Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 45:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Onyankopɔn ne w’ahennwa daa daa,+

      Na w’ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma.+

  • Dwom 72:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 72 O Onyankopɔn, fa w’atemmusɛm ma ɔhene,

      Na fa wo tenenee ma ɔhene ba.+

  • Yesaia 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 N’ahennie* mu bɛtrɛ

      Na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ bɛba+

      Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so,

      Na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+

      Bɛtaa n’ahennie akyi ama no atim+

      Afiri nnɛ akɔsi daa.

      Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.

  • Yesaia 11:4, 5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,

      Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ.

      Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+

      Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+

       5 Tenenee bɛyɛ abɔsoɔ abɔ ne sisi,

      Na nokorɛdie ayɛ abɔsoɔ wɔ n’asene.+

  • Yeremia 23:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bɛdi hene+ na ɔde nhunumu bɛyɛ adeɛ; ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+

  • Sakaria 9:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  9 O Sion babaa, ma w’ani nnye paa.

      O Yerusalem babaa, team bɔ ose.

      Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+

      Ɔyɛ ɔteneneeni, na ɔde nkwagyeɛ reba,*

      Ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afunumu so,

      Ɔte afunumu ba* so, afunumu bedeɛ ba.+

  • Hebrifoɔ 1:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+

  • Adiyisɛm 19:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Mehuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi nie. Na deɛ ɔte ne so no, wɔfrɛ no Ɔnokwafoɔ+ a Ɔnni Hwammɔ;+ ɔbu atɛn, na ɔko wɔ tenenee mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane