Exodus 34:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso. Deuteronomium 32:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu sɛ wɔn ahoɔden asa,Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nko ara na aka. Yesaia 63:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mɛka Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyie no.Mɛka akyerɛ, ɛsiane deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fie,Sɛdeɛ ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ teɛ no. Kwadwom 3:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Wama yɛadi awerɛhoɔ deɛ, nanso ɔbɛhu yɛn mmɔbɔ ɛsiane ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no nti.+ Yoel 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Monsuan mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaadeɛ.+Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,Ɛfiri sɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfu ntɛm,+ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+Na ɔsɛeɛ a ɔde reba no, ɔbɛgyae ama no aka.*
6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso.
36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu sɛ wɔn ahoɔden asa,Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nko ara na aka.
7 Mɛka Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyie no.Mɛka akyerɛ, ɛsiane deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fie,Sɛdeɛ ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ teɛ no.
13 Monsuan mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaadeɛ.+Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,Ɛfiri sɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfu ntɛm,+ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+Na ɔsɛeɛ a ɔde reba no, ɔbɛgyae ama no aka.*