Nehemia 12:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Berɛ a wɔrehyira Yerusalem afasuo no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem maa wɔde aseda ne nnwontoɔ,+ ne nnawuro* ne asankuo ahodoɔ bɛdii ahurisie hyiraa so. Yesaia 44:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ,Na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa akɔsi aseɛ’;+Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’ Ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+ Yeremia 30:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mufoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+Na mɛhu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no so,+Na abantenten no bɛsan asi baabi a na ɛsi no bio.
27 Berɛ a wɔrehyira Yerusalem afasuo no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem maa wɔde aseda ne nnwontoɔ,+ ne nnawuro* ne asankuo ahodoɔ bɛdii ahurisie hyiraa so.
28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ,Na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa akɔsi aseɛ’;+Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’ Ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+
18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mufoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+Na mɛhu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no so,+Na abantenten no bɛsan asi baabi a na ɛsi no bio.