13 Kae w’akoa Abraham, Isak ne Israel a wode wo ho kaa wɔn ntam no. Woka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede asaase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefoɔ,* na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ daa.’”+
41 Enti me nso me ne wɔn bɛko+ na mede wɔn akɔ wɔn atamfo asaase so.+
“‘Ebia saa berɛ yi deɛ, wɔbɛma wɔn akoma a wɔntwaa no twetia* no abrɛ ase+ na wɔanya wɔn bɔne so akatua. 42 Na mɛkae apam a me ne Yakob yɛeɛ,+ ne apam a me ne Isak yɛeɛ,+ ne apam a me ne Abraham yɛeɛ no,+ na mɛkae asaase no.