-
Yesaia 65:2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Matrɛ me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+
Wɔn a wɔnam kwammɔne so+
A wɔdi wɔn ankasa adwene akyi;+
-
Yeremia 7:24-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wɔdii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn akoma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa firi da a mo agyanom firii Egypt asaase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!
-
-
Yeremia 35:15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Monnkɔdi anyame foforɔ akyi, na monnsom wɔn. Sɛ motie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me.
-
-
-