Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 30:1-3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+

  • Yeremia 3:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Saa berɛ no, Yuda fie ne Israel fie bɛbɔ anan anante,+ na wɔn mmienu bɛfiri atifi asaase so akɔ asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+

  • Yeremia 24:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Mede m’ani bɛdi wɔn akyi ama no asi wɔn yie, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn ngu; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+

  • Yeremia 30:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Na “hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “mɛboaboa me nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, Israel ne Yuda,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛsan de wɔn aba asaase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so bio.”’”+

  • Yeremia 32:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so wɔ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne aniberɛ kɛseɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+

  • Amos 9:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Me man Israelfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+

      Na wɔbɛsan akyekyere nkuro a asɛe no, na wɔatena mu.+

      Wɔbɛyeyɛ bobe mfuo na wɔanom mu nsã,*+

      Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane