Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Nehemia 11:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɔman no mu mpanimfoɔ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no mufoɔ a aka no, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔntena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu.

  • Yesaia 44:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ,

      Na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa akɔsi aseɛ’;+

      Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’

      Ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+

  • Yesaia 62:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 62 Sion nti, merenyɛ komm,+

      Na Yerusalem nti, merenkɔ so ntena hɔ dinn,

      Kɔsi sɛ ne tenenee bɛpue sɛ kanea a ɛhyerɛn,+

      Na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ gya.+

  • Yeremia 31:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Na ɛda bi reba a awɛmfoɔ a ɛwɔ Efraim mmepɔ so bɛteam sɛ:

      ‘Monsɔre, momma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+

  • Sakaria 1:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 “San team bio na ka sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nneɛma pa bɛsan abu so wɔ me nkuro mu bio; na Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ,+ na ɔbɛsan ayi Yerusalem bio.”’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane