Yeremia
44 Na Onyankopɔn asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Egypt asaase so nyinaa,+ wɔn a wɔtete Migdol+ ne Tapanes+ ne Nof*+ ne Patros+ asaase so no ho. Asɛm no nie: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Mmusuo a mede aba Yerusalem+ ne Yuda nkuro nyinaa so no, moahunu ne nyinaa, na ɛnnɛ adane amamfo, na obiara nte hɔ.+ 3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuo no ntira. Wɔkɔbɔɔ afɔreɛ+ maa anyame foforɔ a wɔnnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+ 4 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii* bɛka kyerɛɛ mo sɛ: “Mepa mo kyɛw, monnyɛ ade tantan a mekyiri yi.”+ 5 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso annyae wɔn bɔne no, na wɔannyae afɔreɛ a wɔbɔ ma anyame foforɔ no.+ 6 Enti mehwiee m’abufuhyeɛ ne m’abufuo gui, na ɛdɛree wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so, na ɛbɛyɛɛ amamfo a obiara nte hɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.’+
7 “Enti afei, deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Adɛn nti na mode mmusuo kɛseɛ reba mo ara mo* so, na mopɛ sɛ wɔsɛe ɔbarima ne ɔbaa biara, ne mmɔfra ne nkɔkoaa nyinaa firi Yuda, a obiara renka mma mo yi? 8 Adɛn nti na mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuo, na mobɔ afɔreɛ ma anyame foforɔ wɔ Egypt asaase a moakɔtena so no so? Mobɛwuwu, na moayɛ nnome, na mo anim bɛgu ase wɔ asaase so aman nyinaa mu.+ 9 Mo agyanom nneyɛɛ bɔne, ne Yuda ahemfo nneyɛɛ bɔne,+ ne wɔn yerenom nneyɛɛ bɔne,+ ne mo nso mo nneyɛɛ bɔne, ne mo yerenom nneyɛɛ bɔne,+ deɛ moyɛɛ no wɔ Yuda asaase so ne Yerusalem mmɔnten so no, mo werɛ afi anaa? 10 Ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase,* wɔnsuroeɛ,+ na me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no nso, wɔnnii so.’+
11 “Enti deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, masi me bo sɛ mede mmusuo bɛba mo so, na mede asɛe Yuda nyinaa. 12 Na mɛfa Yudafoɔ a aka a wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wɔbɛwuwu wɔ sekan ano, na ɛkɔm bɛma wɔn ase ahye. Ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, sekan ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadane biribi a ɛyɛ hu, ne abusudeɛ, na wɔn anim bɛgu ase.+ 13 Na mede sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no.+ 14 Na Yudafoɔ a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nnwane, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no.’”
15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom bɔ afɔreɛ ma anyame foforɔ no nyinaa, ne ɔyerenom a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, ɛdɔm kɛseɛ no, ɛne nkurɔfoɔ a na wɔtete Patros+ wɔ Egypt asaase so+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 16 “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie. 17 Mmom, asɛm biara a yɛde yɛn ano aka no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛyɛ, na yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no+ sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom ne yɛn ahemfo ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no. 18 Ɛfiri berɛ a yɛgyaee sɛ yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛgyaee sɛ yɛbɛhwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na sekan ne ɛkɔm akunkum yɛn.”
19 Mmaa no nso kaa sɛ: “Berɛ a na yɛbɔ afɔreɛ ma Ɔsoro Hemmaa,* na yɛhwie afɔrebɔ nsã ma no no, yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ keeki a ɛte sɛ ne honi no? Yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa, mmarima no ne wɔn yerenom ne nnipa a aka a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no nyinaa sɛ: 21 “Afɔreɛ a mo ne mo agyanom ne mo ahemfo ne mo mpanimfoɔ ne asaase no so nnipa bɔɔ wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so no,+ Yehowa kaee, na ɛbaa n’akomam! 22 Na nneɛma bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Yehowa, enti mo asaase danee amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne nnome, na obiara antena so bio, sɛdeɛ ɛrekɔ so nnɛ yi.+ 23 Ɛsiane sɛ mobɔɔ afɔreɛ a ɛte saa, na moyɛɛ Yehowa bɔne, na moantie Yehowa nne, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ so, na moantie ne nkaesɛm nti na mmusuo yi aba mo so, sɛdeɛ mohu no nnɛ yi.”+
24 Na Yeremia toaa so ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: “Yudafoɔ a mowɔ Egypt asaase so nyinaa, montie Yehowa asɛm. 25 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Asɛm a mo ne mo yerenom de mo ano kaeɛ no, mode mo nsa ayɛ. Ɛfiri sɛ mokaa sɛ: “Ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ yɛbɛbɔ afɔreɛ ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛdi so.”+ Mmaa, mo nso, ɛbɔ a moahyɛ no, deɛ ɛteɛ biara mobɛdi so, na mobɛyɛ deɛ moahyɛ ho bɔ no.’
26 “Enti Yudafoɔ a motete Egypt asaase so nyinaa, montie Yehowa asɛm: ‘“Hwɛ, mede me ara me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,” Yehowa asɛm nie, “Yudani biara remfa me din nka ntam bio+ wɔ Egypt asaase nyinaa so sɛ, ‘Sɛ́ Awurade Tumfoɔ Yehowa te ase yi!’+ 27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɛkɔm bɛkunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wɔbɛfiri Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafoɔ a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa bɛhunu deɛ n’asɛm yɛ nokorɛ, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”
29 “‘Na wei ne sɛnkyerɛnne a mede rema mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ asɛm a mekaa sɛ mede mmusuo bɛba mo so no bɛba mu ɛkwan biara so. 30 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔku no* no nsa, sɛdeɛ mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadnesar* a na ɔpɛ sɛ ɔku no* no nsa no.”’”+