛpɛɛpɛ.”

Anaa “Yɛn kra.”

Kyerɛ sɛ, ma wɔnkae Onyankopɔn ne ne din anaa ma nkurɔfoɔ nhunu Onyankopɔn ne ne din.

Anaa “me kra.”

Anaa “awoko yea.”

Anaa “awoko yea.”

Nt., “Afunu a ɛyɛ me dea.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nwura (ɛfan) so bosuo.”

Anaa “Na asaase bɛwo awufoɔ a wɔnni tumi biara no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Israel ho. Ɛha yi wɔka ne ho asɛm sɛ ɔbaa bi a wɔde no toto bobefuo ho.

Anaa “Bobeturo.”

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Efraim ahenkuro Samaria ho.

Anaa “ahantan abotire; dwɛɛ abotire.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ahantan abotire; dwɛɛ abotire.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Bobesa.”

Nt., “ano a ɛworo dodoɔ.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “anya anisoadehunu baako.”

Ɛyɛ ahoma bi a dadeɛ hyɛ ano a wɔde susu ɛdan hwɛ sɛ ɛdan no tene anaa.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛ wɔte aseɛ a, ɛbɛma wɔn ho apopo.”

Kyerɛ sɛ, ntoma a wɔanwene.

Anaa “asaasetraa so.”

Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduane ma ɛyɛ hwam.

Ebinom nso frɛ no “atokoɔ.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.

Anaa “Ɔtene ne so kwampa so; Ɔtwe n’aso kwampa so.”

Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduane ma ɛyɛ hwam.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “n’atirimpɔ.”

Anaa “Na ne nyansa nni ano no.”

Ɛbɛtumi akyerɛ “Onyankopɔn Afɔrebukyia.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛgyina hɔ ma Yerusalem.

Anaa “Mɛbɔ wo ho nsra.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Nt., “Nnipakuo a wɔnnim wɔn.”

Anaa “ɛkɔm da so ara de ne kra.”

Anaa “ne kra mu nsuo atwe.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Yehowa ahwie nnahɔɔ honhom agu mo so.”

Anaa “agyinatuo.”

Anaa “Mo a mo adwene akyea!”

Nt., “deɛ ɔnya nkurɔfoɔ kasakyerɛ.”

Kyerɛ sɛ, deɛ fɛreɛ ne hwammɔdie de ba.

Anaa “tirimbɔ.”

Nt., “Wɔn a wɔgu nsã.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ nnipa bi apene so sɛ wɔbɛyɛ biribi.

Anaa “wɔmmisaa m’anom asɛm.”

Nt., “Farao abandenden ase.”

Anaa “n’abɔfoɔ.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Anaa “ɔwɔ a ɔto ne ho a n’ano borɔ te sɛ egya.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abura.”

Anaa “wɔtwɛn no dendeenden.”

Anaa “ahoni a wɔaguo.”

Anaa “bratam.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na wobɛfrɛ no efĩ.”

Nt., “ɛbɛyɛ sɔkyee, deɛ ahoɔden wom.”

Anaa “N’ahome.”

Nt., “adehunu sɔneeɛ.”

Anaa “morete.”

Wɔde “Tofet” di dwuma wɔ ha sɛ kasakoa de gyina hɔ ma baabi a wɔhye adeɛ; ɛkyerɛ ɔsɛeɛ.

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”

Anaa “gyatanini.”

Anaa “gya.”

Anaa “ɔrenkyerɛ obuo mma Yehowa.”

Anaa “ɔbɛma ɔkra a ɛkɔm de no.”

Anaa “n’adwinnadeɛ.”

Anaa “adwempa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa, “aban a wɔgyina so wɛn.”

Anaa “ahoɔden.”

Nt., “wo nna.”

Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no abu apam no so.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Asaase no mu nsuo atwe.”

Anaa “Wɔabrɛ Lebanon ase.”

Anaa “braeb.”

Anaa “abantenten.”

Anaa “Wobɛdwendwene adeɛ a ɛyɛ hu no ho wɔ w’akoma mu.”

Anaa “wɔn mogya bɛtene afa mmepɔ so.”

Anaa “wuram nantwie.”

Anaa “Yehowa wɔ awerɛdi da.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Bosra, Edom ahenkuro.

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Ɛyɛ ahoma bi a dadeɛ hyɛ ano a wɔde susu dan hwɛ sɛ ɛdan no tene a.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”

Anomaa bi a ɔte sɛ patuo.

Nt., “ɔde susuhoma akyɛ ama wɔn.”

Nt., “tadeɛ a demmire afifi wom.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “nsahyɛfoɔ panin.”

Anaa “ahemfie.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Siria kasa.”

Nt., “Mo ne me nyɛ nhyira na mommra me nkyɛn.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “paanoo.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemfie.”

Anaa “adapaatwa.”

Nt., “ɔbaa a mma abɛduru n’awotwaa ano.”

Nt., “Mede honhom bi bɛhyɛ ne mu.”

Anaa “ɔsan tuu abɔfoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wote kerubim mfimfini.”

Anaa “nammuromu; nammɔn mu.”

Anaa “Nil nsuka.”

Nt., “Ɛfiri tete na meyɛeɛ.”

Anaa “adane kunkumaboɔ akuakuo.”

Anaa “awoɔ.”

Kyerɛ sɛ, Hesekia.

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “hwiit aba a agu fam afifi.”

Anaa “bobeturo.”

Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Anaa “abosomfie.”

Nt., “wo nna.”

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde saa stɛps yi hwɛ berɛ. Wɔhwɛ deɛ awia sunsum da a, ɛma wɔhunu berɛ a abɔ.

Anaa “hyehyɛeɛ.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.

Ɛyɛ dua a wɔnwene ntoma wɔ so.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “asukɔnkɔn.”

Nt., “Gyina m’akyi.”

Anaa “kommyɛ.”

Anaa “Me kra awerɛhoɔ nti.”

Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn asɛm ne ne nnwuma.

Anaa “me kra ho.”

Anaa “Woayi me bɔne nyinaa afiri w’anim.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Hesekia dii wɔn ho ahurisie.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “w’ahemfie.”

Anaa “m’ahemfie.”

Anaa “w’ahemfie.”

Anaa “nokorɛ.”

Nt., “me nna mu.”

Anaa “Monka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ Yerusalem.”

Anaa “akatua mmɔho.”

Anaa “nnipa nyinaa.”

Anaa “Nnipa nyinaa.”

Anaa “Yehowa honhom ahu afa so.”

Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛfiri kokuromotie kɔsi nsateaa ketewa so berɛ a obi abue ne nsam. Hwɛ Nkh. B14.

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Hwan na ɔnim Yehowa honhom mu?”

Anaa “rentumi mma anyina a ɛbɛma egya akɔ so adɛre.”

Anaa “ohoni a wɔaguo.”

Anaa “dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn.”

Anaa “tumidifoɔ.”

Anaa “Obiara ntumi nhunu ne nteaseɛ mu.”

Anaa “monyɛ komm wɔ m’anim.”

Anaa “awiapueeɛ.”

Kyerɛ sɛ, ɔmmɛsom No.

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Ɛyɛ dadeɛ bi a ɔtomfoɔ bɔ ne dadeɛ wɔ so.

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, ɔnni ahobammɔ biara na ɔyɛ mmɔbɔ.

Nt., “tadeɛ a demmire afifi wom.”

Nt., “nneɛma a ɛdi kan.”

Anaa “yɛde yɛn akoma bɛsi so.”

Anaa “awiapueeɛ.”

Anaa “asoafoɔ; amradofoɔ.”

Anaa “Wɔn ahoni a wɔaguo.”

Anaa “me kra agye no atom!”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “n’akwankyerɛ.”

Anaa “Me ne obi biara nkyɛ m’animuonyam.”

Anaa “nsaase a ɛda mpoano.”

Nt., “atadeɛ a demmire afifi wom.”

Anaa “ahoni a wɔaguo.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Anaa “N’akwankyerɛ.”

Anaa “wo kra.”

Nt., “w’aba.”

Ɛbɛtumi akyerɛ nneɛma a ɛbɛdi kan aba daakye.

Anaa “na mode mo werɛ ahyɛ me mu.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛyɛ hwam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifideɛ pɔtee a ɛyɛ.

Anaa “w’atuateɛ.”

Ɛbɛtumi akyerɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no.

Anaa “awoɔ mu.”

Ɛkyerɛ, “Deɛ Ɔtene.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.

Anaa “asaase a sukɔm de no.”

Nt., “w’aba.”

Kyerɛ sɛ, ahoni no.

Kyerɛ sɛ, ahoni no.

Anaa “honi a wɔaguo.”

Anaa “asaeɛ; abɔsobaa.”

Anaa “abosomfie.”

Anaa “Duawuiɛ.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “atorɔ adiyifoɔ.”

Anaa “Na masane ahemfo abɔsoɔ.”

Nt., “Mɛbɔ wo abɔsoɔ.”

Anaa “Ɛfiri awiapueeɛ kɔsi awiatɔeɛ.”

Anaa “Deɛ ɔbɔɔ no.”

Anaa “ham.”

Anaa “Deɛ ɔyɛɛ no.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Anaa ɛsɛ sɛ dɔteɛ ka sɛ: ‘W’adwuma no nni nsa’?”

Anaa “Deɛn na worebrɛ akyem awoɔ yi?”

Anaa “braeb.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “apaafoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Etiopia adwadifoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wammɔ no sɛ ɛnna hɔ kwa.”

Nt., “aba.”

Anaa “kɛkɛ.”

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, ahoni a wɔde asoa mmoa no.

Anaa “wɔn akra.”

Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.

Nt., “wɔkoto no.”

Nt., “kane.”

Anaa “Tweaduampɔn.”

Anaa “M’atirimpɔ; Me tirimbɔ.”

Anaa “awiapueeɛ.”

Anaa “m’atirimpɔ; me tirimbɔ.”

Anaa “ahennwa.”

Anaa “owiyammoɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “na merennya obiara ho akoma.”

Anaa “Awuraa.”

Anaa “Awuraa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛmfa ho sɛ.”

Anaa “Na worenhunu kwan a wobɛfa so de wo nnusɛm no asi no kwan.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔkyekyɛ ɔsoro mu; Nsoromma mu ahwɛfoɔ.”

Anaa “wɔn kra.”

Nt., “obiara akɔ n’asaase so.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo a mofiri Yuda mu.”

Nt., “Kane.”

Anaa “honi a wɔaguo.”

Anaa “Mapɛɛpɛɛ wo mu.” Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mayi wo; Mapaw wo.”

Ɛyɛ fononoo a wɔde nane dadeɛ.

Anaa “Me ne obiara nkyɛ m’animuonyam.”

Anaa “de ne honhom aka me ho.”

Anaa “wonya so mfasoɔ.”

Nt., “W’aba.”

Nt., “ɔfrɛɛ me firii yafunu mu.”

Nt., “Ɔde me siee ne nsa nwunu ase.”

Anaa “Yehowa bɛma manya atɛntenenee.”

Anaa “deɛ wɔbu ne kra animtia.”

Anaa “Anisɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nkokoɔ a hwee nni so.”

Anaa “ɔhu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ.”

Anaa “Makurukyire.”

Anaa “me frankaa.”

Anaa “Wɔde wo mma mmarima bɛgu wɔn nsa so aba.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “ɔhonam.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kɛtrɛma a wɔatete no yie.”

Nt., “asɛm.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mede bɛhyɛ deɛ wabrɛ den.”

Anaa “maa wɔtutuu m’abɔdwesɛ.”

Anaa “ɔbɛtumi ne me adi asie?”

Anaa “yɛnnyina hɔ animu ne animu.”

Anaa “Sara a ɔde yea kyem woo mo no.”

Anaa “me tumi.”

Anaa “rensɛe da.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “bɛtena wɔn atifi.”

Anaa “Deɛ ɔka wo hyem.”

Nt., “nkwantia.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “wɔntwaa ne dua.”

Anaa “ani kann.”

Anaa “nkonimdie.”

Anaa “nhunumu.”

Anaa “Ahemfo renhunu deɛ wɔnka.”

“N’anim” bɛtumi akyerɛ onipa bi anim anaa Onyankopɔn anim.

Anaa “biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ná ɔte sɛ obi a nnipa ayi wɔn ani afiri n’anim.”

Anaa “n’abrabɔ?”

Anaa “wɔbɔɔ no kum no.”

Nt., “sikani bi.”

Anaa “wanni nsɛmmɔne.”

Anaa “Nanso Yehowa ani gyee ho.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “n’aba.”

Anaa “deɛ Yehowa pɛ; deɛ Yehowa ani gye ho.”

Anaa “ne kra ahoyera.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “mma.”

Anaa “wura.”

Anaa “wura.”

Nt., “ɔredi honhom mu yea.”

Anaa “m’abufuo yiriiɛ no.”

Anaa “mɔɔta.”

Anaa “egya aboɔ.”

Anaa “wo mma.”

Anaa “wo mma.”

Anaa “gyabidie gya.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “mo akatua.”

Anaa “mo kra bɛdi.”

Nt., “sradeɛ.”

Anaa “mo kra bɛnya.”

Anaa “ɛyɛ nokorɛ.”

Anaa “ɔbɛyi ne yam de akyɛ no.”

Anaa “nkraman a wɔn kra yɛ den.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “nsã a ɛborɔ.”

Kyerɛ sɛ, wɔafa nnipa pa kɔ owuo mu.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo renka no.”

Kyerɛ sɛ, adamena mu.

Anaa “subɔn.”

Anaa “Memma me bo nnwo.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa abosonsom ho.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔhene no nkyɛn.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wommotoɔ.”

Anaa “na mabu m’ani agu mo nnwuma so.”

Anaa “ɔte hɔ daa.”

Nt., “nnipa honhom.”

Nt., “Merebɔ anofafa aba.”

Anaa “yɛdi mmuada.”

Anaa “yɛn kra di.”

Anaa “deɛ mo ani gye ho.”

Anaa “obi ma ne kra di awerɛhoɔ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “deɛ wo kra kɔn dɔ.”

Anaa “ne kra werɛ aho.”

Anaa “wo kra amee.”

Anaa “deɛ ɔsiesie afasuo a abubuo.”

Anaa “deɛ w’ani gye ho.”

Nt., “nyɛ duru.”

Anaa “adehunu.”

Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Nt., “na ɛyɛɛ n’ani so bɔne.”

Anaa “brɛɛ no.”

Anaa “nkonim.”

Anaa “ataadeɛ nsasini.”

Anaa “awiatɔeɛ.”

Anaa “awiapueeɛ.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba aba.”

Anaa “aba w’adekyeeɛ hann a ɛhyerɛn no ho.”

Nt., “wo.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me fie fɛfɛɛfɛ.”

Anaa “bɛyɛ sɛ kane no.”

Anaa “ɔbɛma wo ho ayɛ fɛ.”

Anaa “deɛ ɔkyerɛ wo adwuma a wobɛyɛ.”

Anaa “ɔman kɛseɛ.”

Anaa “anisɔ.”

Anaa “sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne ho ayɛ fɛ.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahonyadeɛ.”

Anaa “kyɛfa.”

Nt., “aba.”

Nt., “aba.”

Anaa “Me kra.”

Anaa “ataadeɛ nsasini.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “frankaa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛbere kɔɔ.”

Anaa “mewɔɔ wɔn.”

Anaa “de nkonim brɛɛ me.”

Anaa “wɔrenni atorɔ.”

Anaa “ɔbɔfoɔ a ɔgyina n’anim; n’anim bɔfoɔ.”

Anaa “nsuo a emu dɔ.”

Anaa “fɛfɛɛfɛ.”

Anaa “wɔto wɔn bo ase twɛn no.”

Anaa “bratam.”

Nt., “Ɛnam yɛn bɔne nsa so nti.”

Nt., “yɛanane.”

Anaa “wo na woyɛɛ yɛn.”

Anaa “asɔrefie.”

Anaa “a ɛyɛ fɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “awɛneeɛ.”

Anaa “nkwan a ɛho nteɛ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na mamma woanyɛ kronkron.”

Nt., “Mede akatua no bɛgu wɔn kokom.”

Nt., “Mɛdi kan asusu wɔn akatua de agu wɔn kokom.”

Kyerɛ sɛ, bobe sia.

Nt., “nhyira.”

Nt., “aba.”

Anaa “Asaasetraa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Nokorɛdie.” Nt., “Amen.”

Anaa “Nokorɛdie.” Nt., “Amen.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Sɛ obi anni mfeɛ ɔha na ɔwu a, wɔbɛbu no sɛ wɔadome no.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “adwumaden.”

Nt., “aba.”

Anaa “m’asɛm ho hia no.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “deɛ ɔyi ohoni ayɛ.”

Anaa “wɔn kra ani gye akyiwadeɛ ho.”

Anaa “n’asɛm ho hia mo.”

Anaa “awoko yea.”

Anaa “tumi.”

Anaa “nnipa nyinaa.”

Kyerɛ sɛ, nturo soronko bi a wɔsom abosom wom.

Anaa “ɛsɛn.”

Nt., “aba.”

Anaa “Nnipa.”

Anaa “bɛba abɛsom me.”

Nt., “ɔhonam.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane