14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na adiyifoɔ no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so.+
21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu no ho nie,+ ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛkunkum wɔn wɔ mo anim.