Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Esra 1:1, 2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kaeɛ no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ:

      2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.

  • Yesaia 41:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Manyane obi afiri atifi fam, na ɔbɛba;+

      Obi a ɔfiri apueeɛ*+ a ɔbɛbɔ me din,

      Ɔbɛtiatia atumfoɔ* so te sɛ dɔteɛ,+

      Te sɛ deɛ ɔnwemfoɔ wɔ dɔteɛ no.

  • Yesaia 45:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 45 Sei na Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no no,+

      Deɛ masɔ ne nsa nifa mu+

      Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+

      Na magye ahemfo akodeɛ,*

      Na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu wɔ n’anim,

      Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrento kuro apono no mu no:

  • Yesaia 46:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Mɛfrɛ ɔkɔdeɛ kɛseɛ afiri apueeɛ,*+

      Na mɛfrɛ ɔbarima bi afiri akyirikyiri; ɔno na ɔbɛma me gyinaeɛsie* aba mu.+

      Makasa, na mɛma no aba mu.

      Mabɔ me tirim, na mɛyɛ nso.+

  • Daniel 10:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Persia hene Kores ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no,+ Daniel a na wɔsan frɛ no Beltesasar+ no nyaa yikyerɛ bi. Ná asɛm no yɛ nokorɛ, na na ɛfa ɛko kɛseɛ bi ho. Ɔtee asɛm no ase, na deɛ ɔhunuiɛ no, wɔmaa no hunuu mu yie.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane