Kwadwom
א [Aleph]
4 Hwɛ sɛdeɛ sika kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, sika kɔkɔɔ amapa no,+ ayɛ tumm!
Hwɛ sɛdeɛ wɔato aboɔ kronkron+ no apete mmɔnten so baabiara!+
ב [Beth]
2 Sion mma a na wɔsom bo te sɛ* sika kɔkɔɔ amapa no mpo,
Hwɛ sɛdeɛ wɔabu wɔn sɛ ahina a wɔde dɔteɛ ayɛ,
Ɔnwemfoɔ nsa ano adwuma!
ג [Gimel]
ד [Daleth]
4 Sukɔm nti, mmɔfra a wɔnom nufoɔ kɛtrɛma afemfam wɔn dodom.
Mmɔfra srɛsrɛ aduane,+ nanso obiara mma wɔn bi.+
ה [He]
5 Wɔn a na wɔdi adehyeɛ aduane no, wɔdeda mmɔnten so a ɛkɔm reku wɔn.+
Wɔn a wɔfiraa ntoma kɔkɔɔ*+ firi wɔn mmɔfraase no, wɔayɛ sumina* atuu.
ו [Waw]
6 Me man babaa asotwe* so sene Sodom+ bɔne ho asotwe,
Sodom a wɔbutuu no prɛko pɛ a nsa biara ammoa no no.+
ז [Zayin]
7 Ná ne Nasirifoɔ+ ho te sene sukyerɛmma, na na wɔyɛ fitaa sene nufosuo.
Ná wɔn honam bere sene ɛpo mu abohene, na na wɔte sɛ hoaboɔ a wɔatwi ho.
ח [Heth]
Wɔn honam afemfam wɔn nnompe ho;+ ayɛ bawee sɛ dua.
ט [Teth]
9 Wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no yɛ sene wɔn a ɛkɔm kunkum wɔn,+
Wɔn a afuo mu aduane a wɔnnya nti wɔayɛ kagyaa te sɛ deɛ wɔde adeɛ awowɔ wɔn no.
י [Yod]
10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma.+
Wɔn mma no bɛyɛɛ wɔn aduane* berɛ a wɔsɛee me man babaa no.+
כ [Kaph]
Ɔde egya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+
ל [Lamed]
12 Asaase so ahemfo ne wiase nnipa nyinaa annye anni
Sɛ ɔsɛefoɔ ne ɔtamfo bɛba abɛwura Yerusalem apono mu.+
מ [Mem]
13 Ne nyinaa firi n’adiyifoɔ bɔne ne n’asɔfoɔ amumuyɛ,+
Wɔn a wɔhwiee ateneneefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no mogya guiɛ no.+
נ [Nun]
14 Wɔnenam mmɔnten so basabasa.+
Mogya agu wɔn ho fĩ,+
Enti obiara ntumi nsɔ wɔn ntaadeɛ mu.
ס [Samekh]
15 Wɔteam kyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho agu fĩ! Momfiri ha nkɔ! Momfiri ha nkɔ! Mommfa mo ho nnka yɛn!”
Ɛfiri sɛ wɔadane adedamfikyi, na wɔnenam basabasa.
Nkurɔfoɔ aka wɔ amanaman no mu sɛ: “Wɔrentumi ne yɛn ntena ha.*+
פ [Pe]
Nnipa remfa asɔfoɔ no nyɛ hwee,+ na wɔremfa mpanimfoɔ no ho nkyɛ wɔn.”+
ע [Ayin]
17 Seesei mpo, yɛahwɛ ɔboafoɔ kwan ara ama yɛn ani abrɛ.+
Yɛhwɛɛ kwan hwɛe hwɛe ara sɛ yɛbɛnya mmoa afiri ɔman a ɛntumi nnye yɛn nkwa nkyɛn.+
צ [Tsade]
18 Anammɔn a yɛbɛtu biara, na wɔdi yɛn akyi;+ enti yɛantumi annante yɛn mmɔnten so.
Yɛn awieeɛ abɛn; yɛn nna asa, na yɛn awieeɛ aduru.
ק [Qoph]
19 Wɔn a wɔtaa yɛn no ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ wiem.+
Wɔtaataa yɛn wɔ mmepɔ so; wɔtetɛ yɛn wɔ serɛ so.
ר [Resh]
20 Yɛn hwene mu home no, deɛ Yehowa asra no no,+ wɔakye no wɔ wɔn amena kɛseɛ mu;+
Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwunu ase wɔ amanaman no mu.”
ש [Sin]
21 Di ahurisie na bɔ ose, O Edom babaa+ a wote Us asaase so.
Wo nso, wɔde kuruwa no bɛma wo,+ na wobɛboro na woayi w’adagya so.+
ת [Taw]
22 O Sion babaa, wo bɔne ho asotwe aba awieeɛ.
Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+
Na wo Edom babaa deɛ, ɔde n’ani bɛsi wo bɔne so.
Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+