-
2 Ahemfo 24:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɔsoaa Yerusalemfoɔ nyinaa, mpanimfoɔ+ no nyinaa, akatakyie no nyinaa, adwumfoɔ, ne atomfoɔ*+ no nyinaa kɔeɛ; nnipa 10,000. Wɔannya obiara, gye asaase no so ahiafoɔ paa no.+ 15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne asaase no so atitire nso, ɔde wɔn nyinaa firii Yerusalem kɔɔ Babilon.
-
-
Daniel 1:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Berɛ bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokorɛ Nyankopɔn no fie* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fie* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no kɔguu ne nyame adekoradan mu.+
3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ n’ahemfie panin Aspenas sɛ ɔmfa Israelfoɔ* no bi mmra, ahemfo asefoɔ ne adehyeɛ nyinaa bi.+
-